Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Genesis Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—II

Genesis Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—II

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Genesis Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—II

EFI ɔbarima a odi kan, Adam, bɔ so kosi Yakob ba Yosef wu so no, Genesis nhoma no ka adesamma abakɔsɛm mu mfirihyia 2,369 ho asɛm. Yesusuw ti 10 a edi kan ne ti 11 no mu nkyekyɛm 9, kyerɛwtohɔ a efi adebɔ so kosi Babel abantenten so, no ho wɔ nsɛmma nhoma a edi eyi anim no mu. * Saa asɛm yi susuw Genesis nhoma no mu nsɛntitiriw a aka nyinaa ho, na ɛfa sɛnea Onyankopɔn ne Abraham, Isak, Yakob, ne Yosef dii nsɛm ho.

ABRAHAM BƐYƐƐ ONYANKOPƆN ADAMFO

(Genesis 11:10–23:20)

Wɔ Nsuyiri no akyi bɛyɛ mfirihyia 350 no, wɔwoo ɔbarima bi a ɔsom bo paa ma Onyankopɔn wɔ Noa ba Sem anato mu. Ne din ne Abram, a akyiri yi ɛsesaa bɛyɛɛ Abraham no. Onyankopɔn hyɛɛ Abram sɛ omfi Kaldeafo kurow Ur mu nkɔtra ntamadan mu wɔ asase a Yehowa hyɛɛ bɔ sɛ ɔde bɛma ɔne n’asefo no so. Esiane Abraham gyidi ne ne setie nti, wɔbɛfrɛɛ no “Onyankopɔn adamfo.”—Yakobo 2:23.

Yehowa yɛɛ ade tiaa amumɔyɛfo a na wɔte Sodom ne nkurow a ɛbemmɛn no mu no, nanso wɔkoraa Lot ne ne mmabea so. Wɔwoo Abraham babarima Isak maa Onyankopɔn bɔhyɛ baa mu. Mfe bi akyi no, wɔsɔɔ Abraham gyidi hwɛe bere a Yehowa hyɛɛ no sɛ ɔmfa ne babarima yi mmɔ afɔre no. Abraham yɛɛ krado sɛ obedi ahyɛde no so, nanso ɔbɔfo bi maa ogyaee. Akyinnye biara nni ho sɛ na Abraham yɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidi, na wɔmaa no awerɛhyem sɛ ɛdenam n’aseni so no, wobehyira amanaman nyinaa. Abraham yere a ɔdɔ no, Sara, a owui no maa odii awerɛhow kɛse.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

12:1-3—Bere bɛn na Abraham apam no fii ase yɛɛ adwuma, na ɛtraa hɔ bere tenten ahe? Ɛda adi sɛ apam a Yehowa ne Abram yɛe sɛ “[Abram] mu na wobehyira asase so mmusua nyinaa” no fii ase yɛɛ adwuma bere a Abram twaa Eufrate sɛ ɔrekɔ Kanaan no. Ɛbɛyɛ sɛ na eyi yɛ Nisan 14, 1943 A.Y.B. mu—mfirihyia 430 ansa na wɔregye Israel afi Misraim no. (Exodus 12:2, 6, 7, 40, 41) Ná Abraham apam no yɛ “daa apam.” Ɛbɛkɔ so ayɛ adwuma kosi sɛ wobehyira asase so mmusua nyinaa na wɔasɛe Onyankopɔn atamfo.—Genesis 17:7; 1 Korintofo 15:23-26.

15:13—Bere bɛn na nkɔmhyɛ a ɛne sɛ Abram asefo ho behiahia wɔn mfirihyia 400 no nyaa mmamu? Saa ahohia bere yi fii ase wɔ 1913 A.Y.B. mu bere a wotwaa Abraham ba Isak nufu bere a na wadi bɛyɛ mfe 5 na n’agya ba Ismael a na wadi mfe 19 ‘redi’ ne ho ‘fɛw’ no. (Genesis 21:8-14; Galatifo 4:29) Ɛbaa awiei bere a wogyee Israelfo fii Misraim nkoasom mu wɔ 1513 A.Y.B. mu no.

16:2—So na ɛfata sɛ Sarai de n’afenaa Hagar bɛma Abram aware? Nea Sarai yɛe no ne amammerɛ a na ɛwɔ hɔ saa bere no hyia—amammerɛ a na ɛne sɛ sɛ ɔyere bi nwo a, ɔbɛhwehwɛ ayefam ama ne kunu na wawo dedifo ama no no. Kain abusua mu na ɔyerenom dodow aware no fii ase. Awiei koraa no, ɛbɛyɛɛ amammerɛ, na Yehowa asomfo bi mpo yɛɛ saa. (Genesis 4:17-19; 16:1-3; 29:21-28) Nanso, Yehowa ampo ne kan gyinapɛn a ɛne ɔyere biako aware no. (Genesis 2:21, 22) Ɛda adi sɛ, na Noa ne ne mmabarima a wotĩĩ ahyɛde a ɛne sɛ ‘wɔnwo nhyɛ asase so ma’ mu kyerɛɛ wɔn no wɔ yerenom mmiako mmiako. (Genesis 7:7; 9:1; 2 Petro 2:5) Na Yesu Kristo nso sii ɔyere biako ho gyinapɛn no so dua.—Mateo 19:4-8; 1 Timoteo 3:2, 12.

19:8—So na mfomso nni ho sɛ Lot de ne mmabea bɛma Sodomfo? Sɛnea na Apuei fam amammerɛ kyerɛ no, na ɛyɛ ɔhɔhogyefo bi asɛyɛde sɛ ɔbɛbɔ ahɔho a wɔaba ne fie no ho ban, na sɛ na ɛho behia mpo a, ɔbɛbɔ wɔn ho ban akosi owu mu. Ná Lot ayɛ krado sɛ ɔbɛyɛ saa. Ɔde akokoduru kohyiaa basabasayɛfo no, too pon no mu wɔ n’akyi, na ɛkaa ɔne wɔn nkutoo. Bere a Lot kyerɛe sɛ ɔde ne mmabea no bɛma Sodomfo no, akyinnye biara nni ho sɛ na onim sɛ n’ahɔho no yɛ nnipa a Onyankopɔn asoma wɔn, na ɛbɛyɛ sɛ osusuwii sɛ Onyankopɔn betumi abɔ ne mmabea no ho ban sɛnea Ɔbɔɔ ne sewaa Sara ho ban wɔ Misraim no. (Genesis 12:17-20) Nokwarem no, sɛnea ɛkɔbae no, wɔbɔɔ Lot ne ne mmabea no ho ban.

19:30-38—So na Yehowa pene so sɛ Lot bɛbow nsa na ɔne ne mmabea baanu no awo? Yehowa mpene mogyafra anaa asabow so. (Leviticus 18:6, 7, 29; 1 Korintofo 6:9, 10) Lot ankasa ampene ‘ahohwibra’ a ɛkɔɔ so wɔ Sodom no so. (2 Petro 2:6-8) Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Lot mmabea no maa no nsa nom bowee no di adanse sɛ na wonim sɛ sɛ Lot ani so da hɔ a, ɔrempene so sɛ ɔne wɔn benya nna mu kyɛfa. Nanso esiane sɛ na wonnim obiara wɔ asase no so nti, ne mmabea no tee nka sɛ eyi ne ɔkwan koro pɛ a wobetumi afa so ma Lot abusua no ase ntɔre. Wɔyɛɛ eyi ho kyerɛwtohɔ wɔ Bible mu de kyerɛɛ abusuabɔ a Moabfo (a wofi Moab mu) ne Amonfo (a wofi Ben-Ami mu) ne Abraham asefo Israelfo no wɔ.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

13:8, 9. Nhwɛso pa a Abraham yɛe wɔ sɛnea yebesiesie ntawntawdi bɛn ara ni! Ɛnsɛ sɛ yɛma sika, yɛn ankasa akɔnnɔde, anaa ahantan sɛe asomdwoe a ɛwɔ yɛne afoforo ntam no da.

15:5, 6. Bere a na Abraham rebɔ akwakoraa nanso ɔnwoo ba no, ɔkaa ho asɛm kyerɛɛ ne Nyankopɔn. Yehowa nso maa no awerɛhyem. Dɛn na efii mu bae? Abraham ‘gyee Yehowa dii.’ Sɛ yebue yɛn komam ma Yehowa wɔ mpaebɔ mu, gye ne bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Bible mu di, na yetie no a, yɛn gyidi mu bɛyɛ den.

15:16. Yehowa twentwɛnee atemmu a ɔde reba Amorifo (anaa Kanaanfo) so no so kosii awo ntoatoaso anan so. Dɛn ntia? Efisɛ ɔyɛ boasetɔ Nyankopɔn. Ɔtwɛn kosii sɛ anidaso sae koraa sɛ wɔbɛsakra. Te sɛ Yehowa no, ɛsɛ sɛ yenya boasetɔ.

18:23-33. Yehowa nsɛe atreneefo mfra abɔnefo. Ɔbɔ atreneefo ho ban.

19:16. Lot ‘twentwɛnee ne nan ase,’ na na ɛsɛ sɛ abɔfo no twe ɔne n’abusua fi Sodom kurow mu. Ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛremma yɛn ani mpa sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no so bere a yɛtwɛn amumɔyɛ wiase yi awiei no.

19:26. Hwɛ sɛnea nyansa nnim sɛ yɛbɛma wiase nneɛma a yɛagyaw no atwetwe yɛn anaa yɛn kɔn bɛsan adɔ!

YAKOB WOO MMABARIMA 12

(Genesis 24:1–36:43)

Abraham yɛɛ nhyehyɛe maa Isak waree Rebeka, ɔbea a na ogye Yehowa di. Rebeka woo Esau ne Yakob a na wɔyɛ ntaa. Esau poo hokwan a ɔwɔ sɛ abakan no na ɔtɔn maa Yakob a akyiri yi onyaa ne papa nhyira no. Yakob guan kɔɔ Padan-aram, baabi a ɔwaree Lea ne Rahel na ɔhwɛɛ wɔn papa nguan bɛyɛ mfirihyia 20 ansa na ɔne n’abusua refi hɔ no. Yakob ne Lea, Rahel, ne wɔn mfenaa baanu woo mmabarima 12 ne mmabea nso. Yakob ne ɔbɔfo bi dii apere ma ohyiraa no, na ɔsesaa ne din yɛɛ no Israel.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

28:12, 13—Dɛn na Yakob dae a ɛfa “antweri” ho no kyerɛ? Saa “antweri” yi, a na ɛte sɛ abo atrapoe a ɛware yiye no, kyerɛe sɛ asase sofo ne ɔsorofo nya nkitahodi. Ná Onyankopɔn abɔfo a wɔredi aforosian wɔ antweri no so no kyerɛ sɛ abɔfo no di dwuma titiriw bi wɔ Yehowa ne adesamma a wɔwɔ ne mpeneso no ntam.—Yohane 1:51.

30:14, 15—Dɛn nti na Rahel poo hokwan a ɛne sɛ obenyinsɛn no de sesaa adesãa? Wɔ tete mmere mu no, na wɔde adesãa aba yɛ aduru de sa obi a ɔwɔ adwenemhaw anaa ne ntini twetwe no yare. Wɔkyerɛ sɛ na aba no tumi kanyan nna ho nkate na na ɛma obi tumi wo nso. (Nnwom Mu Dwom 7:13) Bere a Bible no nkyerɛ atirimpɔw nti a Rahel dii saa nsesa no, ebia na osusuw sɛ adesãa no bɛboa no ma wanyinsɛn na ayi ahohora a ɛne sɛ ɔnwo no afi hɔ. Nanso, mfe bi akyi ansa na Yehowa ‘buee n’awotwaa mu.’—Genesis 30:22-24.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

25:23. Yehowa wɔ tumi a ɔde hu sɛnea obi a wonnya nwoo no bɛyɛ n’ade afa, na ɔde nneɛma ho nimdeɛ a odi kan nya no paw obi ma n’atirimpɔw. Nanso, onni kan nhwehwɛ adesamma awiei koraa nto hɔ.—Hosea 12:3; Romafo 9:10-12.

25:32, 33; 32:24-29. Ɔpɛ a Yakob nyae sɛ ne nsa bɛka abakan hokwan no ne ɔbɔfo bi a ɔne no dii apere anadwo mũ nyinaa sɛ onhyira no no kyerɛ ankasa sɛ na ɔkyerɛ akronkronne ho anisɔ. Yehowa de akronkronne pii ahyɛ yɛn nsa, te sɛ abusuabɔ a yɛne no ne n’ahyehyɛde no benya, agyede no, Bible no, ne Ahenni anidaso no. Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ sɛ Yakob na yɛakyerɛ saa nneɛma yi ho anisɔ.

34:1, 30. Ade a ɛde ‘ɔhaw’ baa Yakob so no fii ase esiane sɛ Dina ne nnipa a wɔnnɔ Yehowa nyaa ayɔnkofa nti. Ɛsɛ sɛ yɛpaw yɛn fekubɔ wɔ nyansam.

YEHOWA HYIRAA YOSEF WƆ MISRAIM

(Genesis 37:1–50:26)

Ninkuntwe maa Yakob mmabarima no tɔn wɔn nuabarima Yosef sɛ akoa. Wɔ Misraim no, wɔde Yosef too afiase esiane sɛ ɔde nokwaredi ne akokoduru dii Onyankopɔn abrabɔ ho gyinapɛn ahorow akyi nti. Bere bi akyi no, woyii no fii afiase ma ɔbɛkyerɛɛ Farao dae a na ɛfa mfirihyia ason a aduan bebu so ne ɛno akyi mfirihyia ason a ɔkɔm besi mu ho no ase. Afei wɔde Yosef yɛɛ aduan sohwɛfo wɔ Misraim. Ne nuanom baa Misraim bɛhwehwɛɛ aduan esiane ɔkɔm no nti. Abusua no san yɛɛ biako na wɔtraa Gosen asase a ɛbɔ nnɔbae no so. Bere a Yakob rewu no, ohyiraa ne mmabarima no na ɔhyɛɛ nkɔm a ɛmaa wonyaa anidaso a edi mu sɛ wobenya nhyira kɛse wɔ mfehaha a edi hɔ no mu. Wɔde Yakob amũ kɔɔ Kanaan kosiei. Bere a Yosef wui a na wadi mfe 110 no, wɔhyɛɛ no aduru, na awiei koraa no, wɔde no kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so.—Exodus 13:19.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

43:32—Dɛn nti na na ɛyɛ akyide ma Misrifo sɛ wɔne Hebrifo bɛto nsa adidi? Ebetumi aba sɛ na eyi te saa esiane ɔsom mu menasepɔw anaa abusua mu ahantan nti. Ná Misrifo kyi nguanhwɛfo nso. (Genesis 46:34) Dɛn ntia? Ebetumi aba sɛ na nguanhwɛfo yɛ nnipa a wɔba fam koraa wɔ Misrifo mmusua mu. Anaasɛ ebetumi aba sɛ esiane sɛ na asase a Misrifo no de yɛ mfuw no sua nti, na wokyi wɔn a wɔrehwehwɛ adidibea ama wɔn nguan no.

44:5—So na Yosef de kuruwa kena ankasa? Ɛda adi sɛ na dwetɛ kuruwa no ne nsɛm a wɔka faa ho no yɛ nkontompo anaa nnaadaasɛm. Ná Yosef yɛ Yehowa somfo nokwafo. Ná ɔmfa kuruwa no nkena ankasa, sɛnea Benyamin anwia kuruwa no ankasa no.

49:10—Dɛn na “ahempoma” ne “mmarahyɛ poma” no kyerɛ? Ahempoma yɛ dua bi a sodifo bi kura de kyerɛ tumi a ɔwɔ sɛ ɔhene. Mmarahyɛfo poma no yɛ dua tenten bi a ɛkyerɛ tumi a ɔwɔ sɛ ɔhyɛ mmara. Eyinom a Yakob twee adwene sii so no kyerɛ sɛ na tumidi nhyehyɛe titiriw bi bɛkɔ so wɔ Yuda abusua mu kosi sɛ Silo no bɛba. Saa Yuda aseni yi ne Yesu Kristo, nea Yehowa de ɔsoro tumi ama no no. Kristo di tumi sɛ ɔhene na ɔwɔ tumi a ɔde hyɛ mmara.—Dwom 2:8, 9; Yesaia 55:4; Daniel 7:13, 14.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

38:26. Yuda dii mfomso wɔ sɛnea ɔne n’asew bea Tamar kunafo no dii nsɛm no mu. Nanso, bere a wɔde sii Yuda anim sɛ ɔno na ɔne no yem no, ofi ahobrɛase mu gyee ne mfomso toom. Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛbɔ mmɔden sɛ yebegye yɛn mfomso atom ntɛm.

39:9. Mmuae a Yosef de maa Potifar yere no kyerɛ sɛ na n’adwene ne Onyankopɔn de hyia wɔ abrabɔ ho na Onyankopɔn nnyinasosɛm na ɛkyerɛɛ n’ahonim kwan. So ɛnsɛ sɛ yɛn so yɛyere yɛn ho sɛ yebenya su pa a ɛte saa bere a yenyin wɔ nokware nimdeɛ mu no?

41:14-16, 39, 40. Yehowa betumi ama nsɛm tebea asakra ama wɔn a wosuro no no. Sɛ asiane bi to yɛn a, nyansa wom sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so na yɛadi no nokware.

Wonyaa Gyidi a Emu Yɛ Den

Nokwarem no, na Abraham, Isak, Yakob, ne Yosef yɛ mmarima gyidifo a wosuro Nyankopɔn. Wɔn asetra ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Genesis nhoma no mu no yɛ biribi a ɛhyɛ gyidi den ankasa na ɛma yenya asuade a ɛsom bo pii.

Wubetumi anya kyerɛwtohɔ yi so mfaso bere a wudi wo dapɛn biara Bible akenkan ho dwuma ma Teokrase Ɔsom Sukuu no. Nsɛm a ɛwɔ atifi hɔ a wubesusuw ho no bɛboa wo ma woate kyerɛwtohɔ no ase yiye.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 1 Hwɛ asɛm “Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa—Genesis Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—I” a ɛwɔ January 1, 2004, Ɔwɛn-Aban mu no.

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Yehowa hyiraa Yosef

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Ná Abraham yɛ ɔbarima a ɔwɔ gyidi

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Wɔkoraa ɔtreneeni Lot ne ne mmabea so

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Yakob kyerɛɛ akronkronne ho anisɔ. Wo nso ɛ?