Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bɔhyɛ a Wubetumi De Wo Ho Ato So

Bɔhyɛ a Wubetumi De Wo Ho Ato So

Bɔhyɛ a Wubetumi De Wo Ho Ato So

NA Onyankopɔn diyifo Mika nim sɛ mpɛn pii no, bɔhyɛ ahorow tumi di huammɔ. Wɔ ne bere so no, nnamfo a na wɔn ayɔnkofa mu yɛ den mpo antumi annya wɔn ho mu ahotoso bere nyinaa sɛ wobedi wɔn nsɛm so. Enti Mika bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Munnnye adamfo nnni, mommfa mo ho nto ɔyɔnko so; ɔbea a ɔda wo koko mu no, ne ho na wɛn wano.”—Mika 7:5.

So saa awerɛhow tebea yi maa Mika adwenem yɛɛ no naa wɔ bɔhyɛ ahorow nyinaa ho? Dabi! Onyaa bɔ ahorow a ne Nyankopɔn, Yehowa, hyɛe no mu ahotoso koraa. Mika kyerɛwee sɛ: “Na mede, [Yehowa, NW] na mehwɛ no kwan, mɛtwɛn me nkwagye Nyankopɔn no.”—Mika 7:7.

Dɛn nti na Mika nyaa ahotoso a ɛte saa? Efisɛ na onim sɛ Yehowa di ne bɔhyɛ so bere nyinaa. Ntam biara a Onyankopɔn kaa Mika nananom no anni huammɔ na ɛbaam. (Mika 7:20) Yehowa nokwaredi wɔ mmere a atwam mu no maa Mika nyaa ntease pa a enti obetumi agye adi sɛ Obedi Ne bɔhyɛ so daakye.

“Asɛm Biako . . . Ntɔɔ Fam”

Sɛ nhwɛso no, na Mika nim sɛ Yehowa gyee Israelfo no fii Misraim nkoasom mu. (Mika 7:15) Yosua, a onyaa saa ogye no mu kyɛfa no, hyɛɛ ne mfɛfo Israelfo nkuran sɛ wonya Onyankopɔn bɔhyɛ nyinaa mu gyidi. Na egyina dɛn so? Yosua kaee wɔn sɛ: “Na munhu mo koma nyinaa mu ne mo kra nyinaa mu sɛ, asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a [Yehowa, NW] mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu: ne nyinaa aba mu ama mo, emu asɛm biako pɛ antɔ fam.”—Yosua 23:14.

Na Israelfo no nim yiye sɛ Yehowa ayɛ anwonwade pii ama wɔn. Na wɔadi bɔ a ɔhyɛɛ wɔn nana Abraham a osuro Onyankopɔn sɛ n’asefo bɛyɛ sɛ nsoromma na wɔafa Kanaan asase no sɛ agyapade no so. Yehowa ka kyerɛɛ Abraham nso sɛ n’asefo bɛkɔ ahohia mu mfirihyia 400 nanso wɔbɛsan aba Kanaan wɔ “awo ntoatoaso anan mu.” Eyi nyinaa baam.—Genesis 15:5-16; Exodus 3:6-8.

Wogyee Israelfo no fɛw so wɔ Misraim wɔ Yakob ba Yosef bere so. Akyiri yi no Misrifo de wɔn hyɛɛ nkoasom mu wɔ atirimɔden so, nanso sɛnea Onyankopɔn ahyɛ bɔ no, wɔ awo ntoatoaso a ɛto so anan mu fi bere a wɔhyɛn Misraim no, wogyee saa Abraham asefo yi fii Misrifo nkoasom mu. *

Wɔ mfe 40 mu no, Israelfo no nyaa adanse afoforo a ɛkyerɛ sɛ Yehowa di ne bɔhyɛ so bere nyinaa. Bere a Amalekfo de ntua baa Israelfo a wɔnyɛɛ wɔn hwee no so no, Onyankopɔn ko maa ne nkurɔfo na ɔbɔɔ wɔn ho ban. Ɔde wɔn honam fam ahiade nyinaa maa wɔn wɔ mfe 40 akwantu wɔ sare so no mu na bere bi akyi no ɔde wɔn kɔtraa Bɔhyɛ Asase no so. Bere a Yosua reti abakɔsɛm a ɛfa sɛnea Yehowa ne Abraham asefo dii nsɛm no mu no, otumi kaa no ahotoso mu sɛ: “Asɛm pa a [Yehowa, NW] kaa Israel fi no nyinaa mu asɛm biara antɔ fam, ne nyinaa baa mu.”—Yosua 21:45.

Nya Onyankopɔn Bɔhyɛ Ahorow Mu Ahotoso

Ɔkwan bɛn so na wubetumi anya Yehowa bɔhyɛ ahorow mu gyidi te sɛ nea Mika ne Yosua nyae no? Wiɛ, ɔkwan bɛn so na wofa nya afoforo mu ahotoso? Wone wɔn bɔ paa sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu wɔn yiye. Sɛ nhwɛso no, ebia wubehu sɛnea wubetumi de wo ho ato wɔn so denam hyɛ a wobɛhyɛ no nsow sɛ wofi nokwaredi mu bɔ mmɔden sɛ wobedi wɔn bɔhyɛ nyinaa so no so. Bere a nimdeɛ a wowɔ fa saa nkurɔfo no ho yɛ kɛse no, wunya wɔn mu ahotoso nkakrankakra. Wubetumi ayɛ saa ara afa gyidi a wubenya wɔ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu no ho.

Ɔkwan biako a wubetumi afa so ayɛ eyi ne sɛ wubesusuw abɔde ne mmara horow a ɛkyerɛ wɔn kwan no ho. Nyansahufo de wɔn ho to saa mmara yi so, te sɛ mmara a ɛkyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ onipa nkwaboaa biako mu kyekyɛ na ebu bɔ ho yɛ nkwammoaa ɔpepepepem pii a ɛbom yɛ wo nipadua no. Nokwarem no, ɛbɛyɛ sɛ Mmarahyɛfo a wotumi de wɔn ho to no so koraa na ɔde mmara a ɛkyerɛ nneɛma a ɛwɔ amansan yi nyinaa mu ne tumi a ɛwɔ mu no kwan no sii hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ wubetumi de wo ho ato ne bɔhyɛ ahorow so, sɛnea wowɔ awerɛhyem wɔ ne mmara a ɛkyerɛ n’abɔde kwan no mpo mu no.—Dwom 139:14-16; Yesaia 40:26; Hebrifo 3:4.

Denam odiyifo Yesaia, a ɔyɛ Mika bere soni no so no, Yehowa de bere nkyekyɛm ne nsu kyinhyia a ɛyɛ nwonwa kyerɛkyerɛ sɛnea wobetumi de wɔn ho ato n’asɛm so dii dwuma. Na osu tɔ afe biara. Ɛmaa fam fɔwee na ɛmaa nkurɔfo tumi guu wɔn aba na wotwaa wɔn nnɔbae. Wɔ eyi mu no, Yehowa kae sɛ: “Sɛnea osu ne sukyerɛma fi soro gu fam na ɛnsan nkɔ hɔ bio, gye sɛ ɛfɔw asase ansa ma ɛba aduan na ɛsow aba, na ɛde aba ma ogufo ne aduan ma odifo no, saa ara na m’asɛm a efi m’anom bɛyɛ: ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.”—Yesaia 55:10, 11.

Paradise Ho Bɔhyɛ Bɛbam

Adebɔ mu a yɛbɛhwehwɛ betumi ama yɛanya ahotoso wɔ Ɔbɔadeɛ no mu, nanso sɛ wopɛ sɛ wusua ne bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ ‘asɛm a efi n’anom’ no ho ade a, ɛnde biribi ho hia paa. Nea ɛbɛyɛ na woasua saa bɔhyɛ ahorow yi ho ade na woatumi de wo ho ato so no, ɛho hia sɛ wohwehwɛ Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no mu kyerɛwtohɔ a ɛfa Onyankopɔn atirimpɔw ma asase no ne sɛnea ɔne adesamma di nsɛm no ho.—2 Timoteo 3:14-17.

Odiyifo Mika nyaa Yehowa bɔhyɛ ahorow mu ahotoso. Wowɔ Onyankopɔn kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no pii mpo kyɛn nea na Mika wɔ no. Bere a wokenkan Bible no na wudwennwen ho no, wo nso wubetumi anya gyidi sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam. Saa bɔhyɛ ahorow yi mfa Abraham honam fam asefo nkutoo ho, na mmom adesamma nyinaa. Yehowa hyɛɛ saa tete agya a osuro Onyankopɔn yi bɔ sɛ: “W’asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa, efisɛ woatie me nne.” (Genesis 22:18) Abraham “aseni” anaa asefo no mu otitiriw ne Mesia no, Yesu Kristo.—Galatifo 3:16.

Denam Yesu Kristo so no, Yehowa bɛhwɛ ma adesamma asoɔmmerɛwfo anya nhyira. Na dɛn na Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ wɔ yɛn bere yi so? Mika 4:1, 2 ma ho mmuae wɔ saa nkɔmhyɛ nsɛm yi mu: “Na nna a edi akyiri no mu no, [Yehowa, NW] fi bepɔw no betim hɔ ataa mmepɔw atifi, na wɔama so asen nkoko nyinaa, na aman asen yuu aba so. Na amanaman pii bɛkɔ akɔka sɛ: Mommra mma yɛnkɔ [Yehowa, NW] bepɔw so nkɔ Yakob Nyankopɔn fi, na ɔnkyerɛ yɛn n’akwan, na yɛnnantew n’atempɔn so.”

Wɔn a wosua Yehowa akwan ho ade no de “wɔn mfoa abobɔ nsɔw, na wɔde wɔn mpeaw ayeyɛ nnare.” Akodi ho akɔnnɔ biara tu yera. Ɛrenkyɛ teefo bɛhyɛ asase no so ma, na obiara renyi wɔn hu. (Mika 4:3, 4) Yiw, Onyankopɔn Asɛm hyɛ bɔ sɛ wɔ Yesu Kristo Ahenni nniso ase no, Yehowa beyi wɔn a wɔhyɛ afoforo so wɔ asase so no nyinaa afi hɔ.—Yesaia 11:6-9; Daniel 2:44; Adiyisɛm 11:18.

Wɔn a wohuu amane na wowuwui esiane adesamma atua a wɔtew tia Onyankopɔn nti no mpo benya owusɔre a wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ asase so. (Yohane 5:28, 29) Wobeyi Satan ne n’adaemone, wɔn a wɔde abɔnefosɛm ba no afi hɔ, na wɔnam Yesu agyede afɔrebɔ no so beyi nea Adam bɔne de aba no nyinaa afi hɔ. (Mateo 20:28; Romafo 3:23, 24; 5:12; 6:23; Adiyisɛm 20:1-3) Na nnipa asoɔmmerɛwfo tebea bɛyɛ dɛn? Wobenya daa nkwa wɔ akwahosan a ɛyɛ pɛ mu wɔ paradise asase so!—Dwom 37:10, 11; Luka 23:43; Adiyisɛm 21:3-5.

Bɔhyɛ ahorow a ɛyɛ nwonwa bɛn ara ni! Nanso so wubetumi agye adi? Akyinnye biara nni ho sɛ wubetumi agye adi. Eyi nyɛ bɔhyɛ ahorow a efi nnipa a ebia wɔwɔ atirimpɔw pa nanso wonni tumi a wɔde bedi ho dwuma no hɔ. Ɛyɛ bɔ ahorow a Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn a ontumi nni atoro na ‘ɔnkyɛ ne bɔhyɛ ho’ no na ahyɛ. (2 Petro 3:9; Hebrifo 6:13-18) Wubetumi anya ahotoso koraa wɔ bɔhyɛ ahorow nyinaa a ɛwɔ Bible mu no mu, efisɛ ne Fibea ne ‘Yehowa, nokware Nyankopɔn no.’—Dwom 31:5.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 8 Hwɛ Insight on the Scriptures, po 1, a Yehowa Adansefo na wotintimii, no nkratafa 911-12.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

‘Asɛm biako pɛ ntɔɔ fam, nsɛmpa a Yehowa mo Nyankopɔn kae wɔ mo ho no nyinaa mu.’—YOSUA 23:14

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 4, 5]

Yehowa dii ne bɔ a ɔhyɛɛ Israelfo no wɔ Po Kɔkɔɔ no mu ne sare so no so

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 7]

Yehowa dii bɔ a ɔhyɛɛ Abraham no so. N’aseni, Yesu Kristo, de nhyira bɛbrɛ adesamma