Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Honam Fam Abusuafo a Yebesuasua Wɔn

Yesu Honam Fam Abusuafo a Yebesuasua Wɔn

Yesu Honam Fam Abusuafo a Yebesuasua Wɔn

DƐN na wunim fa Yesu abusuafo a wɔbɛn no pɛɛ, wɔn a ɔne wɔn trae kosii sɛ ɔbɔɔ asu wɔ ne mfe 30 a edi kan wɔ n’asase so asetra mu no ho? Dɛn na Nsɛmpa no ka kyerɛ yɛn? Dɛn na yebetumi asua afi n’abusua ho nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ mu? Wubetumi anya mmuae no so mfaso.

So wɔwoo Yesu too sika mu? Na n’agya a ɔtetee no, Yosef, yɛ duadwumfo. Na ɛno yɛ adwumaden, a mpɛn pii no na ɛhwehwɛ sɛ wobu nnua na wɔpaapae. Bere a Yesu awofo kɔɔ Yerusalem wɔ n’awo akyi bɛyɛ nnafua 40 no, wɔde afɔrebɔde a na Mmara no hwehwɛ no mae. So wɔde odwennini kaa nturukuku anaa mmorɔnoma ho mae sɛnea na Mmara no kyerɛ no? Dabi. Ɛte sɛ nea na wɔrennya saa afɔrebɔde no. Nanso, na nhyehyɛe bi wɔ mmara no mu ma ahiafo. Yosef ne Maria dii saa nhyehyɛe no akyi de “nturukuku abien anaa mmorɔnoma mma abien” mae. Mmoa a wɔba fam a wɔpawee no kyerɛ sɛ na wɔyɛ abusua a wodi hia.—Luka 2:22-24; Leviticus 12:6, 8.

Wutumi hu sɛ wɔwoo Yesu Kristo, adesamma nyinaa daakye Sodifo no, too ahiafo a na ɛsɛ sɛ wɔyɛ adwumaden ansa na wɔn nsa akɔ wɔn ano mu. Onyin bɛyɛɛ duadwumfo te sɛ n’agya a ɔtetee no no ara pɛ. (Mateo 13:55; Marko 6:3) Ɛwom sɛ, Bible no ka sɛ na Yesu “yɛ ɔdefo” sɛ honhom mu abɔde a ɔwɔ tumi wɔ soro de, nanso yɛn nti “ɔbɛyɛɛ ohiani.” Ɔbrɛɛ ne ho ase bɛyɛɛ onipa na onyinii wɔ abusua a na wonni yiye mu. (2 Korintofo 8:9; Filipifo 2:5-9; Hebrifo 2:9) Wɔanwo Yesu anto abusua a wodi yiye mu na ebia anka eyi aboa nkurɔfo ma wɔde ahu no mu. Ɛnyɛ ne dibea na ɛtwetwee wɔn. Na wobetumi de ne nkyerɛkyerɛ, ne su ahorow a ɛfata, ne ne nnwuma a ɛyɛ nwonwa abu no sɛ ɔsom bo. (Mateo 7:28, 29; 9:19-33; 11:28, 29) Yetumi hu Yehowa Nyankopɔn nyansa wɔ ma a ɔmaa wɔwoo Yesu wɔ abusua a wɔba fam mu no mu.

Afei ma yensusuw Yesu abusuafo no ho na yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi wɔn hɔ.

Yosef—Ɔbarima a Ɔteɛ

Bere a Yosef hui sɛ ne siyere no anyinsɛn ‘nanso wonhyiaa mu’ no, ɛbɛyɛ sɛ na onhu nea ɔnyɛ esiane ɔdɔ a na ɔwɔ ma Maria, nanso bere koro no ara no n’ani nnye ade a osusuw sɛ ɛyɛ ɔbrasɛe no ho nti. Na ɛte sɛ nea tebea mũ no nyinaa bɛma hokwan a ɔwɔ sɛ ɔyɛ ne daakye kunu no afi ne nsa. Wɔ ne bere so no, na wobu ɔbea a wɔasi no asiwa sɛ ɔbarima no yere. Bere a Yosef susuw ho yiye no, osii gyinae sɛ obegyae no kokoam sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrensi Maria abo sɛ wasɛe aware.—Mateo 1:18; Deuteronomium 22:23, 24.

Afei ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef ɔdae mu ka kyerɛɛ no sɛ: “Nsuro sɛ wobɛfa wo yere Maria aba wo nkyɛn; na nea ɔyem no fi Honhom Kronkron mu. Na ɔbɛwo babanin, na woato ne din Yesu, efisɛ ɔno na obegye ne man afi wɔn bɔne mu.” Bere a Yosef nsa kaa saa ɔsoro akwankyerɛ no, ɔyɛɛ saa na ɔfaa Maria kɔɔ ne fie.—Mateo 1: 20-24.

Saa ɔbarima nokwafo a ɔteɛ yi nam gyinaesi yi so maa nsɛm a Yehowa nam odiyifo Yesaia so kae yi baa mu sɛ: “Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo babanin, na wato ne din Imanuel. [ase ne: Onyankopɔn ne yɛn wɔ hɔ].” (Yesaia 7:14) Akyinnye biara nni ho sɛ, na Yosef yɛ honhom muni a n’ani sɔɔ hokwan a onyae sɛ ɔbɛyɛ Mesia no agya na watete no no, ɛmfa ho sɛ na Maria abakan no renyɛ nankasa ba no.

Yosef ne Maria anhyiam kosii sɛ ɔwoo ne ba no. (Mateo 1:25) Saa bere no na wɔaware foforo, na na wɔn ho a wɔbɛtwe afi nna ho no renyɛ mmerɛw, nanso ɛda adi sɛ na wɔmpɛ sɛ ntawntawdi biara bɛsɔre wɔ nea ɔyɛ abofra no Agya ho. Ahosodi ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! Yosef de honhom fam nneɛma dii n’apɛde kan.

Yosef nyaa abɔfo akwankyerɛ mpɛn anan faa ntetee a ɔde bɛma n’abanoma no ho. Na eyi mu abiɛsa fa beae a ɔbɛtete abarimaa no ho. Na osetie a ɔbɛyɛ no ntɛm ho hia na ama abofra no anya ne ti adidi mu. Wɔ tebea no nyinaa mu no, Yosef yɛɛ ade ntɛm, de abofra no kɔɔ Misraim kan na ɔsan de no baa Israel. Eyi bɔɔ abofra Yesu ho ban fii okunkɛse a Herode de baa nkokoaa so no ho. Bio nso, osetie a Yosef yɛe no maa nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia no ho no nyaa maamu.—Mateo 2:13-23.

Yosef kyerɛɛ Yesu adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi ahwɛ ne ho. Enti, na ɛnyɛ sɛ wonim Yesu sɛ “duadwumfo no ba” nko, na mmom sɛ “duadwumfo” nso. (Mateo 13:55; Marko 6:3) Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ ‘wɔasɔ’ Yesu ‘ahwɛ ade nyinaa mu sɛ yɛn ara.’ Ɛyɛ ade a ɛda hɔ sɛ na adwumaden a ɔbɛyɛ de aboa ahwɛ n’abusua no ka eyi ho.—Hebrifo 4:15.

Awiei koraa no, yehu Yosef ahofama ma nokware som ho adanse wɔ kyerɛwtohɔ a etwa to a ɛfa ne ho wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu. Yosef de n’abusua no kɔɔ Yerusalem ma wokodii Twam afahyɛ no. Na mmarima nkutoo na wɔhwehwɛ sɛ wɔkɔ ase, nanso Yosef de yɛɛ ne su sɛ “daa afirihyia” ɔne n’abusua bɛkɔ Yerusalem. Ɔde nneɛma pii bɔɔ afɔre, efisɛ na ɛsɛ sɛ wotwa kwan bɛyɛ kilomita 100 fi Nasaret kɔ Yerusalem. Nanso, wɔ bere a Kyerɛwnsɛm no bɔ ho amanneɛ yi mu no, Yesu twee ne ho fii kuw no ho. Wokohuu no wɔ asɔrefie hɔ sɛ ɔretie Mmarakyerɛfo no bisabisa wɔn nsɛm. Ɛwom sɛ na Yesu adi mfe 12 pɛ de, nanso ɔdaa nyansa kɛse ne Onyankopɔn Asɛm mu nimdeɛ adi. Yehu fi asɛm yi mu sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na Yesu awofo akyerɛkyerɛ no yiye, atete no ma wabɛyɛ abarimaa a honhom mu nneɛma ho hia no. (Luka 2:41-50) Ɛda adi sɛ bere bi akyi no, Yosef wui, esiane sɛ Kyerɛwnsɛm no anka ne ho asɛm akyiri yi nti.

Yiw, na Yosef yɛ ɔbarima a ɔteɛ a ɔhwɛ n’abusua yiye wɔ honhom ne honam fam nyinaa. Te sɛ Yosef no, so wo nso wode honhom fam nneɛma di kan wɔ w’asetra mu bere a wuhu Onyankopɔn apɛde ma yɛn nnɛ no? (1 Timoteo 2:4, 5) So wufi ɔpɛ mu tie nea Onyankopɔn ka wɔ N’asɛm mu no, na wonam saayɛ so brɛ wo ho ase te sɛ nea Yosef yɛe no? So wokyerɛkyerɛ wo mma sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ne afoforo abɔ honhom fam nneɛma a mfaso wɔ so ho nkɔmmɔ?

Maria—Onyankopɔn Afenaa Yamyefo

Na Maria, Yesu maame, yɛ Onyankopɔn afenaa a odi mu. Bere a ɔbɔfo Gabriel ka kyerɛɛ no sɛ ɔrebɛwo no, ne ho dwiriw no. Sɛ ɔbaabun no, na ‘onhuu ɔbarima da.’ Bere a ohui sɛ ɛnam honhom kronkron so na ɔbɛwo no, ofi ahobrɛase mu gyee nkrasɛm no toom kaa sɛ: “Hwɛ, [Yehowa, NW] afenaa ne me; ɛnyɛ mma me sɛnea w’asɛm se.” (Luka 1:30-38) Obuu saa honhom fam hokwan yi sɛ ɛsom bo araa ma na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛfa tebea dennen biara a eyi de bɛba mu.

Nokwarem no, adwuma no a ogyee toom no sesaa n’asetra nyinaa sɛ ɔbea. Bere a ɔkɔɔ Yerusalem sɛ ɔrekodwira ne ho no, ɔpanyin bi a ɔfɛre ade a wɔfrɛ no Simeon ka kyerɛɛ no sɛ: “Afoa behwirew w’ankasa kra mu, na koma bebree mu adwene ayi adi.” (Luka 2:25-35) Ɛda adi sɛ, na ɔreka sɛnea Maria bɛte nka bere a ohu sɛ nnipa pii apo Yesu na awiei koraa no wɔabɔ no asɛndua mu no ho asɛm.

Bere a Yesu renyin no, Maria maa nea ɛkɔɔ so wɔ n’asetra nyinaa mu no traa n’adwenem, “na ɔdwenee ho ne koma mu.” (Luka 2:19, 51) Te sɛ Yosef no, na honhom fam nneɛma ho hia no, na obuu nneɛma ne nsɛm a esisii a ɛmaa nkɔmhyɛ no baam no sɛ ɛsom bo. Ɛbɛyɛ sɛ na nsɛm a ɔbɔfo Gabriel aka akyerɛ no yi aka n’adwenem: “Ɔbɛyɛ ɔkɛse, na wɔafrɛ no nea ɔwɔ sorosoro no ba; na [Yehowa, NW] Nyankopɔn de n’agya Dawid ahengua bɛma no. Na obedi Yakob fi so hene daapem, na n’ahenni no to rentwa da.” (Luka 1:32, 33) Yiw, wantoto hokwan a onyae sɛ ɔbɛyɛ Mesia no asase so maame ase.

Maria honhom fam gyinabea daa adi bio bere a ohuu ne busuani Elisabet a na ɔno nso nam anwonwakwan so anyinsɛn no. Bere a Maria huu no no, ɔkamfoo Yehowa na ɔdaa ɔdɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn Asɛm no adi. Ɔtwee adwene sii Hana mpae a wayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ 1 Samuel ti 2 no so na ɔde nhoma afoforo a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm mu no mu nsɛm kaa ho. Kyerɛwnsɛm mu nimdeɛ a ɛte saa a na ɔwɔ no kyerɛe sɛ na ɔfata sɛ ɔbɛyɛ ɛna a ɔwɔ ahofama na osuro Onyankopɔn. Na ɔne Yosef bɛbom atete ne ba no wɔ honhom fam.—Genesis 30:13; 1 Samuel 2:1-10; Malaki 3:12; Luka 1:46-55.

Ná Maria wɔ gyidi kɛse wɔ ne ba no mu sɛ ɔne Mesia no, na eyi ammrɛ ase wɔ Yesu wu akyi mpo. Na ɔka asuafo anokwafo a wohyiae ne asomafo no boom bɔɔ mpae wɔ ne wusɔre akyi pɛɛ no ho. (Asomafo no Nnwuma 1:13, 14) Ɔkɔɔ so dii nokware, ɛmfa ho ɛyaw a na ɛsɛ sɛ ogyina ano wɔ hu a ohui sɛ ne dɔba no rewu wɔ asɛndua no so no.

Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya Maria asetra ho ade a wubesua no so mfaso? So wugye hokwan a wode bɛsom Onyankopɔn no tom ɛmfa ho nneɛma a ɛsɛ sɛ wode bɔ afɔre no? So aniberesɛm a saa hokwan yi yɛ no ho asɛm hia wo nnɛ? So woma nea Yesu ka siei no tra w’adwenem, na wode toto nea ɛrekɔ so nnɛ no ho, ‘dwenwen ho wo koma mu’? (Mateo, ti 24 ne 25; Marko, ti 13; Luka, ti 21) So wusuasua Maria ma wobɛyɛ obi a onim Onyankopɔn Asɛm mu yiye a wotaa de di dwuma wɔ wo nkɔmmɔbɔ mu? So wubekura gyidi a wowɔ wɔ Yesu mu no mu ɛmfa ho ɔhaw a ebia ɛsɛ sɛ wofa mu esiane sɛ woyɛ ne kyidifo nti no?

Yesu Nuanom—Nnipa Betumi Asakra

Ɛte sɛ nea Yesu nuanom annya ne mu gyidi kosii ne wu akyi ansa. Ebetumi aba sɛ ɛno nti na na wonni hɔ bere a owui wɔ asɛndua so ma enti na ɛsɛ sɛ ɔde ne maame hyɛ ɔsomafo Yohane nsa no. Yesu abusuafo kyerɛe sɛ wommu no, wɔkae bere bi mpo sɛ Yesu “tirim ka no.” (Marko 3:21) Esiane sɛ na Yesu wɔ abusuafo a na wonnye nni nti, wɔn a ɛnnɛ wɔn fiefo nyɛ gyidifo no betumi anya awerɛhyem sɛ Yesu te sɛnea wɔte nka no ase bere a wɔn abusuafo di wɔn ho fɛw wɔ wɔn gyidi ho no.

Nanso, ɛda adi sɛ wɔ Yesu wusɔre akyi no, ne nuanom fii ase kyerɛɛ ne mu gyidi. Na wɔka kuw a wohyiae wɔ Yerusalem ansa na Pentekoste 33 Y.B. mu reba no ho, na wɔne asomafo no boom bɔɔ mpae a emu yɛ den. (Asomafo no Nnwuma 1:14) Ɛda adi sɛ wɔn nua no wusɔre no kaa wɔn ma wɔsakraa wɔn adwene ma wɔbɛyɛɛ n’asuafo. Ɛnsɛ sɛ yɛpa abaw da wɔ yɛn abusuafo a ɛsono wɔn gyidi no ho.

Wɔka Yakobo, Yesu nua a Oyii ne ho adi ankasa kyerɛɛ no no ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu sɛ odii dwuma titiriw wɔ Kristofo asafo no mu. Ɔkyerɛw krataa a efi honhom mu kɔmaa mfɛfo Kristofo tuu wɔn fo sɛ wonkura wɔn gyidi mu. (Asomafo no Nnwuma 15:6-29; 1 Korintofo 15:7; Galatifo 1:18, 19; 2:9; Yakobo 1:1) Yesu nua foforo, Yuda, nso kyerɛw krataa a efi honhom mu kɔmaa mfɛfo gyidifo hyɛɛ wɔn den sɛ wɔnko dennennen mma gyidi no. (Yuda 1) Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Yakobo ne Yuda mu biara anka honam fam abusuabɔ a wɔne Yesu wɔ no ho asɛm wɔ wɔn krataa no mu na ama wɔanya mfɛfo Kristofo anim anuonyam. Ahobrɛase ho nhwɛso a ɛyɛ nwonwa a yebetumi asua afi wɔn hɔ bɛn ara ni!

Ɛnde, dɛn ne nneɛma a yesua fi Yesu abusua hɔ no bi? Akyinnye biara nni ho sɛ, ebi ne onyamesom pa ho asuade a wobetumi ada no adi wɔ akwan ahorow te sɛ eyi so no: (1) Fi nokwaredi mu tie Onyankopɔn apɛde a wada no adi no na gyina sɔhwɛ ahorow a ɛno de bɛba no ano. (2) Fa honhom fam nneɛma di kan, bere a ɛno hwehwɛ sɛ wode nneɛma bɔ afɔre mpo no. (3) Tete wo mma ma ɛne Kyerɛwnsɛm no nhyia. (4) Mpa abaw wɔ abusuafo a ɛsono wɔn gyidi no ho. (5) Nhoahoa wo ho wɔ abusuabɔ biara a ebia wo ne wɔn a wɔagye din a wɔwɔ Kristofo asafo no mu wɔ ho. Yiw, Yesu honam fam abusua ho ade a yebesua no ma yɛbɛn no kɛse na ɛma anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa sɛ ɔpawee abusua a wɔba fam ma wɔtetee Yesu wɔ ne mmofraberem no yɛ kɛse.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4, 5]

Yosef faa Maria sɛ ne yere na ɛnam so ma nkɔmhyɛ a ɛfa Mesia no ho no mmamu faa ne ho bi

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 6]

Yosef ne Maria de honhom fam nneɛma ne bo a adwuma som no kyerɛkyerɛɛ wɔn mma

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Ɛwom sɛ wɔtetee Yesu nuanom wɔ ofie a emufo yɛ honhom mufo mu de, nanso wɔankyerɛ ne mu gyidi kosii ne wu akyi

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 8]

Yesu nuanom, Yakobo ne Yuda hyɛɛ mfɛfo Kristofo nkuran