Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yenyaa Asɛmpatrɛw Ho Anigye A Yekuraa Mu No So Akatua Pii

Yenyaa Asɛmpatrɛw Ho Anigye A Yekuraa Mu No So Akatua Pii

Asetram Nsɛm

Yenyaa Asɛmpatrɛw Ho Anigye A Yekuraa Mu No So Akatua Pii

SƐNEA TOM COOKE KA KYERƐE

Atuo a na wɔretotow no sɛee yɛn asomdwoe saa awia no. Na atuo aboba nenam yɛn mfikyifuw nnua no ntam. Dɛn na na ɛrekɔ so? Ankyɛ na yɛtee sɛ wɔatu aban no agu ma Ɔsahene Idi Amin abedi ɔman no so. Eyi sii wɔ afe 1971 mu.

ADƐN nti na na me ne me yere Ann atu afi England a ɛhɔ dwo no akɔ Afrika beae a asomdwoe nni hɔ yi? Mifi awosu mu pɛ akwantu de, nanso ɛyɛ nsi a m’awofo yɛe wɔ Ahenni adwuma mu no na ɛma minyaa asɛmpatrɛw ho anigye.

Mekae bere a edi kan a m’awofo hyiaa Yehowa Adansefo awia ketee bi wɔ August 1946 mu. Wogyinaa abɔnten pon no ano ne ahɔho baanu no kasae bere tenten. Ahɔho yi a wɔfrɛ wɔn Fraser Bradbury ne Mamie Shreve no san bae mpɛn pii, na asram a edi hɔ mu no yɛn abusua asetra sesae koraa.

M’awofo Nhwɛso Pa

M’awofo de wɔn ho hyɛɛ ɔman nnwuma pii mu. Sɛ nhwɛso no, bere tiaa bi ansa na wɔrefi ase asua Bible no, na Winston Churchill mfonini bobɔ yɛn fie nyinaa. Bere a na ɔko akyi abatow rekɔ so wɔ ɔman no mu no, wɔde yɛn fie yɛɛ baabi a na yɛn hɔnom Amanyɔ Kuw no hyia. Ná yɛn abusua no nim nnipa a wɔyɛ atitiriw wɔ nyamesom mu ne afei ɔman no mu nso. Ɛwom sɛ na madi mfe akron pɛ de, nanso mihuu sɛnea yɛn abusuafo ho dwiriw wɔn bere a wohui sɛ yɛrebɛyɛ Yehowa Adansefo no.

Adansefo a yɛne wɔn bɔe no ahofama ne wɔn akokoduru no kanyan m’awofo ma wɔbɛyɛɛ nnam wɔ asɛnka adwuma no mu. Ankyɛ biara na me papa fii ase gyinaa gua so de akasam maa ɔkasa wɔ yɛn kurow Spondon mu, bere a na yɛn a yɛyɛ mmofra no gyinagyina mmeae bi de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! kyerɛ no. Nokwarem no, sɛ mihu sɛ me sukuufo reba a, me yam anka a na matu ayera.

M’awofo nhwɛso no kaa me nuabea panyin, Daphne ma ofii akwampae adwuma ase. Wɔ afe 1955 mu no, ɔkɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu na wɔde no kɔɔ Japan sɛ ɔsɛmpatrɛwfo. * Nanso, me nuabea kumaa, Zoe gyaee Yehowa som.

Saa bere no, na mawie sukuu a mikosuaa sɛnea wɔhyehyɛ nsɛmfua ne mfonini wɔ nhoma mu no. Saa bere no, na nea me mfɛfo sukuufo taa ka ho asɛm paa ne ɔman adwuma a wɔhyɛ afoforo ma wɔyɛ. Bere a meka kyerɛɛ wɔn sɛ esiane m’ahonim nti menkɔ sraadi no, wɔamfa no aniberesɛm. Saa asɛm yi maa minyaa hokwan ne sukuufo no bi bɔɔ Bible no ho nkɔmmɔ pii. Ankyɛ na wobuu me fɔ sɛ menkɔda afiase asram 12 esiane sɛ mankɔ sraadi nti. Sukuufo no biako a ɔkyerɛɛ Bible no ho anigye no bɛyɛɛ me yere akyiri yi. Nanso mɛma Ann aka sɛnea ohuu nokware no akyerɛ mo.

Sɛnea Ann Huu Nokware No

“Ná m’abusuafo ani nnye nyamesom ho, na wɔmmɔɔ me asu wɔ ɔsom biara mu. Nanso na mepɛ sɛ mihu nyamesom ho nsɛm, enti na midi me nnamfo akyi kɔ asɔre biara. Bere a metee nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye a na Tom ne Ɔdansefo foforo bi ne sukuufo foforo rebɔ no, ɛkanyan Bible ho anigye a na mewɔ no. Bere a wɔde Tom ne Ɔdansefo foforo no kɔtoo afiase esiane sɛ wɔankɔ sraadi nti no, me ho dwiriw me.

“Me ne Tom dii nkrataakyerɛw bere a na ɔda afiase no, na anigye a na mewɔ wɔ Bible no ho no mu yɛɛ den. Bere a mitu kɔɔ London sɛ merekɔtoa m’adesua so no, mepene so sɛ Muriel Albrecht ne me nsua Bible no. Ná Muriel asom sɛ ɔsɛmpatrɛwfo wɔ Estonia, na ɔne ne maame nyinaa hyɛɛ me nkuran kɛse. Ankyɛ, na mifii ase kɔɔ nhyiam ahorow, na ná migyina Victoria Keteke Gyinabea wɔ London de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! ma afoforo.

“Ná mekɔ Southwark Asafo nhyiam ahorow no bi wɔ London anafo fam. Ná honhom fam anuanom mmarima ne mmea a wɔwɔ asafo no mu no fi aman horow so, na na wɔn mu pii yɛ ahiafo. Ɛmfa ho sɛ na meyɛ ɔhɔho no, wɔfaa me sɛ wɔn ankasa busuani. Ɛyɛ ɔdɔ a na ɛwɔ saa asafo no mu no na ɛmaa migye dii ampa sɛ eyi ne nokware no, na mebɔɔ asu wɔ afe 1960 mu.”

Botae Koro—Nsɛm Tebea Sakra

Me ne Ann waree bere a na afe 1960 rekɔ n’awiei, na na yɛn botae ne sɛ yɛbɛyɛ asɛmpatrɛw adwuma. Nanso bere a yehui sɛ yɛrebɛwo no, yɛn nsɛm tebea sesae. Bere a yɛwoo yɛn babea Sara akyi no, na me ne Ann da so ara wɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛsom wɔ ɔman bi a wohia Ahenni adawurubɔfo pii mu. Mekyerɛw nkrataa kɔhwehwɛɛ adwuma wɔ aman pii so, na awiei koraa wɔ May 1966 mu no, me nsa kaa krataa fii Uganda, Asoɛe a Ɛhwɛ Nhomasua So a na ɛkyerɛ sɛ manya adwuma wɔ hɔ. Nanso, ebeduu saa bere yi, na Ann yem yɛn ba a ɔto so abien. Na ebinom mpo nte nea enti a yɛpɛ sɛ yetu no ase. Yɛne yɛn duruyɛfo dii nkitaho, na ɔkae sɛ: “Sɛ mobɛkɔ de a, ɛsɛ sɛ mokɔ ansa na wo yere nyinsɛn no adu asram ason.” Enti, ntɛm ara na yɛde yɛn ani kyerɛɛ Uganda. Eyi amma yɛn awofo anhu Rachel, yɛn babea a ɔto so abien no. Seesei a yɛn ankasa nso anya mmanananom yi, ama yɛate ahofama a na yɛn awofo a wɔdɔ yɛn no wɔ no ase yiye na yɛkyerɛ ho anisɔ.

Yeduu Uganda wɔ afe 1966 mu no, na ɛyɛ anigye san yɛ awerɛhow. Yesi fii wimhyɛn mu no, nea yehui no maa yɛn ani gyei yiye. Ná wim tew. Faako a yedii kan trae no bɛn kurow ketewa Iganga, a efi hɔ kɔ Jinja kurow a ɛwɔ Nil Asubɔnten ho no yɛ kilomita 50. Adansefo a na wɔte bɛn yɛn fie no yɛ kuw bi a atew ne ho a na ɛwɔ Jinja. Gilbert ne Joan Walters ne Stephen ne Barbara Hardy na na wɔyɛ asɛmpatrɛwfo a wɔhwɛ kuw no so. Mekyerɛw kɔɔ adwumam sɛ wonyi me nkɔ Jinja, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi aboa kuw yi yiye. Yɛwoo Rachel no, ankyɛ na yetu kɔɔ Jinja. Yɛn ani gyei sɛ yɛne Adansefo anokwafo kuw ketewa no somee wɔ hɔ na enyinii bɛyɛɛ asafo a ɛto so abien wɔ Uganda no.

Yɛsom sɛ Abusua Wɔ Amannɔne

Me ne Ann hui sɛ yɛapaw beae pa a yebetumi atete yɛn mma. Yenyaa hokwan ne asɛmpatrɛwfo a wofi aman horow so yɛɛ adwuma, na yɛboaa asafo foforo a ɛwɔ hɔ no nso ma enyaa nkɔso. Ná yɛn ani gye yɛn nuanom mmarima ne mmea Ugandafo a na wɔtaa bɛsra yɛn no fekubɔ ho. Stanley ne Esinala Makumba titiriw boaa yɛn pii.

Nanso na ɛnyɛ anuanom no nkutoo na wɔba yɛn fie, efisɛ na wuram mmoa ahorow pii nso atwa yɛn ho ahyia. Ná edu anadwo a susono fi Nil Asubɔnten no mu ba yɛn fie pɛɛ. Mekae paa sɛ bere bi, ɔwɔ kɛse bi a wɔfrɛ no onini a ne tenten yɛ mita asia baa yɛn mfikyifuw mu. Ɛtɔ mmere bi a na yɛkɔhwɛ wuram mmoa wɔ mmoa yɛmmea, baabi a agyata ne wuram mmoa foforo a wɔn ho yɛ hu wɔ a obiara nyɛ wɔn hwee.

Ná ɛhɔfo no hwɛ yɛn paa wɔ asɛnka mu, efisɛ na wonhuu nkokoaa akentengua da. Sɛ yefi fie biako mu rekɔ foforo mu a, na mmofra pii taa di yɛn akyi. Ná nkurɔfo de anigye hwɛ yɛn, na na wɔde wɔn nsa ka akokoaa no. Ná adansedi yɛ dɛ, efisɛ na nkurɔfo no anim tew paa. Na yesusuw sɛ obiara bɛba nokware no mu, efisɛ na ɛnyɛ den koraa sɛ yebefi Bible adesua ahorow ase. Nanso, na ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wobegyae atetesɛm a ennyina Kyerɛwnsɛm so akyi di. Nanso, wɔn mu pii de Bible nnyinasosɛm a ɛkorɔn dii dwuma, na asafo no dɔe. Ɔmansin nhyiam a yedii kan yɛe wɔ Jinja wɔ afe 1968 mu no yɛɛ ade titiriw wɔ asafo no abakɔsɛm mu. Ebinom a yɛne wɔn suaa Bible no a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ Nil Asubɔnten mu no yɛ anigyesɛm a yɛn werɛ remfi da. Nanso, na ɛrenkyɛ na yɛn asomdwoe no asɛe.

Bara a Wɔbaraa Yɛn—Ɛsɔɔ Yɛn Gyidi ne Yɛn Mmɔdenbɔ Hwɛe

Wɔ afe 1971 mu no, Ɔsahene Idi Amin tuu aban no gui na obedii ade. Basabasayɛ a emu yɛ den kɔɔ so wɔ Jinja, na na ɛyɛ bere a yɛrenom tii wɔ yɛn mfikyifuw mu no na tebea a yɛkaa ho asɛm mfiase no sii. Wɔ mfe abien a edii hɔ mu no, wɔpam Asiafo pii a na wɔwɔ hɔ no. Ahɔho dodow no ara kɔɔ wɔn kurom ma ɛyɛɛ den maa sukuu ne ayaresabea ahorow pii. Saa bere yi na wɔde amanneɛbɔ a emu yɛ hyew too gua sɛ wɔabara Yehowa Adansefo. Esiane sɛ na Nhomasua Asoɛe no susuw yɛn bammɔ ho nti, woyii yɛn kɔɔ ahenkurow, Kampala mu. Yenyaa tu a yetuu kɔe no so mfaso wɔ akwan abien so. Ná wonnim yɛn pii wɔ Kampala, enti na yetumi kɔ baabiara a yɛpɛ. Ná adwuma pii nso wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ asafo no mu ne asɛnka adwuma no mu.

Ná Brian ne Marion Wallace ne wɔn mma baanu no tebea te sɛ yɛn de no ara, na wɔn nso sii gyinae sɛ wɔbɛtra Uganda. Yɛn ani gyee wɔn fekubɔ ho yiye bere a yɛboom somee wɔ Kampala Asafo mu wɔ bere a na emu yɛ den yi mu no. Afei yɛn nuanom a wɔresom wɔ aman a wɔabara wɔn no ho kyerɛwtohɔ ahorow a na yɛakenkan no hyɛɛ yɛn nkuran kɛse. Ná yehyia wɔ kuw nketewa mu, na pɛnkoro wɔ ɔsram no mu no, na yɛyɛ nhyiam akɛse dan nhyiam no yɛ no sɛ apontow wɔ Entebbe Turo mu. Ná yɛn mmabea no ani gye saa nhyehyɛe yi ho paa.

Ná ɛsɛ sɛ yɛyɛ anifere paa wɔ sɛnea yɛyɛ asɛnka adwuma no ho. Sɛ́ aborɔfo a yɛbɛkɔ Ugandafo afie mu no, na ɛbɛma ani aba yɛn ho dodo. Enti, yɛde sotɔɔ ahorow, ne sukuu ahorow a sukuufo no tete hɔ yɛɛ yɛn asasesin. Ɔkwan biako a mefaa so ne sɛ na mibisa biribi a minim sɛ ebi nni hɔ, te sɛ asikre anaa ɛmo. Na sɛ sotɔɔ wura no di nea ɛrekɔ so wɔ ɔman no mu ho abooboo a, na maka Ahenni no ho asɛm akyerɛ no. Saa kwan yi a mefaa so no boae paa. Ɛtɔ da bi a, na minya nneɛma a ɛho yɛ na no nso bi ka sankɔhwɛ a na meyɛ no ho.

Saa bere no nyinaa nso, na basabasayɛ rekɔ so wɔ baabiara. Esiane sɛ na abusuabɔ a ɛda Uganda ne Britain ntam asɛe nti, atumfoɔ no twaa m’adwuma nhyehyɛe no mu. Enti wɔ afe 1974 mu no, bere a yɛatra Uganda mfe awotwe akyi no, na ɛsɛ sɛ yɛde awerɛhow ne yɛn nuanom no di nkra. Nanso, asɛmpatrɛw ho anigye a na yɛwɔ no ansɛe.

Yetu Kɔ New Guinea

Wɔ January 1975 mu no, yenyaa hokwan kɔyɛɛ adwuma wɔ Papua New Guinea. Enti yefii ɔsom adwuma a ɛyɛ anigye ase wɔ Pacific mantam yi mu. Yenyaa bɔ a yɛne anuanom no bɔe ne asɛnka adwuma a yɛne wɔn yɛe no so mfaso a na ɛyɛ anigye pii.

Bible drama a na yɛtaa yɛ no ma yɛn abusua no kae bere a na yɛwɔ Papua New Guinea no. Afe biara na yɛboa ma wɔyɛ drama wɔ ɔmantam nhyiam ase, na hwɛ anigye ara yenyae! Yɛn ani gyee mmusua a wodwen honhom fam nneɛma ho fekubɔ ho, na eyinom nyaa yɛn mmabea no so nkɛntɛnso pa. Yɛn babea panyin, Sara, waree Ray Smith a na ɔyɛ ɔkwampaefo titiriw, na wɔn baanu no boom somee sɛ akwampaefo atitiriw wɔ baabi a na ɛbɛn Irian Jaya (a seesei wɔfrɛ no Papua a ɛyɛ Indonesia mantam no) hye so no. Ná wɔn fie no yɛ dan a wɔde sare asi wɔ ɛhɔ akuraase, na Sara ka sɛ bere a odii wɔ hɔ no maa onyaa osuahu pii.

Nsakrae a Yɛyɛe Wɔ Tebea Horow Mu

Ebeduu saa bere yi na ehia sɛ yɛma yɛn ani ku m’awofo ho. Sɛ́ anka yɛbɛsan akɔ England no, m’awofo penee so sɛ wɔne yɛn bɛba abɛtra, enti yɛn nyinaa tu kɔɔ Australia wɔ afe 1983 mu. Wɔne me nuabea Daphne a na ɔda so ara wɔ Japan no nso trae kakra. Bere a m’awofo wui akyi no, me ne Ann sii gyinae sɛ yɛbɛyɛ daa akwampae adwuma no, na eyi kowie hokwan a na ɛyɛ den ma me mu.

Yefii akwampae adwuma ase pɛ na wɔtoo nsa frɛɛ yɛn sɛ yɛnkɔyɛ ɔmansin som adwuma. Na mabu ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ sɛ bere titiriw fi me mmofraase. Afei de me na na mabɛyɛ ɔmansin sohwɛfo. Besi saa bere yi na ɔmansin som adwuma no ne dwumadi a ɛyɛ den a yɛahyia wɔ yɛn asetra mu, nanso Yehowa boaa yɛn mpɛn pii sen bere biara.

Bere a Onua Theodore Jaracz bɛsraa yɛn wɔ Australia sɛ dantaban sohwɛfo wɔ afe 1990 mu no, yebisaa no sɛ ebia yɛanyin dodo sɛ yɛbɛsom sɛ bere nyinaa asomfo wɔ amannɔne anaa. Na obisae sɛ: “Mobɛpɛ sɛ mokɔ Solomon Islands anaa?” Enti awiei koraa no, bere a me ne Ann nyinaa wɔ yɛn mfe 50 mu no, yɛde yɛn ani kyerɛɛ yɛn asɛmpatrɛw dwumadi a wodii kan de hyɛɛ yɛn nsa mu.

Yɛsom Wɔ “Supɔw a Ɛso Yɛ Anigye” So

Wonim Solomon Islands no sɛ Supɔw a Ɛso Yɛ Anigye, na mfe du a atwam a yɛde asom wɔ ha no ayɛ anigye bere ankasa. Bere a na mesom sɛ ɔmantam sohwɛfo wɔ Solomon Islands no, anuanom mmarima ne mmea no daa ayamye adi kyerɛɛ me ne Ann. Ahɔhoyɛ su a wɔdaa no adi kyerɛɛ yɛn no kaa yɛn koma paa, na obiara nyaa me ho abotare bere a mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu wɔ Solomon Islands Pidgin kasa mu no—kasa a emu nsɛmfua nnɔɔso koraa wɔ wiase no mu biako.

Bere a yeduu Solomon Isalands akyi bere tiaa bi no, asɔretiafo bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhaw yɛn wɔ yɛn Nhyiam Asa ho. Anglikan asɔre no bɔɔ Yehowa Adansefo sobo sɛ bere a yɛresi yɛn Nhyiam Asa foforo a ɛwɔ Honiara no yɛfaa wɔn asase no bi. Aban no dii wɔn akyi, enti yɛsan de asɛm no kɔdan Asɛnnibea Kunini. Ná nea ebefi asɛm a yɛde akɔdan Asɛnnibea Kunini no mu aba no na ɛbɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yebubu Nhyiam Asa a ɛfa nnipa 1,200 no anaasɛ ɛbɛkɔ so asi hɔ.

Asɛnnibea no de nnawɔtwe mũ na edii asɛm no. Bere a wɔrebɔ yɛn so nkuro no, na yɛn asɔretiafo no mmaranimfo no nim sɛ wɔadi nkonim awie, enti na ama wahoman. Afei, yɛn mmaranimfo, Onua Warren Cathcart a ofi New Zealand no de nsɛm a emu yɛ den bɔɔ asɔretiafo no nsɛm no gui mmiako mmiako. Eduu Fida no, na asɛm a asi wɔ asɛnnibea hɔ no atrɛw kɔ akyirikyiri, enti na asɔre mpanyimfo, aban mpanyimfo, ne yɛn nuanom Kristofo abɛhyɛ asɛnnibea hɔ ma. Mekae sɛnea wodii mfomso wɔ asɛm a wɔkyerɛw guu asɛnnibea amanneɛbɔ pon so no. Wɔkyerɛwee sɛ: “Solomon Islands Government and the Church of Melanesia v. Jehovah.” (Solomon Islands Aban ne Melanesia asɔre no ne Yehowa) Yedii nkonim.

Nanso, na asomdwoe a ɛwɔ Supɔw a Ɛso Yɛ Anigye no so no renkyɛ. Me ne Ann san huu aban a wotu gui a ɛde basabasayɛ bae bio. Mmusua ntam nitan kowiee ɔmanko mu. Wɔ June 5, 2000 mu no, wotuu aban no gui na ahenkurow no bedii asraafo nsam. Wɔ adapɛn kakra bi ntam de, na yɛn Nhyiam Asa no ne baabi a nnipa a na wonni baabi te no te. Ɛyɛɛ atumfoɔ no nwonwa sɛ yɛn nuanom Kristofo a wofi mmusua a wɔtentan wɔn ho mu de asomdwoe traa ase sɛ abusua biako wɔ Nhyiam Asa no so. Hwɛ adanse ara a eyi yɛe!

Asraafo no mpo gyee ɔfã biara a Yehowa Adansefo nni no toom. Eyi maa yetumi ka kyerɛɛ asraafo mpanyimfo no biako sɛ ɔmma yɛn kwan na yɛmfa nhoma ne nneɛma foforo a egu lɔre mu nkɔma anuanom kuw ketewa bi a wɔatew wɔn ho wɔ baabi a asɔretiafo no wɔ no akyi. Bere a yekohuu mmusua a na wɔne yɛn ntam atetew asram bi no, yɛn nyinaa sui.

Yɛwɔ Pii a Yebetumi Akyerɛ Ho Anisɔ

Sɛ yesusuw yɛn asetra wɔ Yehowa som mu ho a, yɛwɔ pii a yebetumi akyerɛ ho anisɔ. Sɛ́ awofo no, yɛn ani agye sɛ yɛn mmabea baanu no nyinaa ne wɔn kununom, Ray ne John, kɔ so som Yehowa wɔ nokwaredi mu. Wɔaboa yɛn paa wɔ yɛn asɛmpatrɛw adwuma mu.

Wɔ mfe 12 a atwam no, me ne Ann anya hokwan resom wɔ Solomon Islands baa dwumadibea, na wɔ saa bere no mu no, yehu Ahenni adawurubɔfo dodow a ɛwɔ Solomon Islands sɛ abu abɔ ho abien ma wɔaboro 1,800. Nnansa yi, minyaa hokwan foforo kɔɔ Sukuu a wɔyɛ ma Baa Boayikuw Mufo no bi wɔ Patterson, New York. Nokwarem no, asɛmpatrɛw ho anigye a yekuraa mu no ama yɛanya asetra a abotɔyam ne nhyira pii wom.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Hwɛ asɛm “We Did Not Procrastinate” (Yɛantwentwɛn Yɛn Nan Ase) a ɛwɔ Engiresi Ɔwɛn-Aban, January 15, 1977 mu no.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Yɛn ayeforohyia da, afe 1960

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Stanley ne Esinala Makumba hyɛɛ yɛn abusua no nkuran wɔ Uganda

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Sara rekɔ ofipamfo bi fie

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Meyɛɛ mfonini ahorow ma ɛboae ma mitumi kyerɛɛ Solomon Islandsfo no ade

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Yɛne asafo bi a atew ne ho nhyiam wɔ Solomon Islands

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Yɛn abusua no nnɛ