Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Akodi Awiei

Akodi Awiei

Akodi Awiei

‘Yɛadi mfirihyia 12 pɛ. Yɛrentumi nyɛ amammuisɛm ne akodi ho hwee, nanso yɛpɛ sɛ yɛtra ase! Yɛrehwɛ asomdwoe kwan. So yɛbɛtra ase ahu?’—Sukuu mmofra a wɔwɔ wɔn sukuu afe a ɛto so anum

‘Yɛpɛ sɛ yɛkɔ sukuu, kɔsrasra yɛn nnamfonom ne yɛn abusuafo a yensuro sɛ wɔbɛkyere yɛn. Mehwɛ kwan sɛ aban no betie. Yɛpɛ asetra pa. Yɛpɛ asomdwoe.’—Alhaji, wadi mfirihyia 14

NSƐM a ɛka koma yi kyerɛ nneɛma a mmofra a wɔahu amanko mu amane mfirihyia pii no fi komam hwɛ kwan. Nea wɔrehwehwɛ ara ne sɛ wobenya asetra a abotɔyam wom. Nanso, akwanhwɛ a wɔbɛma abam no nyɛ ade a ɛda fam. So yɛbɛtra ase ahu wiase a akodi nnim da bi?

Wɔ mfe kakra a abɛsen mu no, amanaman abɔ mmɔden sɛ wobesiesie amanko bi denam hyɛ a wɔhyɛ akuw a wokɔ tia wɔn ho wɔn ho no ma wɔde wɔn nsa hyɛ asomdwoe apam ase so. Aman bi ama asraafo a wɔpata ntɔkwaw akɔhwɛ ma wɔadi apam a ɛtete saa so. Nanso, aman kakraa bi pɛ na wɔwɔ sika anaa ɔpɛ sɛ wɔde asraafo bɛkɔ aman a ɛwowɔ akyirikyiri a esiane sɛ nitan agye ntini wɔ hɔ na wonnnye wɔn ho nni nti ɛmma apam biara a akuw a wɔredi ako yɛ no ntumi nnyina no. Mpɛn pii na sɛ wɔde wɔn nsa hyɛ nkrataa ase sɛ wɔagyae akodi a, adapɛn anaa asram kakraa bi akyi na wɔasan afi ɔko no ase bio. Sɛnea Stockholm Amanaman Ntam Asomdwoe Ho Nhwehwɛmu Ahyehyɛde da no adi no, “sɛ akofofo no bo nnwoe na wɔwɔ ahoɔden a wɔde bɛko a, ɛyɛ den sɛ asomdwoe betumi aba.”

Bere koro no ara no, akodi a ɛto ntwa da yi a ɛkɔ so wɔ wiase afã pii no ma Kristofo kae Bible nkɔmhyɛ bi. Adiyisɛm nhoma no ka bere a emu yɛ den bi a emu na sɛnkyerɛnne kwan so barima bi a ɔte pɔnkɔ so ‘beyi asomdwoe afi asase so’ ho asɛm. (Adiyisɛm 6:4) Akodi a ɛto ntwa da yi yɛ sɛnkyerɛnne a ɛwɔ afã pii no fã a ɛkyerɛ sɛ yɛte bere a wɔkaa ho asɛm wɔ Bible mu sɛ “nna a edi akyiri” no mu mprempren. * (2 Timoteo 3:1) Nanso, Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ saa nna a edi akyiri yi di asomdwoe anim.

Bible kyerɛkyerɛ mu wɔ Dwom 46:9 sɛ, ɛnyɛ wiase no fã biako pɛ na ɛhwehwɛ sɛ wogyae ɔko wɔ hɔ na ama asomdwoe ankasa aba, na mmom asase nyinaa so. Afei nso, saa dwom koro yi ara ka akode a na wɔde di dwuma wɔ Bible mmere mu—ɛta ne peaw—a wɔbɛsɛe no ho asɛm pefee. Sɛ adesamma bɛtra asomdwoe mu da bi a, ɛho behia sɛ wɔsɛe akode a abu so nnansa yi no.

Nanso, ne nyinaa mu no, ɛyɛ nitan ne anibere na ɛma akodi kɔ so, na ɛnyɛ atuo. Anibere, anaa adifudepɛ titiriw na ɛde akodi ba, na nitan taa kowie basabasayɛ mu. Ɛsɛ sɛ nnipa sakra wɔn nsusuwii na ama wɔatumi atu subammɔne yi ase. Ɛsɛ sɛ wɔkyerɛkyerɛ wɔn asomdwoe akwan. Enti, tete diyifo Yesaia kaa no nokwarem sɛ sɛ nnipa ‘ansua akodi bio’ a, ɛnna akodi befi hɔ.—Yesaia 2:4.

Nanso, mprempren yɛte wiase a ɛkyerɛkyerɛ mpanyin ne mmofra anuonyam a ɛwɔ akodi mu na ɛnyɛ mfaso a ɛwɔ asomdwoe so. Awerɛhosɛm ne sɛ wɔrekyerɛkyerɛ mmofra mpo ma wɔadi awu.

Wosuaa Sɛnea Wodi Awu

Woyii Alhaji fii sraadi mu bere a na wadi mfirihyia 14. Bere a atuatewfo kyeree no kyerɛɛ no sɛnea wɔde AK-47 di ako no, na wadi mfirihyia du pɛ. Sɛ́ obi a wɔhyɛɛ no de no kɔɔ sraadi no, owiaa nnuan, hyew adan. Okunkum nnipa dii afoforo dɛm nso. Ɛnnɛ, ɛyɛ den ma Alhaji sɛ ne werɛ befi akodi na watumi atra ase sɛ ɔman ba. Abraham, abofra sraani foforo nso suaa awudi, na na ɔmpɛ sɛ ɔde n’akode bɛma. Ɔkae sɛ: “Sɛ wɔka sɛ memfa me tuo no nto hɔ na menkɔ a, merenhu nea mɛyɛ, mɛyɛ dɛn adidi.”

Mmofra asraafo bɛboro 300,000—mmarimaa ne mmeawa—da so ara redi ako rewuwu wɔ yɛn asase yi so akodi a ɛto ntwa da no mu. Atuatewfo panyin bi kae sɛ: “Wodi ahyɛde so; wɔnnwene ɔyerenom anaa abusuafo a wɔbɛsan akɔ wɔn nkyɛn ho; na wonsuro hwee.” Nanso, saa mmofra yi pɛ nkwa na wɔfata asetra pa.

Wɔ aman a wodi yiye mu no, wɔnnna nnnwene tebea a ɛyɛ hu a abofra sraani kɔ mu no ho. Ɛno mpo no, Atɔe famfo mmofra pii na wɔresua akodi wɔ wɔn ankasa afie mu. Ɔkwan bɛn so?

Fa José a ofi Spain anafo fam apuei no sɛ nhwɛso. Ná ɔyɛ obi a wadu ne mpanyin afe so a na n’ani gye ntɔkwaw a wosua no sɛ agumadi ho. Ná n’agyapade a n’ani gye ho sen biara yɛ Japanfo nkrante tenten bi a na ne papa atɔ ama no sɛ Buronya akyɛde. Ná n’ani gye video so agodie ho, titiriw nea basabasayɛ wom. Wɔ April 1, 2000 no, osuasuaa video so ɔkokodurufo a n’ani gye ne ho no anuɔdensɛm no ankasa. Ɔnam basabasayɛ so de nkrante koro no ara a na ne papa de ama no no kum ne papa, ne maame, ne ne nuabea. Ɔka kyerɛɛ polisifo sɛ: “Ná mepɛ sɛ me nkutoo metra wiase; na mempɛ sɛ m’awofo bɛhwehwɛ me.”

Bere a nhoma kyerɛwfo ne ɔsraani Dave Grossman reka anigyede a basabasayɛ wom nkɛntɛnso ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Yɛredu baabi a yɛama ayayade ne ahohia a wɔde ba afoforo so no abɛyɛ anigyede: yebu no anigyede mmom sen sɛ yebebu no akyide. Yɛresua awudi, na yɛrekyerɛ ho anigye.”

Alhaji ne José nyinaa suaa awudi. Wɔn mu biara nni hɔ a na ɛyɛ ne pɛ sɛ obedi awu, na mmom ntetee a wonyae no na ɛsɛee wɔn adwene. Nea ntetee a ɛte saa—sɛ́ wɔde ma mmofra anaa mpanyin no—de ba ne basabasayɛ ne akodi.

Wɔresua Asomdwoe Ɛnyɛ Akodi

Asomdwoe a ɛtra hɔ daa rentumi mma bere a nkurɔfo gu so resua sɛnea wodi awu no. Mfehaha pii a atwam mu no, odiyifo Yesaia kyerɛwee sɛ: “Sɛ wowɛn w’aso ma [Onyankopɔn] mmara nsɛm ɛ, anka w’asomdwoe bɛyɛ sɛ asubɔnten.” (Yesaia 48:17, 18) Sɛ nnipa nya Onyankopɔn Asɛm mu nokware nimdeɛ na wonya Onyankopɔn mmara ho anigye a, basabasayɛ ne akodi bɛyɛ wɔn akyide. Mprempren mpo, awofo betumi ahwɛ sɛ agoru a wɔn mma di no bɛyɛ nea ɛnhyɛ basabasayɛ ho nkuran. Mpanyin nso betumi asua adi nitan ne anibere so. Yehowa Adansefo ahu no mpɛn pii sɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ ahoɔden anaa tumi a ɛde sakra nnipa suban.—Hebrifo 4:12.

Susuw Hortêncio nhwɛso no ho hwɛ. Ná ɔyɛ aberante bere a wɔhyɛɛ no de no kɔhyɛɛ sraadi mu no. Ɔka sɛ, wɔhyehyɛɛ asraafo ntetee no wɔ ɔkwan bi so a “ɛbɛma yɛanya ɔpɛ sɛ yebekum afoforo na yɛrensuro sɛ yebekum wɔn.” Odii ako wɔ ɔmanko bi a ɛkɔɔ so bere tenten wɔ Afrika no mu. Ɔka sɛ: “Ɔko no kaa me nipasu. Ɛnnɛ mpo meda so ara kae biribiara a meyɛe. Midi yaw wɔ nea wɔhyɛɛ me ma meyɛe no ho.”

Bere a ɔsraani bi kaa Bible ho asɛm kyerɛɛ Hortêncio no, ɛkaa ne koma. N’ani gyee Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛwɔ Dwom 46:9 a ese wɔde akodi nyinaa bɛba awiei no ho. Dodow a osuaa Bible no, dodow no ara na n’ani annye ho sɛ ɔbɛko. Ankyɛ na woyii ɔno ne n’ahokafo baanu adi fii sraadi mu, na wohyiraa wɔn nkwa so maa Yehowa Nyankopɔn. Hortêncio ka sɛ: “Bible mu nokware no boaa me ma minyaa ɔdɔ maa m’atamfo. Mihui sɛ sɛ mekɔ so di ako a na mereyɛ bɔne ankasa atia Yehowa, efisɛ Onyankopɔn ka sɛ ɛnsɛ sɛ yekum yɛn yɔnko nipa. Nea ɛbɛyɛ na mada ɔdɔ a ɛte saa adi no, na ɛsɛ sɛ mesesa me nsusuwii, na ɛnsɛ sɛ mibu nnipa sɛ m’atamfo.”

Ebinom asetram osuahu a ɛtete saa no kyerɛ sɛ Bible nkyerɛkyerɛ de asomdwoe ba ampa. Eyi nyɛ nwonwa. Odiyifo Yesaia kae sɛ Onyankopɔn nkyerɛkyerɛ de asomdwoe ba ankasa. Ɔka siei sɛ: ‘Wo mma nyinaa bɛyɛ Yehowa asuafo, na wo mma asomdwoe bɛdɔɔso.’ (Yesaia 54:13) Odiyifo koro no ara huu bere a amanaman nyinaa mufo bɛba Yehowa Nyankopɔn nokware som mu abesua n’akwan no ho asɛm no siei. Dɛn na ebefi mu aba? ‘Wɔde wɔn nkrante bɛbɔ nsɔw, ne wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.’Yesaia 2:2-4.

Nea ɛne saa nkɔmhyɛ no hyia no, Yehowa Adansefo reyɛ wiase nyinaa ɔkyerɛkyerɛ adwuma bi a aboa nnipa ɔpepem pii dedaw ma wɔadi nitan a ɛno na ɛma nnipa di ako no so.

Nea Ɛde Wiase Asomdwoe Bɛba

Nkyerɛkyerɛ a Onyankopɔn de ma akyi no, wahyehyɛ nniso, anaa “ahenni,” a ebetumi de asomdwoe aba wiase. Nea ehia titiriw no, Bible frɛ Sodifo a Onyankopɔn apaw no, Yesu Kristo, sɛ “Asomdwoe-hene.” Ɛma yɛn awerɛhyem foforo sɛ “n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.”—Yesaia 9:6, 7.

Ahotoso bɛn na yɛwɔ sɛ Kristo nniso no beyi akodi biara afi hɔ? Odiyifo no de ka ho sɛ: “[Yehowa, NW] mmɔdenbɔ na ɛbɛyɛ eyi.” (Yesaia 9:7) Onyankopɔn wɔ ɔpɛ ne tumi a ɔde bɛkora daa asomdwoe so. Yesu wɔ saa bɔhyɛ yi mu ahotoso koraa. Ɛno nti na ɔkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ Onyankopɔn Ahenni mmra na wɔnyɛ Onyankopɔn apɛde wɔ asase so no. (Mateo 6:9, 10) Awiei koraa no, sɛ wobua saa mpae a yefi komam bɔ no a, akodi rensɛe asase so nneɛma bio.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 6 Sɛ wopɛ sɛ wuhu adanse a ɛkyerɛ sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu a, hwɛ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu a Yehowa Adansefo tintimii no ti 11.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Bible nkyerɛkyerɛ de asomdwoe ba