Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Television So Dwumadi Bi na Ɛma Ɔhyɛɛ Onyankopɔn Anuonyam

Television So Dwumadi Bi na Ɛma Ɔhyɛɛ Onyankopɔn Anuonyam

Ahenni Adawurubɔfo Bɔ Amanneɛ

Television So Dwumadi Bi na Ɛma Ɔhyɛɛ Onyankopɔn Anuonyam

ƆSOMAFO Paulo kae sɛ: “Ebinom wɔ hɔ a nitan ne atutupɛ nti na wɔka Kristo ho asɛm de, nanso ebinom wɔ hɔ a wɔde anisɔ nso na ɛka.” (Filipifo 1:15) Mmere bi wɔ hɔ a, wɔn a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛkasa atia Yehowa nkurɔfo mpo nneyɛe atwe nnipa komapafo aba nokware no mu a wonnim.

Wɔ November 1998 mu no, woyii adwuma a wɔyɛ wɔ Yehowa Adansefo adwumayɛbea ti a ɛwɔ France no wɔ France television so. Wɔ nsɛm ahorow a wɔka faa wɔn adwuma no ho akyi no, ɛsow aba pa a na wɔnhwɛ kwan.

Anna-Paula a ɔte bɛn Betel a ne kunu agyae no aware a ɔwɔ mma baanu a na ɔrehwehwɛ adwuma ayɛ no ka wɔn a wɔhwɛɛ dwumadi no ho. Enti ade kyee no ɔfrɛɛ Betel wɔ telefon so bisae sɛ obenya adwuma ayɛ wɔ hɔ anaa. Ɔkae sɛ: “Minyaa adwene sɛ ɛhɔ tew na adwuma a wɔyɛ wɔ hɔ no so wɔ mfaso.” Hwɛ sɛnea ne ho dwiriw no sɛ ohui sɛ wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ hɔ no nyinaa yɛ asomfo a wɔatu wɔn ho ama! Bere a wosusuw Yehowa Adansefo dwumadi ho tiawa akyi no, ɔpenee so sɛ Ɔdansefo bi mmɛsra no.

Bere a Léna a ɔyɛ bere nyinaa somfo wɔ asafo bi a ɛwɔ hɔ mu baa Anna-Paula nkyɛn no, wɔbɔɔ nkɔmmɔ kɔɔ akyiri na ogyee Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no bi. * Eduu nsrahwɛ a edi hɔ no, na Anna-Paula akenkan nhoma no fi tiri akosi tiri, ma na ɔwɔ nsɛmmisa pii. Ɔpenee Bible adesua so ntɛm ara. Anna-Paula kae sɛ: “Wɔ me fam no, na ɛyɛ hokwan a mede behu Onyankopɔn Asɛm. Ná minnyaa Bible da.”

Wɔ January mu no, Anna-Paula kɔsraa Betel, na ɔkɔɔ Kristofo nhyiam a edi kan nnawɔtwe a edi hɔ no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔne ne mma fii ase sua Bible no na odii ne nnamfo adanse. Ɔka sɛ: “Mantra nea na meresua no so. Ná mepɛ sɛ meka Bible mu nokware kyerɛ nkurɔfo na mekyekye wɔn werɛ.” Bere a Anna-Paula bɔɔ mmɔden dii n’ankasa haw pii ho dwuma akyi no ofii ase kɔɔ nhyiam ahorow daa. Onyaa nkɔso ntɛmntɛm na wɔbɔɔ no asu wɔ May 5, 2002.

Bio nso, esiane Anna-Paula nhwɛso pa ne nsi a ɔyɛ wɔ asɛnka mu nti, ne maame fii ase suaa Bible no na ankyɛ na ɔbɔɔ asu. Anna-Paula ka sɛ: “Minhu sɛnea menka sɛnea m’ani agye no ho asɛm. Da biara meda Yehowa ase wɔ hyira a wahyira me nyinaa ne hu a wama mahu no no ho.”

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Yehowa Adansefo na wotintimii.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8]

Atifi: Anna-Paula

Ase: France baa dwumadibea aboboano