Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam Na Ɛnyɛ Onipa

Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam Na Ɛnyɛ Onipa

Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam Na Ɛnyɛ Onipa

WƆ ASRAM kakra a abɛsen kɔ mu no, wɔn a wɔdɔ trenee a wɔwɔ wiase nyinaa suaa sɛnea wɔbɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam bere a wohyiaam wɔ Yehowa Adansefo “Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” Ɔmantam Nhyiam Ahorow ase no. Momma yentĩ nkyerɛkyerɛ a ɛkɔɔ so wɔ hɔ no mu kakra.

Nhyiamfo dodow no ara de nnansa na ɛyɛɛ Bible mu dwumadi no, na wɔn a wotumi kɔɔ amanaman ntam nhyiam atitiriw no de nnanan na ɛyɛɛ dwumadi no. Ne nyinaa mu no, nhyiamfo no tiee dwumadi ahorow a ɛboro 30 a egyina Kyerɛwnsɛm so, a nea ɛka ho ne ɔkasa ahorow a ɛbɛma wɔakyerɛ honhom fam nneɛma ho anisɔ kɛse, osuahu ahorow a ɛhyɛ gyidi den, ɔyɛkyerɛ ahorow a ɛpɛɛpɛe sɛnea wɔde Bible nnyinasosɛm di dwuma mu, ne drama a wɔhyɛɛ tetefo ntade wom a ɛkaa ɔhaw ahorow a afeha a edi kan mu Kristofo hyiae ho asɛm no. Sɛ wokɔɔ nhyiam ahorow yi biako a, dɛn nti na wuntĩ kyerɛwtohɔ a woyɛe no mu bere a wokenkan saa asɛm yi no? Yɛwɔ awerɛhyem sɛ ɛbɛkaakae wo honhom fam nnepa a wunyae no, na akyerɛkyerɛ wo nso.

Da a Edi Kan no Asɛmti: ‘Yehowa, Wofata sɛ Wugye Anuonyam’

Bere a wɔde dwom ne mpaebɔ buee dwumadi no ano akyi no, ɔkasafo a odi kan no fi anigye mu maa nhyiamfo no nyinaa akwaaba denam ɔkasa a ɛtwe adwene si dekode pɔtee nti a wɔreyɛ nhyiam no so: “Yɛahyiam sɛ Yɛrebɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam.” Ɔkasafo no twee adwene sii Adiyisɛm 4:11 so de sii nhyiam no asɛmti so dua. Ɔkyerɛkyerɛɛ nea Onyankopɔn a yɛbɛhyɛ no anuonyam no kyerɛ mu ntɛm ara. Ɔde Nnwom nhoma no dii dwuma sii so dua sɛ nea Onyankopɔn a yɛbɛhyɛ no anuonyam hwehwɛ ne ‘som a yɛbɛsom no,’ ‘aseda a yɛde bɛma no,’ ne ‘yi a yebeyi no ayɛ.’—Dwom 95:6; 100:4, 5; 111:1, 2.

Ná ɔkasa a edi hɔ no asɛmti ne “Nhyira ne Wɔn a Wɔhyɛ Onyankopɔn Anuonyam.” Ɔkasafo no kaa asɛm bi a ɛyɛ anigye. Esiane sɛ Yehowa Adansefo bɛboro ɔpepem asia na wɔwɔ nsase 234 so wɔ wiase nyinaa nti, yebetumi aka sɛ wɔn a wɔhyɛ Yehowa anuonyam no yɛ saa daa nyinaa. (Adiyisɛm 7:15) Nsɛm a wobisabisaa Kristofo mmarima ne mmea dodow bi a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma titiriw no fã bi mu no yɛ saa dwumadi yi fã bi a edi mu a ɛmaa nhyiamfo no nyaa abotɔyam.

Ná ɔkasa a edi hɔ no asɛmti ne “Abɔde Ka Onyankopɔn Anuonyam Kyerɛ.” Ɛwom sɛ ɔsoro a ɛhata hɔ yi nkasa de, nanso ɛkamfo Onyankopɔn kɛseyɛ kyerɛ, na ɛboa yɛn ma yenya ɔdɔ mu a ofi hwɛ yɛn no ho anisɔ kɛse. Ɔkasafo no too ne bo ase maa eyi mu daa hɔ yiye.—Yesaia 40:26.

Ɔtaa, ɔsɔretia, wiase nkɛntɛnso ahorow, ne nipadua no a ɛtɔ kɔ bɔne so no sɔ nokware Kristofo mudi mu kura hwɛ. Enti, ɔkasa a wɔato din “Nantew Mudi Mu” no twee nhyiamfo no adwene kɛse. Wosusuw Dwom 26 no nkyekyɛm ahorow no ho mmiako mmiako, na wobisabisaa Ɔdansefo abofra sukuuni bi a ogyinaa pintinn wɔ abrabɔ fam ne abofra foforo a na ogye bere pii wɔ anigyede a ɛmfata ho nanso otuu anammɔn de dii ɔhaw no so no nsɛm.

Nhyiam asɛmti ho ɔkasa, “Nkɔmhyɛ Kwan So Anuonyam Anisoadehu Ahorow Kanyan Yɛn!” no na ɛde anɔpa dwumadi no baa awiei. Ɔkasafo no twee adwene sii odiyifo Daniel ne asomafo Yohane ne Petro nhwɛso ahorow no so sɛ nnipa a nkɔmhyɛ kwan so anuonyam anisoadehu a ɛfa Onyankopɔn Mesia Ahenni a wɔde asi hɔ ne ne dwumadi ho no kanyan wɔn ma wɔdaa gyidi kɛse adi. Bere a ɔkasafo no retwe adwene asi wɔn a wɔabu wɔn ani agu adanse pefee a ɛkyerɛ sɛ yɛte nna a edi akyiri no mu so no so no, ɔkae sɛ: “Yɛwɔ anidaso kɛse sɛ saafo no bɛsan adan wɔn adwene aba nokware a Kristo ba a waba wɔ Ahenni anuonyam mu no yɛ no so, na ɛbɛboa wɔn ma wɔanya honhom fam ahoɔden bio.”

Ɔkasa a n’asɛmti ne “Wɔayi Yehowa Anuonyam Akyerɛ Ahobrɛasefo” na efii awia dwumadi no ase. Ɔkasafo no kyerɛɛ sɛnea Yehowa yɛ ahobrɛase ho nhwɛso, ɛmfa ho mpo sɛ ɔno ne Onipa a ɔkorɔn sen biara wɔ amansan no mu no. (Dwom 18:35) Yehowa dom wɔn a wofi komam brɛ wɔn ho ase no, nanso okyi wɔn a wɔyɛ sɛ nea wɔbrɛ wɔn ho ase bere a wɔne wɔn atipɛnfo anaa wɔn a wɔkorɔn sen wɔn redi nsɛm nkutoo, nanso wɔne wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no di nsɛm wɔ abufuw so no.—Dwom 138:6.

Nea edi hɔ no, wɔkaa Bible nkɔmhyɛ ho asɛm wɔ ɔkasa a wɔakyekyɛm a na n’asɛmti ankasa ne: “Amos Nkɔmhyɛ No—Emu Nsɛm a Ɛfa Yɛn Bere Yi Ho” no afã ahorow mu. Bere a ɔkasafo a odi kan no reka Amos nhwɛso ho asɛm no, ɔtwee adwene sii asɛyɛde a yɛwɔ sɛ yɛbɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ Yehowa atemmu a ɛreba ho no so. Ná ne kasa no asɛmti ne “Ka Onyankopɔn Asɛm Akokoduru So.” Ɔkasafo a ɔto so abien no bisaa asɛm a ɛne: “So Yehowa de asase yi so amumɔyɛsɛm ne amanehunu bɛba awiei da bi?” N’asɛmti a ɛne “Onyankopɔn Atemmu a Ɔde Ba Abɔnefo So” no kyerɛe sɛ Onyankopɔn atemmu fata bere nyinaa, ɛyɛ nea obiara ntumi nguan mfi mu, na nnipa pɔtee bi na ɔde ba wɔn so. Ɔkasafo a otwa to wɔ ɔkasa a wɔakyekyɛm no mu no twee adwene sii asɛmti a ɛne “Yehowa Hwehwɛ Koma Mu.” Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Yehowa ani no betie nsɛm a ɛwɔ Amos 5:15 no: “Montan bɔne na monnɔ papa.”

Mmosa, te sɛ bobesa a ɛma koma ani gye no, yɛ biribi a wobetumi de adi dwuma ɔkwammɔne so. Wɔ ne kasa a wɔato din “Kwati Asabow Ho Afiri” mu no, ɔkasafo no kaa honam ne honhom fam asiane a nsa a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so de ba ho asɛm, sɛ onipa no ammow mpo a. Ɔde nnyinasosɛm bi a ɛbɛkyerɛ yɛn kwan mae: Esiane sɛ ɛsono obiara ne mmosa dodow a otumi nom nti, dodow biara a ɛsɛe wo “nyansahu ne adwempa” no yɛ nea ɛboro so ma wo.—Mmebusɛm 3:21, 22.

Esiane sɛ yɛte mmere a emu yɛ den mu nti, asɛmti a edi hɔ, “Yehowa, Yɛn ‘Abannennen Wɔ Ahohia Bere Mu,’” no yɛɛ awerɛkyekye kɛse. Mpaebɔ, honhom kronkron, ne mfɛfo Kristofo betumi aboa yɛn ma yɛagyina ɔhaw ahorow ano.

Ɔkasa a etwaa to wɔ da no mu a n’asɛmti ne “‘Asase Pa No’—Paradise Nsusuwso,” no de biribi a ɛmaa nhyiamfo no nyinaa ani gyei wɔ ahodwiriw mu baa awiei—nhomawa foforo a Bible mu nsase mfonini pii wom! Wɔato din ‘Hwɛ Asase Pa No.’

Da a Ɛto So Abien no Asɛmti: “Monka N’anuonyam, Amanaman Mu”

Bere a wosusuw daa asɛm no ho wiei no, wɔde ɔkasa a wɔakyekyɛm a ɛto so abien wɔ nhyiam no mu a n’asɛmti ne “Momma Yɛnna Yehowa Anuonyam Adi Sɛ Ahwehwɛ” no mae. Ɔfã a edi kan no susuw asɛmti a ɛne “Denam Asɛmpa no a Yɛbɛtrɛw Mu Wɔ Mmaa Nyinaa So” ho, na wɔmaa afoforo kaa asɛnka mu suahu ahorow ho asɛm yɛɛ ho ɔyɛkyerɛ wɔ ɔkasa no mu. Wɔyɛɛ sankɔhwɛyɛ ho ɔyɛkyerɛ wɔ ɔkasa a ɛto so abien no mu bere a ɔkasafo no susuw asɛmti a ɛne “Denam Wɔn a Wɔafura Wɔn Ani Anim Nkataanim a Yebeyi So” ho no. Nsɛm a ɛyɛ anigye a wobisabisaa afoforo faa asɛnka mu suahu ahorow ho wɔ ɔfã a etwa to a wɔato din “Denam Saa a Yɛbɛyɛ Ma Aboro So Wɔ Asɛnka Adwuma Mu So” mu no maa saa ɔkasa no yɛɛ anigye.

Ná dwumadi no fã a edi hɔ no asɛmti ne “Wɔtan Wɔn Kwa.” Wobisabisaa ankorankoro anokwafo a esiane Onyankopɔn ahoɔden nti wokuraa wɔn mudi mu wɔ ɔsɔretia mu no nsɛm a ɛhyɛ nkuran wɔ ɔkasa no mu.

Ɔmantam nhyiam ho ade a wɔtaa hwɛ kwan kɛse ne asubɔ kasa a sɛ wɔma wie a wɔde wɔn a wɔfata sɛ wɔbɔ wɔn asu no nyinaa hyɛ nsu mu koraa no. Nsu mu asubɔ yɛ sɛnkyerɛnne kwan so adeyɛ a ɛkyerɛ sɛ obi ahyira ne ho so ama Yehowa koraa. Enti, na asɛmti no fata ankasa: “Yɛn Asetra a Yɛbɛma Ɛne Yɛn Ahosohyira Ahyia no Hyɛ Onyankopɔn Anuonyam.”

Ɔkasa a ɛhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛnyɛ yɛn ho mu nhwehwɛmu a n’asɛmti ne “Adwene a Kristo Kura Wɔ Kɛseyɛ Ho a Yebenya” no na efii awia dwumadi no ase. Ɔkasafo no maa anigyesɛm yi daa adi: Kɛseyɛ gyina Kristo ahobrɛase a yebesuasua so. Enti, ɛnsɛ sɛ Kristoni hwehwɛ asɛyɛde de di n’ankasa akɔnnɔ ho dwuma. Ɛsɛ sɛ obisa ne ho sɛ, ‘So mewɔ ɔpɛ sɛ mɛyɛ nnwuma a mfaso wɔ so a afoforo nhu no ntɛm?’

So ɛyɛ a wote nka sɛ woabrɛ? Etumi ba saa. Yɛn nyinaa ani sɔɔ ɔkasa a n’asɛmti ne “Yɛabrɛ, Nanso Yɛmpaa Abaw” no. Adansefo a wɔde bere tenten asom a wobisabisaa wɔn nsɛm no daa no adi sɛ Yehowa betumi ‘ahyɛ yɛn den denam ne honhom so.’—Efesofo 3:16.

Ayamye yɛ su a wɔmfa nwo yɛn, na mmom ɛsɛ sɛ yesua. Wɔdaa asɛntitiriw yi adi wɔ ɔkasa a wɔato din “Kyɛ Ade Fɛw So, Ma Wo Nsa Nteɛ” no mu. Na wobisaa asɛm a ɛkanyan adwene yiye yi: “So yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛde simma kakra wɔ da mu ne anuanom mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim, wɔyare, wɔabotow, anaa wɔayɛ ankonam no bɛbɔ?”

Ɔkasa a n’asɛmti ne “Hwɛ Yiye Wɔ ‘Ananafo Nne’ Ho” no twee atiefo no adwene yiye. Saa ɔkasa yi de Yesu akyidifo no totoo nguan a wotie ne nkutoo nne sɛ “oguanhwɛfo pa” na wontie “ananafo nne” a Ɔbonsam nam n’adwumayɛfo pii so de ba no ho.—Yohane 10:5, 14, 27.

Ɛsɛ sɛ nnwontofo kuw de nokoro to dwom na ama afoforo ate ase. Nea ɛbɛyɛ na nokware asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa ahyɛ Onyankopɔn anuonyam no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ biako. Enti, ɔkasa a wɔato din “Momfa ‘Ano Koro’ Nhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” no de nkyerɛkyerɛ a mfaso wɔ so fa sɛnea yɛn nyinaa betumi aka “kasa kronn” biako na yɛde “ɔnokoro” asom Yehowa ho no mae.—Sefania 3:9.

Ɔkasa a etwa to wɔ da no mu a wɔato din “Yɛn Mma—Agyapade a Ɛsom Bo” no maa awofo ani gyei kɛse, titiriw wɔn a wɔwɔ mma nkumaa no. Woyii nhoma foforo a ekura nkratafa 256 adi, na eyi maa anigye ne ahodwiriw hyɛɛ atiefo no mã. Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No yɛ nhoma a ɛbɛboa awofo ma wɔanya bere adi honhom fam nneɛma a mfaso wɔ so wɔ wɔn mma a Onyankopɔn de akyɛ wɔn no ho.

Da a Ɛto So Abiɛsa no Asɛmti Ne: ‘Monyɛ Ade Nyinaa Nhyɛ Onyankopɔn Anuonyam’

Daa asɛm mu nkaesɛm no de honhom fam nsɛm na efii nhyiam no da a etwa to no ase. Ɔfã a edi kan wɔ da yi dwumadi mu no twee adwene sii abusua nhyehyɛe so kɛse. Ɔkasa a edi kan, “Awofo, Monhyɛ Abusua no Den” no siesiee atiefo no adwene. Bere a ɔkasafo no kyerɛkyerɛɛ awofo asɛyɛde a ɛne sɛ wɔbɛhwɛ wɔn abusua wɔ honam fam mu wiei no, ɔdaa no adi sɛ awofo asɛyɛde titiriw ne sɛ wɔbɛhwɛ wɔn mma wɔ honhom fam.

Ɔkasafo a odi hɔ no kasa faa mmofra ho, na ɔpɛɛpɛe asɛmti a ɛne “Sɛnea Mmabun Reyi Yehowa Ayɛ” no mu. Ɔkae sɛ mmofra te sɛ “bosu” efisɛ wɔdɔɔso na wɔn mmabunbere mu ahoɔden no ma yenya abotɔyam. Yɛn a yɛyɛ mpanyimfo no ani gye ho sɛ yɛne wɔn bɛbom ayɛ adwuma wɔ Yehowa som mu. (Dwom 110:3) Wobisabisaa mmabun a wɔyɛ nhwɛso pa nsɛm a ɛyɛ anigye wɔ ɔkasa yi mu.

Drama ahorow a wɔhyɛ tetefo ntade wom yɛ ɔmantam nhyiam ho ade titiriw a ɛyɛ anigye, na saa nhyiam yi nso ka ho. Drama a wɔato din “Wodii Adanse Akokoduru So a Ɔsɔretia Mfa Ho” kaa Yesu afeha a edi kan mu akyidifo no ho asɛm. Amma yɛn ani annye kɛkɛ, na mmom nea ehia sen saa no, na asuade wom. Ɔkasa a edii drama no akyi a n’asɛmti ne “Monka Asɛmpa no a ‘Munnyae’” no maa drama no mu nsɛntitiriw daa adi.

Nhyiamfo no nyinaa hwɛɛ ɔkasa a ɛbɔ Kwasida dwumadi no mua, baguam ɔkasa a wɔato din “Henanom na Wɔrehyɛ Onyankopɔn Anuonyam Nnɛ?” no kwan. Ɔkasafo no de adanse a ɛkyerɛ sɛnea nyansahufo ne nyamesomfo nyinaa mfaa anuonyamhyɛ mmaa Onyankopɔn no. Nkurɔfo a ne din da wɔn so, wɔn a wɔrekyerɛkyerɛ Yehowa ho nokware, no nkutoo na wɔrehyɛ ne din anuonyam ankasa nnɛ.

Dapɛn no mu Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma mu adesua a wɔabɔ no mua na edii baguam ɔkasa no akyi. Afei ɔkasa a etwa to a wɔato din “‘Monkɔ So Nsow Aba Pii’ Mfa Nhyɛ Yehowa Anuonyam” no nso dii hɔ. Ɔkasafo no de tirimbɔ ahorow du too gua ma nhyiamfo no nyinaa gye toom. Ná ɛfa akwan horow a yebetumi afa so ahyɛ Yehowa, Ɔbɔadeɛ no, anuonyam ho. Nhyiamfo no nyinaa de nokoro kaa “Yiw” de gyee tirimbɔ no toom wɔ wiase afanan nyinaa.

Enti nhyiam no baa awiei a na asɛmti “Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” no wɔ nhyiamfo no nyinaa adwenem. Ɛmmra sɛ yɛnam Yehowa honhom ne n’ahyehyɛde a aniwa hu no mmoa so bɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam daa, na ɛnyɛ nnipa.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 23]

Amanaman Ntam Nhyiam Ahorow

Wɔde nnanan yɛɛ amanaman ntam nhyiam ahorow wɔ Afrika, Asia, Australia, Europa, ne Amerika Atifi ne Anafo fam. Wɔtoo nsa frɛɛ Adansefo no bi fi wiase nyinaa kɔɔ nhyiam ahorow yi bi. Ɛdenam saa kwan yi so no, ahɔho no ne wɔn a wogyee wɔn hɔho no ‘hyehyɛɛ wɔn ho wɔn ho nkuran.’ (Romafo 1:12) Wɔhyɛɛ abusuabɔ a akyɛ mu den, na wɔhyehyɛɛ abusuabɔ foforo nso. Amanaman ntam nhyiam no ho ade a na ɛda nsow ne dwumadi no fã bi a wɔtoo din “Amanneɛbɔ a Efi Nsase Foforo So” no.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 25]

Nhoma Ahorow a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam

Woyii nhoma foforo abien adi wɔ “Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” Ɔmantam Nhyiam Ahorow no ase. Bible ho akwankyerɛ nhoma a wɔato din ‘Hwɛ Asase Pa No’ yɛ nhomawa a akyi nnuraho yɛ den, na ekura nkratafa 36 a asase ho mfonini ne Bible mu mmeae ahorow ho mfonini wom. Wɔde kɔla na ayɛ kratafa biara, na Asiria, Babilon, Medo-Persia, Hela, ne Roma ahemman no ho mfonini wom. Asase ho mfonini a ɛfa Yesu som adwuma ne sɛnea Kristosom trɛwee ho nso wom.

Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No yɛ nhoma a ekura kratafa 256 na mfonini ahorow 230 wom. Mubetumi ne mmofra asua afã pii a ɛyɛ anigye bere a mohwɛ mfonini no kɛkɛ na mubua nsɛmmisa a ɛkanyan adwene a ɛwɔ nhoma no mu no. Wɔayɛ nhoma foforo yi ma wɔde ako atia Satan ntua a ɔde ba mmofra so a ne botae ne sɛ ɛbɛsɛe wɔn abrabɔ no.

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Asɛmpatrɛwfo kaa osuahu ahorow a ɛhyɛ gyidi den

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24]

Ná asubɔ yɛ “Monhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” nhyiam ahorow no ho ade titiriw

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 24]

Mmofra ne mpanyin nyinaa ani gye Bible drama ahorow ho