Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wɔhyɛɛ Gilead Adesuafo a Wɔawie no Nkuran sɛ “Wɔnka Onyankopɔn Ade Kɛse” Nkyerɛ

Wɔhyɛɛ Gilead Adesuafo a Wɔawie no Nkuran sɛ “Wɔnka Onyankopɔn Ade Kɛse” Nkyerɛ

Wɔhyɛɛ Gilead Adesuafo a Wɔawie no Nkuran sɛ “Wɔnka Onyankopɔn Ade Kɛse” Nkyerɛ

NNIPADƆM a wɔn dodow yɛ 6,635 a wofi aman 52 mu baa Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuafo a Wɔrewie dwumadi a Ɛto so 115 no ase wɔ September 13, 2003 mu.

Wɔtee nkuranhyɛsɛm a egyina Bible so a wɔde maa kuw no adesuafo 48 sɛ wɔnka “Onyankopɔn ade kɛse” nkyerɛ nnipa a wɔwɔ aman 17 mu no. (Asomafo no Nnwuma 2:11) Ɛhɔ na afei adesuafo a wɔawie no bɛyɛ wɔn asɛmpatrɛw adwuma no.

Wɔ ne nnianim kasa no mu no, Stephen Lett, a ɔyɛ Yehowa Adansefo Sodikuw no muni a na ɔsom sɛ adesua wie dwumadi no guamtrani no, kaee adesuafo no sɛ: “Sɛ mokɔ mo dwumadi ahorow no so a, ɛmfa ho beae anaa tebea biara a mobɛkɔ mu no, wɔn a wɔka mo ho no dɔɔso sen wɔn a wɔko tia mo.” Bere a Onua Lett de Ahene nhoma a Ɛto so Abien, ti 6 redi dwuma no, ɔkaee adesuafo no sɛ wobetumi de wɔn ho ato Yehowa Nyankopɔn ne abɔfo mpempem no mmoa so wɔ bere a wɔka “Onyankopɔn ade kɛse” no kyerɛ no. (2 Ahene 6:15, 16) Afeha edi kan mu Kristofo hyiaa ɔsɔretia ne anibiannaso wɔ wɔn asɛmpaka ne nkyerɛkyerɛ adwuma no mu, na Kristofo asɛmpatrɛwfo a wɔwɔ hɔ nnɛ hyia tebea koro no ara. Nanso, wobetumi de wɔn ho ato Yehowa soro ne n’asase so ahyehyɛde no so.—Dwom 34:7; Mateo 24:45.

Ka “Onyankopɔn Ade Kɛse”

Wɔ oguamtrani no nnianim kasa akyi no, Harold Corkern a ɔyɛ United States Baa Boayikuw no muni no kaa asɛmti a ɛne “Akwanhwɛ a Ɛfata—Ade a Ɛma Wonya Ɔsom Mu Nkɔso ne Anigye” ho asɛm. Onua Corkern daa no adi sɛ anidaso a wonni ho dwuma de huammɔdi ba, sɛnea Mmebusɛm 13:12 kyerɛ no. Nanso, mpɛn pii no, huammɔdi fi akwanhwɛ a ɛnyɛ nokware a ɛrentumi mma mu no so. Adesuafo a wɔawie no hia sɛ wonya adwene a ɛkari pɛ na ɛfata wɔ wɔne afoforo ho. Ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ wobedi mfomso, nanso ɛnsɛ sɛ eyi ma wɔbotow wɔ bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma afoforo anya “Onyankopɔn ade kɛse” ho anisɔ no. Onua Corkern hyɛɛ asɛmpatrɛwfo foforo no nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nto Yehowa, a ‘ɔyɛ wɔn a wɔhwehwɛ n’akyi kwan no katuafo,’ no so.—Hebrifo 11:6.

Ɔkasafo a odii hɔ wɔ dwumadi no mu ne Daniel Sydlik, Sodikuw no muni a na ne kasa asɛmti ne “Kristofo Anidaso—Ɛne Dɛn?” Ɔkae sɛ: “Anidaso yɛ su pa a ɛsɛ sɛ Kristoni nya. Ɛyɛ gyinapɛn a ɛteɛ a ɛma obi ne Onyankopɔn nya abusuabɔ pa. Ɛrentumi nyɛ yiye sɛ obi a ɔnyɛ Kristoni benya anidaso a yɛwɔ no bi.” Onua Sydlik kɔɔ so kyerɛkyerɛɛ Kristoni anidaso afã horow a ɛyɛ soronko a ɛboa obi ma ɔkɔ so hwɛ adepa kwan wɔ bere a ohyia asetram nsɛnnennen no mu. “Anidaso a yɛwɔ nti, yebetumi de nsiyɛ foforo ne nkonimdi honhom afa da biara da asetra mu.” Anidaso a Kristoni wɔ boa no ma ohu Yehowa sɛ atirimpɔw Nyankopɔn na ɛma n’ani gye sɛ ɔbɛsom no.—Romafo 12:12.

Wallace Liverance, Gilead Sukuu no kyerɛwfo, hyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ “Monnantew Honhom Mu.” (Galatifo 5:16) Ɔdaa sɛnea Baruk, Yeremia kyerɛwfo a ɛkaa kakraa na anka ɔretwe ne ho koraa afi honhom mu a ɔbɛnantew ho no adi. Eduu baabi no, Baruk tee ɔbrɛ nka na ofii ase sɛ ɔbɛhwehwɛ ade kɛse afa. (Yeremia 45:3, 5) Afei Onua Liverance daa no adi sɛ ebinom gyaee Yesu akyi di na wɔpoo honhom mu nokware a ehia na ama obi anya nkwagye no. Nea enti a ɛte saa ne sɛ wɔante nea na ɔrekyerɛkyerɛ no ase, na wɔn abasam tui esiane sɛ wɔanni wɔn honam fam akwanhwɛ ho dwuma wɔ saa bere no mu nti. (Yohane 6:26, 27, 51, 66) Dɛn na asɛmpatrɛwfo, a wɔn adwuma ne sɛ wɔbɛdan nkurɔfo adwene aba Ɔbɔadeɛ no ne n’atirimpɔw so no betumi asua afi saa kyerɛwtohɔ ahorow yi mu? Wɔhyɛɛ adesuafo no nkuran sɛ ɛnsɛ sɛ wonya ɔpɛ sɛ wobenya dibea, agye nnipa anim anuonyam, anaa wɔde teokrase dwumadi bi bɛpɛ wɔn ankasa mfaso.

Asɛmmisa, “So Wobɛyɛ Ɔdemafo Anaa Nea Ogye?” no, ne Gilead kyerɛkyerɛfo Mark Noumair ɔkasa no asɛmti. Ɔde ne kasa no gyinaa Atemmufo 5:2 no a wɔkamfoo Israelfo ankorankoro a wofii ayamye mu tuu wɔn ho mae na wɔsom wɔ Barak asraafo kuw no mu no so. Wɔkamfoo Gilead adesuafo no wɔ honhom a wɔde gyee Barak Ɔkɛseɛ, Yesu Kristo so sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ honhom fam ɔko no mu kɛse no ho. Ɛsɛ sɛ Kristo asraafo no ani gye sɛ wobenya nea ɔfrɛɛ wɔn no anim dom. Onua Noumair kaee adesuafo no sɛ: “Sɛ yefi ase de adwene si yɛn ankasa ho ani a yɛbɛsɔ so a, yegyae ɔko a yɛko tia ɔtamfo no . . . Wonnyɛ asɛmpatrɛw adwuma no mma wo ho. Mmom no ɛfa Yehowa, ne tumidi, ne n’apɛde a wɔbɛyɛ awie ho. Ɛnyɛ pɛ a yɛpɛ sɛ Yehowa ma yɛn ani gye nti na yɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma no, yɛsom no esiane sɛ yɛdɔ no nti.”—2 Timoteo 2:4.

Gilead kyerɛkyerɛfo Lawrence Bowen yɛɛ kasa a wɔakyekyɛm a edi hɔ no guamtrani wɔ asɛmti a ɛne “Yɛ Wɔn Kronkron Wɔ Nokware no Mu” no ho. (Yohane 17:17) Ɔkae sɛ adesuafo a wɔwɔ adesuakuw a ɛto so 115 mu no yɛ Onyankopɔn asomfo a wɔayɛ wɔn kronkron. Bere a wɔwɔ sukuu no, wɔkɔɔ asɛnka, de hwehwɛɛ nnipa akomapafo a wɔdɔ nokware no. Te sɛ Yesu ne n’asuafo a wodii kan no, adesuafo no ‘anhyɛ wɔn ho na ɛkasae.’ (Yohane 12:49, 50) Wɔde nsiyɛ daa nokware asɛm a ɛma nkwa a efi honhom mu no adi. Adesuafo no nsɛm a wɔka yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ ne osuahu ahorow no daa nkɛntɛnso a tumi wom a Bible no nyaa wɔ wɔn a wɔne wɔn dii nkitaho so no adi.

Afotu Ahorow ne Osuahu De Nkuranhyɛ Ma

Anthony Pérez ne Anthony Griffin, a wɔyɛ United States baa dwumadibea no Ɔsom Dwumadibea no mufo no bisabisaa Baa Boayikuw mufo a wofi wiase afanan nyinaa no nsɛm. Saa mmarima yi kaa nsɛnnennen a asɛmpatrɛwfo foforo hyia na wɔde afotu a mfaso wɔ so a egyina wɔn suahu so mae. Nsɛnnennen no bi ne amammerɛ mu nsonsonoe, wim tebea a osu tɔ na awia bɔ kɛse afe mu nyinaa, anaa nyamesom ne amammuisɛm a ɛyɛ soronko wɔ nea adesuafo no nim no ho. Dɛn na ebetumi aboa asɛmpatrɛwfo foforo no ma wɔatumi agyina wɔn tebea foforo no ano? Ɔdɔ ma Yehowa, ɔdɔ ma nkurɔfo no, wommu kɔmpɔ nhwɛ wɔn akyi, na wɔnnyɛ ade ahopere so. Baa Boayikuw no muni bi kae sɛ: “Nnipa a wɔte yɛn asasesin mu no atra hɔ mfehaha pii ansa na yɛreba hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi atra hɔ ma ɛne yɛn ho agye. Bere biara a yebehyia nsɛnnennen no, yɛbɛfa no sɛ ɛyɛ hokwan a ebetumi ama yɛn abrabɔ atu mpɔn. Sɛ wode wo ho to mpaebɔ ne Yehowa honhom so a, wuhu nokware a ɛwɔ Yesu nsɛm a ɛse ‘me ne mo wɔ hɔ’ mu no.”—Mateo 28:20.

Samuel Herd, a ɔyɛ Sodikuw no muni no, nam ne kasa, “Monkɔ So Nka Onyankopɔn Ade Kɛse Ho Asɛm” no so de dwumadi no baa awiei. Honhom Kronkron a wohwie gui wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no hyɛɛ Yesu asuafo no den ma wɔkaa “Onyankopɔn ade kɛse” ho asɛm. Dɛn na ebetumi aboa asɛmpatrɛwfo foforo nnɛ ma wɔde nnam koro no ara aka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm? Honhom Kronkron koro no ara. Onua Herd hyɛɛ adesuafo a wɔrewie no nkuran sɛ ‘wɔnyɛ honhom mu hyew,’ wɔn ani nnye wɔn dwumadi no ho, na mma wɔn werɛ mfi ntetee a wɔde ama wɔn no da. (Romafo 12:11) Onua Herd kae sɛ: “Bible no yɛ Onyankopɔn ade kɛse. Mmu ne bo a ɛsom no adewa da. Emu nkrasɛm wɔ nkwa. Ɛpaapae nsɛntitiriw biara mu kɔ akyiri. Momfa nteɛteɛ nneɛma wɔ mo asetra mu. Momma ɛnsakra sɛnea mususuw nneɛma ho. Mommɔ mo nsusuwii ho ban denam Kyerɛwnsɛm no sua, n’akenkan, ne ɛho dwen so . . . Momfa nyɛ mo botae na munsi mo bo sɛ mode mo Gilead ntetee no bɛkɔ so aka ‘Onyankopɔn ade kɛse’ no ho asɛm.”

Wɔ bere a wɔakenkan nkyia ahorow a efi wiase afanan nyinaa na wɔde adesua ho adansedi krataa amema wɔn akyi no, adesuafo a wɔawie no mu biako kenkan krataa a efi adesuakuw no hɔ a ɛkyerɛ wɔn anisɔ a wɔanya wɔ ntetee a wɔde ama wɔn no ho. Afei Onua Lett de nhyiam a ɛyɛ anigye yi baa awiei denam adwene a ɔtwe sii 2 Beresosɛm 32:7 ne Deuteronomium 20:1, 4 so. Ɔde ne nnianim nsɛm no retoa ne nsɛm a ɛreba awiei no mu no, ɔde baa awiei sɛ: “Enti adɔfo adesuafo a wɔawie, monkae wɔ bere a morekɔ no, bere a moretu aperenten akɔ honhom mu ɔsa wɔ mo dwumadi foforo mu no sɛ, Yehowa ne mo betu aperenten no. Mma mo werɛ mfi nokwasɛm yi da sɛ wɔn a wɔka mo ho no dɔɔso sen wɔn a wɔko tia mo no.”

[Adaka wɔ kratafa 25]

ADESUAKUW NO HO NSƐM

Aman dodow a wofi so: 7

Aman dodow a wɔama wɔn hɔ dwumadi: 17

Adesuafo no dodow: 48

Mfe dodow a wɔadi nkyekyɛm: 33.7

Mfe dodow a wɔadi wɔ nokware no mu nkyekyɛm: 17.8

Mfe dodow a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no nkyekyɛm: 13.5

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu Adesuakuw a Ɛto So 115 a Wɔawie Adesua

Wɔahyehyɛ akuw no fi anim kɔ akyi, na kuw biara mu din no fi benkum kɔ nifa, wɔ ase hɔ din no mu.

(1) Brown, T.; Goller, C.; Hoffman, A.; Bruzzese, J.; Trahan, S. (2) Smart, N.; Cashman, F.; Garcia, K.; Lojan, M.; Seyfert, S.; Gray, K. (3) Beckett, M.; Nichols, S.; Smith, K.; Gugliara, A.; Rappenecker, A. (4) Gray, S.; Vacek, K.; Fleming, M.; Bethel, L.; Hermansson, T.; Hermansson, P. (5) Rappenecker, G.; Lojan, D.; Dickey, S.; Kim, C.; Trahan, A.; Washington, A.; Smart, S. (6) Goller, L.; Burghoffer, T.; Gugliara, D.; Nichols, R.; Washington, S.; Kim, J. (7) Beckett, M.; Dickey, J.; Smith, R.; Garcia, R.; Hoffman, A.; Seyfert, R.; Brown, H. (8) Fleming, S.; Bruzzese, P.; Burghoffer, W.; Bethel, T.; Cashman, J.; Vacek, K.