Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wɔasiesie Wɔn Ho Ama Adwuma Pa Biara Adwuma pa’

‘Wɔasiesie Wɔn Ho Ama Adwuma Pa Biara Adwuma pa’

‘Wɔasiesie Wɔn Ho Ama Adwuma Pa Biara Adwuma pa’

BIBLE no ka wɔ Tito 3:1 sɛ: “Kae wɔn na wɔmmrɛ wɔn ho ase mma mpanyinni ne tumi horow no, wɔnyɛ osetie, wonsiesie wɔn ho mma adwuma pa biara adwuma pa.” Adwuma pa bɛn na na ɛwɔ ɔsomafo Paulo adwenem bere a ɔkyerɛw saa nsɛm no kɔmaa ne mfɛfo gyidifo no? Bible ho ɔbenfo E. F. Scott kaa adwuma pa bi ho asɛm sɛ: “Ɛnyɛ tumidi nko na ɛsɛ sɛ Kristofo kyerɛ obu ma, na mmom ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho ma adwuma pa biara nso. . . . Sɛ ɛho behia a, ɛsɛ sɛ Kristofo ka nnipa a wɔma ɔmanfo yiyedi ho hia wɔn titiriw paa no ho. Ogya bɛkɔ so atɔ nneɛma mu, yare ne amanehunu ahorow bɛkɔ so aba, ɛmfa ho sɛ ɔman ba pa biara bɛpɛ sɛ ɔboa ne yɔnko nnipa no.”

Kristofo yɛ nnwuma a ɔmanfo nya so mfaso mpɛn dodow a nnwuma no ne Onyankopɔn mmara mmɔ abira no. (Asomafo no Nnwuma 5:29) Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ Japan no yɛ sɛnea woguan fi baabi a ogya atɔ ne sɛnea wodum gya ho ɔyɛkyerɛ afe biara de di odumgya adwuma a ɛwɔ hɔ no akwankyerɛ akyi. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, Betel abusua no mufo nyinaa hyia tie nkyerɛkyerɛ a odumgya adwuma no nanmusini bi de ma no.

Bio nso, bɛboro mfe du ni no, aban mpanyimfo ato nsa afrɛ Yehowa Adansefo dwumadibea a ɛwɔ Japan no ma wɔakɔyɛ ogya hyehyew anosiw ne ogyadum ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ ɔyɛkyerɛ no ase no, nnwumakuw a ɛwɔ kuropɔn no mu no da nimdeɛ a wɔwɔ wɔ ogya hyehyew anosiw ne ogyadum ho no adi. Wɔtaa kamfo Yehowa Adansefo dwumadibea adwumayɛfo no nimdeɛ ne wɔn biakoyɛ no. Wɔ afe 2001 mu no, wɔpaw wɔn sɛ wɔn na wodii kan wɔ adeyɛ no mu. Sɛ ɛba sɛ ogya tɔ baabi a, wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛyɛ adwuma pa a ebetumi agye afoforo nkwa.

Adwuma a Mfaso Wɔ So

Nanso, Yehowa Adansefo ani gye adwuma pa foforo bi a ɛno nso gye afoforo nkwa ho kɛse. Wɔtaa kɔ wɔn afipamfo nkyɛn ne wɔn kɔbɔ Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa ho nkɔmmɔ. (Mateo 24:14) Adansefo no hyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wonsua Bible nnyinasosɛm na wɔmfa nni dwuma wɔ wɔn asetra mu sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi ama wɔn asetra atu mpɔn seesei na ama wɔanya daa nkwa ho anidaso wɔ wiase a nokware asomdwoe ne ahobammɔ wom no mu.

Ebia ebinom nhu mfaso a ɛwɔ adwuma a Yehowa Adansefo reyɛ no so, enti wosusuw sɛ wɔhaw adwene. Nanso Ɔtemmufo Jean Crepeau a ɔwɔ Quebec Asɛnnibea bi a ɛwɔ Canada no ka sɛ wɔnte saa. Ná Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ no akasa atia mmara bi a Quebec kurow Blainville hyɛe sɛ wonnye tumi krataa ansa na wɔakɔ afie afie asɛnka no wɔ asɛnnibea. Bere a asɛnnibea no rebua asɛm no, Ɔtemmufo Crepeau kae sɛ: “Yehowa Adansefo nsrahwɛ no yɛ adwuma a Kristofo yɛ de boa ɔmanfo . . . na nhoma a Yehowa Adansefo de ma ɔmanfo a wɔn ani gye ho no yɛ nhoma a ɛho hia, a ɛka nsɛmti te sɛ nyamesom, Bible, nnubɔne, asanom bebrebe, mmabun ntetee, aware mu haw ne awaregyae ho asɛm.” Asɛnnibea no kɔɔ so buaa asɛm no sɛ: “Nea asɛnnibea no betumi aka de atwa to ne sɛ, sɛ́ wɔde Yehowa Adansefo bɛtoto wɔn a wɔnam tontɔn nneɛma ho no yɛ atɛnnidi, animguase, ne dinsɛe.”

Yehowa Adansefo boa ma ɔmanfo asetra tu mpɔn wɔ mpɔtam a wɔte denam boa a wɔboa nnipa ma wodi wɔn da biara da haw horow so, na wɔma wonya daakye ho anidaso no so. Bible no na esiesie wɔn ma wotumi yɛ saa adwuma no. “Kyerɛw nyinaa fi Nyankopɔn home mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nteɛso ne trenee mu yɛn. Na Onyankopɔn nipa ayɛ pɛ a wɔasiesie no koraa ama nnwuma pa nyinaa.”—2 Timoteo 3:16, 17.

Wobɛpɛ sɛ wuhu sɛnea Yehowa Adansefo “siesie wɔn ho ma adwuma pa biara”? Yɛto nsa frɛ wo sɛ ma wɔmmoa wo na sua pii fa Bible no ho, na ama wo nso woanya hokwan ayɛ adwuma a ɛho hia yi a wɔyɛ de boa ɔmanfo wɔ wo mpɔtam ne wiase nyinaa no bi.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 30]

Yehowa Adansefo bɔ mmɔden sɛ wɔne aban mpanyimfo bɛyɛ adwene

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Wonim Adansefo no sɛ wɔboa wɔn afipamfo