Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Siesie Wo Ho Ma Yehowa Da No

Siesie Wo Ho Ma Yehowa Da No

Siesie Wo Ho Ma Yehowa Da No

“Munsiesie mo ho nsie, efisɛ dɔn a munsusuw no mu na onipa ba no reba.”—MATEO 24:44.

1. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa da no ho asɛm hia yɛn?

ƐBƐYƐ ɔko ne abufuw da, ahohia ne amanehunu da, esum ne amamfoyɛ da. Yehowa “da kɛse a ɛyɛ hu” no bɛba nneɛma nhyehyɛe bɔne yi so ɔkwan biara so, sɛnea Nsu yirii amumɔyɛ wiase a na ɛwɔ hɔ wɔ Noa bere so no. Ɛbɛba ɔkwan biara so. Nanso, “obiara a ɔbɔ [Yehowa, NW] din no, wobegye no nkwa.” (Yoel 2:30-32; Amos 5:18-20) Onyankopɔn bɛsɛe n’atamfo na wagye ne nkurɔfo. Odiyifo Sefania kaa sɛnea nneɛma bɛyɛ ntɛm no ho asɛm sɛ: “[Yehowa, NW] da kɛse no abɛn, abɛn na ɛreba ntɛm sɛ.” (Sefania 1:14) Nanso, bere bɛn na wɔde Onyankopɔn atemmu yi bɛba?

2, 3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yesiesie yɛn ho ma Yehowa da no?

2 Yesu kae sɛ: “Da no ne dɔn ko no de, obiara nnim, ɔsoro abɔfo ne ɔba no mpo nnim, gye agya no nko.” (Mateo 24:36) Esiane sɛ yennim bere pɔtee no nti, ɛho hia sɛ yɛde afe 2004 afe asɛm no to yɛn koma so: “Monwɛn . . . munsiesie mo ho nsie.”—Mateo 24:42, 44.

3 Bere a Yesu rekyerɛ sɛnea wobegye wɔn a wɔayɛ ahoboa no mpofirim na wɔapo wɔn a wɔaka no, ɔkae sɛ: “Ɛnna nnipa baanu a [wɔwɔ] afum, wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako. Mmea baanu bɛyam owiyammo so, wɔbɛfa obiako na wɔagyaw obiako.” (Mateo 24:40, 41) Sɛ saa bere titiriw no du a, yɛn tebea bɛyɛ dɛn? So yebesiesie yɛn ho, anaasɛ saa da no bɛto yɛn mpofirim? Dodow no ara gyina anammɔn a yetu no mprempren so. Yɛn ho a yebesiesie ama Yehowa da no hwehwɛ sɛ yɛkwati su bi a abu so nnɛ, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛrentɔ honhom fam afiri bi mu, na yɛpo asetra kwan ahorow bi.

Nyɛ Anibiannaso

4. Su bɛn na na Noa bere sofo no kura?

4 Susuw Noa mmere no ho hwɛ. Bible ka sɛ: “Gyidi na nea wonnya nhui ho nsɛm baa Noa nkyɛn no, ɔde daa ne ho so siesiee adaka maa ne fi nkwagye.” (Hebrifo 11:7) Ná adaka no sõ yiye na na ɛyɛ biribi a obiara betumi ahu. Bio nso, na Noa yɛ “treneekafo.” (2 Petro 2:5) Noa adaka adwuma no ne n’asɛnka adwuma no mu biara anka ne bere sofo no ma wɔanyɛ ho biribi. Dɛn ntia? Efisɛ “wodidii na wɔnomee, wɔwaree na wɔmaa aware.” Wɔn a Noa kaa asɛm no kyerɛɛ wɔn no maa wɔn ankasa nsɛm ne anigyede gyee wɔn adwene araa ma “wɔanhu de kosii sɛ nsu yiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe.”—Mateo 24:38, 39.

5. Ná Sodomfo su te dɛn wɔ Lot bere so?

5 Saa ara na ɛyɛe wɔ Lot bere so. Kyerɛwnsɛm no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Wodidii, wɔnomee, wɔtɔe, wɔtɔnee, woduae, na wɔtotoo adan. Na da a Lot fii Sodom kɔe no, na ogya ne sufre fi soro tɔe, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa.” (Luka 17:28, 29) Bere a abɔfo no bɔɔ Lot kɔkɔ wɔ ɔsɛe a ɛreba ho no, ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ ne nsenom. Nanso, ɔyɛɛ wɔn ani so “sɛ obi a ɔredi fɛw.”—Genesis 19:14.

6. Su bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

6 Yesu kae sɛ sɛnea ɛyɛe wɔ Noa ne Lot nna no mu no, “saa ara nso na onipa ba no ba bɛyɛ.” (Mateo 24:39; Luka 17:30) Nokwarem no, su a nnipa pii reda no adi nnɛ ne anibiannaso. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na saa su no annya yɛn so nkɛntɛnso. Mfomso biara nni ho sɛ yebedi aduan pa, anom nsa kakra. Saa ara na aware yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe. Nanso, sɛ nneɛma a ɛtete saa abɛyɛ biribi a ɛho hia yɛn sen biara wɔ asetram ma abunkam honhom fam nneɛma so a, so na yɛn ankasa asiesie yɛn ho ama Yehowa da a ɛyɛ hu no?

7. Asɛntitiriw bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa ansa na yɛayɛ ade bi, na dɛn ntia?

7 Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Wɔatwa bere no tiaa, na nea aka no, wɔn a wɔwɔ yerenom ayɛ sɛnea wonni bi.” (1 Korintofo 7:29-31) Bere kakraa bi na aka ma yɛawie Ahenni asɛnka adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa no. (Mateo 24:14) Paulo tu awarefo mpo fo sɛ ɛnsɛ sɛ wonya bere ma wɔn ho araa ma wɔamfa Ahenni nneɛma ammɔ afɔre wɔ wɔn asetram. Ɛda adi pefee sɛ, su a na Paulo rehyɛ ho nkuran no ne anibiannaso bɔ abira koraa. Yesu kae sɛ: “Monhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan.” (Mateo 6:33) Bere a yɛresi gyinae bi anaasɛ ansa na yɛbɛyɛ biribi no, ɛho hia sɛ yebisa sɛ, ‘Ɔkwan bɛn so na eyi bɛka sɛnea mede Ahenni nneɛma di kan wɔ m’asetram no?’

8. Sɛ da biara da asetram nneɛma agye yɛn adwene a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

8 Na sɛ yehu sɛ yɛde yɛn ho ahyɛ da biara da asetram nneɛma mu dedaw araa ma ɛrebunkam honhom fam nneɛma so nso ɛ? So nsonsonoe biara nni yɛn abrabɔ ne yɛn afipamfo a wonni Kyerɛwnsɛm mu nokware nimdeɛ na wɔnyɛ Ahenni adawurubɔfo no de mu? Sɛ saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ yɛde eyi kɔ mpaebɔ mu. Yehowa betumi ama yɛanya adwene a ɛfata. (Romafo 15:5; Filipifo 3:15) Obetumi aboa yɛn ma yɛde Ahenni nneɛma adi kan, yɛayɛ nea ɛteɛ, na yɛadi asɛyɛde a yɛwɔ wɔ n’anim no ho dwuma.—Romafo 12:2; 2 Korintofo 13:7.

Ntɔ Nko wɔ Honhom Fam

9. Sɛnea Adiyisɛm 16:14-16 kyerɛ no, dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛko tia honhom fam nkotɔ?

9 Nkɔmhyɛ koro no ara a ɛka “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” wɔ Harmagedon ho asɛm no na ɛbɔ kɔkɔ sɛ ebinom renwɛn. Awurade Yesu Kristo ka sɛ: “Hwɛ, mereba sɛ owifo. Nhyira ne nea ɔwɛn na ɔhwɛ ne ntade so, na wannantew adagyaw mu, na wɔanhu n’aniwu.” (Adiyisɛm 16:14-16) Atade a wɔbɔ din wɔ ha no yɛ nneɛma a ɛda yɛn adi sɛ Yehowa Adansefo no. Nea ɛka eyi ho ne adwuma a yɛyɛ sɛ Ahenni adawurubɔfo ne yɛn Kristofo nneyɛe. Sɛ yɛyɛ nnwuma bi a ɛte sɛ nea yɛada a, wobeyi atade a ɛda yɛn adi sɛ Kristofo no. Eyi yɛ aniwu na ɛyɛ hu. Ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛntɔ nko anaa yɛnyɛ anibiannaso wɔ honhom fam. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ako atia su a ɛte saa?

10. Dɛn nti na daa Bible akenkan boa yɛn ma yɛwɛn wɔ honhom fam?

10 Bible no kɔ si hia a ehia sɛ yɛwɛn na yɛn ani da hɔ no so dua. Sɛ nhwɛso no, Nsɛmpa no kae yɛn sɛ: “Monwɛn” (Mateo 24:42; 25:13; Marko 13:35, 37); “Munsiesie mo ho nsie” (Mateo 24:44); “Monhwɛ yiye, monwɛn” (Marko 13:33); “Munsiesie mo ho nsie” (Luka 12:40). Bere a ɔsomafo Paulo kae sɛ Yehowa da no bɛba wiase yi so mpofirim akyi no, ɔhyɛɛ mfɛfo gyidifo nkuran sɛ: “Mommma yɛnnna sɛ wɔn a aka no, na mmom momma yɛnwɛn, na yɛn ani nna hɔ.” (1 Tesalonika 5:6) Wɔ Bible nhoma a etwa to no mu no, Kristo Yesu a wɔahyɛ no anuonyam no si sɛnea ɔbɛba mpofirim no so dua sɛ: “Mereba ntɛm.” (Adiyisɛm 3:11; 22:7, 12, 20) Hebri adiyifo no pii kaa Yehowa atemmuda kɛse no ho asɛm, bɔɔ ho kɔkɔ. (Yesaia 2:12, 17; Yeremia 30:7; Yoel 2:11; Sefania 3:8) Onyankopɔn Asɛm, Bible, a yɛbɛkenkan daa, na yɛasusuw nea yɛkenkan ho no yɛ ade pa a ebetumi aboa yɛn ma yɛawɛn wɔ honhom fam.

11. Dɛn nti na Bible adesua ho hia na ama yɛawɛn wɔ honhom fam?

11 Yiw, hwɛ sɛnea nsi a yɛde besua Kyerɛwnsɛm no denam Bible ho nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” de ma so no yɛ ade titiriw a ɛbɛma yɛakɔ so awɛn wɔ honhom fam! (Mateo 24:45-47) Nanso, sɛ yebenya kokoam adesua so mfaso a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ biribi a yɛyɛ no daa. (Hebrifo 5:14–6:3) Ɛsɛ sɛ yedi honhom fam aduan a ɛyɛ den daa. Ɛnna fam sɛ yebenya bere de ayɛ eyi nnansa yi. (Efesofo 5:15, 16) Nanso, Bible ne nhoma ahorow a egyina Kyerɛwnsɛm no so a yɛbɛkenkan bere a nneɛma kɔ yiye nkutoo no nnɔɔso. Sɛ ‘yɛbɛyɛ den wɔ gyidi mu’ na yɛakɔ so awɛn a, ehia sɛ yɛyɛ kokoam adesua daa.—Tito 1:13.

12. Ɔkwan bɛn so na Kristofo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ahorow boa yɛn ma yɛko tia honhom fam nkotɔ?

12 Kristofo nhyiam, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ahorow nso boa yɛn ma yɛko tia honhom fam nkotɔ. Ɔkwan bɛn so? Ɛdenam akwankyerɛ a yenya no so. So wɔnkae yɛn sɛnea Yehowa da no abɛn wɔ nhyiam ahorow yi ase daa? Kristofo nhyiam ahorow a yɛkɔ no dapɛn biara no nso ma yenya hokwan de ‘twetwe yɛn ho kɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu.’ Nkuranhyɛ anaa denhyɛ a ɛte saa no boa kɛse ma yɛwɛn wɔ honhom fam. Ɛnyɛ nwonwa sɛ, wɔhyɛ yɛn sɛ yenhyiam daa bere a ‘yehu sɛ awiei no bɛn no.’—Hebrifo 10:24, 25.

13. Ɔkwan bɛn so na Kristofo som adwuma no boa yɛn ma yɛwɛn wɔ honhom fam?

13 Kristofo som adwuma no mu kyɛfa a yefi koma nyinaa mu nya no nso boa yɛn ma yɛwɛn. Akwan pa biara nni hɔ a ebetumi ama mmere no ho nsɛnkyerɛnne ne nea ɛkyerɛ no atra yɛn adwene mu yiye sen sɛ yɛbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo. Na sɛ yehu sɛ wɔn a yɛne wɔn sua Bible no nya nkɔanim na wofi ase de nea wɔresua no di dwuma a, yɛn ankasa hu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ kɛse. Ɔsomafo Petro kae sɛ: “Monkyekye mo adwene asen, mo ani nna hɔ.” (1 Petro 1:13) ‘Awurade adwuma no mu kyɛfa kɛse a yebenya’ no yɛ ade titiriw a ɛremma yɛnnyɛ anibiannaso wɔ honhom fam.—1 Korintofo 15:58.

Kwati Asetra Kwan a Edi Awu Honhom Mu

14. Sɛnea wɔkaa ho asɛm wɔ Luka 21:34-36 no, asetra kwan bɛn na Yesu bɔ ho kɔkɔ?

14 Wɔ Yesu nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa ne ba ho sɛnkyerɛnne ho mu no, ɔde kɔkɔbɔ foforo mae. Ɔkae sɛ: “Monhwɛ mo ho so yiye, na potwaa ne asabow ne nkwa yi mu nneɛma ho dadwen ne haw anhyɛ mo koma so, na ɛda no ammɛto mo mpofirim te sɛ afiri, na ɛbɛba wɔn a wɔte asase nyinaa ani nyinaa so. Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina onipa ba no anim.” (Luka 21:34-36) Yesu kaa asetra kwan a na nnipa nyinaa bedi akyi ho asɛm pɛpɛɛpɛ: potwaa, asabow, ne asetra kwan a ɛma obi hyia dadwen.

15. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati potwaa ne asabow?

15 Potwaa ne asabow ne Bible nnyinasosɛm nhyia, na ɛsɛ sɛ yɛpo. Bible ka sɛ: “Mfra sadweamfo, ne wɔn a wodi nam fuu no mu.” (Mmebusɛm 23:20) Nanso sɛ obi amfa ne ho anhyɛ adidi ne ɔnom mu ankɔ akyiri saa mpo a, ebetumi ayɛ asiane. Ebetumi ama obi atɔ nko anaa wayɛ anihaw bere tenten ansa na saa nneɛma no agye n’adwene. Bible mu abebusɛm bi ka sɛ: “Onihafo kra kɔn dɔ, na onnya.” (Mmebusɛm 13:4) Ebia onipa a ɔte saa bɛpɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛde, nanso esiane anibiannaso nti, ontumi nnu ne botae ho.

16. Ɔkwan bɛn so na yɛremma yɛn abusua ho dadwen mmunkam yɛn so?

16 Dɛn ne asetram dadwen ahorow a Yesu bɔɔ ho kɔkɔ no? Ebi ne yɛn ankasa dadwen ahorow, yɛn abusuafo a yɛbɛhwɛ wɔn, ne nea ɛtete saa. Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yɛbɛma eyinom abunkam yɛn so! Yesu bisae sɛ: “Mo mu hena na odwinnwen a, obetumi de basafa biako ato ne tenten so?” Otuu n’atiefo fo sɛ: “Munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo.” Ahenni nneɛma a yɛde bedi kan wɔ asetram ne ahotoso a yebenya sɛ Yehowa bɛhwɛ yɛn no bɛma yɛn adwennwen abrɛ ase, na aboa yɛn ma yɛakɔ so awɛn.—Mateo 6:25-34.

17. Ɔkwan bɛn so na honam fam nneɛma akyidi betumi ama yɛahyia dadwen?

17 Honam fam nneɛma akyidi nso betumi ama yɛahyia dadwen. Sɛ nhwɛso no, nnipa binom de nneɛma kyekyere wɔn ho denam nneɛma a wɔyɛ boro nea wobetumi no so. Nnwuma a ɛma obi nya ne ho ntɛm ne nnwuma a etumi ma obi hwere ne sika nso adaadaa afoforo. Wɔ afoforo fam no, nhomasua a wɔnam so di yiye wɔ asetram no asum wɔn afiri. Nokwarem no, nhomasua a obi benya akodu baabi no betumi aboa no ma wanya adwuma. Nanso, nokwasɛm no ne sɛ ebinom de nhomasua a ɛkɔ akyiri na egye bere pii no akyidi apira wɔn ho wɔ honhom fam. Hwɛ asiane a ɛyɛ sɛ yɛbɛkɔ tebea a ɛte saa mu bere a Yehowa da no bɛn no! Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Wɔn a wɔpɛ wɔn ho anya no hwe sɔhwɛ ne afiri ne nkwasea akɔnnɔ a enye mma nnipa na ɛtwe wɔn kogu ɔsɛe ne ɔyera mu mu.”—1 Timoteo 6:9.

18. Nea ɛbɛyɛ na yɛanni honam fam nneɛma akyi no, tumi bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?

18 Ade titiriw a ɛbɛboa ma yenni honam fam nneɛma akyi ne tumi a yebenya de apaapae papa ne bɔne mu bere a yɛresisi gyinae ahorow no. Yenya saa tumi yi bere a yedi ‘honhom fam aduan a ɛyɛ den a wɔn wɔanyin na wodi’ daa na ‘yɛtete yɛn nkatede’ no. (Hebrifo 5:13, 14) “Nneɛma a eye koraa” a yɛbɛsɔ ahwɛ bere a yɛresisi gyinae ahorow no nso bɛboa yɛn ma yɛansisi gyinae a ɛmfata.—Filipifo 1:10.

19. Sɛ yehu sɛ yennya bere pii mma honhom fam nneɛma a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

19 Honam fam nneɛma akyidi betumi afura yɛn ani, na ɛremma yennya bere mma honhom fam nneɛma. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwehwɛ yɛn ho mu na amma asetra kwan a ɛte saa ansum yɛn afiri? Ɛsɛ sɛ yɛde mpaebɔ susuw sɛnea yɛbɛma yɛn asetra akwati akɛsesɛm ne baabi ko a yebetumi ayɛ saa akodu ho. Tete Israel hene Salomo kae sɛ: “Odwumayɛfo didi kakraa oo, pii oo, ne nna yɛ no dɛ, na ɔmee a ɔdefo mee no mma onnya adaye.” (Ɔsɛnkafo 5:12) So wode bere ne w’ahoɔden pii di honam fam nneɛma a ɛho nhia ho dwuma? Dodow a yɛwɔ nneɛma pii no, dodow no ara na ɛsɛ sɛ yesiesie, na yɛsɛe sika bɔ ho ban. So ɛbɛyɛ mfaso ama yɛn sɛ yɛbɛma yɛn asetra akwati akɛsesɛm denam nneɛma bi a yebegyae akyidi so?

Siesie Wo Ho Akwan Nyinaa Mu

20, 21. (a) Awerɛhyem bɛn na ɔsomafo Petro de ma fa Yehowa da no ho? (b) Nnwuma ne nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ so yɛ bere a yɛyɛ ahoboa ma Yehowa da no?

20 Noa bere so wiase no baa awiei, na mprempren nneɛma nhyehyeɛ no nso bɛba awiei. Ɔsomafo Petro ma yɛn awerɛhyem sɛ: “[Yehowa, NW] da no bɛba sɛ owifo ba. Emu na ɔsoro de kukurududu betwam akɔ, na ewi mu mfitiasede bɛhyew asɛe, na asase ne mu nnwuma bɛhyew.” Sɛnkyerɛnne kwan so ɔsoro—nniso atirimɔdenfo—ne sɛnkyerɛnne kwan so asase—adesamma a wɔatwe wɔn ho afi Onyankopɔn ho—no mu biara ntumi nnyina Onyankopɔn abufuhyew no ano. Bere a Petro rekyerɛ sɛnea yebetumi asiesie yɛn ho ama saa da no, ɔkae sɛ: “Sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe a, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu, sɛ motwɛn na moma Onyankopɔn da no ba yɛ ntɛm.”—2 Petro 3:10-12.

21 Kristofo nhyiam ahorow a yɛbɛkɔ daa ne asɛmpaka adwuma no mu kyɛfa a yebenya no ka nneɛma a ɛkyerɛ onyamesom pa no ho. Ɛmmra sɛ Onyankopɔn ho koma a edi mũ a yɛwɔ no bɛka yɛn ma yɛayɛ saa nneɛma no bere a yɛde boasetɔ twɛn Yehowa da no. Momma ‘yɛmmɔ mmɔden na wɔahu yɛn sɛ nnipa a wonni nkekae ne dɛm asomdwoe mu.’—2 Petro 3:14.

So Wokae?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma Yehowa da no?

• Sɛ honam fam nneɛma akyidi abɛyɛ yɛn asetra mu ade titiriw a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

• Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛako atia honhom fam nkotɔ?

• Asetra kwan a edi awu bɛn na ɛsɛ sɛ yɛpo, na ɔkwan bɛn so?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 20, 21]

Noa bere sofo no anhu atemmu a ɛreba no—wo nso ɛ?

[Mfonini wɔ kratafa 23]

So wubetumi agyae akɛsesɛm na woanya bere pii ama honhom fam nneɛma?