Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Momma Yɛn Nyinaa Nhyɛ Yehowa Anuonyam

Momma Yɛn Nyinaa Nhyɛ Yehowa Anuonyam

Momma Yɛn Nyinaa Nhyɛ Yehowa Anuonyam

“Momfa anuonyam ne tumi mma [Yehowa, NW]. Momfa [Yehowa, NW] din anuonyam mma no.”—DWOM 96:7, 8.

1, 2. Ɛhefa na ayeyi a wɔde ma Yehowa no fi, na henanom na wɔhyɛ wɔn nkuran sɛ wommeyi no ayɛ bi?

WƆTETEE Yisai ba aberantewaa Dawid sɛ oguanhwɛfo wɔ Betlehem. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ bere a na ɔhwɛ n’agya nguan wɔ adidibea a na ɛmmɛn fie no, na ɔtaa hwɛ wim a nsoromma ahyɛ hɔ ma wɔ anadwo a na wim atɛm dinn no! Akyinnye biara nni ho sɛ ɔkaee nneɛma a ɛtete saa bere a Nyankopɔn honhom kronkron kaa no ma ɔde nsɛm a ɛyɛ dɛ too Dwom a ɛto so 19 yi no: “Ɔsoro ka Onyankopɔn anuonyam, na ewim kyerɛ ne nsa ano adwuma. Ɔsoro susuhama du asase nyinaa so, na ne nsɛm du wiase ano.”—Dwom 19:1, 4.

2 Ɔsoro a ɛyɛ Yehowa nsa ano adwuma no ma obiara hu Yehowa anuonyam daa adesae. Abɔde kɔ so hyɛ Onyankopɔn anuonyam a ennyae, na ɛho adanse a asase sotefo nyinaa hu wɔ “asase nyinaa so” no ma yehu sɛnea yɛba fam koraa no. Nanso nea abɔde ma yehu no nkutoo nnɔɔso. Wɔhyɛ nnipa anokwafo nkuran sɛ wɔnka biribi mfa nni ho adanse. Odwontofo bi a yennim ne din kaa nsɛm a efi honhom mu yi kyerɛɛ nnipa anokwafo a wɔsom Yehowa no sɛ: “Momfa anuonyam ne tumi mma [Yehowa, NW]. Momfa [Yehowa, NW] din anuonyam mma no.” (Dwom 96:7, 8) Wɔn a wɔne Yehowa wɔ abusuabɔ pa no de anigye gye saa ɔfrɛ no so. Ɛnde Onyankopɔn a yɛbɛhyɛ no anuonyam no hwehwɛ sɛ yɛyɛ dɛn?

3. Dɛn nti na nnipa hyɛ Onyankopɔn anuonyam?

3 Pii ho hia sen nsɛm a yɛbɛka ara kwa. Yesaia bere so Israelfo no de wɔn anofafa na ɛhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam, nanso na wɔn mu dodow no ara nni koma pa. Yehowa nam Yesaia so kae sɛ: “Ɔman yi de wɔn ano na ɛbɛn me na wɔde anofafa na edi me nĩ, na wɔn koma ne me ntam pan.” (Yesaia 29:13) Ná mfaso biara nni ayeyi a saafo no de ma no no so. Sɛ mfaso bɛba ayeyi a yɛde ma Yehowa no so a, ɛsɛ sɛ efi koma a Yehowa ho dɔ ahyɛ no ma, na egye n’anuonyam soronko no tom koraa mu. Yehowa nkutoo ne Ɔbɔadeɛ. Ɔne Ade Nyinaa So Tumfoɔ, Nea Ɔteɛ sen biara, ne ɔdɔ farebae. Ɔne yɛn nkwagye farebae ne Otumfoɔ a ɛsɛ sɛ ɔsorofo ne asase sofo nyinaa brɛ wɔn ho ase ma no. (Adiyisɛm 4:11; 19:1) Sɛ yegye eyinom tom ampa a, ɛnde momma yemfi koma nyinaa mu nyi Onyankopɔn ayɛ.

4. Akwankyerɛ bɛn na Yesu de mae wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam no ho, na ɔkwan bɛn so na yebetumi adi so?

4 Yesu Kristo kaa sɛnea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam ho asɛm kyerɛɛ yɛn. Ɔkae sɛ: “Eyi mu na wɔahyɛ m’agya anuonyam, sɛ mosow aba pii; ɛno na mobɛyɛ me asuafo.” (Yohane 15:8) Ɔkwan bɛn so na yɛsow aba pii? Nea edi kan, denam ɔkra nyinaa mu a yebefi anya ‘ahenni ho asɛmpaka’ adwuma no mu kyɛfa, na yɛnam so ne abɔde nyinaa ‘aka’ Onyankopɔn ‘ade a wonhu’ ho asɛm akyerɛ. (Mateo 24:14; Romafo 1:20) Bio nso, saa kwan yi so no, yɛn nyinaa nya kyɛfa—tẽẽ anaa wɔ ɔkwan foforo so—wɔ asuafo foforo a yenya wɔn ma ayeyi a yɛde ma Yehowa Nyankopɔn no yɛ kɛse no mu. Nea ɛto so abien no, yɛda aba a honhom kronkron ma yɛsow no adi na yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Yehowa Nyankopɔn su ahorow a ɛkorɔn no. (Galatifo 5:22, 23; Efesofo 5:1; Kolosefo 3:10) Ɛdenam saayɛ so no, su a yɛda no adi da biara no hyɛ Onyankopɔn anuonyam.

“Wɔn Nne Fi Kɔ Asase Nyinaa So”

5. Kyerɛkyerɛ sɛnea Paulo sii asɛyɛde a Kristofo wɔ sɛ wɔhyɛ Onyankopɔn anuonyam denam wɔn gyidi a wɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo so no mu.

5 Wɔ Paulo krataa a ɔkyerɛw kɔmaa Romafo no mu no, osii Kristofo asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam denam wɔn gyidi a wɔbɛka ho asɛm akyerɛ afoforo so no so dua. Asɛmti titiriw a ɛwɔ Romafo nhoma no mu ne sɛ wɔn a wɔkyerɛ Yesu Kristo mu gyidi no nkutoo na wobetumi anya nkwagye. Wɔ Romafo ti 10 no, Paulo kyerɛe sɛ na ne bere so honam fam Israelfo no da so ara hwehwɛ sɛ wobenya gyinabea pa denam Mose mmara a wobedi so no so, nanso na “Kristo ne mmara no awiei.” Enti Paulo ka sɛ: “Sɛ wode w’ano pae mu ka sɛ Yesu ne Awurade, na wode wo koma gye di sɛ Onyankopɔn anyan no afi awufo mu a, wobegye wo nkwa.” Efi saa bere no so no, “nsonoe biara nni Yudani ne Helani ntam; efisɛ Awurade no ara na odi wɔn nyinaa so, na ɔwɔ ahonyade ma wɔn a wɔfrɛ no nyinaa. Na obiara a ɔbɛbɔ [Yehowa, NW] din no benya nkwa.”—Romafo 10:4, 9-13.

6. Ɔkwan bɛn so na Paulo faa Dwom 19:4 kaa asɛm?

6 Afei, Paulo bisae wɔ ɔkwan a ɛfata so sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛfrɛ nea wonnye no nni? Nanso ɛbɛyɛ dɛn na wobegye nea wɔntee ne ho asɛm no adi? Nanso sɛ ɔsɛnkafo nni hɔ a, ɛbɛyɛ dɛn na wɔbɛte?” (Romafo 10:14) Paulo kaa Israel ho asɛm sɛ: “Ɛnyɛ wɔn nyinaa na wotiee asɛmpa no.” Dɛn nti na Israel antie? Ɛnyɛ hokwan a wɔannya na amma wɔantie na mmom ɛyɛ gyidi a na wonni ntia. Paulo maa eyi mu daa hɔ denam Dwom 19:4 a ɔfa kaa asɛm sɛ ɛfa Kristofo asɛnka adwuma no ho sen sɛ anka ɛbɛfa adanse a abɔde ma yehu ho no. Ɔka sɛ: “Ampa ara wɔate, wɔn nne fi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duu wiase ano.” (Romafo 10:16, 18) Yiw, sɛnea abɔde a yehu hyɛ Yehowa anuonyam no, afeha a edi kan Kristofo no kaa nkwagye asɛmpa no ho asɛm baabiara ma enti, woyii Onyankopɔn ayɛ wɔ “asase nyinaa so.” Wɔ Paulo krataa a ɔkyerɛw Kolosefo no mu nso no, ɔkaa sɛnea asɛmpa no atrɛw no ho asɛm. Ɔkae sɛ wɔaka asɛmpa no “wiase abɔde nyinaa mu.”—Kolosefo 1:23.

Adansefo a Wɔyɛ Nnam

7. Sɛnea Yesu kyerɛ no, asɛyɛde bɛn na Kristofo wɔ?

7 Ɛda adi sɛ Paulo kyerɛw ne krataa a ɔde kɔmaa Kolosefo no wɔ Yesu Kristo wu akyi bɛyɛ mfirihyia 27. Ɛyɛɛ dɛn na asɛnka adwuma no trɛw koduu Kolose tɔnn wɔ bere tiaa a ɛte saa mu? Ɛbaa saa efisɛ na afeha a edi kan Kristofo no yɛ nnam, na Yehowa hyiraa wɔn nnamyɛ no so. Ná Yesu aka asie sɛ n’akyidifo bɛyɛ asɛnkafo a wɔyɛ nnam bere a ɔkae sɛ: “Etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan” no. (Marko 13:10) Yesu de ahyɛde a wɔakyerɛw wɔ Mateo Asɛmpa no nkyekyɛm a etwa to no kaa saa nkɔmhyɛ no ho sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so. Na hwɛ, me ne mo wɔ hɔ nna nyinaa de bɛkɔ akosi wiase awiei.” (Mateo 28:19, 20) Yesu foro kɔɔ soro bere tiaa bi akyi no, n’asuafo no fii ase de saa nsɛm no yɛɛ adwuma.

8, 9. Sɛnea Asomafo no Nnwuma kyerɛ no, ɔkwan bɛn so na Kristofo no yɛɛ wɔn ade wɔ Yesu ahyɛde no ho?

8 Bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so wɔ Pentekoste 33 Y.B. no, ade a edi kan a Yesu akyidifo no yɛe ne sɛ wɔbɛkɔ akɔka “Onyankopɔn ade kɛse” ho asɛm akyerɛ nnipadɔm a na wɔahyiam Yerusalem no. Wɔn asɛnka no tuu mpɔn kɛse na “akra bɛyɛ mpensa bɛkaa wɔn ho” ma wɔbɔɔ wɔn asu. Asuafo no de nnamyɛ kɔɔ so yii Onyankopɔn ayɛ baguam, na ɛsow aba pii.—Asomafo no Nnwuma 2:4, 11, 41, 46, 47.

9 Ankyɛ na nyamesom akannifo no huu adwuma a na saa Kristofo no reyɛ no. Esiane sɛ nnam a Petro ne Yohane de kasae no haw wɔn nti, wɔhyɛɛ asomafo baanu no sɛ wonnyae asɛm no ka. Asomafo no buae sɛ: “Yentumi, gye sɛ yɛka nea yɛahu na yɛate.” Bere a wohunahunaa wɔn na wogyaee wɔn no, Petro ne Yohane san kɔɔ wɔn nuanom hɔ, na wɔn nyinaa boom bɔɔ Yehowa mpae. Wɔde akokoduru srɛɛ Yehowa sɛ: “Ma wo nkoa mfa nnam nyinaa nka w’asɛm.”—Asomafo no Nnwuma 4:13, 20, 29.

10. Ɔsɔretia bɛn na nokware Kristofo no hyiae, na wɔyɛɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

10 Ná saa mpaebɔ no ne Yehowa apɛde hyia, sɛnea akyiri yi ɛbɛdaa adi no. Wɔkyeree asomafo no guu afiase, na ɔbɔfo bi nam anwonwakwan so beyii wɔn. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkogyina asɔrefi nka nkwa yi nsɛm no nyinaa nkyerɛ ɔman no.” (Asomafo no Nnwuma 5:18-20) Esiane sɛ asomafo no tiei nti, Yehowa kɔɔ so hyiraa wɔn. Ne saa nti, “wɔannyae Yesu Kristo ho asɛmpa no ka ne kyerɛkyerɛ asɔrefi ne afi mu da biara.” (Asomafo no Nnwuma 5:42) Ɛda adi pefee sɛ, ɔsɔretia a emu yɛ den antumi ansiw Yesu akyidifo no kwan sɛ wɔbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam wɔ baguam.

11. Su bɛn na tete Kristofo no daa no adi wɔ asɛnka adwuma no ho?

11 Ankyɛ na wɔkyeree Stefano siw no abo kum no. Ne kum no maa ɔtaa a emu yɛ den sɔree Yerusalem, na asuafo no nyinaa guan fii hɔ bɔ hwetee ma ɛkaa asomafo no nkutoo. So ɔsɔretia no buu wɔn abam? Ɛnte saa koraa. Yɛkenkan sɛ: “Wɔn a wɔhwetee no kyinkyin kɔkaa asɛmpa no.” (Asomafo no Nnwuma 8:1, 4) Wɔkɔɔ so ara daa nnamyɛ a wɔde hyɛ Onyankopɔn anuonyam no adi mpɛn pii. Wɔ Asomafo no Nnwuma ti 9 no, yɛkenkan sɛ bere a Farisini Saul a ofi Tarso rekɔ Damasko akɔhwanyan ɔtaa mu atia Yesu asuafo wɔ hɔ no, onyaa Yesu ho anisoadehu bi, na n’ani furae. Bere a Saul duu Damasko no, Anania saa n’anifurae no maa no anwonwakwan so. Dɛn ne ade a edi kan a Saul—a akyiri yi wɔbɛfrɛɛ no Paulo no—yɛe? Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: ‘Ntɛm ara na ɔkaa Yesu ho asɛm hyia adan mu sɛ Ɔne Nyankopɔn Ba.’—Asomafo no Nnwuma 9:20.

Obiara De Ne Ho Hyɛɛ Asɛnka Mu Bi

12, 13. (a) Sɛnea abakɔsɛm akyerɛwfo kyerɛ no, dɛn na na ɛda nsow wɔ tete Kristofo asafo no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Asomafo no Nnwuma foa nsɛm a abakɔsɛm akyerɛwfo kae no so?

12 Ɛyɛ nokwasɛm a nnipa pii gye tom sɛ obiara a na ɔwɔ tete Kristofo asafo no mu no de ne ho hyɛɛ asɛnka adwuma no mu bi. Philip Schaff kyerɛw saa bere no Kristofo no ho asɛm sɛ: “Ná Asafo biara yɛ asɛmpatrɛwfo fekuw, na na Kristoni biara yɛ ɔsɛmpatrɛwfo.” (History of the Christian Church) W. S. Williams ka sɛ: “Adanse a obiara gye tom ne sɛ wɔn a na wɔwɔ tete Kristofo Asɔre no mu nyinaa, ne titiriw wɔn a na wɔwɔ honhom akyɛde soronko no, kaa asɛmpa no.” (The Glorious Ministry of the Laity) Afei nso ɔka ma emu da hɔ sɛ: “Ná ɛnyɛ Yesu Kristo adwene ne sɛ nnipa a wɔwɔ dibea pɔtee bi wɔ asɔre no mu nko na wɔbɛka asɛm no.” Celsus a na tete no ɔtan Kristosom no mpo kyerɛwee sɛ: “Ná asaawatofo, wɔn a wosiesie mpaboa, wɔn a wɔhyɛ mmoa nhoma aduru, nnipa a wonnim nhoma koraa ne mpapahwekwaa de nnam ka asɛmpa no.”

13 Yebetumi ahu nokwasɛm a saa nsɛm no yɛ wɔ abakɔsɛm a ɛwɔ Asomafo no Nnwuma no mu. Wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no, bere a wohwiee honhom kronkron guu asuafo no so no, wɔn nyinaa, mmarima ne mmea, kaa Onyankopɔn ade kɛse ho asɛm kyerɛe. Bere a wokum Stefano akyi na ɔtaa sɔree no, Kristofo a wɔhwetee no nyinaa kɔtrɛw asɛmpa no mu kɔɔ baabiara. Mfe 28 bi akyi no, na Paulo rekyerɛw Hebrifo Kristofo, na ɛnyɛ asɔfokuw ketewaa bi, bere a ɔkae sɛ: “Enti momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre daa, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba.” (Hebrifo 13:15) Bere a Paulo reka sɛnea n’ankasa hu asɛnka adwuma no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Sɛ meka asɛmpa no a, ɛnyɛ me ahohoahoa, na etwa me sɛ meka, na sɛ menka asɛmpa no a, anka minnue!” (1 Korintofo 9:16) Ɛda adi pefee sɛ afeha a edi kan mu Kristofo no nyinaa tee nka saa ara.

14. Abusuabɔ bɛn na ɛda gyidi ne asɛnka ntam?

14 Nokwarem no, ɛsɛ sɛ Kristoni mapa biara nya asɛnka adwuma no mu kyɛfa efisɛ ɛne gyidi wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Paulo kae sɛ: “Koma na wɔde gye di kɔ trenee mu, na ano na wɔde pae mu ka kɔ nkwagye mu.” (Romafo 10:10) So kuw ketewaa bi a ɛwɔ asafo no mu—te sɛ asɔfokuw bi—nkutoo na wɔwɔ gyidi a enti ɛsɛ sɛ wɔka asɛm no? Ɛnte saa! Nokware Kristofo Nyinaa da Awurade Yesu Kristo mu gyidi a emu yɛ den adi na ɛkanyan wɔn ma wɔka saa gyidi no ho asɛm kyerɛ afoforo. Sɛ ɛnte saa a, na wɔn gyidi no awu. (Yakobo 2:26) Esiane sɛ afeha a edi kan Yɛn Bere mu nokware Kristofo nyinaa daa wɔn gyidi adi saa kwan yi so nti, wɔkamfoo Yehowa din kɛse.

15, 16. Ma nhwɛso horow a ɛkyerɛ sɛ ɛmfa ho ɔhaw ahorow no, asɛnka adwuma no kɔɔ so.

15 Wɔ afeha a edi kan no mu no, Yehowa hyiraa ne nkurɔfo ma wɔdɔe ɛmfa ho sɛ na wohyia ɔhaw ahorow wɔ asafo no mu ne akyi no. Sɛ nhwɛso no, Asomafo no Nnwuma ti 6 ka wontwiwontwi bi a ɛbaa Hebrifo a wɔasakra abɛyɛ Kristofo ne wɔn mfɛfo Helafo no ntam ho asɛm. Asomafo no dii ɔhaw no ho dwuma. Ne saa nti, yɛkenkan ho asɛm sɛ: “Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so, na asuafo no dɔe pii Yerusalem, na asɔfo no mu pii nso yɛɛ wɔn aso mmerɛw maa gyidi no.”—Asomafo no Nnwuma 6:7.

16 Akyiri yi, amammui mu ntawntawdi sɔree wɔ Yudea hene, Herode Agripa, ne Tirofo ne Sidonfo ntam. Nnipa a na wɔte saa nkurow no mu no yɛɛ asomdwoe ho nhyehyɛe maa ɛyɛɛ Herode dɛ ma enti ɔmaa ɔkasa bi wɔ baguam. Nnipakuw a na wɔatwa ahyia hɔ no fii ase teɛteɛɛm sɛ: “Onyame bi nne ni, na ɛnyɛ onipa de.” Amonom hɔ ara na Yehowa bɔfo bɛbɔɔ Herode Agripa ma owui efisɛ “wamfa anuonyam amma Onyankopɔn.” (Asomafo no Nnwuma 12:20-23) Hwɛ sɛnea wɔn a wɔde wɔn ho too nnipa atumfoɔ so no ho dwiriw wɔn fae! (Dwom 146:3, 4) Nanso Kristofo no kɔɔ so hyɛɛ Yehowa anuonyam. Nea efii mu bae ne sɛ, “Onyankopɔn asɛm kɔɔ so, na ɛtrɛwee” ɛmfa ho nea na amammui mu atumfoɔ betumi de aba wɔn so no.—Asomafo no Nnwuma 12:24.

Tete Ne Nnɛ

17. Wɔ afeha a edi kan no mu no, dɛn na nnipa pii yɛe?

17 Yiw, na ayeyifo a wɔyɛ nnam a woyi Yehowa Nyankopɔn ayɛ daa wɔ Kristofo asafo a na ɛwɔ wiase nyinaa wɔ afeha a edi kan no mu. Nokware Kristofo nyinaa de wɔn ho hyɛɛ asɛmpa no a wɔtrɛw mu no mu bi. Ebinom nyaa nnipa a wotiei, na sɛnea Yesu kae no, wɔkyerɛkyerɛɛ wɔn ma wodii nea wahyɛ wɔn nyinaa so. (Mateo 28:19, 20) Nea efii mu bae ne sɛ, asafo no dɔe, na nnipa pii ne Ɔhene Dawid a ɔtraa ase tete no yɛɛ biako de ayeyi maa Yehowa. Wɔn nyinaa de nokoro foaa nsɛm a efi honhom mu yi so: “O [Yehowa, NW], me Nyankopɔn, mede me koma nyinaa mɛda wo ase, na mahyɛ wo din anuonyam daa, sɛ w’adɔe sõ wɔ me so.”—Dwom 86:12, 13.

18. (a) Nsonsonoe bɛn na yehu wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no ne Kristoman mu nnɛ? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua a edi hɔ no mu?

18 Eyi nti, nyamekyerɛ ho ɔbenfo Allison A. Trites nsɛm no kanyan adwene yiye. Bere a ɔde ɛnnɛyi Kristoman retoto afeha a edi kan Kristosom ho no, ɔkae sɛ: “Ɛnnɛ, sɛ asɔre bi bɛdɔ a, na ɛnam awo anaa atutradi so. Nanso wɔ Asomafo no mmere so no na nnipa foforo a wɔsakra bɛyɛ gyidifo so na asɔre no nam dɔ, efisɛ na afei koraa na asɔre no afi n’adwuma ase.” So ɛno kyerɛ sɛ nokware Kristosom nnya nkɔso bio sɛnea Yesu kae sɛ ɛsɛ sɛ enya no? Ɛnte saa ankasa. Nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no yɛ nnam wɔ ayeyi a wɔde ma Onyankopɔn no mu sɛnea na afeha a edi kan mu Kristofo te no ara pɛ. Yebehu eyi wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Akwan bɛn na yɛnam so hyɛ Onyankopɔn anuonyam?

• Paulo faa Dwom 19:4 de kaa dɛn ho asɛm?

• Abusuabɔ bɛn na ɛda gyidi ne asɛnka ntam?

• Dɛn na na ɛda nsow wɔ afeha a edi kan Kristofo asafo no ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Ɔsoro di Yehowa anuonyam ho adanse daa

[Asɛm Fibea]

Courtesy of Anglo-Australian Observatory, photograph by David Malin

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 10]

Asɛnka adwuma no ne mpaebɔ wɔ abusuabɔ paa