Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Wɔn Nne Fi Kɔɔ Asase Nyinaa so”

“Wɔn Nne Fi Kɔɔ Asase Nyinaa so”

“Wɔn Nne Fi Kɔɔ Asase Nyinaa so”

“Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu.”—MATEO 28:19.

1, 2. (a) Adwuma bɛn na Yesu de hyɛɛ n’asuafo no nsa? (b) Dɛn nti na afeha a edi kan Kristofo tumi yɛɛ adwuma pii saa?

BERE tiaa bi ansa na Yesu reforo akɔ soro no, ɔde adwuma bi hyɛɛ n’asuafo no nsa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu.” (Mateo 28:19) Adwuma kɛse bɛn ara ni!

2 Wode susuw ho hwɛ! Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no, asuafo bɛyɛ 120 na wohwiee honhon kronkron guu wɔn so ma wofii ase yɛɛ saa adwuma no denam afoforo a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ Yesu ne Mesia a wɔahwɛ no kwan bere tenten, a wɔnam no so betumi anya nkwagye no. (Asomafo no Nnwuma 2:1-36) Ɔkwan bɛn so na na nnipakuw ketewaa a wɔte saa no betumi aka asɛm no akyerɛ “amanaman nyinaa”? Nnipa fam de, na ɛrentumi nyɛ yiye, nanso “Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ.” (Mateo 19:26) Ná Yehowa honhon kronkron no taa tete Kristofo no akyi, na na wɔyɛ wɔn ade nnam so. (Sakaria 4:6; 2 Timoteo 4:2) Ne saa nti, wɔ mfe kakraa bi ntam no, ɔsomafo Paulo tumi kae sɛ wɔaka asɛmpa no wɔ “wiase abɔde nyinaa mu.”—Kolosefo 1:23.

3. Dɛn na ɛkataa nokware Kristofo “awi” no so?

3 Wɔ afeha a edi kan no mu nyinaa no, nokware som kɔɔ so trɛwee. Nanso na Yesu ahyɛ nkɔm sɛ bere bi bɛba a Satan begu “wura bɔne” ma akata nokware Kristofo “awi” no so mfehaha pii akosi sɛ twabere no bedu. Asomafo no wu akyi no, saa asɛm no baa mu.—Mateo 13:24-39.

Nkɔso a Ɛba Ntɛmntɛm Nnɛ

4, 5. Efi afe 1919 mu no, adwuma bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no fii ase yɛe, na dɛn nti na na ɛnna fam koraa?

4 Wɔ afe 1919 mu no, na bere adu sɛ woyiyi nokware Kristofo awi no fi wura bɔne no mu. Ná Kristofo a wɔasra wɔn no nim sɛ ɛsɛ sɛ wɔkɔ so yɛ Yesu adwuma kɛse no. Ná wogye di paa sɛ wɔte “nna a edi akyiri” no mu, na na wɔn werɛ mfii Yesu nkɔmhyɛ yi: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (2 Timoteo 3:1; Mateo 24:14) Yiw, na wonim sɛ wɔwɔ adwuma pii yɛ.

5 Nanso, te sɛ afe 33 Y.B. mu asuafo no, na adwuma kɛse da hɔ ma saa Kristofo a wɔasra wɔn no. Ná wɔn mu mpem kakraa bi na wɔwɔ aman kakraa bi so. Ná wɔbɛyɛ dɛn atumi aka asɛm no “amanaman nyinaa” mu? Kae sɛ, na nnipa dodow a wɔwɔ wiase akɔ anim fi ɔpepem 300 wɔ Kaesarefo no bere so abedu ɔpepepem 2 wɔ wiase nyinaa ko a edi kan no akyi. Na na nnipa bɛkɔ so adɔɔso wɔ afeha a ɛto so 20 no nyinaa mu.

6. Ebeduu 1930 mfe no mu no, na asɛmpa no a wɔreka no mu atrɛw akodu he?

6 Nanso te sɛ afeha a edi kan mu anuanom no, Yehowa asomfo a wɔasra wɔn no de Yehowa mu gyidi a emu yɛ den fii adwuma a na ɛda wɔn anim no ase, na ɔde ne honhom boaa wɔn. Ebeduu 1930 mfe no mfinimfini no, na asɛnkafo bɛyɛ 56,000 aka Bible mu nokware akyerɛ wɔ nsase 115 so. Ná wɔayɛ adwuma kɛse paa de, nanso na pii da so ara wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ.

7. (a) Adwuma foforo bɛn na ɛbɛdaa Kristofo a wɔasra wɔn no so? (b) Ɛdenam “nguan foforo” no mmoa so no, nkɔso bɛn na anoboaboa adwuma no anya de besi nnɛ?

7 Afei nnipa ko a “nnipakuw kɛse” a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 7:9 yɛ no mu ntease a ɛkɔ akyiri a wobenyae no de adwuma foforo bɛtoo wɔn so, na ɛsan kyerɛe sɛ na saa Kristofo a wɔyɛ nsi no benya mmoa. Ná ɛsɛ sɛ wɔboaboa gyidifo a wɔyɛ “nguan foforo” a wɔn dodow nni ano a wɔwɔ asase so anidaso no ano fi “aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.” (Yohane 10:16) Eyinom de ‘ɔsom kronn bɛma Yehowa awia ne anadwo.’ (Adiyisɛm 7:15) Ɛno kyerɛ sɛ na wɔbɛboa ma wɔayɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no. (Yesaia 61:5) Ne saa nti, Kristofo a wɔasra wɔn no ani gyei sɛ wohui sɛ asɛmpakafo no dodow nyaa nkɔanim fi mpempem mu kɔɔ ɔpepem mu. Wɔ afe 2003 mu no, nnipa dodow a wɔsen biara 6,429,351 na wonyaa asɛnka adwuma no mu kyɛfa—na wɔn mu dodow no ara yɛ nnipakuw kɛse no mufo. * Kristofo a wɔasra wɔn no ani asɔ saa mmoa a wɔanya yi, na nguan foforo no nso ani sɔ hokwan a wɔanya sɛ wɔreboa wɔn nuanom a wɔasra wɔn no.—Mateo 25:34-40.

8. Yehowa Adansefo yɛɛ wɔn ade dɛn wɔ nhyɛso kɛse a wɔde baa wɔn so wɔ wiase ko a ɛto so abien no mu no ho?

8 Bere a awi kuw no bɛdaa adi bio no, Satan de abufuw kɛse ko tiae. (Adiyisɛm 12:17) Bere a nnipakuw kɛse no fii ase daa adi no, dɛn na ɔyɛe? Ɔyɛɛ n’ade basabasa! So yebetumi agye kyim sɛ ɛnyɛ ɔno na na ɔhyɛ ntua kɛse a wɔde baa nokware asomfo so wɔ wiase nyinaa, bere a na wiase ko a ɛto so abien rekɔ so no akyi? Kristofo hyiaa nhyɛso kɛse wɔ ɔko no afanu nyinaa. Anuanom adɔfo mmarima ne mmea pii hyiaa ɔtaa ahorow, na wɔn mu binom wu maa wɔn gyidi. Ne nyinaa mu no, wɔkyerɛe sɛ wɔne odwontofo no yɛ adwene bere a ɔkae sɛ: “Onyankopɔn mu na miyi n’asɛm ayɛ, Onyankopɔn so na mede me ho mato, merensuro, ɔhonam betumi ayɛ me dɛn?” (Dwom 56:4; Mateo 10:28) Kristofo a wɔasra wɔn no ne nguan foforo a Yehowa honhom hyɛɛ wɔn den no de biakoyɛ gyinaa pintinn. (2 Korintofo 4:7) Ne saa nti, “Onyankopɔn asɛm no kɔɔ so.” (Asomafo no Nnwuma 6:7) Wɔ afe 1939 mu bere a wofii ɔko no ase no, wobuu akontaa sɛ Kristofo anokwafo 72,475 na na wɔreyɛ asɛnka adwuma no. Nanso 1945, afe a ɔko no baa awiei no ɔsom akontaabu a asafo ti no nsa anka ne nyinaa no daa no adi sɛ Adansefo a wɔyɛ nnam 156,299 na na wɔretrɛw asɛmpa no mu. Nkogudi bɛn ara na Satan dii sɛɛ yi!

9. Sukuu foforo bɛn na wɔde ho amanneɛbɔ mae bere a na Wiase Ko II rekɔ so no?

9 Ɛda adi pefee sɛ, basabasayɛ a ɛkɔɔ so wɔ wiase ko a ɛto so abien mu no amma Yehowa asomfo adwenem anyɛ wɔn naa wɔ asɛnka adwuma a na wɔbɛyɛ awie no ho. Nokwarem no, wɔ afe 1943 mu, bere a na ɔko no adu ne mpɔmpɔn so no, wɔde nkaebɔ mae sɛ wɔahyehyɛ sukuu ahorow abien. Ná wɔbɛyɛ biako a nnɛ wɔfrɛ no Teokrase Ɔsom Sukuu no wɔ asafo ahorow nyinaa mu de atete Adansefo nyinaa ma wɔaka asɛm no na wɔayɛ asuafo. Ná wɔde nea ɛka ho, Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no, bɛtete asɛmpatrɛwfo a wobefi asɛnka adwuma no ase wɔ amannɔne nsase so no. Yiw, bere a awiei koraa no ɔko no baa awiei no, na nokware Kristofo asiesie wɔn ho ama dwumadi no.

10. Ɔkwan bɛn so na yehu nsi a Yehowa nkurɔfo daa no adi wɔ afe 2003 mu no?

10 Na hwɛ adwuma kɛse ara a wɔayɛ! Wɔn a wɔatete wɔn wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu no—mmofra ne mpanyin, awofo ne wɔn mma, ne mpo wɔn a wonni ahoɔden—nyinaa anya Yesu adwuma kɛse yi yɛ mu kyɛfa. (Dwom 148:12, 13; Yoel 2:28, 29) Wɔ afe 2003 mu no, sɛ wɔkyekyɛm pɛpɛɛpɛ a, ɔsram biara nnipa 825,185 na wɔdaa no adi sɛ wohu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no denam akwampaefo aboafo anaa daa akwampae adwuma a wɔde wɔn ho hyɛɛ mu no so. Saa afe koro no ara mu no, Yehowa Adansefo de nnɔnhwerew 1,234,796,477 na ɛkaa Ahenni no ho asɛmpa kyerɛɛ afoforo. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa ani sɔ nsi a ne nkurɔfo da no adi no!

Wɔ Amannɔne Nsase So

11, 12. Nhwɛso ahorow bɛn na ɛda adwuma a ɛsɔ ani a asɛmpatrɛwfo ayɛ no adi?

11 Mfe pii a abɛsen kɔ mu no, wɔn a wɔawie Gilead adesua, ne nnansa yi ara wɔn a wɔawie Asomfo Ntetee Sukuu no ayɛ adwuma a ɛsɔ ani kɛse. Wɔ Brazil sɛ nhwɛso no, bere a asɛmpatrɛwfo a wodi kan kɔɔ hɔ wɔ afe 1945 mu no, na adawurubɔfo a wɔwɔ hɔ no dodow nnu 400. Asɛmpatrɛwfo yi ne wɔn a akyiri yi wɔbɛkaa wɔn ho no ne Brazil anuanom a wɔyɛ nsi no ayɛ adwumaden, na Yehowa ahyira wɔn mmɔdenbɔ no so yiye. Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ wɔn a wɔkae adwuma a na wɔyɛ wɔ hɔ saa bere no behu sɛ Brazil nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛsen biara 607,362 wɔ afe 2003 mu!

12 Susuw Japan ho hwɛ. Ansa na wiase ko a ɛto so abien no reba no, na Ahenni adawurubɔfo bɛyɛ ɔha na ɛwɔ saa ɔman no mu. Bere a na ɔko no rekɔ so no, ɔtaa a ano yɛ den maa wɔn so tewee, na eduu bere a ɔko no baa awiei no, na Adansefo kakraa bi na wɔaka a wɔwɔ honhom fam ne honam fam ahoɔden. (Mmebusɛm 14:32) Ɛda adi sɛ wɔ afe 1949 mu no, mudi mu kurafo kakraa bi a na wɔaka no ani gyei sɛ wonyaa asɛmpatrɛwfo 13 a wodi kan a wɔatete wɔn wɔ Gilead a wɔbaa Japan, na ntɛm ara na asɛmpatrɛwfo no ani gyee wɔn nuanom Japanfo a na wɔda ɔdɔ ne ahɔhoyɛ adi no ho yiye. Bɛboro mfe 50 akyi no, Japan buu adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 217,508 ho akontaa wɔ afe 2003 mu! Nokwarem no, Yehowa ahyira ne nkurɔfo pii wɔ saa man no mu. Nkontaabu a ɛte saa afi aman foforo pii so aba. Wɔn a wotumi kɔɔ amannɔne nsase so kɔkaa asɛm no aboa ama asɛmpa no mu atrɛw ankasa, ma enti wɔ afe 2003 mu no, wɔkaa asɛm no wɔ aman, nsupɔw, ne nsasesin 235 so wɔ wiase nyinaa. Yiw, nnipakuw kɛse no fi “aman nyinaa” so ampa.

“Wofi . . . Mmusuakuw ne Nkurɔfo ne Ɔkasa Nyinaa Mu”

13, 14. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kyerɛɛ mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔka asɛmpa no wɔ “ɔkasa nyinaa mu”?

13 Anwonwade a wodii kan kaa ho asɛm bere a wɔde honhom kronkron sraa asuafo no wɔ Pentekoste 33 Y.B. mu no ne wɔn a na wɔahyiam wɔ hɔ no kurom kasa a asuafo no kae no. Ɛbɛyɛ sɛ na wɔn atiefo no nyinaa ka Hela kasa a na wɔka wɔ aman pii so no. Esiane sɛ na wɔyɛ “nnipa adefɛrefo” nti na ɛda adi sɛ wɔte Hebri kasa a na wɔde som wɔ asɔrefie hɔ no. Nanso bere a wɔtee sɛ asuafo no reka wɔn kurom kasa no, ɛkanyan wɔn kɛse.—Asomafo no Nnwuma 2:5, 7-12.

14 Ɛnnɛ nso, wɔka kasa horow pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Wɔhyɛɛ nkɔm sɛ ɛnyɛ aman nko mu na nnipakuw kɛse no befi aba, na mmom wobefi “mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu” nso. Nea ɛne eyi hyia no, Yehowa nam Sakaria so hyɛɛ nkɔm sɛ: ‘Mmarima du a wofi amanaman kasa nyinaa mu besuso Yudani biako atade mmuano mu aka sɛ: Yɛne mo bɛkɔ, na yɛate sɛ Onyankopɔn ne mo na ɛte.’ (Sakaria 8:23) Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo nni kasa foforo akyɛde no bio de, nanso wonim mfaso a ɛwɔ so sɛ wɔbɛka asɛm no wɔ nkurɔfo kurom kasa mu.

15, 16. Ɔkwan bɛn so na asɛmpatrɛwfo ne afoforo adi asɛm no a wɔka no ɔmanfo kasa mu no ho dwuma?

15 Ɛwom sɛ ɛnnɛ kasa kakraa bi, te sɛ Engiresi, Franse, ne Spania kasa na wotumi ka wɔ mmeae pii de. Nanso wɔn a wɔafi wɔn kurom akɔ aman foforo so akɔsom no bɔ mmɔden sɛ wobesua ɛhɔnom kasa sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka asɛmpa no akyerɛ nnipa a “wɔayi wɔn ama daa nkwa no” pii. (Asomafo no Nnwuma 13:48) Ɛnyɛ adwuma a ɛda fam. Bere a na anuanom a wɔwɔ South Pacific man a wɔfrɛ no Tuvalu hia nhoma wɔ wɔn kurom kasa mu no, asɛmpatrɛwfo no mu biako gyee saa asɛyɛde no too ne ho so. Esiane sɛ na wonni nsɛm asekyerɛ nhoma biara nti, ofii ase boaboaa Tuvalu nsɛmfua ne ne nkyerɛase ano. Bere bi akyi no, wotintim Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So * nhoma no wɔ Tuvalu kasa mu. Bere a asɛmpatrɛwfo kɔɔ Curaçao no, na wonni Bible ho nhoma anaa nsɛm asekyerɛ nhoma biara wɔ wɔn kasa, Papiamento mu. Afei nso na wɔn adwene nhyia koraa wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔkyerɛw kasa no ho. Ne nyinaa mu no, asɛmpatrɛwfo a wodii kan kɔɔ hɔ no tintim Kristofo Bible ho kratawa a edi kan wɔ saa kasa no mu wɔ mfe abien pɛ mu. Ɛnnɛ, Papiamento ka kasa horow 133 a wotintim ka Engiresi Ɔwɛn-Aban ho wɔ bere koro mu no ho.

16 Wɔ Namibia no, asɛmpatrɛwfo a wodii kan kɔɔ hɔ no annya Namibia Ɔdansefo bi a ɔbɛboa wɔn ma wɔakyerɛ nhoma ase akɔ wɔn kasa mu. Bio nso, na wonnya nsɛmfua a wɔtaa de di dwuma te sɛ “pɛyɛ” wɔ ɛhɔnom kasa a wɔfrɛ no Nama no mu. Ɔsɛmpatrɛwfo bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ná mema sukuu akyerɛkyerɛfo a na wosua Bible no na ɛkyerɛ nhoma no ase. Esiane sɛ na wonni nokware no ho nimdeɛ kɛse nti, na metra wɔn nkyɛn hwɛ hu sɛ kasafua biara a wɔbɛkyerɛ ase no yɛ nokware.” Nanso awiei koraa no, wɔkyerɛɛ kratawa Life in a New World (Wiase Foforo Mu Asetra) kɔɔ Namibiafo kasa ahorow anan mu. Ɛnnɛ wotintim Ɔwɛn-Aban no daa wɔ Kwanyama ne Ndonga kasa mu.

17, 18. Nsɛnnennen bɛn na wɔredi ho dwuma wɔ Mexico ne aman foforo so?

17 Wɔ Mexico no, kasa titiriw a wɔka wɔ hɔ ne Spania kasa. Nanso na wɔka kasa horow pii wɔ hɔ ansa na Spaniafo no rekɔ hɔ, na wɔda so ara de mu pii di dwuma. Ne saa nti, mprempren wotintim Yehowa Adansefo nhoma wɔ Mexicofo kasa horow ason, ne Mexico Mum Kasa mu. Maya kasa mu Ahenni Som no ne nhoma a na edi kan wɔ Amerika Indiafo kasa mu a na ɛba bere ano. Nokwarem no, Ahenni adawurubɔfo 572,530 a wɔwɔ Mexico no mu mpempem pii yɛ Mayafo, Aztecfo, ne kasa foforo mufo.

18 Nnansa yi, nnipa ɔpepem pii aguan kɔ amannɔne nsase so sɛ aguanfo, anaasɛ wɔatu kɔ hɔ esiane sikasɛm nti. Ne saa nti, ade a edi kan koraa wɔ aman pii so nnɛ ne sɛ, wɔanya nnipa a wɔdɔɔso a wɔka amannɔne kasa a ɛsɛ sɛ wɔka asɛm kyerɛ wɔn. Yehowa Adansefo agye saa adwuma no ato wɔn ho so sɛ wɔbɛyɛ. Wɔ Italy sɛ nhwɛso no, Italia kasa akyi no, wɔwɔ asafo horow ne akuw wɔ kasa horow 22 mu. Nea ɛbɛboa ma wɔaka asɛm akyerɛ nkurɔfo a wɔka kasa foforo no, wɔyɛɛ kasa ho adesua ho nhyehyɛe de kyerɛɛ kasa horow 16, ne Italia Mum Kasa, maa anuanom a wɔwɔ hɔ no. Wɔ aman afoforo pii so no, Yehowa Adansefo rebɔ mmɔden saa ara sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi aka asɛm akyerɛ nnipa pii a wɔatu aba wɔn man mu no. Yiw, ɛdenam Yehowa mmoa so no, nnipakuw kɛse no fi kasa horow pii mu reba ampa.

“Wɔn Nne Fi Kɔɔ Asase Nyinaa So”

19, 20. Paulo nsɛm bɛn na ɛrenya mmamu wɔ ɔkwan soronko so nnɛ? Kyerɛkyerɛ mu.

19 Wɔ afeha a edi kan mu no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Ampa ara wɔate, wɔn nne fi kɔɔ asase nyinaa so, na wɔn nsɛm duu wiase ano.” (Romafo 10:18) Sɛ wotumi yɛɛ saa wɔ afeha a edi kan no mu a, hwɛ sɛnea yɛbɛyɛ ma aboro so nnɛ! Nnipa ɔpepem pii—ebia nea ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu—reka sɛ: “Mehyira [Yehowa, NW] nna nyinaa, n’ayeyi wɔ m’anom daa yi.”—Dwom 34:1.

20 Bio nso, adwuma no mmrɛɛ ase. Ahenni adawurubɔfo dodow kɔ ara na ɛrekɔ anim. Wɔde bere pii na ɛreyɛ asɛnka adwuma no. Wɔyɛ sankɔhwɛ ɔpepem pii ne Bible adesua ahorow ɔpehaha pii. Na nnipa pii kɔ so kyerɛ asɛm no ho anigye. Afe a etwaam no, nnipa dodow a ɛsen biara 16,097,622 na wɔbaa Yesu wu Nkaedi no ase. Ɛda adi pefee sɛ yɛwɔ adwuma pii a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛmmra sɛ yɛbɛkɔ so asuasua yɛn nuanom a wɔagyina ɔtaa a ano yɛ den ano no mudi mu a wokurae pintinn no. Na ɛmmra sɛ yɛbɛda nsi a yɛn nuanom a efi afe 1919 mu no wɔde wɔn bere nyinaa ayɛ Yehowa som adwuma no daa no adi no bi. Momma yɛn nyinaa ntie odwontofo no nsɛm yi: “Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ. Munyi [Yah, NW] ayɛ!”—Dwom 150:6.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 7 Hwɛ afe akontaabu a ɛwɔ nsɛmma nhoma yi kratafa 18 kosi 21 no.

^ nky. 15 Yehowa Adansefo na wotintimii.

Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Wɔ afe 1919 mu no, adwuma bɛn na anuanom no fii ase yɛe, na dɛn nti na na ɛnna fam?

• Henanom na wɔboaboaa wɔn ano ma wɔbɛboaa asɛnka adwuma no?

• Adwuma bɛn na asɛmpatrɛwfo ne afoforo a wɔsom wɔ amannɔne nsase so no ayɛ?

• Adanse bɛn na wubetumi de ama de akyerɛ sɛ Yehowa rehyira ne nkurɔfo adwuma so nnɛ?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Nsɛm a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 18-21]

YEHOWA ADANSEFO A WƆWƆ WIASE NYINAA 2003 ƆSOM AFE AKONTAABU

(Hwɛ bound volume)

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 14, 15]

Basabasayɛ a ɛkɔɔ so wɔ wiase ko a ɛto so abien mu no amma Kristofo adwenem anyɛ wɔn naa wɔ asɛmpa no a na wɔbɛka akyerɛ no ho

[Asɛm Fibea]

Ɔtopae: U.S. Navy photo; afoforo: U.S. Coast Guard Photo

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 16, 17]

Nnipakuw kɛse no befi mmusua ne ɔkasa nyinaa mu