Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛsɛ sɛ Wugyina so Gye Onyankopɔn Di

Nea Ɛsɛ sɛ Wugyina so Gye Onyankopɔn Di

Nea Ɛsɛ sɛ Wugyina so Gye Onyankopɔn Di

KOREAFO nhoma 31 Reasons Why Young People Leave the Church (Nneɛma 31 a Mmabun Gyina So Gyae Asɔre) no kyerɛ sɛ nnipa pii gyae asɔrekɔ esiane sɛ wonnya wɔn nsɛmmisa ho mmuae a ɛtɔ asom nti. Sɛ nhwɛso no, wobisa sɛ, ‘Dɛn nti na nkurɔfo a wogye Onyankopɔn di no hu amane?’ ne ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yegye biribiara a asɔre kyerɛkyerɛ no di bere a nkyerɛkyerɛ no mu pii mu nna hɔ na ɛbɔ ne ho abira no?’

Esiane sɛ mmuae a wɔn asɔfo de ma wɔn no antumi anni wɔn ahiade ho dwuma nti, wɔn mu pii ka sɛ Bible no nni wɔn nsɛmmisa ho mmuae biara. Sɛ ɔsɔfo bi gyina n’ankasa nsusuwii so de nkyerɛkyerɛmu bi ma a, nea ɛtaa fi mu ba ne ntease a wonnya, na mpo ɛma wɔpo Onyankopɔn ne Bible no.

Saa osuahu no na Abel a wɔtetee no wɔ Lutheran asɔre mu wɔ South Africa no nyae. Ɔka sɛ: “Asɔre no kyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn na ‘ɔfa’ obiara a owu no. Nanso na mintumi nte nea enti a Onyankopɔn a ɔyɛ ɔdɔ ‘bɛfa’ awofo afi wɔn mma nkyɛn no ase. Wɔ Afrika akuraase a wɔtetee me no, sɛ akokɔ mma di n’akyi a, yenkum no gye sɛ ne mma no anyinyin ansa. Sɛ yehu sɛ nantwi bi yem a, yenkum no kosi sɛ ɔbɛwo ma ne ba no atwa nufu ansa. Mantumi ante nea enti a Onyankopɔn a ɔwɔ dɔ no nna tema a ɛte saa ara adi nkyerɛ nnipa no ase.”

Ná Aram a ɔyɛ Canadani no nso adwenem yɛ no naa saa ara. Ɔka n’asɛm sɛ: “Bere a midii mfe 13 no na me papa wui. Ɔsɔfopanyin bi kae wɔ awufo som a wɔyɛ maa me papa no ase sɛ, na Onyankopɔn pɛ sɛ me papa wu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛbɛn Onyankopɔn wɔ soro. Ɔkae sɛ: ‘Onyankopɔn fa nnipa pa efisɛ ɔdɔ atreneefo.’ Mante nea enti a Onyankopɔn yɛ pɛsɛmenkominya saa no ase.”

Awiei koraa no, Abel ne Aram nyinaa hyiaa Yehowa Adansefo ne wɔn suaa Bible no ma akyiri yi, wonyaa wɔn nsɛmmisa ho mmuae. Wonyaa Onyankopɔn ho dɔ ne ne mu gyidi a emu yɛ den. Bere bi akyi no, wohyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa bɛyɛɛ n’asomfo.

Nokware Nimdeɛ—Ade Titiriw a Wogyina So Gye Onyankopɔn Di

Dɛn na yebetumi asua afi osuahu ahorow yi mu? Ɛka kyerɛ yɛn sɛ Bible mu nokware nimdeɛ ho hia na ama yɛanya Onyankopɔn mu gyidi. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ Kristofo a na wɔwɔ tete kurow Filipi mu sɛ: “Mebɔ eyi ho mpae sɛ mo dɔ nkɔ so mmoro so ara [nokware, NW] nimdeɛ ne ntease nyinaa mu.” (Filipifo 1:9) Ɛha no, Paulo de ɔdɔ a yebenya ama Onyankopɔn ne mfɛfo gyidifo no toto Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ ne n’apɛde mu ntease a yebenya ho.

Ntease wɔ eyi mu efisɛ ade a edi kan a obi nam so begye obi adi anya ne mu ahotoso ne sɛ obehu onii no—dodow a ohu no yiye no, dodow no ara na n’ahotoso no mu yɛ den. Saa ara na nokware nimdeɛ ho hia na akanyan wo ma woanya Onyankopɔn mu gyidi. Paulo kae sɛ: “Gyidi ne ade a yɛn ani da so ho ahotoso ne nneɛma a yenhu ho adansegye.” (Hebrifo 11:1) Sɛ obi gye Onyankopɔn di na onni Bible mu nokware nimdeɛ a, ɛte sɛ ɔdan a mmofra de krataa a wɔatwitwa no asinasin asi. Sɛ mframa kakra bɔ fa ho a, na adwiriw agu.

Bible no a wubesua no betumi aboa wo ma woanya nsɛmmisa te sɛ, Dɛn nti na nkurɔfo wu? a na ɛhaw Abel ne Aram adwene bere tenten no ho mmuae. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ “sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Nnipa nyinyin wuwu a ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn na wabɛfa wɔn kɔ ne nkyɛn, na mmom esiane Adam bɔne nti. (Genesis 2:16, 17; 3:6, 17-19) Bio nso Bible no da nokware anidaso a Yehowa Nyankopɔn de ma no adi. Onyankopɔn nam ne Ba, Yesu Kristo so ama adesamma abɔnefo anya owusɔre ho anidaso.—Yohane 5:28, 29; Asomafo no Nnwuma 24:15.

Nea ɛbɛma yɛate nokware a owusɔre no yɛ ase no, nnipa pii a Yesu nyanee wɔn fii awufo mu ho nsɛm wɔ Bible no mu. (Luka 7:11-17; 8:40-56; Yohane 11:17-45) Bere a wokenkan saa nsɛm yi wɔ Bible mu no, hyɛ sɛnea wɔn a wonyanee wɔn no nnamfo ne wɔn abusuafo ani gyei no nsow. Afei nso hyɛ sɛnea ɛkaa wɔn ma wɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam na wogyee Yesu dii no nsow.

Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho nokware nimdeɛ betumi anya nkurɔfo so nkɛntɛnso saa ara nnɛ. Bere bi a atwam no, na nsɛmmisa atitiriw bi a nnipa pii ntumi nnya ho mmuae a ɛtɔ asom no ama wonhu nea wɔnyɛ, ahyɛ wɔn so, na mpo ato wɔn hintidua. Nanso bere a wosuaa Bible no, wonyaa ho mmuae, na ɛsakraa wɔn asetra koraa.

Onyankopɔn Ho Dɔ—Ade Titiriw a Yegyina So Som No

Ɛwom sɛ nokware nimdeɛ ho hia na ama obi anya Onyankopɔn mu gyidi de, nanso ɛhwehwɛ pii na atumi akanyan obi ma watie no asom no. Bere a wobisaa Yesu Onyankopɔn mmara mu nea ɛsen biara no, ɔkae sɛ: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu.” (Marko 12:30) Sɛ obi dɔ Onyankopɔn sɛnea Yesu kyerɛe no a, obenya ɔpɛ kɛse sɛ obetie n’asɛm na wasom no. So ɛte saa wɔ wo fam?

Rachel a ɔde mfe pii asom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Korea no kyerɛkyerɛ nea enti a ogye Onyankopɔn di no mu sɛ: “Misusuw Yehowa ayamye wɔ n’abɔde ho, ne ne fafiri wɔ sɛnea ɔne nnipa di nsɛm mu, ne pɛ a ɔpɛ yɛn yiyedi denam n’apɛde a ɔma yehu so. Nneɛma a ɛte saa nyinaa ma ɔdɔ a mewɔ ma Onyankopɔn no yɛ kɛse. Na saa ɔdɔ no na ɛkanyan me ma minya ɔpɛ sɛ mɛsom no.”

Martha, okunafo bi a ofi Germany no de mfe 48 asom Yehowa. Ɔka sɛ: “Dɛn nti na mesom Yehowa? Esiane sɛ medɔ no nti. Anwummere biara me ne Yehowa kasa wɔ mpaebɔ mu kyerɛ no sɛnea m’ani sɔ ne nhyira horow, titiriw ogye afɔre no.”

Yiw, ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no na ɛka yɛn ma yɛpɛ sɛ yefi komam som no. Nanso ɛyɛ dɛn na obi anya ɔdɔ a ɛte saa? Ade a ɛkanyan yɛn kɛse ma yɛkyerɛ ɔdɔ ma Onyankopɔn ne anisɔ a ɛkɔ akyiri a yenya ma ɔdɔ a wada no adi akyerɛ yɛn no. Hyɛ nkaesɛm a ɛka koma a efi Bible mu yi nsow: “Nea ɔnnɔ no nhuu Nyankopɔn ɛ, na Onyankopɔn ne dɔ. Eyi mu na Onyankopɔn dɔ no yii ne ho adi wɔ yɛn ho, sɛ, Onyankopɔn somaa ne ba a ɔwoo no koro no baa wiase sɛ yɛmfa no so nnya nkwa. Eyi mu na ɔdɔ no wɔ, ɛnyɛ sɛ yɛn na yɛdɔɔ Onyankopɔn, na mmom ɔno na ɔdɔɔ yɛn na ɔsomaa ne ba sɛ ɔmmɛyɛ yɛn bɔne ho mpata.”—1 Yohane 4:8-10.

So wuhu sɛnea ɔdɔ yi mu yɛ duru fa no? Fa no sɛ asuten bi a ano yɛ den refa wo na ɔbarima bi de ne nkwa too asiane mu beyii wo. So wo werɛ befi no, anaa so worenkyerɛ ne ho anisɔ kɛse? So worempɛ sɛ wobɛyɛ nea wubetumi biara ama no? Ɔdɔ a Onyankopɔn daa no adi de ne Ba, Yesu Kristo mae sɛ agyede no sen saa koraa. (Yohane 3:16; Romafo 8:38, 39) Sɛ Onyankopɔn ho dɔ ka wo koma a, ɛbɛkanyan wo ma woadɔ no na woafi wo koma nyinaa mu asom no.

Ɛso Akatua a Yebenya Ɛnnɛ ne Daakye

Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn no na ɛkanyan yɛn ma yɛyɛ n’apɛde de, nanso ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ Onyankopɔn ma wɔn a wɔsom no no akatua. Ɔsomafo Paulo twee adwene sii so sɛ: “Gyidi nnim a, obi ntumi nsɔ ani. Na ɛsɛ nea ɔba Onyankopɔn nkyɛn no sɛ ogye di sɛ ɔwɔ hɔ, na ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo.”—Hebrifo 11:6.

Wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn na wotie n’asɛm no nya ne nkyɛn akatua ankasa. Bible nnyinasosɛm akyi a nnipa pii di no ama wɔanya akwahosan pa. (Mmebusɛm 23:20, 21; 2 Korintofo 7:1) Ɛtaa ba sɛ, adwumawuranom nya wɔn a wɔde Bible nnyinasosɛm a ɛfa nokwaredi ne nsiyɛ ho di dwuma no mu ahotoso ma enti wɔn ho nkyere wɔn wɔ sika fam koraa. (Kolosefo 3:23) Sɛ Onyankopɔn asomfo de wɔn ho to Yehowa so a, wɔn asom dwo wɔn wɔ tebea horow a emu yɛ den mpo mu. (Mmebusɛm 28:25; Filipifo 4:6, 7) Nea ɛsen ne nyinaa no, wɔde ahotoso hwɛ daa nkwa wɔ asase so Paradise a ɛreba no mu nhyira kwan.—Dwom 37:11, 29.

Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔrenya Yehowa nkyɛn nhyira horow a ɛte saa no te nka wɔ ne ho? Jacqueline, Kristoni bi a ɔwɔ Canada ka anisɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn ho asɛm sɛ: “Ɔma yɛn akyɛde a ɛsom bo saa bere nyinaa, na ɔma yenya daa nkwa a enni huammɔ no ho anidaso.” Abel a yɛtee ne ho asɛm mfiase no ka sɛnea ɔte nka ho asɛm saa kwan yi so: “Ná asetra a enni awiei a menya wɔ Paradise no yɛ me ade foforo koraa, na merehwɛ kwan. Nanso, sɛ Paradise biara nni hɔ mpo a, anka m’ani bɛkɔ so agye sɛ mɛda ɔdɔ a mewɔ ma Onyankopɔn no adi denam som a mɛsom no no so.”

Wo Nso Wubetumi Anya Nokware Gyidi

Bible ka sɛ: ‘Asafo Yehowa bu atɛn trenee mu; na ɔsɔ asaabo ne koma hwɛ.’ (Yeremia 11:20) Yiw, Yehowa rehwehwɛ nea ahintaw wɔ yɛn mu tɔnn no mu. Ɛsɛ sɛ obiara hwehwɛ nea ogyina so gye Onyankopɔn di no mu. Ebia gyidi ne nkyerɛkyerɛ ahorow bi a na ɛnteɛ na ɛma yɛyɛɛ nneɛma bɔne bere bi a atwam. Nanso Bible mu nokware nimdeɛ betumi ama yɛne Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ a eye.—1 Timoteo 2:3, 4.

Yehowa Adansefo nam ofie Bible adesua ho nhyehyɛe a wonnye hwee no so reboa nkurɔfo ma wɔanya Onyankopɔn ho nokware nimdeɛ. (Mateo 28:20) Nnipa a wɔagye mmoa a ɛte saa atom no abenya ɔdɔ ama Onyankopɔn na wɔanya ne mu nokware gyidi. Wɔnam Bible sua so de “nyansahu ne adwempa” asie, na ɛboa wɔn ma wɔnantew “dwoodwoo” wɔ bere a emu yɛ hu yi mu. (Mmebusɛm 3:21-23) Nea ɛsen biara no, afei de wɔwɔ daakye ho anidaso a “etim hɔ.” (Hebrifo 6:19) Wo nso wubetumi anya nokware gyidi na woanya nhyira horow yi bi.

[Adaka wɔ kratafa 6]

Nsɛmmisa a Ɛhaw Adwene a na Wohia Ho Mmuae

“Bere a na meresua ade abɛyɛ oduruyɛfo no, mihuu nnipa pa a nyarewa ne asiane ahorow mu yaw ama wɔresi apini. Sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a, dɛn nti na ɔma nneɛma yi sisi? So nyamesom yɛ ɔkwan a wɔfa so nya akomatɔyam ara kwa?”—Obi a na kan ɔyɛ Presbyni wɔ Korea.

“Na metaa susuw ho sɛ ebia me papa a na ɔyɛ ɔsadweam no kɔ hell anaa soro. Ná awufo ne hellgya ho adwene no hunahuna me. Ná mintumi nte nea enti a Onyankopɔn a ɔwɔ dɔ de obi bɛkɔ hell ma wakohu amane daa no ase.”—Obi a na kan ɔyɛ Katolekni wɔ Brazil.

“Daakye ho anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma asase ne adesamma? Adesamma bɛyɛ dɛn atra ase daa? Adesamma bɛyɛ dɛn anya nokware asomdwoe?”—Obi a na kan ɔyɛ Katolekni wɔ Germany.

“Mante onipa a owu ma wɔsan wo no foforo nkyerɛkyerɛ no ase. Mmoa nsom Nyankopɔn, enti sɛ biribi nti, wɔsan wo wo sɛ aboa de tua wo bɔne so ka a, wobɛyɛ dɛn ayɛ nsakrae afi saa tebea no mu?”—Obi a na kan ɔyɛ Hinduni wɔ South Africa.

“Wɔtetee me wɔ Konfusio abusua mu, na na mede me ho hyɛ amanne a wɔyɛ ma nananom a wɔawuwu na wɔada wɔn damoa mu asomdwoe mu no mu. Bere a meboa ma wɔhyehyɛɛ afɔrepon na mekotowee no, na mintumi nhu sɛ ebia nananom a wɔawuwu no bedi aduan no na wɔahu sɛ yɛrekotow wɔn anaa.”—Obi a na kan ɔyɛ Konfusioni wɔ Korea.

Saa nnipa yi nyinaa nyaa wɔn nsɛmmisa ho mmuae bere a wɔne Yehowa Adansefo suaa Bible no.