Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Tebea bɛn na ɛmaa Yuda ne ɔbea bi a na osusuw sɛ ɔbɔ aguamman nyaa nna mu kyɛfa, sɛnea wɔada no adi wɔ Genesis 38:15, 16 no?

Ɛwom sɛ Yuda ne ɔbea bi a na osusuw sɛ ɔbɔ aguamman nyaa nna mu kyɛfa de, nanso nokwasɛm no ne sɛ, na ɔbea no nyɛ oguamanfo. Sɛnea Genesis ti 38 kyerɛ no, nea esii ni.

Yuda abakan ne ne yere Tamar anwo ansa na wɔrekum no esiane sɛ ‘ɔyɛɛ Yehowa aniso bɔne’ nti. (Genesis 38:7) Saa bere no, na okunu-nuabarima aware amammerɛ no yɛ adwuma. Ná eyi hwehwɛ sɛ sɛ ɔbarima bi wu bere a ɔnwoe a, ne nuabarima bɛware ne yere no ne no awo mma ama no. Nanso, Yuda babarima a ɔto so abien, Onan, poe sɛ obedi n’asɛyɛde ho dwuma. Ne saa nti, Onyankopɔn kum no. Enti Yuda kyerɛɛ n’asew bea Tamar sɛ ɔnkɔtra n’agya fie kosi sɛ Yuda babarima a ɔto so abiɛsa, Sela, benyin na waware no. Nanso, mfe bi twaam no, Yuda amfa Sela amma Tamar aware. Enti bere a Yuda yere wui no, Tamar faa adwene bi sɛ ɔnam n’asew Yuda, Israelni, a na ɔyɛ n’ase no so benya ɔdedifo. Ɔyɛɛ eyi bere a ɔdan ne ho sɛ asɔrefie aguaman kɔtraa kwan a onim sɛ Yuda bɛba abɛfa so no nkyɛn no.

Esiane sɛ na Yuda nnim onii ko a Tamar yɛ nti, ɔne no dae. Tamar nam anifere kwan so gyee biribi fii Yuda hɔ de sii nea wayɛ ama no no ho awowa, na ɔde saa nneɛma yi dii adanse akyiri yi sɛ ɔne Yuda na ɛyem. Bere a nokware no bɛdaa adi no, Yuda annunu no, na mmom ofi ahobrɛase mu kae sɛ: “Ɔteɛ sen me, efisɛ mamfa no mamma me ba Sela.” Nea ɛfata sen saa no, “wankɔ ne ho bio.”—Genesis 38:26.

Yuda dii mfomso efisɛ wamfa Tamar amma ne babarima Sela sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no. Ɔne ɔbea a na osusuw sɛ ɔyɛ asɔrefie aguaman nyaa nna mu kyɛfa nso. Ná eyi ne Onyankopɔn atirimpɔw a ɛne sɛ aware mu nkutoo na ɛsɛ sɛ ɔbarima ne ɔbea nya nna mu nkitahodi no bɔ abira. (Genesis 2:24) Nanso, nokwasɛm ne sɛ, ɛnyɛ oguamanfo na Yuda ne no dae no. Mmom no, odii ne babarima Sela asɛyɛde a ɛne sɛ ɔbɛware ne nuabarima yere no ho dwuma a na onnim, na ɔnam saayɛ so woo mma a wɔnyɛ mpena mma.

Wɔ Tamar fam no, nea ɔyɛe no nkyerɛ ɔbrasɛe. Wɔammu ne mma ntafo no sɛ wɔyɛ mpena mma. Bere a Boas a ofi Betlehem nam okunu-nuabarima aware so waree Moabni Rut no, Betlehem mpanyimfo kaa Tamar babarima Peres ho asɛmpa, na wosee Boas sɛ: “W’asefo a [Yehowa, NW] de bɛma wo afi ababaa yi mu no nyɛ sɛ Peres a Tamar woo no maa Yuda fi no asefo.” (Rut 4:12) Wɔbɔ Peres din nso wɔ Yesu Kristo nananom mu.—Mateo 1:1-3; Luka 3:23-33.