Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Ma W’ani Nka Yehowa Ho’

‘Ma W’ani Nka Yehowa Ho’

‘Ma W’ani Nka Yehowa Ho’

“Ma w’ani nka [Yehowa, NW] ho, na wama wo nea wo koma pɛ.”—DWOM 37:4.

1, 2. Hena na ɔyɛ nokware anigye Fibea, na ɔkwan bɛn so na Ɔhene Dawid twee adwene sii nokwasɛm yi so?

‘ANIGYE ne wɔn a honhom fam nneɛma ho hia wɔn, anigye ne mmɔborohunufo, anigye ne wɔn a wɔpɛ asomdwoe.’ Sɛnea Asɛmpa no kyerɛwfo Mateo yɛɛ Yesu Bepɔw so Asɛnka a agye din no ho kyerɛwtohɔ no, anigye a wɔaka ho asɛm yi ne anigye foforo asia na ɛbom yɛ ne nnianim nsɛm a ɛda nsow no. (Mateo 5:3-11, NW) Yesu nsɛm no ma yɛn awerɛhyem sɛ yebetumi anya anigye.

2 Tete Israel hene Dawid dwom bi twe adwene si nokware anigye Fibea, Yehowa, so. Dawid kae sɛ: “Ma w’ani nka [Yehowa, NW] ho, na wama wo nea wo koma pɛ.” (Dwom 37:4) Nanso dɛn na ebetumi ama Yehowa ne ne su ahorow pii no a yebehu no ayɛ ‘anika’? Ɔkwan bɛn so na nea wayɛ ne nea ɔbɛyɛ de ama n’atirimpɔw abam ho a yebesusuw no bɛma woanya awerɛhyem sɛ wo nsa bɛka “nea wo koma pɛ”? Dwom 37, nkyekyɛm 1 kosi 11 ho a yebesusuw akɔ akyiri no bɛma yɛanya ho mmuae.

“Mma Wo Bo Nnhaw Wo”

3, 4. Sɛnea wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Dwom 37:1 no, afotu bɛn na Dawid de mae, na dɛn nti na ɛfata sɛ yetie no nnɛ?

3 Yɛte “mmere a emu yɛ den” mu, na abɔnefosɛm abu so. Yɛahu ɔsomafo Paulo nsɛm yi mmamu: “Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.” (2 Timoteo 3:1, 13) Hwɛ sɛnea ɛnyɛ den koraa sɛ yiye a ayɛ sɛ abɔnefo di no betumi ahaw yɛn! Eyinom nyinaa betumi atwetwe yɛn adwene, na ama yɛayi yɛn adwene afi honhom fam nneɛma so. Hyɛ sɛnea Dwom 37 mu nsɛm a edi kan no twe yɛn adwene si asiane yi so no nsow: “Nhoran wo bo nnebɔneyɛfo nti, mma wo bo nnhaw wo, amumɔyɛfo ho.”

4 Wiase nsɛm ho amanneɛbɔfo ma yɛte ntɛnkyea pii ho asɛm da biara. Adwumawuranom a wonni nokware sisi afoforo fa wɔn ho di. Nsɛmmɔnedifo bɔ nnipa a wonni kamafo apoo. Awudifo di awu a wonhu wɔn anaasɛ wɔnka wɔn hwee. Ntɛnkyea ho nhwɛso a ɛtete saa nyinaa betumi ahyɛ yɛn abufuw na ahaw yɛn asomdwoe. Yiye a ayɛ sɛ abɔnefo di no betumi ama yɛn ani abere wɔn mpo. So abufuw a yɛbɛfa no bɛsakra tebea no ama ayɛ yiye? So yiye a abɔnefo di no betumi asakra nea ɛbɛba wɔn so no? Dabida! Na ɛho nhia koraa sɛ yɛbɛma yɛn bo ‘ahoran.’ Dɛn ntia?

5. Dɛn nti na wɔde nnebɔneyɛfo toto sare ho?

5 Odwontofo no ma mmuae sɛ: “Ɛrenni da bi na wɔatwa wɔn agu sɛ sare, na wɔakisa sɛ wura momono.” (Dwom 37:2) Wura momono betumi ayɛ fɛ, nanso ɛnkyɛ na ne nhaban atwintwam na awu. Saa ara na abɔnefo te. Yiye a ɛte sɛ nea wodi no rentra hɔ daa. Sɛ wowu a, ahonyade a wɔnam akwammɔne so nyae no so remma wɔn mfaso bio. Awiei koraa no, obiara nya ne nnwuma so akatua a ɛsɛ no. Paulo kyerɛwee sɛ: “Bɔne so akatua ne owu.” (Romafo 6:23) Nnebɔneyɛfo ne wɔn a wɔnteɛ nyinaa nsa bɛka wɔn “akatua” na wɔasɛe wɔn koraa. Asetra kwan a mfaso nni so bɛn ara ni!—Dwom 37:35, 36; 49:16, 17.

6. Asuade bɛn na yebetumi anya afi Dwom 37:1, 2 mu?

6 Ɛnde, so ɛsɛ sɛ yɛma nnebɔneyɛfo yiyedi a ɛntra hɔ daa no haw yɛn? Asuade a yenya fi Dwom 37 nkyekyɛm abien a edi kan mu no ni: Ɛmma wɔn yiyedi no mma wo mman mfi Yehowa a woapaw sɛ wobɛsom no no ho. Mmom no, fa w’adwene si honhom fam nhyira ne botae ahorow so.—Mmebusɛm 23:17.

‘Bata Yehowa Ho na Yɛ Papa’

7. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so?

7 Odwontofo no hyɛ yɛn nkuran sɛ: ‘Bata Yehowa ho, na yɛ papa.’ (Dwom 37:3a) Sɛ dadwen anaa adwenem naayɛ hyɛ yɛn so a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so denneennen. Ɔno na ɔma yɛn honhom fam ahobammɔ a edi mũ. Mose kyerɛwee sɛ: “Nea ɔte ɔsorosoroni no hintabea tra Tweaduampɔn nwini ase.” (Dwom 91:1) Sɛ amumɔyɛ a ɛrekɔ so wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no haw yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so koraa. Sɛ yɛn nan firikyi a, yɛn ani begye sɛ yebenya adamfo bi aso yɛn mu. Saa ara na sɛ yɛbɔ mmɔden nantew nokwaredi mu a yenya Yehowa mmoa.—Yesaia 50:10.

8. Ɔkwan bɛn so na Kristofo som adwuma no mu a yɛde yɛn ho bɛhyɛ no betumi aboa ma abɔnefo yiye a wodi no ho asɛm nhaw yɛn kɛse?

8 Ade biako a yɛbɛyɛ ma yiye a abɔnefo di no nhaw yɛn ne sɛ yɛbɛyere yɛn ho ahwehwɛ nnipa a wɔte sɛ nguan no aboa wɔn ma wɔabenya Yehowa atirimpɔw ho nokware nimdeɛ. Bere a amumɔyɛsɛm renya nkɔanim no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn bere nyinaa boa afoforo. Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Yiyeyɛ ne adekyɛ na mommma mo ani mpa so, efisɛ saa afɔrebɔ no sɔ Onyankopɔn ani.” “Yiye” a ɛsen biara a yebetumi ayɛ ne sɛ yɛbɛka Onyankopɔn Ahenni ho anuonyam asɛmpa no akyerɛ afoforo. Nokwarem no, yɛn baguam asɛnka no yɛ “ayeyi afɔre.”—Hebrifo 13:15, 16; Galatifo 6:10.

9. Kyerɛkyerɛ Dawid afotu a ese ‘yɛntra asase so’ no mu.

9 Dawid toaa so sɛ: “Tra asase so, na di nokware.” (Dwom 37:3b) Ná Dawid bere so “asase” no ne asasesin a na Yehowa de ama Israel, Bɔhyɛ Asase, no. Wɔ Salomo nniso no mu no, na n’ahye no fi Dan a ɛda atifi fam no kosi Beer-Seba a ɛda anafo fam no. Eyi ne asase a na Israel te so. (1 Ahene 4:25) Ɛnnɛ, baabiara a yɛte wɔ asase so no, yɛhwɛ bere a okyinnsoromma yi nyinaa bɛdan paradise wɔ trenee wiase foforo no mu kwan. Enkosi saa bere no, yɛbɛtra honhom fam hintabea.—Yesaia 65:13, 14.

10. Sɛ ‘yedi nokware’ a, dɛn na efi mu ba?

10 Sɛ ‘yedi nokware’ a, dɛn na ebefi mu ba? Ɛbɛ a efi honhom mu no kae yɛn sɛ: “Onipa ɔnokwafo nhyira bɛdɔɔso.” (Mmebusɛm 28:20) Akyinnye biara nni ho sɛ nokwaredi a yɛbɛkɔ so de aka asɛmpa no wɔ baabiara a yɛte na yɛaka akyerɛ obiara a yebetumi no bɛma Yehowa atua yɛn ka. Sɛ nhwɛso no, Frank ne ne yere, Rose, de wɔn ho hyɛɛ akwampae adwuma mu mfirihyia 40 a atwam ni wɔ Scotland atifi fam kurow bi mu. Ná nnipa kakraa bi a wɔakyerɛ nokware no ho anigye wɔ hɔ no awae. Bere a akwampaefo awarefo yi amma wɔn abam ammu no, wofii asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no ase. Mprempren asafo bi wɔ kurow no mu a ɛrenya nkɔso. Nokwarem no, Yehowa hyiraa awarefo yi nokwaredi no so. Frank fi ahobrɛase mu kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nhyira a ɛsen biara ne sɛ yɛda so ara wɔ nokware no mu na Yehowa da so ara de yɛn di dwuma.” Yiw, sɛ ‘yedi nokware’ a, yenya nhyira pii na yɛkyerɛ ho anisɔ.

‘Ma W’ani Nka Yehowa Ho’

11, 12. (a) Ɔkwan bɛn so na yɛn ‘ani betumi aka Yehowa ho’? (b) Ɛdefa kokoam adesua ho no, botae bɛn na wubetumi de asi w’anim, na dɛn na ebetumi afi mu aba?

11 Sɛ yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu bɛyɛ den na yɛakɔ so de yɛn ho ato no so a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ‘ani ka Yehowa ho.’ (Dwom 37:4a) Ɔkwan bɛn so na yɛyɛ saa? Ɛwom sɛ ebetumi ayɛ den de, nanso sɛ́ anka yɛbɛma yɛn ankasa nsɛm tebea agye yɛn adwene no, yɛde yɛn adwene si Yehowa so mmom. Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ayɛ eyi ne sɛ yebegye bere akenkan N’asɛm. (Dwom 1:1, 2) So Bible a wokenkan ma w’ani ka? Sɛ wode yɛ wo botae sɛ wubesua Yehowa ho ade pii a, w’ani bɛka. Dɛn nti na sɛ wokenkan ɔfã bi a wunnyina mmisa wo ho sɛ, ‘Yehowa ho ade bɛn na ɔfã yi ka kyerɛ me?’ Sɛ wokenkan Bible a, ɛbɛyɛ papa sɛ wubenya nhoma anaa krataa bi a wobɛkyerɛkyerɛw so. Bere biara a wubegyina asusuw nea woakenkan no ho no, kyerɛw asɛm bi a ɛkae wo Onyankopɔn su ahorow a ɛyɛ anigye no mu biako to hɔ. Dawid too dwom foforo sɛ: “Ma m’anom nsɛm nyɛ wo fɛ, na me komam nkɔmmɔ nsɔ w’ani, [Yehowa, NW], me botan ne me gyefo.” (Dwom 19:14) Onyankopɔn Asɛm a yɛde yɛn adwene besi so saa no ‘sɔ’ Yehowa ani na ɛma yɛn ani gye.

12 Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya yɛn adesua ne yɛn nsusuwho mu anigye? Yebetumi de ayɛ yɛn botae sɛ yebesua Yehowa ne n’akwan ho ade dodow biara a yebetumi. Nhoma te sɛ Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn ne Bɛn Yehowa * ma yenya nneɛma pii a yebetumi de anisɔ asusuw ho. Dawid maa treneefo awerɛhyem nso sɛ, Yehowa ‘bɛma wɔn nea wɔn koma pɛ.’ (Dwom 37:4b) Ɛbɛyɛ sɛ saa awerɛhyem yi na ɛmaa ɔsomafo Yohane kyerɛw saa nsɛm yi: “Nnam a yɛde kɔ ne nkyɛn ne sɛ, yɛsrɛ biribiara sɛnea ɔpɛ a, otie yɛn. Na sɛ yenim sɛ otie yɛn nea yɛsrɛ no ho a, yenim sɛ yɛwɔ nneɛma a yɛasrɛ ne nkyɛn no.”—1 Yohane 5:14, 15.

13. Mfe kakra a atwam mu no, ntrɛwmu bɛn na wɔahu sɛ aba wɔ Ahenni asɛnka adwuma no mu wɔ nsase pii so?

13 Sɛ́ mudi mu kurafo no, nea ɛbɛma yɛn ani agye asen biara ne sɛ yebehu sɛ wɔasan Yehowa tumidi ho. (Mmebusɛm 27:11) Sɛ yɛte asɛnka adwuma kɛse a yɛn nuanom reyɛ wɔ nsase a na anka ɛhyɛ katabaako anaa kankabi nniso ase no ho nsɛm a, so yɛn koma ani nnye? Yɛde anigye hwɛ ahofadi foforo a yebetumi anya ansa na nhyehyɛe yi aba awiei no kwan. Yehowa asomfo a wɔte atɔe fam aman mu no mu pii ayere wɔn ho dennennen reka asɛm no kyerɛ sukuufo, aguanfo, ne afoforo a wobedi bere kakra wɔ atɔe fam aman mu na wɔwɔ ɔsom mu ahofadi no. Yɛn komam ade a yɛpɛ ne sɛ, sɛ saafo yi san kɔ wɔn kurom a wɔbɛkɔ so ama nokware no ahyerɛn wɔ esum kabii mpo mu.—Mateo 5:14-16.

‘Fa Wo Kwan Hyɛ Yehowa Nsam’

14. Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so?

14 Hwɛ abotɔyam a ɛyɛ sɛ yebehu sɛ wobetumi ayi yɛn haw ahorow ne nneɛma bi a yehu sɛ ayɛ yɛn adesoa no afi hɔ! Ɔkwan bɛn so? Dawid kae sɛ: “Fa wo kwan hyɛ [Yehowa, NW] nsam, na fa wo ho to no so, na ɔno na ɔbɛyɛ.” (Dwom 37:5) Wɔ yɛn asafo ahorow mu no, yehu adanse pii a ɛkyerɛ sɛ Yehowa yɛ ɔboafo a yebetumi de yɛn ho ato no so. (Dwom 55:22) Wɔn a wɔyɛ bere nyinaa som adwuma, sɛ́ wɔyɛ akwampaefo, ahwɛfo akwantufo, asɛmpatrɛwfo, anaa atuhoamafo a wɔsom wɔ Betel no, wɔn nyinaa betumi adi sɛnea Yehowa yɛ ɔboafo a yebetumi de yɛn ho ato no so no ho adanse. Dɛn nti na wo ne wɔn a wunim wɔn no nkasa na wummisa sɛnea Yehowa aboa wɔn no ho asɛm? Akyinnye biara nni ho sɛ wobɛte osuahu ahorow pii a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nsa nyɛ tiaa wɔ ahokyere bere mu mpo. Ɔma yenya asetram ahiade ahorow bere nyinaa.—Dwom 37:25; Mateo 6:25-34.

15. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo trenee hyerɛn?

15 Sɛ yɛde Yehowa yɛ yɛn ahotoso na yɛde yɛn werɛ hyɛ ne mu koraa a, yebetumi ahu odwontofo no nsɛm foforo yi mmamu: ‘Obeyi wo trenee adi sɛ adekyee, ne wo bem sɛ owigyinae.’ (Dwom 37:6) Sɛ́ Yehowa Adansefo no, yɛtaa hu sɛ wɔsɛe yɛn din. Nanso, Yehowa bue nnipa komapafo ani boa wɔn ma wohu sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa ne yɛn yɔnko nnipa nti na yɛyɛ baguam asɛnka adwuma no. Bere koro no ara no, ɛwom sɛ nnipa pii sɛe yɛn din de, nanso yɛn abrabɔ pa no ntumi nhintaw. Yehowa wowaw yɛn wɔ ɔsɔretia ne ɔtaa ahorow nyinaa mu. Ne saa nti, Onyankopɔn nkurɔfo trenee hyerɛn sɛ owigyinae.—1 Petro 2:12.

“Yɛ Komm . . . To Wo Bo Ase Twɛn”

16, 17. Nea ɛne Dwom 37:7 hyia no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ no mprempren, na dɛn ntia?

16 Odwontofo no nsɛm a edi hɔ ne: “Yɛ komm ma [Yehowa, NW], na to wo bo ase twɛn no. Nhoran wo bo, nea ne kwan asi no yiye no nti, onipa a odi ne koko so asɛm so nti.” (Dwom 37:7) Ɛha no Dawid si hia a ehia sɛ yɛto yɛn bo ase twɛn Yehowa ma ɔyɛ ade no so dua. Ɛwom sɛ nhyehyɛe yi awiei nnya mmae de, nanso eyi nyɛ ade a ɛsɛ sɛ ɛma yenwiinwii. So yenhui sɛ Yehowa mmɔborohunu ne ne boasetɔ kɔ akyiri koraa sen sɛnea na yesusuw mfiase no? So yebetumi akyerɛ mprempren sɛ yɛn nso yɛde boasetɔ retwɛn bere a yɛkɔ so yere yɛn ho ka asɛmpa no ansa na awiei no aba no? (Marko 13:10) Saa bere yi ne bere a ɛsɛ sɛ yɛkwati nneɛma biara a yɛbɛyɛ no ahopere so a ebetumi asɛe anigye ne honhom fam ahobammɔ a yɛwɔ no. Saa bere yi ne bere a ɛsɛ sɛ yɛko tia Satan wiase no nkɛntɛnso a aporɔw no denneennen koraa sen bere biara. Na saa bere yi ne bere a ɛsɛ sɛ yekura abrabɔ kronn mu na yɛansɛe gyinabea pa a yɛwɔ wɔ Yehowa anim no. Momma yɛnkɔ so nyi ɔbrasɛe ho adwene mfi yɛn mu na yɛnkwati nneyɛe a ɛmfata a yɛda no adi kyerɛ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu, anaasɛ wɔn a yɛne wɔn wɔ bɔbeasu koro no.—Kolosefo 3:5.

17 Dawid tu fo sɛ: “Ma abufuw ntwa, na gyae bo bɔne yɛ, nhoran wo bo, na ebewie bɔne nko: na wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ, na wɔn a wɔtwɛn [Yehowa, NW] no, wɔn na wobenya asase no adi.” (Dwom 37:8, 9) Yiw, yebetumi de ahotoso ahwɛ bere a Yehowa beyi ɔporɔw ne wɔn a wɔde ba no nyinaa afi hɔ—a mprempren abɛn pɛɛ—no kwan.

“Aka Kakraa Sɛ”

18, 19. Nkuranhyɛ bɛn na Dwom 37:10 ma wunya?

18 “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, na wɔhwehwɛ ne trabea a, na onni hɔ.” (Dwom 37:10) Hwɛ sɛnea nsɛm yi hyɛ yɛn nkuran bere a nhyehyɛe yi ne amanehunu a afi adesamma ho a wɔatwe afi Yehowa ho aba no awiei abɛn no! Nniso anaa tumidi biara a nnipa ahyehyɛ no adi nkogu koraa ma ɛyɛ awerɛhow. Na mprempren yɛrebɛn bere a yɛbɛsan akɔhyɛ Onyankopɔn nniso, nokware teokrase, Yehowa Ahenni a ɛwɔ Yesu Kristo nsam no ase. Ebedi wiase nsɛm nyinaa so koraa na ayi wɔn a wɔsɔre tia Onyankopɔn Ahenni no nyinaa afi hɔ.—Daniel 2:44.

19 Wɔ wiase foforo no mu, Onyankopɔn Ahenni ase no, sɛ wohwehwɛ “ɔbɔnefo” a, worenhu no. Nokwarem no, wobeyi obiara a ɔbɛtew atua atia Yehowa saa bere no afi hɔ ntɛm ara. Wɔrenhu obiara a ɔbɛsɔre atia ne tumidi anaasɛ ɔremmrɛ ne ho ase nhyɛ Onyankopɔn tumidi ase wɔ hɔ. W’afipamfo nyinaa bɛyɛ nkurɔfo a wɔwɔ adwenkoro a ɛne sɛ wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani. Hwɛ ahobammɔ a ɛno de bɛba—krado, adaban, biribiara a ɛbɛsɛe ahotoso ne anigye koraa a yebenya no remma hɔ!—Yesaia 65:20; Mika 4:4; 2 Petro 3:13.

20, 21. (a) Henanom ne “ahobrɛasefo” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Dwom 37:11 no, na ɛhe na wonya “asomdwoe bebree” no? (b) Sɛ yesuasua Dawid Ɔkɛseɛ no a, nhyira ahorow bɛn na yebenya?

20 Afei, “ahobrɛasefo benya asase no adi.” (Dwom 37:11a) Yiw, “ahobrɛasefo” yɛ wɔn a wɔtwɛn Yehowa ma osiesie ntɛnkyea a wɔabu wɔn nyinaa no. ‘Wobegye wɔn ani asomdwoe bebree mu.’ (Dwom 37:11b) Ɛnnɛ mpo yenya asomdwoe pii wɔ honhom fam paradise a ɛwɔ nokware Kristofo asafo mu no mu.

21 Ɛwom sɛ wonnyee yɛn mfii amanehunu ahorow mu de, nanso yɛboa yɛn ho yɛn ho kyekye wɔn a wɔahaw no werɛ. Ne saa nti, wɔhyɛ abotɔyam ankasa ho nkuran wɔ Yehowa nkurɔfo mu. Anuanom a wɔapaw wɔn sɛ ahwɛfo no fi ɔdɔ mu di yɛn honhom fam ahiade—na ɛtɔ mmere bi a honam fam de mpo—ho dwuma, na ɛma yetumi gyina amanehunu a trenee nti yehu no ano. (1 Tesalonikafo 2:7, 11; 1 Petro 5:2, 3) Hwɛ sɛnea asomdwoe yi yɛ agyapade a ɛsom bo! Yɛwɔ daa nkwa wɔ Paradise asase so a abɛn nso ho anidaso. Ɛnde, ɛmmra sɛ yebesuasua Dawid Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo, a Yehowa ho mmɔdenbɔ kanyan no ma ɔsomee nokwaredi mu koduu awiei no. (1 Petro 2:21) Sɛ yɛyɛ saa a, yɛbɛkɔ so anya anigye, ayi nea yɛn ani ka ne ho, yɛn Nyankopɔn Yehowa, no ayɛ.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 12 Yehowa Adansefo na wotintimii.

Wubetumi Abua?

• Asuade ahorow bɛn na wunya fii Dwom 37:1, 2 mu?

• Wobɛyɛ dɛn atumi ama ‘w’ani aka Yehowa ho’?

• Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ yebetumi de yɛn ho ato Yehowa so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Kristofo ‘bo nnhaw wɔn amumɔyɛfo ho’

[Mfonini wɔ kratafa 10]

‘Bata Yehowa ho na yɛ papa’

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Fa anigye sua Yehowa ho ade bebree sɛnea wubetumi

[Mfonini wɔ kratafa 12]

“Ahobrɛasefo benya asase no adi”