Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Enti A Wɔkɔ Asɔre

Nea Enti A Wɔkɔ Asɔre

Nea Enti A Wɔkɔ Asɔre

“ƐNNƐ, ɛkame ayɛ sɛ Presbyfo a wɔwɔ Korea adehyeman mu no dodow te sɛ Amerika Presbyfo mmɔho anan.” Esiane sɛ nnipa pii bu Korea sɛ ɛyɛ Konfusiofo ne Buddhafo man nti, ebia saa asɛm a ɛwɔ Newsweek nsɛmma nhoma mu no bɛyɛ nnipa pii nwonwa. Sɛ obi kɔ ɔman no mu nnɛ a, obehu mmeamudua a kanea kɔkɔɔ bobɔ mu sɛ ɛbobɔ “Kristofo” asɔredan pii ho. Sɛ edu Kwasida a, ɛnyɛ den koraa sɛ wubehu sɛ nnipa nam baanu baanu anaa baasa baasa kurakura Bible rekɔ asɔre. Sɛnea nhwehwɛmu bi a wɔyɛɛ no afe 1998 kyerɛ no, ɛkame ayɛ sɛ Koreafo ɔha mu nkyem 30 kɔ Katolek anaa Protestant asɔre, na wɔdɔɔso sen wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Buddhafo no.

Nnansa yi, ɛnyɛ nwonwa sɛ baabiara a wobɛkɔ no, wubehu sɛ nnipa pii taa kɔ asɔre. Ɛnyɛ Korea nko na eyi rekɔ so, na mmom ɛrekɔ so wɔ Asia aman pii mu ne Afrika ne Latin Amerika nso. Dɛn nti na nnipa pii kyerɛ sɛ wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi bere a ɛte sɛ nea nyamesom mu anibiannaso ahyeta wɔ asase so baabiara no? Dɛn nti na wɔkɔ asɔre?

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe daa no adi sɛ nnipa a wɔkɔ asɔre wɔ Korea no mu bɛboro fã rehwehwɛ akomatɔyam; wɔn mu nkyem abiɛsa mu biako hwɛ owu akyi asetra a enni awiei kwan; na 10 biara mu 1 hwɛ kwan sɛ wobenya akwahosan pa, ahonyade, ne asetram yiyedi.

Nnipa pii kɔ asɔre wɔ China sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsan anya honhom fam nneɛma ho anigye a wɔhweree bere a aguadi besii Kwasafo amammu ananmu no. Afe biara, wotintim Bible ɔpepem pii kyekyɛ wɔ China, na ɛte sɛ nea nkurɔfo kenkan Bible no sɛnea na wɔkenkan China mampanyin Mao nyansapɛ nhoma no ara.

Katolekfo binom a wɔwɔ Brazil, titiriw mmabun a wɔwɔ hɔ no ani nnye asetram anigye a wobenya daakye no ho, na mmom wɔpɛ nea wobenya no nnɛ. Nsɛmma nhoma Tudo ka sɛ: “Sɛ nkyerɛkyerɛ a ɛbɛma nkurɔfo ade wɔn ho afi ahokyere mu na na ɛkanyan wɔn wɔ 1970 mfe no mu a, nea wodi akyi nnɛ ne nkyerɛkyerɛ a ɛbɛma wɔadi yiye.” Wobisabisaa asɔrekɔfo a wɔwɔ Britain nsɛm wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe mu sɛ wɔnkyerɛ ade biako a ɛma wɔn ani gye wɔn asɔre ho. Nea wɔn mu dodow no ara kae ne sɛ ɛyɛ fekubɔ.

Eyi nyinaa kyerɛ sɛ bere a nnipa dodow no ara da so gye Onyankopɔn di no, ɛnyɛ nea wobenya daakye anaa Onyankopɔn ho nimdeɛ na wɔhwehwɛ, na mmom nea wɔn mu dodow no ara susuw ho ne nea wobenya afi mu mprempren. Wususuw sɛ dɛn paa nti na ɛsɛ sɛ wugye Onyankopɔn di? Dɛn na Bible ka wɔ asɛm no ho? Wubenya ho mmuae wɔ asɛm a edi hɔ no mu.