Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Monyɛ Nnipa A Wɔwɔ Ayɛ”

“Monyɛ Nnipa A Wɔwɔ Ayɛ”

“Monyɛ Nnipa A Wɔwɔ Ayɛ”

“Kristo asomdwoe nni panyin mo koma mu . . . na monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ.”—KOLOSEFO 3:15.

1. Nsonsonoe bɛn na yehu wɔ Kristofo asafo no ne wiase a ɛwɔ Satan nkɛntɛnso ase no mu?

YEHU nnipa a wɔkyerɛ nneɛma ho anisɔ wɔ Yehowa Adansefo asafo ahorow 94,600 a ɛwɔ wiase nyinaa no mu. Yɛde mpaebɔ a yɛda Yehowa ase wom na efi asafo nhyiam biara ase na yɛde wie. Yɛtaa te “yɛda wo ase,” “aseda wɔ Yehowa” anaa nsɛm a ɛtete saa a mmofra ne mpanyin ne Adansefo a wɔyɛ foforo ne wɔn a wɔakyɛ nyinaa ka bere a wɔbom som na wonya fekubɔ a anigye wom no. (Dwom 133:1) Hwɛ nsonsonoe a ɛwɔ eyi ne pɛsɛmenkominya a ɛkɔ so wɔ nnipa pii a ‘wonnim Yehowa ne wɔn a wontie asɛmpa no’ mu no mu! (2 Tesalonikafo 1:8) Yɛte wiase a bonniayɛfo ahyɛ mu ma mu. Sɛ yesusuw onii a ɔyɛ wiase yi nyame—Satan Ɔbonsam, nea ɔhyɛ pɛsɛmenkominya ho nkuran sen biara, na n’ahomaso ne n’atuatew su ahyɛ adesamma ma—no ho a, ɛnyɛ nwonwa!—Yohane 8:44; 2 Korintofo 4:4; 1 Yohane 5:19.

2. Kɔkɔbɔ bɛn na ɛsɛ sɛ yetie, na nsɛmmisa bɛn na yebesusuw ho?

2 Esiane sɛ yɛte Satan wiase mu nti, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na wiase no su ahorow ansɛe yɛn. Wɔ afeha a edi kan no mu no, ɔsomafo Paulo kaee Efeso Kristofo no sɛ: “Kan no monantewee sɛnea wi yi ase abrabɔ te ne sɛnea wim tumi no panyin te, honhom a nnansa yi ɔyɛ adwuma asoɔden mma mu no. Wɔn mu na anka yɛn nyinaa nso nam bɔɔ yɛn bra yɛn honam akɔnnɔ mu, na yɛyɛɛ nea ɔhonam ne adwene pɛ, na sɛnea yɛn awosu te no yɛyɛ abufuw mma te sɛ wɔn a aka no nso.” (Efesofo 2:2, 3) Saa ara nso na nnipa pii te nnɛ. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi akɔ so ayɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ? Mmoa bɛn na Yehowa de ma? Akwan a mfaso wɔ so bɛn na yebetumi afa so ada no adi sɛ yɛyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ ankasa?

Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ Nnipa a Wɔwɔ Ayɛ

3. Dɛn na yɛde ho aseda ma Yehowa?

3 Sɛ yesusuw akyɛde pii a Yehowa Nyankopɔn, yɛn Bɔfo ne yɛn Nkwamafo no de adom yɛn no bi ho a, yehu sɛ yɛde no aseda ho ka pii. (Yakobo 1:17) Da biara da, yɛda Yehowa ase sɛ yɛte nkwa mu. (Dwom 36:9) Yehu Yehowa nsa ano adwuma te sɛ owia, ɔsram, ne nsoromma a atwa yɛn ho ahyia no. Nnuannuru pii a ɛwowaw nkwa a ɛwɔ yɛn asase yi so, ɛso mframa pa, ne abɔde mu nneɛma a edi kyinhyia no nyinaa kyerɛ sɛnea yɛde yɛn soro Agya a ɔwɔ dɔ no ka. Ɔhene Dawid too dwom sɛ: “[Yehowa, NW], me Nyankopɔn, w’anwonwade ne w’adwene, woama adɔɔso ama yɛn, wɔrentumi mfa biribi nto wo ho; anka mɛka na makasa ho, ɛdɔɔso sen sɛ wobetumi akan.”—Dwom 40:5.

4. Dɛn nti ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase wɔ fekubɔ a anigye wom a yenya wɔ yɛn asafo ahorow mu no ho?

4 Ɛwom sɛ Yehowa asomfo a wɔwɔ hɔ nnɛ nte honam fam paradise mu de, nanso wonya honhom fam paradise mu anigye. Yehu yɛn nuanom a wɔda Onyankopɔn honhom aba adi wɔ yɛn Ahenni Asa ahorow so ne yɛn amantam ne amansin nhyiam ahorow ase. Nokwarem no, sɛ Adansefo binom reka asɛm akyerɛ nkurɔfo a wɔntaa nkɔ asɔre anaa wɔn a wɔnkɔ asɔre koraa a, wɔtwe adwene si asɛm a ɛwɔ krataa a Paulo kyerɛw kɔmaa Galatifo mu no so. Wodi kan twe adwene si “ɔhonam nnwuma” no so, na afei wɔabisa nea wɔn atiefo no ahyɛ no nsow. (Galatifo 5:19-23) Wɔn mu dodow no ara gye tom ntɛm ara sɛ eyinom ne su a adesamma da no adi nnɛ. Sɛ wɔkyerɛ wɔn Onyankopɔn honhom aba no na wɔto nsa frɛ wɔn sɛ wɔn ankasa mmra Ahenni Asa so mmɛhwɛ sɛnea wɔda eyi adi wɔ hɔ a, pii na wɔka no ntɛm ara sɛ: “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.” (1 Korintofo 14:25) Na ɛnyɛ Ahenni Asa biako pɛ so na eyi kɔ so. Baabiara a wobɛkɔ no, sɛ wuhyia Yehowa Adansefo a wɔn dodow boro ɔpepem asia no mu bi a, wubehu sɛ wɔda anigye a ɛte saa ara adi. Nokwarem no, fekubɔ a ɛma denhyɛ yi nti na wɔda Yehowa a ɔde ne honhom ma wɔn ma wotumi da su a ɛte saa adi no ase.—Sefania 3:9; Efesofo 3:20, 21.

5, 6. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ada no adi sɛ yɛyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ wɔ Onyankopɔn akyɛde a ɛsen biara a ɛne agyede no ho?

5 Akyɛde a ɛsen biara, adekyɛde a ɛyɛ pɛ a Yehowa de ama, ne ne Ba Yesu, nea wɔnam ne so de agyede no mae no. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Sɛ Onyankopɔn dɔɔ yɛn sɛɛ a, ɛnde ɛsɛ yɛn nso sɛ yɛdodɔ yɛn ho yɛn ho.” (1 Yohane 4:11) Yiw, ɛnyɛ ɔdɔ ne aseda a yɛde ma Yehowa no so nkutoo na yɛnam da yɛn ho adi sɛ yɛyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ na mmom denam da a yɛda no adi sɛ yɛyɛ nkurɔfo a yɛdɔ afoforo nso so.—Mateo 22:37-39.

6 Yebetumi asua pii afa anisɔ a yɛbɛda no adi ho denam sɛnea Yehowa ne tete Israel dii nsɛm no ho a yebesusuw so. Yehowa nam Mmara a ɔnam Mose so de maa ɔman no so maa nkurɔfo no nyaa asuade pii. Yɛnam ‘nimdeɛ ne mmara no mu nokware’ so betumi asua nneɛma pii a ɛbɛboa yɛn ma yɛadi Paulo afotu a ɛka sɛ: “Monyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ” no akyi.—Romafo 2:20; Kolosefo 3:15.

Mose Mmara no Mu Asuade Abiɛsa

7. Ɔkwan bɛn so na ntotoso du du ho nhyehyɛe no maa Israelfo nyaa hokwan kyerɛɛ anisɔ maa Yehowa?

7 Wɔ Mose Mmara no mu no, Yehowa kyerɛɛ akwan abiɛsa a Israelfo betumi afa so akyerɛ ne papayɛ ho anisɔ ankasa. Nea edi kan ne, ntotoso du du no. Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ asase no so aduan so ntotoso du du ne “anantwi ne nguan mu ntotoso du du nyinaa” ‘kronkron ma Yehowa.’ (Leviticus 27:30-32) Bere a Israelfo dii so no, Yehowa hyiraa wɔn pii. “Momfa ntotoso du du no nyinaa mmra adekora dan mu, na aduan ntra me fi. Na momfa eyi nsɔ me nhwɛ ɛ, asafo [Yehowa, NW] na ose, sɛ meremmue ɔsoro mfɛnsere memma mo, na merenhwie nhyira memma mo mma ɛmmoro so anaa?”—Malaki 3:10.

8. Dɛn na ɛmaa afɔrebɔde a wofii wɔn pɛ mu yii no daa nsow fii ntotoso du du no ho?

8 Nea ɛto so abien no, ntotoso du du ho nhyehyɛe no akyi no, Yehowa yɛɛ nhyehyɛe maa Israelfo no fii wɔn pɛ mu yii ntoboa ahorow. Ɔka kyerɛɛ Mose sɛ ɔnka nkyerɛ Israelfo sɛ: “Sɛ mudu asase a mede mo merekɔ so no so, na ɛba sɛ mudi asase no so aduan no bi a, momma somã ade so mma [Yehowa, NW].” Ná ɛsɛ sɛ wɔde wɔn “mmɔre a edi kan bi tetare” yɛ ‘ntoboa a woyi de ma Yehowa’ wɔ wɔn awo ntoatoaso nyinaa mu. Hyɛ no nsow sɛ wɔankyerɛ aba a edi kan yi dodow a ɛsɛ sɛ wɔde ma. (Numeri 15:18-21) Nanso bere a Israelfo fi anisɔ mu yii ntoboa no, wonyaa Yehowa nhyira. Yehu nhyehyɛe a ɛte saa ara wɔ asɔrefie a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu mu no mu. Yɛkenkan sɛ: “Ade nyinaa mu aba a edi kan mfiase no ne ade nyinaa mu somã afɔrebɔde a moma so nyinaa no, ɛ́nyɛ asɔfo no dea; na mo mmɔre mu nea edi kan no, momfa mma ɔsɔfo na nhyira mmɛtra wo fi.”—Hesekiel 44:30.

9. Dɛn na Yehowa nam mpɛpɛwadi ho nhyehyɛe no so kyerɛkyerɛe?

9 Nea ɛto so abiɛsa no, Yehowa yɛɛ mpɛpɛwadi ho nhyehyɛe. Onyankopɔn hyɛe sɛ: “Sɛ mutwa mo asase so nnɔbae a, nwie wo nhanoa de twa, na nni w’afumde no mu mpɛpɛw; na wo bobe turo nso, nni mu mpɛpɛw, na wo turo mu aba a egugu fam no, ntase; gyaw ma ohiani ne ɔhɔho: Mene [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn.” (Leviticus 19:9, 10) Eyi mu nso, wɔankyerɛ dodow pɔtee a ɛsɛ sɛ wɔde ma. Na ɛyɛ Israelni biara na ɛsɛ sɛ osi dodow a obegyaw ama ahiafo no ho gyinae. Ɔhene Salomo nyansafo no ka ma ɛfatae sɛ: “Nea ohu ɔbrɛfo mmɔbɔ de fɛm [Yehowa, NW], na nea ɔde ama no, ɔbɛhyɛ no ananmu.” (Mmebusɛm 19:17) Enti Yehowa kyerɛkyerɛɛ wɔn ayamhyehye ne tema a wobenya ama ahiafo.

10. Bere a Israelfo anna wɔn ho adi sɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ no, dɛn na efii mu bae?

10 Yehowa hyiraa Israelfo no bere a wofi osetie mu de ntotoso du du bae, wofi wɔn pɛ mu de afɔrebɔde ahorow mae, na wɔmaa ahiafo ade no. Nanso bere a Israelfo anna wɔn ho adi sɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ no, wɔhweree Yehowa anim dom. Eyi kowiee asiane mu na awiei koraa no, wɔkɔɔ nnommumfa mu. (2 Beresosɛm 36:17-21) Ɛnde, asuade bɛn na yenya fi eyi mu?

Anisɔ a Yɛbɛkyerɛ

11. Dɛn ne ɔkwan titiriw a yebetumi afa so ayi Yehowa ayɛ?

11 Ɔkwan titiriw a yebetumi afa so akamfo Yehowa na yɛayi no ayɛ no nso fa “afɔrebɔ” ho. Nokwarem no, sɛ́ Kristofo no, yenni Mose Mmara a na ɛhyɛ sɛ wɔmfa mmoa anaa nnɔbae mmɔ afɔre no ase. (Kolosefo 2:14) Nanso, ɔsomafo Paulo hyɛɛ Hebrifo Kristofo no nkuran sɛ: “Momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.” (Hebrifo 13:15) Sɛ yɛde yɛn dom akyɛde ne yɛn ahonyade bɔ ayeyi afɔre ma Yehowa, sɛ́ ɛyɛ asɛnka adwuma mu anaa bere a yɛne yɛn mfɛfo Kristofo ahyiam wɔ “asafo ahyiae mu” no, yebetumi afi komam ada yɛn soro Agya, Yehowa Nyankopɔn, a ɔwɔ ɔdɔ no ase. (Dwom 26:12) Sɛ yɛyɛ saa a, dɛn na yebetumi asua afi akwan a na ɛsɛ sɛ Israelfo no fa so yi Yehowa ayɛ no mu?

12. Ɛdefa yɛn asɛyɛde a yɛwɔ sɛ Kristofo ho no, dɛn na yebetumi asua afi ntotoso du du ho nhyehyɛe no mu?

12 Nea edi kan koraa no, sɛnea yɛahu no, na ɛnyɛ sɛ obi pɛ a na oyi ntotoso du du no; na Israelni biara wɔ asɛyɛde sɛ oyi biribi ma. Sɛ́ Kristofo no, yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛkɔ asɛnka ne Kristofo nhyiam ahorow. Ɛnyɛ sɛ yɛpɛ a na yɛbɛkɔ asafo nhyiam ne asɛnka. Wɔ Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa awiei bere ho mu no, ɔkaa no pefee sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14; 28:19, 20) Ɛdefa Kristofo nhyiam ahorow ho no, wɔde honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, sɛnea ebinom anya nyɛe, na mmom momma yentutu yɛn ho yɛn ho fo, dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25) Sɛ yɛde anigye gye asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛka asɛm na yɛkyerɛkyerɛ no tom, na yɛne yɛn nuanom nya fekubɔ daa wɔ asafo nhyiam ahorow ase, na yebu no sɛ hokwan ne nidi a yɛanya a, na yɛreyi Yehowa ayɛ.

13. Asuade bɛn na yenya fi ntoboa a wofi ɔpɛ mu yi ne mpɛpɛwadi mu?

13 Afei nso, sɛ yesusuw nhyehyɛe foforo abien a na Israelfo betumi afa so akyerɛ anisɔ—ntoboa a wofi ɔpɛ mu yi ne mpɛpɛwadi—no ho a, yebetumi anya so mfaso. Nea ɛnte sɛ ntotoso du du a na wɔhwehwɛ sɛ obi di nhyehyɛe pɔtee bi so no, ntoboa a wofi ɔpɛ mu yi ne mpɛpɛwadi ho nhyehyɛe no anhwehwɛ sɛ woyi ntoboa dodow pɔtẽẽ bi. Mmom no, wogyaw maa sɛnea na anisɔ a Yehowa somfo bi wɔ no bɛkanyan no ma wayɛ ho ade. Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, ɛwom sɛ yenim sɛ Yehowa somfo biara wɔ asɛyɛde titiriw sɛ ɔkɔ asɛnka ne Kristofo nhyiam ahorow de, nanso so yefi koma ne ɔpɛ nyinaa mu de yɛn ho hyem? So yebu no sɛ ɛyɛ hokwan a yɛnam so fi yɛn koma nyinaa mu kyerɛ nneɛma a Yehowa ayɛ ama yɛn no ho anisɔ? So yefi yɛn pɛ mu de yɛn ho hyɛ saa nnwuma yi mu, sɛnea yɛn mu biara nsɛm tebea bɛma no kwan? Anaasɛ yebu eyinom nyinaa sɛ asɛyɛde bi a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma ara kwa? Nokwarem no, eyinom yɛ nsɛmmisa a ɛsɛ sɛ yɛn ankasa bua. Ɔsomafo Paulo kaa ho asɛm saa kwan yi so sɛ: “Ma obiara nsɔ n’ankasa n’adwuma nhwɛ, ɛno na obenya n’ankasa ne ho biribi ahoahoa ne ho, na ɛnyɛ obi ho.”—Galatifo 6:4.

14. Dɛn na Yehowa hwehwɛ fi yɛn hɔ wɔ ɔsom a yɛde ma no no mu?

14 Yehowa Nyankopɔn nim yɛn nsɛm tebea ahorow yiye. Onim yɛn sintɔ ahorow. Obu nneɛma a n’asomfo fi wɔn pɛ mu de bɔ afɔre no, sɛ́ ɛyɛ kɛse anaa ketewa. Ɔnhwɛ kwan sɛ yɛn nyinaa bɛma ade pɛpɛɛpɛ, na saa ara na yentumi nyɛ saa nso. Bere a ɔsomafo Paulo reka honam fam nneɛma a wɔde ma ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ Korinto Kristofo no sɛ: “Na sɛ koma a ɛpɛ wɔ hɔ a, ɛsɔ ani, sɛnea onii no wɔ ade, na ɛnyɛ sɛnea onni.” (2 Korintofo 8:12) Nnyinasosɛm yi fa ɔsom a yɛde ma Onyankopɔn ho nso. Ɛnyɛ ɔsom adwuma dodow a yɛyɛ no na ɛma yɛn som sɔ Yehowa ani, na mmom sɛnea yɛyɛ no—anigye so ne koma nyinaa mu.—Dwom 100:1-5; Kolosefo 3:23.

Nya Akwampae Honhom na Kura Mu

15, 16. (a) Abusuabɔ bɛn na ɛwɔ akwampaefo som adwuma ne ayeyi a wɔde ma mu? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wontumi nyɛ akwampae adwuma no betumi ada akwampae honhom adi?

15 Ɔkwan a mfaso wɔ so a yɛbɛfa so ayi Yehowa ayɛ ne sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Yehowa ho dɔ ne ne dom ho anisɔ akanyan n’asomfo a wɔahyira wɔn ho so no pii ma wɔayɛ nsakrae akɛse wɔ wɔn asetram sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya bere pii de asom Yehowa. Ebinom tumi som sɛ daa akwampaefo, a wɔde nnɔnhwerew 70 ka asɛmpa no na wɔkyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware no ɔsram biara. Afoforo a ebia nsɛm tebea siw wɔn kwan no yɛ nhyehyɛe bere ne bere mu de nnɔnhwerew 50 ka asɛm no ɔsram bi mu sɛ akwampaefo aboafo.

16 Na Yehowa asomfo pii a wontumi nyɛ daa akwampaefo anaa akwampaefo aboafo no nso ɛ? Wobetumi ayɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ denam akwampae honhom a wobenya na wɔakura mu no so. Ɔkwan bɛn so? Denam wɔn a wobetumi ayɛ akwampaefo adwuma no a wɔbɛhyɛ wɔn nkuran, wɔn mma a wɔbɛma wɔanya bere nyinaa som adwuma no ho anigye na wɔadi akyi, ne nsi a wɔde bɛyɛ asɛnka adwuma no sɛnea wɔn nsɛm tebea bɛma wɔn kwan no so. Nea yɛyɛ wɔ yɛn som adwuma no mu no gyina anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa wɔ nea wayɛ, nea ɔreyɛ, ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn daakye no so kɛse.

Yɛn ‘Ahonyade’ a Yɛde Bɛda Yehowa Ase

17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi de yɛn ‘ahonyade’ ayi Yehowa ayɛ? (b) Asɛm bɛn na Yesu ka faa okunafo no ntoboa no ho, na dɛn ntia?

17 Mmebusɛm 3:9 ka sɛ: “Fa w’ahonyade hyɛ [Yehowa, NW] anuonyam, ne wo nnɔbae mu adekan nyinaa.” Enhia sɛ Yehowa asomfo yi ntotoso du du bio. Mmom no, Paulo kyerɛw Korinto asafo no sɛ: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Korintofo 9:7) Ɔpɛ mu a yebefi ayi ntoboa de aboa wiase nyinaa asɛnka adwuma no nso da anisɔ a yɛwɔ adi. Anisɔ a efi komam kanyan yɛn ma yɛyɛ eyi daa, ebia yeyi biribi to hɔ dapɛn biara, sɛnea tete Kristofo no yɛe no.—1 Korintofo 16:1, 2.

18 Ɛnyɛ sika dodow a yeyi no na ɛkyerɛ anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa. Mmom no, ɔpɛ mu a yefi de ma no. Eyi na Yesu hui bere a na ɔrehwɛ nkurɔfo a wɔde wɔn akyɛde regu asɔrefie hɔ ntoboa nnaka mu no. Bere a Yesu hui sɛ okunafo hiani bi de “mman abien” beguu mu no, ɔkae sɛ: “Nokware mise mo sɛ, okunafo hiani yi de bebree abegu mu sen wɔn nyinaa. Na eyinom nyinaa fi nea wɔwɔ na aboro wɔn so mu na wɔde bi abegu mu, na oyi de ofi ne hia mu de n’asetrade a ɔwɔ nyinaa na abegu mu.”—Luka 21:1-4.

19. Dɛn nti na eye sɛ yɛbɛsan ahwehwɛ akwan a yɛfa so da anisɔ adi no mu?

19 Ɛmmra sɛ sɛnea yebetumi ada yɛn ho adi sɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ ho ade a yɛasua yi bɛkanyan yɛn ma yɛasan ahwehwɛ akwan a yɛfa so da anisɔ adi no mu. So yebetumi ama yɛn ayeyi afɔre a yɛbɔ ma Yehowa ne honam fam mmoa a yɛyɛ ma wiase nyinaa adwuma no anya nkɔanim? Nea yɛbɛbɔ mmɔden ayɛ biara no, yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn Agya, Yehowa, a ɔwɔ dɔ na ne yam ye no ani begye sɛ yɛyɛ nnipa a wɔwɔ ayɛ.

So Wokae?

• Nneɛma bɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛda Yehowa ase?

• Asuade ahorow bɛn na yenya fi ntotoso du du, ntoboa a wofi ɔpɛ mu yi, ne mpɛpɛwadi mu?

• Yɛyɛ dɛn nya akwampae honhom?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi de yɛn ‘ahonyade’ ada Yehowa ase?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

“Akyɛde pa nyinaa ne adekyɛde a ɛyɛ pɛ nyinaa fi soro”

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

Mmara no mu asuade abiɛsa bɛn na wɔada no adi wɔ ha?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Nneɛma bɛn na yebetumi ayɛ de abɔ afɔre?