Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Genesis Nhoma no Mu Nsɛntitiriw​—I

Genesis Nhoma no Mu Nsɛntitiriw​—I

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Genesis Nhoma no Mu Nsɛntitiriw​—I

“GENESIS” kyerɛ “mfiase,” anaa “ahyɛase.” Eyi yɛ din a ɛfata nhoma a ɛka sɛnea amansan no bae, sɛnea wosiesiee asase maa nnipa tumi traa so, ne sɛnea nnipa bɛtraa so no ho asɛm. Mose kyerɛw nhoma yi wɔ Sinai sare so, ebetumi aba sɛ owiei wɔ afe 1513 A.Y.B.

Genesis nhoma no ka wiase a na ɛwɔ hɔ ansa na Nsuyiri no reba, nea esii bere a Nsuyiri no akyi asetra fii ase, ne sɛnea Yehowa Nyankopɔn ne Abraham, Isak, Yakob, ne Yosef dii nsɛm ho asɛm kyerɛ yɛn. Asɛm yi besusuw Genesis 1:1–11:9 mu nsɛntitiriw ho, ne titiriw no, kosi bere a Yehowa fii ase ne tete agya Abraham dii nsɛm no.

WIASE A NA ƐWƆ HƆ ANSA NA NSUYIRI NO REBA

(Genesis 1:1–7:24)

Genesis nnianim asɛm, “mfiase no,” fa mfirihyia ɔpepepem pii a atwam a yennim ano ho. Wɔka nsɛm a esisii wɔ adebɔ “nna” asia, anaa mmere a wɔde bɔɔ nneɛma atitiriw no ho asɛm wɔ ɔkwan bi so ma ɛyɛ sɛ nea na onipa wɔ asase so a ohui. Onyankopɔn bɔɔ onipa wɔ da a ɛto so asia no awiei. Ɛwom sɛ ankyɛ na Paradise yerae esiane onipa asoɔden nti, nanso Yehowa maa anidaso. Bible mu nkɔmhyɛ a edi kan koraa no ka ‘aseni’ bi a obeyi nea bɔne de aba afi hɔ na wapɛtɛw Satan ti no ho asɛm.

Wɔ mfeha 16 a edii hɔ no, Satan tumi twee adesamma nyinaa fii Yehowa nkyɛn gye anokwafo kakraa bi te sɛ Habel, Henok, ne Noa. Sɛ nhwɛso no, Kain kum ne nua Habel a ɔteɛ no. ‘Wofii ase bɔɔ Yehowa din,’ a ɛda adi sɛ wɔyɛɛ saa animtiaabu so. Bere a Lamek reka basabasayɛ a ɛkɔɔ so wɔ ne bere so ho asɛm no, ɔhyehyɛɛ anwensɛm bi faa sɛnea okum aberante bi na ɔkyerɛe sɛ ɔyɛɛ saa de bɔɔ ne ho ban ho. Nsɛm tebea sɛee bere a Onyankopɔn mma a wɔyɛ abɔfo asoɔdenfo no bɛwarewaree mmea na wɔne wɔn woo abran a wɔyɛ basabasa a wɔfrɛ wɔn Nefilim no. Nanso, ɔnokwafo Noa yɛɛ adaka no, de akokoduru bɔɔ afoforo kɔkɔ wɔ Nsuyiri a na ɛreba no ho, na ɔne n’abusua nyaa wɔn ti didii mu wɔ ɔsɛe no mu.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

1:16—Sɛ na Onyankopɔn nyɛɛ akanea no kosi da a ɛto so anan no so a, ɛyɛɛ dɛn na otumi maa hann bae ɛda a edi kan no? Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “yɛɛ” wɔ nkyekyɛm 16 no ne asɛmfua “bɔɔ” a wɔde dii dwuma wɔ Genesis ti 1, nkyekyɛm 1, 21, ne 27 no nyɛ asɛmfua biako. Wɔbɔɔ “ɔsoro” a akanea no wɔ no bere tenteenten ansa na “da a edi kan” no mpo refi ase. Nanso akanea no hann no annu asase so. Ɛda a edi kan no, “ɛyɛɛ hann” efisɛ hann a na anka ɛnhyerɛn no tumi wuraa amununkum mu duu asase so. Enti wofii ase nyaa adekyee ne adesae denam asase a na ɛretwa ne ho no so. (Genesis 1:1-3, 5) Nanso, na wɔda so ara nhu nneɛma a ɛma hann no wɔ asase so. Nanso, wɔ adebɔ da a ɛto so anan no mu no, nsakrae titiriw bi bae. Afei wɔmaa owia, ɔsram, ne nsoromma ‘haran asase so.’ (Genesis 1:17) ‘Onyankopɔn yɛe’ sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi afi asase so ahu.

3:8—So Yehowa Nyankopɔn kasa kyerɛɛ Adam tẽẽ? Bible da no adi sɛ mpɛn pii no sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛ nnipa a na ɔfa ɔbɔfo so. (Genesis 16:7-11; 18:1-3, 22-26; 19:1; Atemmufo 2:1-4; 6:11-16, 22; 13:15-22) Ná Onyankopɔn kasamafo panyin ne ne Ba a ɔwoo no koro, a wɔfrɛ no “Asɛm no.” (Yohane 1:1) Ɛda adi paa sɛ Onyankopɔn nam “Asɛm no” so na ɛne Adam ne Hawa kasae.—Genesis 1:26-28; 2:16; 3:8-13.

3:17—Ɔkwan bɛn so na wɔdomee asase, na wɔdomee no bere tenten ahe? Asase a wɔdomee no kyerɛe sɛ afei de na ɛso adwuma bɛyɛ den yiye. Adam asefo huu nea efii asase a wɔdomee no mu bae a ɛne nsɔe ne nnɛnkyɛnse a efifii no yiye araa ma Noa agya, Lamek, kaa ho asɛm sɛ “yɛn nsa ano brɛ mu wɔ asase a [Yehowa, NW] adome no so.” (Genesis 5:29) Wɔ Nsuyiri no akyi no, Yehowa hyiraa Noa ne ne mma kaa N’atirimpɔw ho asɛm sɛ wɔnhyɛ asase so ma. (Genesis 9:1) Ɛda adi sɛ woyii dome a Onyankopɔn domee asase no fii hɔ.—Genesis 13:10.

4:15—Ɔkwan bɛn so na Yehowa “yɛɛ sɛnkyerɛnne bi maa Kain”? Bible nka sɛ wɔyɛɛ agyiraehyɛde bi wɔ Kain nipadua ho. Ɛda adi sɛ na sɛnkyerɛnne no yɛ mmara bi a na afoforo nim no yiye, na wodii so, na na adwene a ɛwɔ akyiri ne sɛ ɛbɛbɔ ne ho ban na obi antɔ ne so were ankum no.

4:17—Ɛhe na Kain nyaa ne yere? Adam ‘woo mmabarima ne mmabea.’ (Genesis 5:4) Enti Kain faa ne nuabeanom biako anaa ɛbɛyɛ sɛ ne wɔfasenom biako sɛ ne yere. Akyiri yi, Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israelfo no amma kwan sɛ obi bɛware ne honam fam nuabarima ne ne nuabea.—Leviticus 18:9.

5:24—Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ‘faa Henok kɔe’? Ɛda adi sɛ na wɔrepɛ Henok akum no, na Onyankopɔn amma wanhu amane wɔ n’atamfo nsam. Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Wɔfaa Henok kɔe na wanhu owu.” (Hebrifo 11:5) Eyi nkyerɛ sɛ Onyankopɔn faa no kɔɔ soro ma ɔkɔtraa hɔ. Yesu ne obi a odii kan foro kɔɔ soro. (Yohane 3:13; Hebrifo 6:19, 20) Henok a ‘wɔfaa no kɔe na wanhu owu’ no betumi akyerɛ sɛ Onyankopɔn twaa ne nkwa so bere a na ade atɔ ne so wɔ nkɔmhyɛ kwan so. Wɔ saa kwan no so no, Henok anhu amane, anaa “wanhu owu,” wɔ n’atamfo nsam.

6:6—Ɔkwan bɛn so na yebetumi aka sɛ Yehowa “nuu ne ho” sɛ ɔyɛɛ onipa? Ɛha no, Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nuu ne ho” no fa suban anaa adwene a ɛsakra ho. Yehowa yɛ pɛ ma enti wanyɛ mfomso sɛ ɔbɔɔ onipa. Nanso, ɔsesaa n’adwene wɔ awo ntoatoaso abɔnefo a wɔtraa ase ansa na Nsuyiri no reba no ho. Onyankopɔn sesaa ne suban a ɛne sɛ ɔyɛ nnipa Bɔfo no bɛyɛɛ nnipa sɛefo esiane n’ani a annye wɔn nnebɔne no ho nti. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɔkoraa nnipa bi so no kyerɛ sɛ nu a onuu ne ho no fa wɔn a na wɔabɛyɛ abɔnefo no nkutoo ho.—2 Petro 2:5, 9.

7:2—Dɛn na wogyinaa so de kyerɛɛ nsonsonoe a ɛda mmoa a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew ntam? Ɛda adi sɛ na nsonsonoe no fa ɔsom mu afɔre a na wɔde wɔn bɔ ho, na na ɛmfa nea wobetumi adi ne nea wontumi nni ho. Ná mmoa nam nka nnipa aduan ho ansa na Nsuyiri no reba. Mose Mmara no mu nkutoo na na asɛm “wɔn ho tew” nyɛ mo aduan ne “wɔn ho ntew” nnyɛ mo aduan no wɔ, na ɛbaa awiei bere a woyi fii hɔ no. (Asomafo no Nnwuma 10:9-16; Efesofo 2:15) Ɛda adi sɛ, na Noa nim nea na ɛfata sɛ ɔde bɔ ɔsom afɔre ma Yehowa. Bere a ofii adaka no mu sii pɛ na osii “afɔremuka maa [Yehowa, NW], na ɔfaa ntɔteboa a wɔn ho tew nyinaa mu bi ne nnomaa a wɔn ho tew nyinaa mu bi de wɔn bobɔɔ ɔhyew afɔre wɔ muka no so.”—Genesis 8:20.

7:11—Ɛhe na nsu a ɛde Nsuyiri no baa wiase nyinaa no fi? Wɔ adebɔ bere, anaa “da” a ɛto so abien no mu no, bere a wɔyɛɛ ewim “ntrɛwmu” no, na nsu wɔ “ntrɛwmu no ase.” (Genesis 1:6, 7) Na nsu a ɛwɔ ntrɛwmu no “ase” no wɔ asase so dedaw. Nsu a na ɛwɔ ntrɛwmu no “so” no yɛ fonwini a ɛdɔɔso a ɛsɛn wim wɔ asase so, a ɛyɛ “ebun kɛse no nsu.” Saa nsu yi na ɛtɔ guu asase so Noa bere so no.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

1:26. Esiane sɛ wɔbɔɔ nnipa wɔ Onyankopɔn suban so nti, wɔwɔ tumi a wɔde bɛda Onyankopɔn su ahorow adi. Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden nya su ahorow te sɛ ɔdɔ, mmɔborohunu, ayamye, papayɛ, ne boasetɔ, de da Nea ɔyɛɛ yɛn no suban adi.

2:22-24. Aware yɛ Onyankopɔn nhyehyɛe. Aware yɛ ade a ɛsɛ sɛ wɔma ɛtra hɔ daa na wobu no kronkron, na okunu na ɔyɛ abusua no ti.

3:1-5, 16-23. Anigye a yebenya gyina Yehowa tumidi a yebegye atom wɔ yɛn ankasa asetram no so.

3:18, 19; 5:5; 6:7; 7:23. Yehowa asɛm bam bere nyinaa.

4:3-7. Yehowa ani gyee Habel afɔrebɔ no ho efisɛ na ɔyɛ onipa a ɔteɛ. (Hebrifo 11:4) Nanso, sɛnea Kain nneyɛe daa adi no, na onni gyidi. Na ne nnwuma yɛ bɔne, na na anibere, nitan, ne awudi ayɛ no ma. (1 Yohane 3:12) Afei nso, ebetumi aba sɛ wansusuw n’afɔrebɔ no ho ahe biara, na ɔkɔbɔɔ bi ara kwa. So ɛnsɛ sɛ ayeyi afɔre a yɛbɔ ma Yehowa no yɛ nea efi koma nyinaa mu, na yefi suban ne nneyɛe pa mu bɔ?

6:22. Ɛwom sɛ egyee mfirihyia pii na Noa de yɛɛ adaka no de, nanso ɔyɛɛ nea na Onyankopɔn ahyɛ no no pɛpɛɛpɛ. Enti wɔkoraa Noa ne n’abusua nkwa so wɔ Nsuyiri no mu. Yehowa nam N’asɛm a wɔakyerɛw no so kasa kyerɛ yɛn, na ɔnam n’ahyehyɛde no so ma yɛn akwankyerɛ. Mfaso wɔ so sɛ yebetie na yɛadi so.

7:21-24. Yehowa nsɛe treneefo nka abɔnefo ho.

ADESAMMA HYƐN ASETRA BERE FOFORO MU

(Genesis 8:1–11:9)

Bere a wiase a na ɛwɔ hɔ ansa na Nsuyiri no reba no nni hɔ bio no, adesamma hyɛn asetra bere foforo mu. Wɔmaa nnipa kwan ma wodii nam, nanso wɔmaa wɔn ahyɛde sɛ wɔntwe wɔn ho mfi mogya ho. Yehowa hyɛɛ mmara sɛ wɔmfa owu ntwe owudifo aso, na ɔde nyankontɔn apam sii hɔ hyɛɛ bɔ sɛ ɔremfa Nsuyiri foforo mma bio. Noa mmabarima baasa no na wɔbɛyɛɛ adesamma abusua nyinaa agyanom, nanso ne nanankansowa Nimrod bɛyɛɛ ‘ɔbɔmmɔfo a ɔwɔ tumi Yehowa anim.’ Sɛ́ anka wɔbɛma nnipa ahwete asase nyinaa so no, nnipa sii gyinae kyekyee kurow bi too din Babel, na wɔtoo abantenten bi de gyee din maa wɔn ho. Wɔsɛee wɔn nsusuwii bere a Yehowa yɛɛ wɔn kasa basabasa na ɔbɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa so no.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

8:11—Sɛ Nsuyiri no sɛee nnua a, ɛhe na aborɔnoma no konyaa ngodua ahaban no? Ebetumi ayɛ akwan abien. Esiane sɛ ngodua nwu ntɛm nti ebetumi aba sɛ ɛhyɛɛ nsu no ase asram bi wɔ Nsuyiri no mu. Bere a nsu no twee no, ngodua a na ɛhyɛ nsu ase no betumi asan afefɛw. Ebetumi aba nso sɛ ngodua ahaban a aborɔnoma no de kɔmaa Noa no fi ngodua foforo a na afifi bere a nsu no twee no so.

9:20-25—Dɛn nti na Noa domee Kanaan? Ɛda adi paa sɛ efi bɔne bi a Kanaan yɛ tiaa ne nanabarima Noa. Ɛwom sɛ Kanaan agya, Ham, huu eyi de nanso wanyɛ ho hwee, na ɛte sɛ nea ɔbɔɔ asɛm no dawuru. Nanso, Noa mmabarima baanu a aka no, Sem ne Yafet, de ntama kɔkataa wɔn agya ho. Wohyiraa wɔn wɔ eyi ho, nanso wɔdomee Kanaan, na Ham huu amane denam animguase a ɔde baa n’asefo so no so.

10:25—Ɔkwan bɛn so na “wɔkyekyɛɛ” asase mu wɔ Peleg nna mu? Peleg traa ase fi afe 2269 kosii afe 2030 A.Y.B. Ɛyɛ “ne nna mu” na Yehowa de mpaapaemu kɛse bae denam Babel abantofo no kasa a ɔyɛɛ no basabasa bɔɔ wɔn hwetee asase nyinaa ani no so. (Genesis 11:9) Enti, “wɔkyekyɛɛ asase [anaa, asase so nnipa] mu” wɔ Peleg nna mu.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

9:1; 11:9. Nnipa nhyehyɛe anaa mmɔdenbɔ biara nni hɔ a ebetumi asɛe Yehowa atirimpɔw.

10:1-32. Anato abien ho kyerɛwtohɔ a ɛfa Nsuyiri no ho—ti 5 ne 10—kyerɛ sɛ adesamma abusua nyinaa fi onipa a odi kan, Adam, mu denam Noa mmabarima baasa no so. Asiriafo, Kaldeafo, Hebrifo, Siriafo ne Arabia mmusua bi fi Sem mu. Etiopiafo, Misrifo, Kanaanfo, ne Afrika ne Arabia mmusua bi fi Ham mu. Indiafo ne Europafo fi Yafet mu. Nnipa nyinaa bɔ abusua biako, na nnipa nyinaa yɛ pɛ wɔ Onyankopɔn anim. (Asomafo no Nnwuma 17:26) Ɛsɛ sɛ nokwasɛm yi ka sɛnea yebu afoforo na yɛne wɔn di nsɛm no.

Onyankopɔn Asɛm Wɔ Tumi

Adesamma asetra ho nokwasɛm nkutoo na ɛwɔ Genesis nhoma no fã a edi kan no mu. Yenya nea enti a Onyankopɔn de nnipa guu asase so mu nhumu wɔ saa nkratafa yi. Hwɛ abotɔyam a ɛwom sɛ yebehu sɛ nnipa mmɔdenbɔ biara a ɛte sɛ Nimrod de no ntumi nsiw Onyankopɔn Asɛm mmamu kwan!

Bere a woyɛ dapɛn dapɛn Bible akenkan de resiesie wo ho ama Teokrase Ɔsom Sukuu no, sɛ wususuw nea wɔaka wɔ ɔfã a ɛne “Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua” no ho a, ɛbɛboa wo ma woate Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a asete yɛ den no bi ase. Nsɛm a ɛwɔ “Asuade a Ɛwom Ma Yɛn” no mu no bɛkyerɛ wo sɛnea wubetumi anya dapɛn no Bible akenkan no so mfaso. Sɛ ɛfata a, mubetumi de ayɛ asafo mu ahiade wɔ Ɔsom Nhyiam mu nso. Nokwarem no, Yehowa Asɛm wɔ nkwa na ebetumi anya yɛn asetra so tumi.—Hebrifo 4:12.