Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Mfiridwuma A Edi Mu Sen Biara No Biako”

“Mfiridwuma A Edi Mu Sen Biara No Biako”

“Mfiridwuma A Edi Mu Sen Biara No Biako”

BERE a wosii Yehowa asɔrefie wɔ Yerusalem wɔ Ɔhene Salomo nniso mu bɛyɛ mfirihyia 3,000 a atwam ni no, wɔde kɔbere yɛɛ asankasɔn fɛfɛ bi a wɔde nsu gu mu sii asɔrefie no kwan ano. Ná emu duru yɛ tɔn 30 na na etumi fa nsu lita 40,000. Ná wɔfrɛ asankasɔn kɛse yi ogu po. (1 Ahene 7:23-26) Mfiridwuma ho nimdefo bi a kan no na ɔwɔ Canada Ɔman Nhwehwɛmu Asoɛe, Albert Zuidhof, kae wɔ Biblical Archeologist mu sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ, na ɛyɛ mfiridwuma ahorow a edi mu sen biara wɔ Hebri man mu no mu biako.”

Ɔkwan bɛn so na wɔyɛɛ ogu po no? Bible ka sɛ: “Yordan ho asase so dɔte mu na ɔhene gui.” (1 Ahene 7:45, 46) Zuidhof ka sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ ɔkwan a na wɔfa so yɛ ogu po no te sɛ ɔkwan a wɔfa so de ‘hweawa’ yɛ kɔbere dɔn akɛse nnɛ no.” Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mpɛn pii no, na wɔde hweawa yɛ asankasɔn no nsusuwso a tokuru kɛse da ntam, na na wohwie dɔte gu tokuru no mu ma ɛwo yɛ denneennen ma ɛfa nsusuwso no. . . . Sɛ wowie a, na atõfo no nwene asankasɔn no fa hweawa no ho ma ɛwo. Ade a etwa to a na wɔyɛ ne sɛ wɔbɛnan hweawa no na afei wɔahwie nea wɔanan no agu nsusuwso no mu.”

Esiane sɛ na ogu po no sõ na emu yɛ duru nti, na egye ahokokwaw kɛse na wɔde ayɛ. Ná ɛsɛ sɛ wɔyɛ emu ne ɛho no nyinaa ma etumi soa kɔbere a emu duru yɛ tɔn 30, na na ɛsɛ sɛ wowie ogu no prɛko pɛ sɛnea ɛbɛyɛ a emu mpaapae anaa mfomso bi mma ho. Ɛda adi sɛ na eyi hwehwɛ sɛ wonya nkankyee pii a wɔde bɛbom ahwie kɔbere a anan no agu dɔte no mu. Ná ɛyɛ adwumaden ankasa!

Wɔ asɔrefie so hyira ho mpaebɔ mu no, Ɔhene Salomo de asɔrefie no ho adwuma nyinaa ho anuonyam maa Yehowa Nyankopɔn sɛ: “Wode w’ano na ɛkae, na wode wo nsa ama aba mu.”—1 Ahene 8:24.