Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Bɔhyɛ na Wubetumi De Wo Ho Ato So?

Hena Bɔhyɛ na Wubetumi De Wo Ho Ato So?

Hena Bɔhyɛ na Wubetumi De Wo Ho Ato So?

“BERE a ɔyɛ otumfoɔ no, na tumi wɔ ne bɔhyɛ mu, nanso mprempren a ɔnyɛ otumfoɔ bio no, tumi biara nni ne bɔhyɛ mu.”—King Henry the Eighth, a William Shakespeare kyerɛwee.

Bɔhyɛ ahorow a tumi wom a Shakespeare kaa ho asɛm wɔ ha yi yɛ Engiresi ɔsɔfopɔn Thomas Wolsey, a odii amammui mu tumi kɛse wɔ England wɔ afeha a ɛto so 16 mu no nsɛm. Ebinom bɛka sɛ nea Shakespeare kaa ho asɛm no fa bɔhyɛ ahorow a wɔte no nnɛ mu dodow no ara nso ho. Mpɛn pii no, wɔhyɛ nkurɔfo bɔ pii nanso wonni ne nyinaa so. Enti, ɛnyɛ den sɛ yɛbɛte nea enti a nkurɔfo pii adwenem yɛ wɔn naa wɔ bɔhyɛ biara ho no ase.

Huammɔdi Abu So

Sɛ nhwɛso no, wɔ ntawntawdi a ɛyɛ hu a esii wɔ Balkan aman mu wɔ 1990 mfe no mu no, Amanaman Nkabom Ahobammɔ Bagua no kae sɛ Bosnia kurow a ɛne Srebrenica no yɛ “beae a ahobammɔ wɔ.” Ɛno yɛɛ te sɛ bɔ a ahotoso wom a Amanaman Nkabom aman no hyɛe. Nkramofo aguanfo mpempem pii a wɔwɔ Srebrenica nso susuwii saa ara. Nanso, awiei no, guankɔbea ho bɔhyɛ no yɛɛ ɔkwa. (Dwom 146:3) Wɔ July, 1995 mu no, asraafo a na wɔretu sa no piaa UN asraafo no kɔɔ nkyɛn kɛkɛ na wotwiw faa ɔman no so. Nkramofo a wɔboro 6,000 tu yerae, na anyɛ yiye koraa no, wokunkum Nkramofo a wɔnyɛ asraafo 1,200.

Bɔhyɛ a wonni so ahyɛ asetra fã biara ma. Nnipa te asisi nka wɔ “nnaadaa ne nkontompo aguade ho dawurubɔ pii” a wɔde guan wɔn ho nnɛ no mu. Wɔn abasam atu wɔ “amammuifo pii ɔsatu a wontumi nni emu bɔhyɛ biara so no ho.” (The New Encyclopædia Britannica, Po 15, kratafa 37) Nyamesom akannifo a wɔwɔ wɔn mu ahotoso a wɔhyɛ bɔ sɛ wɔbɛhwɛ nguankuw no so no yɛ wɔn ayayade a ɛyɛ abofono. Wɔ nnwuma te sɛ sukuu ho ntetee ne nnuruyɛ mpo mu—a wɔkyerɛ sɛ egyina mmɔborohunu ne dwen a wodwen afoforo ho akwankyerɛ so no—ebinom ama afoforo ahwere wɔn mu ahotoso na wɔasisi anaa wɔadi wɔn a wɔwɔ wɔn hwɛ ase no awu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no bɔ yɛn kɔkɔ sɛ yennye nsɛm nyinaa nni!—Mmebusɛm 14:15.

Bɔhyɛ Horow a Wodii So

Nokwarem no, nnipa pii di wɔn bɔhyɛ so, na ɛtɔ da bi a ɛma wɔhwere ade kɛse. (Dwom 15:4) Wɔn bɔhyɛ yɛ wɔn ntanka, na wodi so. Afoforo fi nokwaredi mu pɛ sɛ wodi wɔn bɔ a wɔhyɛ so wɔ adwempa mu. Wɔayɛ krado na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobedi bɔ a wɔhyɛe so nanso wontumi nnyɛ saa. Ebia tebea horow bɛsɛe nhyehyɛe pa a ɛsen biara mpo.—Ɔsɛnkafo 9:11.

Sɛnea ɛte biara no, tebea no ankasa ne sɛ ɛyɛ den paa ma nnipa pii sɛ wobenya gyidi wɔ obiara bɔhyɛ mu. Enti asɛmmisa no sɔre sɛ: So bɔhyɛ ahorow bi wɔ a yebetumi de yɛn ho ato so? Yiw. Yebetumi anya bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm, Bible, mu no mu ahotoso. Dɛn nti na wonhwehwɛ nea asɛm a edi hɔ no ka fa saa asɛm no ho mu? Ebia wobɛka sɛ, sɛnea nnipa ɔpepem pii ayɛ dedaw no, yebetumi anya Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow mu ahotoso ankasa.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

AP Photo/Amel Emric