Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛho Abehia Kɛse Sɛ Yɛwɛn

Ɛho Abehia Kɛse Sɛ Yɛwɛn

Ɛho Abehia Kɛse Sɛ Yɛwɛn

“Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba.”—Mateo 24:42.

1, 2. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ yɛte mprempren nneɛma nhyehyɛe yi awiei?

NHOMAKYERƐWFO Bill Emmott ka sɛ: “Nea ɛsen biara no, ɔko hyɛɛ afeha a ɛto so aduonu no ma.” Bere a ɔregye atom sɛ ɔko ne basabasayɛ asisi wɔ nnipa abakɔsɛm nyinaa mu no, ɔde kaa ho sɛ: “Ɛdefa akosɛm ho no, afeha a ɛto so aduonu no anyɛ soronko wɔ mfeha a aka no ho, nea ɛmaa ɛyɛɛ soronko ara ne sɛ na ɔko a ɛkɔɔ so wom no ani sõsõ. Ɛno ne afeha a edi kan a wiase nyinaa boom koe . . . Na nea ɛsɛee asɛm no koraa ne sɛ, ɛnyɛ wiase ko biako pɛ na ɛkɔɔ so wom, na mmom, abien.”

2 Yesu Kristo kaa akodi a ɛbɛkɔ so ‘aman ne ahenni ahorow ntam’ ho asɛm siei. Nanso, ɛno yɛ ‘Kristo mmae ne nneɛma nhyehyɛe awiei ho sɛnkyerɛnne’ no ho ade biako pɛ ara kwa. Wɔ nkɔmhyɛ titiriw yi mu no, Yesu kaa ɔkɔm, yaredɔm, ne asasewosow nso ho asɛm. (Mateo 24:3, 7, 8; Luka 21:6, 7, 10, 11) Wɔ akwan pii so no, saa ɔhaw no adɔɔso na emu ayɛ den. Nnipa bɔne dɔɔso pii, sɛnea su a onipa da no adi wɔ Onyankopɔn ne ne yɔnko nipa ho ma yehu no. Ɔbrasɛe abu so, na nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ adɔɔso. Nnipa dɔ sika sen Onyankopɔn, na anigyede adi nnipa ti. Eyinom nyinaa di adanse sɛ yɛte “mmere a emu yɛ den” mu.—2 Timoteo 3:1-5.

3. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ “mmere no ho nsɛnkyerɛnne” no ka yɛn?

3 Ɔkwan bɛn so na wubu nnipa nsɛm tebea a ɛresɛe no? Nnipa pii yɛ anibiannaso, na wɔsen wɔn kɔn mpo wɔ ahoyeraw nsɛm a ɛresisi nnɛ no ho. Wiase mu nnipa a wonim nyansa na wɔwɔ nkɛntɛnso no nhu nea “mmere no ho nsɛnkyerɛnne” no kyerɛ; saa ara na nyamesom mu akannifo mfaa asɛm yi ho akwankyerɛ pa biara mmae. (Mateo 16:1-3) Nanso Yesu tuu n’akyidifo fo sɛ: “Enti monwɛn, efisɛ munnim da ko a mo wura bɛba.” (Mateo 24:42) Ɛha yi, Yesu nhyɛ yɛn nkuran sɛ yɛmma yɛn ani nna hɔ nko, na mmom, sɛ ‘yɛnwɛn’ nso. Sɛ yɛbɛwɛn a, ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani da hɔ na yɛhwɛ nneɛma yiye. Eyi hwehwɛ pii sen gye a yebegye atom kɛkɛ sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu, ɛhwehwɛ pii sen hu a yebehu sɛ mmere no mu ayɛ den. Ɛsɛ sɛ yenya gyidi a emu yɛ den sɛ “ade nyinaa awiei abɛn.” (1 Petro 4:7) Ɛno ansa na yebehu sɛnea ɛho abehia kɛse sɛ yɛwɛn. Enti, asɛmmisa a ɛsɛ sɛ yesusuw ho ne sɛ: ‘Dɛn na ɛbɛboa ma yɛanya gyidi a emu yɛ den sɛ awie no abɛn?’

4, 5. (a) Dɛn na ɛbɛhyɛ gyidi a yɛwɔ sɛ nhyehyɛe bɔne yi awiei abɛn no mu den, na dɛn ntia? (b) Nsɛdi biako bɛn na ɛwɔ Noa bere no ne onipa Ba no ba no mu?

4 Susuw tebea a ɛkɔɔ so wɔ nna a edi adesamma abakɔsɛm mu adeyɛ titiriw bi—Noa bere so Nsuyiri kɛse no—anim mu no ho. Nnipa dii bɔne araa ma Yehowa ‘dii yaw ne komam.’ Ɔkae sɛ: “Mɛpopa nnipa a mabɔ wɔn no mafi asase ani.” (Genesis 6:6, 7) Na saa pɛpɛɛpɛ na ɔyɛe. Bere a Yesu rekyerɛ nsɛdi a ɛwɔ nea ɛkɔɔ so saa bere no ne nea ɛrekɔ so nnɛ mu no, ɔkae sɛ: “Sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.”—Mateo 24:37.

5 Ntease wom sɛ yɛbɛka sɛ Yehowa te nka wɔ nnɛ wiase no ho sɛnea ɔtee nka wɔ wiase a na ɛwɔ hɔ ansa na Nsuyiri no reba ho no. Esiane sɛ ɔde amumɔyɛ wiase a na ɛwɔ hɔ wɔ Noa bere so baa awiei nti, ɔbɛsɛe amumɔyɛ wiase a ɛwɔ hɔ nnɛ no ɔkwan biara so. Ɛsɛ sɛ nsɛdi a ɛwɔ saa bere no ne yɛn bere yi mu ho ntease a edi mũ a yebenya no hyɛ gyidi a yɛwɔ sɛ mprempren wiase yi awiei abɛn no mu den. Ɛnde, dɛn ne nsɛdi ahorow no? Anyɛ yiye koraa no, nsɛdi ahorow anum na ɛwɔ hɔ. Nea edi kan ne sɛ, wɔde ɔsɛe a ɛreba no ho kɔkɔbɔ a edi mũ ankasa rema.

Wɔbɔɔ Wɔn “Nea Wonnya Nhui” Ho Kɔkɔ

6. Dɛn na Yehowa bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ wɔ Noa bere so?

6 Wɔ Noa bere so no, Yehowa kae sɛ: “Me honhom rentra onipa mu nkosi daa, efisɛ wɔyɛ ɔhonam, enti wɔn nna nyɛ mfe ɔha aduonu.” (Genesis 6:3) Ahyɛde a Onyankopɔn de mae wɔ afe 2490 A.Y.B. mu yi na ɛhyɛɛ saa amumɔyɛ wiase no awiei agyirae. Susuw nea na ɛno kyerɛ ma wɔn a wɔwɔ hɔ saa bere no ho hwɛ! Ná aka mfe 120 pɛ na Yehowa ‘de nsuyiri aba asase so abɛsɛe ɔhonam a nkwa wɔ mu nyinaa ɔsoro ase.’—Genesis 6:17.

7. (a) Noa yɛɛ n’ade dɛn wɔ kɔkɔbɔ a na ɛfa Nsuyiri ho no ho? (b) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho kɔkɔbɔ ahorow no ho?

7 Noa dii kan nyaa ɔhaw a ɛreba no ho kɔkɔbɔ mfe pii, na ofi nyansam de bere no siesiee ne ho maa nkwagye. Ɔsomafo Paulo ka sɛ: ‘Bere a Noa nsa kaa kɔkɔbɔ a onnya nhui no, ɔdaa Onyankopɔn ho suro adi na ɔyɛɛ adaka maa ne fifo nkwagye.’ (Hebrifo 11:7) Yɛn nso ɛ? Mfirihyia 90 atwam ni fi bere a nneɛma nhyehyɛe yi nna a etwa to fii ase wɔ 1914 mu no. Akyinnye biara nni ho sɛ yɛte “awiei bere no” mu. (Daniel 12:4) Ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn wɔ kɔkɔbɔ ahorow a wɔde ama yɛn no ho? Bible no ka sɛ: “Nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.” (1 Yohane 2:17) Enti ɛnnɛ ne bere a ɛho abehia kɛse sɛ yɛyɛ Yehowa apɛde.

8, 9. Kɔkɔbɔ ahorow bɛn na wɔde ama nnɛ mmere yi, na ɔkwan bɛn so na wɔreda no adi?

8 Wɔ nnɛ mmere yi mu no, Bible asuafo a wɔyɛ nsi asua afi Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no mu sɛ wɔbɛsɛe saa nneɛma nhyehyɛe yi. So yegye eyi di? Hyɛ nea Yesu Kristo ka ma emu daa hɔ no nsow: “Ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da bɛba.” (Mateo 24:21) Yesu kae nso sɛ ɔbɛba sɛ Ɔtemmufo a Onyankopɔn apaw no abɛpaapae nnipa mu sɛnea oguanhwɛfo paapae nguanten mu fi mpapo ho no. Wɔn a wɔmfata no ‘bɛkɔ daa ahoyeraw mu, nanso atreneefo no bɛkɔ daa nkwa mu.’—Mateo 25:31-33, 46.

9 Yehowa ama ne nkurɔfo ahu saa kɔkɔbɔ ahorow yi denam honhom fam aduan mu nkaesɛm a ɛyɛ ne bere mu de a ɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so de ma so. (Mateo 24:45-47) Bio nso, wɔto nsa frɛ aman, mmusua, kasa, ne nkurɔfo nyinaa sɛ ‘wonsuro Onyankopɔn na wɔnhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu.’ (Adiyisɛm 14:6, 7) Ahenni asɛm a Yehowa Adansefo ka wɔ wiase nyinaa no fã titiriw ne kɔkɔbɔ a wɔde ma sɛ Onyankopɔn Ahenni beyi nnipa nniso hɔ nnansa yi ara no. (Daniel 2:44) Ɛnsɛ sɛ yebu saa kɔkɔbɔ yi adewa. Ade nyinaa so tumfoɔ Nyankopɔn no di n’asɛm so bere nyinaa. (Yesaia 55:10, 11) Ɔyɛɛ saa wɔ Noa bere so, na ɔbɛyɛ saa wɔ yɛn bere yi so.—2 Petro 3:3-7.

Nna Mu Adapaade Abu So

10. Dɛn na yebetumi aka afa nna mu adapaade a ɛkɔɔ so wɔ Noa bere so no ho?

10 Yɛn bere yi ne Noa de no di nsɛ wɔ ɔkwan foforo bi nso so. Yehowa hyɛɛ ɔbarima ne ɔbea a wodi kan no sɛ wɔnwo ‘nhyɛ asase so ma,’ na wɔmfa nna mu nkitahodi hokwan a Onyankopɔn de ama wɔn no nni dwuma ɔkwan pa so wɔ aware nhyehyɛe no mu. (Genesis 1:28) Wɔ Noa bere so no, abɔfo asoɔdenfo de nna a ɛmfata guu nnipa ho fĩ. Wɔfaa honamdua too wɔn ho so baa asase so bɛwaree mmea ahoɔfɛfo wowoo mma a wɔn fã yɛ nnipa na wɔn fã yɛ adaemone—Nefilim. (Genesis 6:2, 4) Wɔde bɔne a abɔfo a akɔnnɔ adɔre wɔn yi yɛe no toto ɔbrasɛe a ɛkɔɔ so wɔ Sodom ne Gomora no ho. (Yuda 6, 7) Enti, na nna mu adapaade abu so saa bere no.

11. Abrabɔ a ɛrekɔ so bɛn na ɛma yɛn bere yi yɛ sɛ Noa bere no?

11 Na abrabɔ a ɛrekɔ so nnɛ no nso ɛ? Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, nnipa pii asetra gyina ɔbea ne ɔbarima nna so. Paulo kaa saafo no ho asɛm pefee sɛ “wɔn ani nwu ade bio”; nnipa pii de wɔn ho “ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.” (Efesofo 4:19) Nguamansɛm, nna a edi aware anim, mmofra a wɔto wɔn mmonnaa, ne bɔbeasu koro ntam nna abu so. Ebinom renya ‘wɔn akatua’ dedaw denam nna mu nyarewa, abusua mu mpaapaemu, ne asetram haw afoforo so.—Romafo 1:26, 27.

12. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yekyi bɔne?

12 Wɔ Noa bere so no, Yehowa de Nsuyiri kɛse sɛee wiase a na ɔbarima ne ɔbea nna agye wɔn adwene no. Ɛnsɛ sɛ yebu ani gu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ saa mmere yi te sɛ Noa de no so. “Ahohiahia kɛse” a ɛreba no beyi ‘nguaman, awaresɛefo, ahodomfo, ne mmarima a wɔne wɔn ho da’ afi asase so. (Mateo 24:21; 1 Korintofo 6:9, 10; Adiyisɛm 21:8) Hwɛ sɛnea ɛho abehia kɛse sɛ yekyi bɔne na yɛtwe yɛn ho fi tebea horow a ebetumi akowie ɔbrasɛe mu no ho!—Dwom 97:10; 1 Korintofo 6:18.

‘Basabasayɛ Ahyɛ’ Asase So ‘Ma’

13. Wɔ Noa bere so no, dɛn nti na ‘basabasayɛ hyɛɛ’ asase so ‘ma’?

13 Bere a Bible no retwe adwene asi Noa bere no ho ade foforo so no, ɛkae sɛ: “Na asase asɛe wɔ Onyankopɔn anim, [basabasayɛ, NW] ahyɛ asase so ma.” (Genesis 6:11) Ná basabasayɛ nyɛ biribi foforo ankasa. Adam babarima Kain kum ne nua a ɔteɛ no. (Genesis 4:8) Bere a Lamek resusuw basabasayɛ honhom a na ɛwɔ ne bere so ho no, ɔhyehyɛɛ anwensɛm bi de hoahoaa ne ho wɔ aberantewaa bi a ɔkyerɛe sɛ okum no de twitwa gyee n’ankasa ho no ho. (Genesis 4:23, 24) Ade a na ɛyɛ foforo wɔ Noa bere no ho ne sɛnea na basabasayɛ anya nkɔanim afa no. Bere a Onyankopɔn mma abɔfo asoɔdenfo bɛwaree asase so mmea woo mma—Nefilim—no, basabasayɛ nyaa nkɔanim sen bere biara a atwam. Ná saa abran basabasayɛfo yi yɛ “Abusuyɛfo”—“wɔn a na wɔma afoforo hwe ase.” (Genesis 6:4, NW ase hɔ asɛm) Ne saa nti, ‘basabasayɛ hyɛɛ’ asase so ‘ma.’ (Genesis 6:13) Susuw ɔhaw ara a ɛbɛyɛ sɛ Noa hyiae bere a ɔretete n’abusua wɔ tebea a ɛte saa mu no ho hwɛ! Nanso, Noa kɔɔ so yɛɛ ‘ɔtreneeni wɔ Yehowa anim wɔ saa awo ntoatoaso no mu.’—Genesis 7:1.

14. Ɔkwan bɛn so na ‘basabasayɛ ahyɛ’ wiase ‘ma’ nnɛ?

14 Basabasayɛ akɔ so wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu. Nanso sɛnea na ɛte wɔ Noa bere so no, basabasayɛ a ɛso bi nni akɔ so wɔ yɛn bere yi so nso. Yɛte ofie basabasayɛ, amumɔyɛsɛm, okunkɛse ho amanneɛbɔ, ne nnipa pii a wɔde atuo kunkum wɔn a ntease biara nnim ho asɛm daa. Nea ɛka eyinom nyinaa ho ne mogya a wohwie gu wɔ akodi mu no. Basabasayɛ asan ahyɛ asase so ma bio. Dɛn ntia? Dɛn na ama basabasayɛ anya nkɔanim saa? Mmuae no ma yehu nsɛdi foforo a na ɛwɔ Noa bere no mu no.

15. (a) Dɛn na ama basabasayɛ adɔɔso wɔ nna a edi akyiri yi mu? (b) Adeyɛ bɛn na yebetumi anya ho awerɛhyem?

15 Bere a wɔde Onyankopɔn Mesia Ahenni no sii soro wɔ 1914 mu no, Ɔhene a wɔde no asi agua so, Yesu Kristo, yɛɛ biribi titiriw bi. Wɔtow Satan Ɔbonsam ne n’adaemone fii soro guu asase so. (Adiyisɛm 12:9-12) Ansa na Nsuyiri no reba no, abɔfo asoɔdenfo no ankasa na wofi wɔn pɛ mu gyaw wɔn soro gyinabea; nanso nnɛ yi de, wɔahyɛ da apam wɔn. Bio nso, ɛnnɛ wonni tumi a wɔde bɛdan wɔn ho nnipa abenya honam fam anigyede a ɛmfata mu kyɛfa. Enti wɔde abasamtu, abufuw, ne atemmu a ɛreba no ho suro kɛntɛn nnipa ne ahyehyɛde ahorow so ma wɔyɛ nneɛma a ɛmfata te sɛ nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ a ɛsen Noa bere so de no mpo. Yehowa sɛee wiase a na edi Nsuyiri no anim no bere a abɔfo asoɔdenfo ne wɔn mma de bɔne hyɛɛ wiase no ma no. Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔbɛyɛ saa ara nnɛ! (Dwom 37:10) Nanso, wɔn a wɔwɛn nnɛ no nim sɛ wɔn gye abɛn.

Wɔka Asɛm No

16, 17. Nsɛdi a ɛto so anan bɛn na ɛwɔ Noa bere no ne yɛn bere yi mu?

16 Yehu nnɛ mmere yi ne wiase a na ɛwɔ hɔ ansa na Nsuyiri no reba no mu nsɛdi a ɛto so anan wɔ adwuma a wɔde hyɛɛ Noa nsa sɛ ɔnyɛ no mu. Noa yɛɛ adaka kɛse bi. Ná ɔyɛ “treneekafo” nso. (2 Petro 2:5) Nneɛma bɛn na Noa kaa ho asɛm? Ɛda adi sɛ nneɛma a Noa kaa ho asɛm no bi ne kyerɛ a ɔkyerɛɛ nkurɔfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene ne ɔsɛe a ɛreba no ho kɔkɔbɔ. Yesu kae sɛ Noa bere sofo no ‘anhu de kosii sɛ nsu no yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.’—Mateo 24:38, 39.

17 Saa ara na Yehowa Adansefo de nsi redi ahyɛde a ɛne sɛ wɔnka asɛm no ho dwuma, na wɔnam saayɛ so reka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm wɔ wiase nyinaa. Ɛkame ayɛ sɛ wɔ asase so baabiara no, nkurɔfo betumi ate, akenkan Ahenni asɛm no wɔ wɔn ankasa kasa mu. Wotintim Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma a ɛka Yehowa Ahenni kyerɛ no bɛboro 25,000,000 wɔ kasa ahorow bɛboro 140 mu. Nokwarem no, wɔreka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no “wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.” Sɛ wowie saa adwuma no sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ a, akyinnye biara nni ho sɛ awiei no bɛba.—Mateo 24:14.

18. Ɔkwan bɛn so na yɛde sɛnea nnipa pii yɛ wɔn ade wɔ yɛn asɛnka adwuma no ho bɛtoto sɛnea nnipa pii yɛɛ wɔn ade wɔ Noa bere so no ho?

18 Sɛ yesusuw sɛnea na nkurɔfo honhom ne wɔn abrabɔ fam tebea asɛe wɔ nna a na edi Nsuyiri no anim no mu ho a, ɛnyɛ den sɛ yebehu sɛnea ɛbɛyɛ sɛ afipamfo a wɔn adwene akyea no serew Noa ne n’abusua, yɛɛ wɔn ayayade na wodii wɔn ho fɛw no. Nanso awiei no bae. Saa ara na “fɛwdifo” abu so wɔ nna a edi akyiri yi mu. Nanso Bible ka sɛ: “[Yehowa, NW] da no bɛba sɛ owifo ba.” (2 Petro 3:3, 4, 10) Ɛbɛba ɔkwan biara so wɔ bere a wɔahyɛ mu. Ɛrenka akyi. (Habakuk 2:3) Hwɛ sɛnea nyansa wom sɛ yɛbɛwɛn!

Kakraa Bi na Wonyaa Nkwa

19, 20. Nsɛdi bɛn na yebetumi ahu wɔ Nsuyiri no ne mprempren nneɛma nhyehyɛe a wɔbɛsɛe no no mu?

19 Ɛnyɛ nkurɔfo no amumɔyɛ ne sɛe a wɔsɛee wɔn no nko ne nsɛdi a ɛwɔ Noa bere no ne yɛn bere yi mu. Sɛnea nnipa bi nyaa wɔn ti didii mu wɔ Nsuyiri no mu no, saa ara na nnipa bi benya wɔn ti adidi mu wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe no awiei. Wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ Nsuyiri no mu no yɛ ahobrɛasefo a wɔanyɛ wɔn ade sɛ nea nnipa dodow no ara yɛe no. Wotiee Onyankopɔn kɔkɔbɔ, na wɔtwee wɔn ho fii amumɔyɛ wiase a na ɛwɔ hɔ saa bere no ho. Bible ka sɛ: ‘Noa nyaa Yehowa anim dom. Noa yɛɛ treneeni a ɔyɛ pɛ wɔ ne bere sofo mu.’ (Genesis 6:8, 9) Wɔ adesamma nyinaa mu no, abusua biako, “akra kakraa a wosi baawɔtwe [na wonyaa] nkwa nsu no mu.” (1 Petro 3:20) Na Yehowa Nyankopɔn maa wɔn ahyɛde sɛ: “Monwo na monnɔɔso, na monhyɛ asase so ma.”—Genesis 9:1.

20 Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ ‘nnipakuw kɛse bi befi ahohiahia kɛse no mu afi.’ (Adiyisɛm 7:9, 14) Nnipakuw kɛse no dodow bɛyɛ ahe? Yesu ankasa kae sɛ: “Ɔpon teateaa ne ɔkwan hihiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.” (Mateo 7:13, 14) Sɛ yɛde wɔn a wobenya nkwa wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu toto nnipa ɔpepepem pii a wɔte asase so nnɛ no ho a, na wosua koraa. Nanso wobenya hokwan a ɛte sɛ nea wɔde maa wɔn a wonyaa wɔn ti didii mu wɔ Nsuyiri no mu no. Wɔn a wobenya wɔn ti adidi mu no betumi awo mma akosi bere bi ma wɔayɛ asase foforo abusua no fã.—Yesaia 65:23.

“Monwɛn”

21, 22. (a) Ɔkwan bɛn so na Nsuyiri ho kyerɛwtohɔ a yɛasusuw ho no aboa wo? (b) Dɛn ne afe 2004 no afe asɛm, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie afotu a ɛde ma no?

21 Ɛwom sɛ ɛte sɛ nea Nsuyiri no sii akyɛ paa de, nanso ɛma yenya kɔkɔbɔ a emu da hɔ a ɛnsɛ sɛ yebu ani gu so. (Romafo 15:4) Ɛsɛ sɛ nsɛdi ahorow a ɛwɔ Noa bere no ne yɛn bere yi mu no ma yehu nea nneɛma a ɛresisi no kyerɛ yiye na ɛma yɛn ani da hɔ wɔ Yesu mmae a ɛte sɛ owifo a ɔde rebebu amumɔyɛfo atɛn no ho.

22 Ɛnnɛ, Yesu Kristo rekyerɛ honhom fam adansi adwuma kɛse bi kwan. Nea ɛbɛyɛ na nokware asomfo anya ahobammɔ na wɔanya wɔn ti adidi mu no, wɔasiesie honhom fam paradise bi a ɛte sɛ adaka bi. (2 Korintofo 12:3, 4) Sɛ wɔbɛkora yɛn so wɔ ahohiahia kɛse no mu a, ɛsɛ sɛ yɛtra saa paradise no mu. Satan wiase no atwa honhom fam paradise no ho ahyia, na ayɛ krado sɛ ɛbɛmene obiara a ɔtɔ nko wɔ honhom mu no. Ɛho hia sɛ ‘yɛbɛwɛn’ na yɛasiesie yɛn ho ama Yehowa da no.—Mateo 24:42, 44.

So Wokae?

• Afotu bɛn na Yesu de ma faa ne ba ho?

• Dɛn ho na Yesu de ne mmae no toto?

• Akwan bɛn so na yɛn mmere yi ne Noa mmere no di nsɛ?

• Ɔkwan bɛn so na nsɛdi a ɛwɔ Noa bere no ne yɛn bere yi mu ho a yesusuw no ka yɛn ma yehu sɛnea nneɛma ho abehia?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 18]

2004 afe asɛm no bɛyɛ: “Monwɛn . . . munsiesie mo ho nsie.”—Mateo 24:42, 44.

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Noa tiee Onyankopɔn kɔkɔbɔ. Yɛn nso ɛ?

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16]

“Sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara na onipa ba no ba bɛyɛ”