Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wɔma Yehowa Nnua Mee’

‘Wɔma Yehowa Nnua Mee’

Sɛnea Yehowa Abɔde Yɛ Fɛ

‘Wɔma Yehowa Nnua Mee’

SO WOAGYINA kwae a owia hann atɔ ne nnua atenten no mu pɛn? So wotee nhaban a edi ahim no nnyigyei bere a mframa bɔ fa mu no?—Yesaia 7:2.

Wɔ asase no mmeae binom wɔ afe no mu no, nnua ahorow nhaban haran yɛ kɔkɔɔ, akokɔsrade, ne kɔla afoforo. Nokwarem no, ɛyɛ te sɛ nea ogya atɔ kwae no mu! Eyi fata asɛm a ɛka sɛ: “Mommɔ ose, mompaapae ahurusi dwom mu, mmepɔw, kwae ne emu nnua nyinaa” no.—Yesaia 44:23. *

Okyinnsoromma a ɛne Asase no nkyem abiɛsa yɛ kwae. Wɔ ɔkwan a ɛyɛ fɛ so no, kwae no ne abɔde a ɛwɔ nkwa pii a ɛwom no hyɛ wɔn Yɛfo ne wɔn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, anuonyam. Odwontofo a honhom kaa no no too dwom sɛ: “Munyi [Yehowa, NW] ayɛ nnua a ɛsow ne nkyeneduru nyinaa.”—Dwom 148:7-9.

The Trees Around Us nhoma no ka sɛ: “Nnua di yɛn honam fam ahiade ne akɔnnɔ a yɛwɔ sɛ yebehu nneɛma a ɛyɛ fɛ no ho dwuma.” Kwae bɔ adesamma nsu pa ho ban, kora so, na ɛma emu tew nso. Nnua nso ma mframa mu tew. Denam photosynthesis anwonwakwan adeyɛ so no, nkwammoaa a wɔwɔ nhaban mu no sakra carbon dioxide, nsu, aduannuru ne owia hann no de yɛ nnuannuru ne mframa pa.

Kwae yɛ nyansadwuma mu adwinni a ɛyɛ fɛ. Nnua akɛse ne afifide a ɛtaa yɛ fɛ sen biara wɔ kwae mu. Nea efifi wɔ kwae ase ne aya, abosonhwi, obobe, nwura ne nhabamma a enni ano. Saa afifide yi nkɔso gyina nnua no so, na enyin wɔ wɔn nwini ase na ɛtwe fonwini a efi kwae no mu no.

Wɔ kwae a emu nnua no nhaban po wɔ mmere ne mmere mu no, ebia nhaban bɛboro ɔpepem du bɛtetew agu bɛyɛ hɛkta biako wɔ kwae no ase wɔ afe no fa a etwa to mu. Dɛn na ɛba saa nhaban yi so? Nkoekoemmoa, ntuw, asunson, ne nkwammoawa afoforo dannan nhaban no ma ɛporɔw yɛ dɔte tuntum, asase pa no fa a ehia kɛse no. Yiw, biribiara nni hɔ a wɔma ɛsɛe kwa bere a saa nnwumayɛfo a aniwa ntumi nhu wɔn yi siesie asase no ma afifide afoforo no.

Nhaban a awuwu yi ase wɔ kwae no mu na mmoawammoawa pii hyehyɛ. Sɛnea nhoma The Forest, ka no, “ebia wobetumi ahu abɔde dodow bɛyɛ 1,350 . . . wɔ beae a ne kɛse yɛ sɛntimita 30 a emu dɔ yɛ nsateakwaa biako mu, a ɛno nka dɔte nsa ma biara a mmoawammoawa ɔpepepem a aniwa ntumi nhu wɔn wom no ho.” Bio nso, mmoa a wɔwea fam, nnomaa, nkoekoemmoa, ne nufummoa ahyɛ kwae mu ma tɔ. Hena na ɛsɛ sɛ ogye saa afɛfɛde a egu ahorow no ho nkamfo? Enti, sɛnea ɛfata no, wɔn Bɔfo no ka sɛ: “Kwae mu mmoa nyinaa wɔ me, mmepɔw apem so mmoa.”—Dwom 50:10.

Wɔde tumi a ɛyɛ nwonwa abɔ mmoa binom ma wɔde wɔn ho sie na ama wɔatumi atwa awɔw ne ɔkɔm bere a ɛkyɛ no. Nanso, ɛnyɛ mmoa nyinaa na wotumi de wɔn ho sie. Wɔ awɔw bere mu no, wubetumi ahu awansan kuw a wɔrehuruhuruw afa mmeae bi. Awansan mfa wɔn ho nsie anaa wɔmmoaboa aduan ano nsie, na mmom wɔhwehwɛ aduan wɔ fam, sosɔ dubaa ne afifide aniwa, sɛnea yehu wɔ mfonini a ɛka ho a efi Germany yi mu no.

Wɔka afifide ho asɛm pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Sɛnea akontaabu bi kyerɛ no, Bible no bobɔ afifide ahorow bɛyɛ 130 din, a nnua ahorow 30 ka ho. Bere a ɔrekyerɛ sɛnea saa nsɛm a wɔaka ho asɛm no ho hia fa no, afifide ho nimdefo Michael Zohary ka sɛ: “Wɔ nhoma a ennyina Bible so a wɔanhyɛ da ankyerɛw sɛ wɔmfa nyɛ nhwehwɛmu mpo mu no, worenhu sɛ wɔaka afifide a ɛfa asetra afa horow ho pii ho asɛm a ɛkɔ akyiri te sɛ nea epue wɔ Bible mu no.”

Nnua ne kwae yɛ akyɛde a ɛyɛ fɛ a efi Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ ɔdɔ no hɔ. Sɛ yɛakɔ kwae mu pɛn a, akyinnye biara nni ho sɛ yɛne odwontofo no bɛyɛ adwene sɛ: “Wɔma [Yehowa, NW] nnua nso mee, Lebanon nkyeneduru a oduae no. Ɛhɔ na nnomaa yɛ wɔn mmerebuw.”—Dwom 104:16, 17.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Hwɛ 2004 Calendar of Jehovah’s Witnesses, January/February.

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 9]

Nnua a ɛsow aba a ɛyɛ fɛ sen biara wɔ Mediterranea Supɔw no so ne ɔsonkoran dua. Egu nhwiren—wɔ afe no mfiase—di nnua bebree anim. Tete Hebrifo no frɛɛ ɔsonkoran dua sɛ nea ɔkanyan ne ho, de kaa ne nhwiren a egu ntɛm no ho asɛm. Ɛkame ayɛ sɛ dua no ne ne nhwiren nkataso kɔkɔɔ anaa fitaa a ɛyɛ mmerɛw no nyinaa kanyan wɔn ho.—Ɔsɛnkafo 12:5.

Wɔ ntakrammoa 9,000 a wɔahu wɔn no mu no, wɔka emu bɛyɛ 5,000 ho asɛm sɛ wɔyɛ nnomaa a wɔto dwom. Wɔn nnwonto no ma nnyigyei ba kwae mu. (Dwom 104:12) Sɛ nhwɛso no, akasanoma dwontofo wɔ nnwom afa horow a ɛyɛ dɛ. Nkasanoma, te sɛ nea wɔatwa no mfonini wɔ ha yi yɛ nnwontofo nketewa a wɔn kɔla yɛ fɛ, na ne kɔla gu ahorow, te sɛ nsonso, akokɔsrade, ne ngodua bun a aka abom.—Dwom 148:1, 10.

[Mfonini wɔ kratafa 9]

Kwae a ɛwɔ Normandy, France