Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Adɔe Dɔɔso

Yehowa Adɔe Dɔɔso

Yehowa Adɔe Dɔɔso

“[Yehowa, NW] yɛ . . . adɔeyɛ mu kɛse.”—DWOM 145:8.

1. Onyankopɔn dɔ kɔ akyiri kodu he?

“ONYANKOPƆN ne dɔ.” (1 Yohane 4:8) Saa nsɛm a ɛka koma no da no adi sɛ ɔkwan a Yehowa fa so di tumi no gyina ɔdɔ so. Ɛte saa, efisɛ nnipa a wontie no mpo nya nsu a ɔma ɛtɔ ne owia a ofi ɔdɔ mu ma ɛbɔ no so mfaso! (Mateo 5:44, 45) Esiane ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma adesamma wiase no nti, n’atamfo mpo betumi asakra na wɔadan aba ne nkyɛn abenya daa nkwa. (Yohane 3:16) Nanso, ɛrenkyɛ Yehowa bɛsɛe abɔnefo a wɔasen wɔn kɔn no na ama nnipa a wɔdɔ no no atumi anya daa nkwa wɔ trenee wiase foforo no mu.—Dwom 37:9-11, 29; 2 Petro 3:13.

2. Ɔdɔ ho ade titiriw bɛn na Yehowa da no adi kyerɛ wɔn a wɔahyira wɔn ho so ma wɔne no anya abusuabɔ no?

2 Yehowa da ɔdɔ adi kyerɛ n’asomfo anokwafo wɔ ɔkwan a edi mu so daa. Wɔde Hebri asɛmfua a wɔkyerɛ ase “adɔe,” anaa “nokware dɔ” na ɛkyerɛkyerɛ saa ɔdɔ no mu. Tete Israel hene Dawid nyaa Onyankopɔn adɔe ho anisɔ a emu dɔ. Esiane Dawid ankasa suahu ne sɛnea Onyankopɔn ne afoforo di nsɛm ho a na odwennwen nti, na obetumi afi ahotoso mu ato dwom sɛ: “[Yehowa, NW] yɛ . . . adɔeyɛ mu kɛse.”—Dwom 145:8.

Onyankopɔn Nkurɔfo Anokwafo a Yebehu Wɔn

3, 4. (a) Ɔkwan bɛn so na Dwom 145 boa ma yehu Yehowa anokwafo? (b) Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn anokwafo ‘hyira’ no?

3 Odiyifo Samuel maame, Hana, ka faa Yehowa Nyankopɔn ho sɛ: “Ɔhwɛ n’ahotefo [‘anaa n’anokwafo,’ NW] anan so.” (1 Samuel 2:9) Henanom ne saa ‘anokwafo’ no? Ɔhene Dawid de mmuae no ma. Bere a ɔkamfoo Yehowa su horow a ɛyɛ nwonwa wiei no, ɔkae sɛ: “W’ahotefo [‘anaa W’anokwafo,’ NW] hyira wo.” (Dwom 145:10) Ebia wubebisa sɛ ɔkwan bɛn so na nnipa betumi ahyira Onyankopɔn? Wɔyɛ saa titiriw denam kamfo a wɔkamfo no anaa nsɛm pa a wɔka fa ne ho so.

4 Wonim Yehowa anokwafo no sɛ wɔn a wɔde wɔn ano ka ne ho nsɛm pa. Dɛn na wɔbɔ ho nkɔmmɔ wɔ apontow ne Kristofo nhyiam ahorow ase? Ɛda adi sɛ, ɛyɛ Yehowa Ahenni no! Onyankopɔn asomfo anokwafo ne Dawid yɛ adwen wɔ nea ɔkyerɛwee yi ho: ‘Wɔka wo, Yehowa, ahenni anuonyam, na wɔbɔ wo mmaninyɛ din.’—Dwom 145:11.

5. Yɛyɛ dɛn hu sɛ Yehowa yɛ asõ tie n’anokwafo bere a wɔka ne ho nsɛm pa no?

5 So Yehowa yɛ aso tie n’anokwafo bere a wɔkamfo no no? Yiw, otie nea wɔka no. Wɔ nkɔmhyɛ bi a ɛfa yɛn bere yi mu nokware som ho no, Malaki kyerɛwee sɛ: “Ɛnna wɔn a wosuro [Yehowa, NW] no kasakasae wɔn mu, na [Yehowa, NW] yɛɛ asõ na ɔtee, na wɔkyerɛw n’anim nkae nhoma maa wɔn a wosuro [Yehowa, NW] na wobu ne din no.” (Malaki 3:16) Yehowa ani gye paa bere a n’anokwafo ka nsɛm pa fa ne ho no, na ɔkae wɔn.

6. Adwuma bɛn na ɛboa ma yehu Onyankopɔn anokwafo?

6 Wɔsan hu Yehowa asomfo anokwafo no denam wɔn akokoduru ne anammɔn a wodi kan tu ne nkurɔfo a wɔnsom nokware Nyankopɔn no kasa no so. Nokwarem no, Onyankopɔn anokwafo ‘ma nnipa mma hu ne mmaninne ne n’ahenni anuonyam a ɛharan no.’ (Dwom 145:12) So wohwehwɛ hokwan ahorow nyinaa de ka Yehowa ahenni ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔnyɛ agyidifo no? Nea ɛnte sɛ nnipa nniso ahorow a ebetwam nnansa yi ara no, n’ahenni no te hɔ daa. (1 Timoteo 1:17) Ɛho hia sɛ nkurɔfo sua Yehowa ahenni a ɛbɛtra hɔ daa no ho ade na wogyina n’afã sɛ n’akyitaafo. Dawid too dwom sɛ: “W’ahenni yɛ daa ahenni, na wo tumidi fa awo ntoatoaso nyinaa mu.”—Dwom 145:13.

7, 8. Dɛn na esii wɔ 1914 mu, na adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn nam ne Ba no so redi ade mprempren?

7 Efi 1914 no, yɛanya ntease foforo nti a ɛsɛ sɛ yɛka Yehowa ahenni ho asɛm. Wɔ saa afe no mu no, Onyankopɔn de Mesia soro Ahenni no a Yesu Kristo, Dawid Ba no, yɛ so Hene no sii hɔ. Yehowa nam saayɛ so dii ne bɔhyɛ a ɛne sɛ Dawid ahenni betim hɔ akosi daa no ho dwuma.—2 Samuel 7:12, 13; Luka 1:32, 33.

8 Adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa nam ne Ba, Yesu Kristo Ahenni no so redi ade mprempren no yɛ nea yehu wɔ sɛnkyerɛnne a ɛfa Yesu ba a waba ho a ɛrenya maamu no so. Saa sɛnkyerɛnne no ho ade a ɛda nsow titiriw ne adwuma a Yesu ka siei sɛ Onyankopɔn nkurɔfo anokwafo nyinaa bɛyɛ bere a ɔkae sɛ: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba” no. (Mateo 24:3-14) Esiane sɛ Onyankopɔn nkurɔfo anokwafo de nsi rema saa nkɔmhyɛ no nya maamu nti, mmarima, mmea, ne mmofra bɛboro ɔpepem asia na wɔrenya adwuma soronko a wɔrensan nyɛ bio no mu kyɛfa. Ɛrenkyɛ, wɔn a wɔsɔre tia Yehowa Ahenni no nyinaa awiei bɛba.—Adiyisɛm 11:15, 18.

Yehowa Tumidi So Mfaso a Yebenya

9, 10. Nsonsonoe bɛn na ɛda Yehowa ne nnipa sodifo ntam?

9 Sɛ yɛyɛ Kristofo a yɛahyira yɛn ho so a, abusuabɔ a yɛne Amansan Hene Yehowa wɔ no de mfaso pii brɛ yɛn. (Dwom 71:5; 116:12) Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ yesuro Onyankopɔn na yɛyɛ adetrenee nti, yenya ne mpeneso na yɛbɛn no wɔ honhom fam. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; Yakobo 4:8) Nea ɛne no bɔ abira no, wɔtaa hu nnipa sodifo sɛ wɔne nnipa atitiriw te sɛ asraafo mpanyimfo, adefo aguadifo, anaa nnipa a wɔagye din wɔ agumadi anaa agodie mu na ɛbɔ fekuw. Sɛnea Afrika atesɛm krataa Sowetan kyerɛ no, aban panyin bi a wagye din kaa nea edi so yi faa mmeae a wodi hia wɔ ne man mu ho: “Mete nea enti a yɛn mu pii mpɛ sɛ yɛkɔ saa mmeae hɔ no ase. Nea enti a ɛte saa ne sɛ yɛpɛ sɛ yɛma yɛn werɛ fi sɛ tebea a ɛte saa wɔ hɔ. Ɛhaw yɛn ahonim na yɛhaw esiane [kar] a ne bo yɛ den a yɛdeda mu no nti.”

10 Nokwarem no, nnipa sodifo bi dwen wɔn manfo yiyedi ho ankasa. Nanso sodifo a woye sen biara mpo no nnim wɔn manfo yiye. Nokwarem no, ebia yebebisa sɛ: So sodifo bi wɔ hɔ a odwen ne manfo nyinaa ho araa ma ɔde mmoa ma wɔn mu biara ntɛmso bere a wɔkɔ ahohia mu no? Yiw, obi wɔ hɔ. Dawid kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] wowaw wɔn a wɔhwe ase nyinaa, na ɔma wɔn a wɔakotow nyinaa so gyina.”—Dwom 145:14.

11. Sɔhwɛ ahorow bɛn na ɛto Onyankopɔn nkurɔfo nokwafo, na mmoa bɛn na wɔwɔ?

11 Sɔhwɛ ne amane pii to Yehowa Nyankopɔn nkurɔfo anokwafo esiane wɔn ankasa sintɔ ne wiase a ɛda Satan, “ɔbɔne no,” tumi mu no mu a wɔte nti. (1 Yohane 5:19; Dwom 34:19) Kristofo hyia ɔtaa. Yare a enni sabea anaa ɔdɔfo bi wu ma ebinom hu amane. Ɛtɔ mmere bi a, ebia Yehowa nkurɔfo anokwafo mfomso bɛma ‘wɔabotow.’ Nanso, ɛmfa ho sɔhwɛ biara a ɛbɛto wɔn no, Yehowa ayɛ krado bere nyinaa sɛ ɔbɛkyekye wɔn mu biara werɛ na wahyɛ wɔn den wɔ honhom fam. Ɔhene Yesu Kristo nso wɔ ne manfo anokwafo ho anigye saa ara.—Dwom 72:12-14.

Aduan a Yenya Wɔ Bere a Ɛsɛ Mu

12, 13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa fa de “ateasefo nyinaa” ahiade ma wɔn?

12 Esiane Yehowa adɔe a ɛdɔɔso nti, ɔde n’asomfo ahiade nyinaa ma wɔn. Nea ɛka eyi ho ne aduan a ahoɔden wom a ɔde ma wɔn no. Ɔhene Dawid kyerɛwee sɛ: “Aniwa nyinaa hwɛ wo [Yehowa] kwan, na woma wɔn aduan, ne bere mu. Wubue wo nsam, na woma ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee.” (Dwom 145:15, 16) Wɔ mmere a enye mu mpo no, Yehowa betumi adi nsɛm ho dwuma sɛnea ɛbɛyɛ a n’anokwafo benya “daa aduan.”—Luka 11:3; 12:29, 30.

13 Dawid kae sɛ “ateasefo nyinaa” didi mee. Mmoa nso ka ateasefo no ho. Sɛ ɛnyɛ asase ne po mu afifide pii no a, anka nsu mu abɔde, nnomaa, ne asase so mmoadoma renya mframa pa nhome anaa aduan nni. (Dwom 104:14) Nanso, Yehowa hwɛ ma wɔn nsa ka nea wohia nyinaa.

14, 15. Ɔkwan bɛn na wɔfa so de honhom fam aduan ma nnɛ?

14 Nea ɛnte sɛ mmoa no, nnipa wɔ honhom fam ahiade. (Mateo 5:3) Hwɛ sɛnea ɛyɛ nwonwa sɛ Yehowa de n’anokwafo honhom fam ahiade ma wɔn! Ansa na Yesu rewu no, ɔhyɛɛ bɔ sɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de Yesu akyidifo honhom fam ‘aduan bɛma wɔn ɛbere a ɛsɛ mu.’ (Mateo 24:45) Ɛnnɛ 144,000 a wɔasra wɔn mu no nkaefo na wɔka bom yɛ saa akoa kuw no. Yehowa nam wɔn so de honhom fam aduan pii ama ankasa.

15 Sɛ nhwɛso no, Yehowa nkurɔfo dodow no ara na mprempren wɔakyerɛ Bible no ase foforo wɔ ɔkwan a edi mũ so kɔ wɔn ankasa kasa mu. Nhyira a ɛyɛ anigye bɛn ara na New World Translation of the Holy Scriptures no yɛ sɛɛ yi! Bio nso, wɔkɔ so tintim nhoma ɔpepem pii a wɔde sua Bible no wɔ kasa ahorow bɛboro 300 mu. Saa honhom fam nnuan yi nyinaa ayɛ nhyira ama nokware asomfo a wɔwɔ asase so no. Hena na ɛsɛ sɛ wɔde eyinom nyinaa ho nkamfo ma no? Yehowa Nyankopɔn. N’adɔe a ɛdɔɔso no atumi ama ayɛ yiye ama akoa kuw no sɛ wɔde ‘aduan bɛma wɔ bere a ɛsɛ mu.’ Ɔnam saa nsiesiei yi so ma ‘ateasefo’ a wɔwɔ nnɛ yi honhom fam paradise mu no ‘nyinaa nya nea wɔpɛ’ di mee. Na hwɛ sɛnea Yehowa asomfo di ahurusi wɔ anidaso a wɔwɔ sɛ ɛrenkyɛ wobehu asase a wɔadan no paradise ankasa no mu!—Luka 23:42, 43.

16, 17. (a) Nhwɛso horow bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛnea honhom fam aduan bae wɔ ne bere mu? (b) Ɔkwan bɛn so na Dwom 145 da nkate a Onyankopɔn nkurɔfo anokwafo wɔ wɔ ɔsɛmpɔw titiriw a Satan ma ɛsɔree ho no adi?

16 Susuw nhwɛso soronko bi a ɛfa honhom fam aduan a wonyaa no bere a ɛsɛ mu ho hwɛ. Wɔ 1939 mu no, Wiase Ko II no fii ase wɔ Europa. Saa afe no ara mu no, na November 1 Ɔwɛn-Aban no kura asɛmti bi a ɛne “Ɔfã Biara a Wonni.” Esiane nkyerɛkyerɛmu a emu da hɔ a ɛde mae no nti, Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa no huu hia a ehia sɛ wokura ɔfã biara a wonni no mu pintinn wɔ aman a na wɔreko no nsɛm mu. Eyi maa nniso horow a na wɔwɔ akuw abien a wɔkoo mfe asia no mu no bo fuw wɔn. Nanso, ɛmfa ho sɛ wɔbaraa wɔn na wɔtaa wɔn no, Onyankopɔn anokwafo no kɔɔ so kaa Ahenni ho asɛmpa no. Efi 1939 kosi 1946 no, wonyaa nkɔanim a ɛyɛ nwonwa ɔha mu nkyem 157. Bio nso, wɔn mudi mu a wokurae wɔ saa ɔko no mu ho kyerɛwtohɔ a ɛyɛ nwonwa no kɔ so boa nkurɔfo ma wohu nokware som no.—Yesaia 2:2-4.

17 Honhom fam aduan a Yehowa de ma no nyɛ ne bere mu de nko, na mmom ɛma abotɔyam paa nso. Bere a amanaman no de wɔn ho hyɛɛ Wiase Ko II no mu fee no, wɔboaa Yehowa nkurɔfo ma wɔde wɔn ani sii biribi a ɛsom bo koraa sen wɔn ankasa nkwagye mpo so. Yehowa boaa wɔn ma wohui sɛ ɔsɛmpɔw titiriw a ɛda amansan yi nyinaa mu no fa Yehowa tumidi a ɛfata no ho. Hwɛ abotɔyam a na ɛyɛ sɛ wohui sɛ Yehowa Dansefo biara nam ne nokwaredi so nya kyɛfa ketewa bi wɔ Yehowa tumidi a wɔsan ho ne Ɔbonsam a wɔma ɔyɛ ɔtorofo no mu! (Mmebusɛm 27:11) Nea ɛnte sɛ Satan a otwiri Yehowa ne ɔkwan a ɔfa so di tumi no, Yehowa nkurɔfo anokwafo kɔ so ka no baguam sɛ: “[Yehowa, NW] teɛ, n’akwan nyinaa mu.”—Dwom 145:17.

18. Nnansa yi nhwɛso bɛn na ɛwɔ hɔ fa honhom fam aduan a ɛyɛ ne bere mu de na ɛma akomatɔyam paa ho?

18 Nhwɛso foforo a ɛfa honhom fam aduan a ɛma abotɔyam a wɔde ma wɔ bere a ɛsɛ mu ho ne Bɛn Yehowa nhoma no a woyii no adi wɔ “Ahenni Adawurubɔfo a Wɔyɛ Nsi” Ɔmantam Nhyiam ɔhaha pii a wɔyɛe wɔ wiase nyinaa wɔ afe 2002/03 mu ase no. Nhoma yi a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no yɛe a Yehowa Adansefo na wotintimii no twe adwene si Yehowa Nyankopɔn su ahorow a ɛyɛ anigye a nea wɔaka ho asɛm wɔ Dwom 145 ka ho no so. Akyinnye biara nni ho sɛ nhoma a edi mu yi bedi dwuma titiriw aboa Onyankopɔn nkurɔfo anokwafo ma wɔabɛn no paa mpo.

Ɛnnɛ ne Bere a Ɛsɛ Sɛ Yɛbɛn Yehowa

19. Bere a ɛho hia bɛn na ɛrebɛn, na yɛbɛyɛ dɛn adi ho dwuma?

19 Bere a ɛho hia sɛ wodi ɔsɛmpɔw a ɛfa Yehowa tumidi ho dwuma no rebɛn. Sɛnea wɔka siei wɔ Hesekiel ti 38 no, ɛrenkyɛ na Satan awie ne dwumadi sɛ “Gog a ofi Magog” no. Nea ɛbɛka eyi ho ne ntua a ɔde bɛba Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ wiase nyinaa so no. Ɛbɛyɛ mmɔden a ɛsen biara a Satan bɛbɔ sɛ ɔbɛma Onyankopɔn anokwafo agyae wɔn mũdi mu kura no. Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo de nsi su frɛ no hwehwɛ mmoa sen bere biara a atwam. So osuro pa ne ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no bɛyɛ ɔkwa? Ɛnte saa koraa, efisɛ Dwom 145 ka sɛ: “[Yehowa, NW] bɛn wɔn a wɔfrɛ no nyinaa, wɔn a wɔfrɛ no nokware mu nyinaa. Ɔyɛ nea n’afɛrefo pɛ ma wɔn, na otie wɔn sufrɛ, na ogye wɔn. [Yehowa, NW] hwɛ n’adɔfo nyinaa so, na abɔnefo nyinaa de, ɔbɛsɛe wɔn.”—Dwom 145:18-20.

20. Ɔkwan bɛn so na nsɛm a ɛwɔ Dwom 145:18-20 no benya mmamu daakye?

20 Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ sɛ yebehu sɛ Yehowa bɛn yɛn na yɛahu ne nkwagye tumi bere a ɔsɛe abɔnefo no! Wɔ saa bere titiriw no a ɛnnɛ abɛn paa mu no, Yehowa betie “wɔn a wɔfrɛ no nokware mu” no nkutoo. Akyinnye biara nni ho sɛ ɔrentie nyaatwomfo. Onyankopɔn Asɛm kyerɛ pefee sɛ abɔnefo a wɔma ɛka akyi koraa ansa na wɔde ne din adi dwuma no di nkogu bere nyinaa.—Mmebusɛm 1:28, 29; Mika 3:4; Luka 13:24, 25.

21. Ɔkwan bɛn so na Yehowa anokwafo kyerɛ sɛ wɔn ani gye ho sɛ wɔde Onyankopɔn din bedi dwuma?

21 Ɛnnɛ ne bere a ɛho hia sen biara a ɛsɛ sɛ wɔn a wosuro Yehowa no ‘frɛ no nokware mu.’ Ɛyɛ n’anokwafo anigye sɛ wɔde ne din bedi dwuma wɔ wɔn mpaebɔ ne mmuae a wɔma wɔ nhyiam ahorow ase mu. Wɔde Onyankopɔn din no di dwuma wɔ wɔn nkɔmmɔbɔ mu. Na wɔde akokoduru bɔ Yehowa din wɔ wɔn asɛnka adwuma mu.—Romafo 10:10, 13-15.

22. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛkɔ so ko tia wiase nsusuwii ne n’akɔnnɔ?

22 Sɛ yɛbɛkɔ so anya yɛne Yehowa Nyankopɔn ntam abusuabɔ no so mfaso a, ɛho hia nso sɛ yɛkɔ so ko tia nneɛma a epira wɔ honhom fam te sɛ honam fam adedodowpɛ, anigyede a ɛmfata, bɔne a wɔmfa mfiri, anaa anibiannaso a yɛbɛyɛ wɔ wɔn a ahia wɔn ho. (1 Yohane 2:15-17; 3:15-17) Sɛ yɛansiesie nneɛma ne su a ɛte saa a, ebetumi ama yɛayɛ bɔne a anibere wom na awiei koraa no yɛahwere Yehowa anim dom. (1 Yohane 2:1, 2; 3:6) Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yɛbɛma atra yɛn adwenem sɛ sɛ yɛkɔ so di Yehowa nokware nkutoo a na ɔbɛkɔ so ada adɔe anaa nokware dɔ adi akyerɛ yɛn.—2 Samuel 22:26.

23. Daakye a ɛyɛ anigye bɛn na ɛretwɛn Onyankopɔn anokwafo nyinaa?

23 Enti momma yɛmfa yɛn nsusuwii nnyina daakye a ɛyɛ anigye a ɛretwɛn Yehowa nkurɔfo anokwafo nyinaa no so. Ɛdenam saayɛ so no, yenya akwanhwɛ a ɛyɛ anigye a ɛne sɛ yɛbɛka wɔn a wobedi ahurusi, ahyira Yehowa na wɔakamfo no “daa nyinaa” ne “daa daa” no ho. (Dwom 145:1, 2) Ɛmmra sɛ ‘yɛde yɛn ho besie Onyankopɔn dɔ mu akɔ daa nkwa mu.’ (Yuda 20, 21) Bere a yɛkɔ so nya yɛn soro Agya no su ahorow a ɛyɛ anigye no so mfaso, a nea ɛka ho ne adɔe a ɛdɔɔso a ɔda no adi kyerɛ wɔn a wɔdɔ no no, ɛmmra sɛ bere nyinaa yɛn nsusuwii bɛyɛ sɛ nea Dawid daa no adi wɔ nsɛm a etwa to wɔ Dwom 145 mu no: “M’ano bɛka [Yehowa, NW] ayeyi, na ma ɔhonam nyinaa nhyira ne din kronkron daa daa.”

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na Dwom 145 boa ma yehu Onyankopɔn anokwafo?

• Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma “ateasefo nyinaa nya nea wɔpɛ di mee”?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɛn Yehowa kɛse?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 16]

Onyankopɔn anokwafo ani gye ho sɛ wɔbɛka ne mmaninne ho asɛm

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Yehowa asomfo fi akokoduru mu boa wɔn a wɔnyɛ n’somfo ma wosua n’anuonyam ahenni no ho ade

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Yehowa ma “ateasefo nyinaa” aduan

[Asɛm Fibea]

Mmoa: Parque de la Naturaleza de Cabárceno

[Mfonini wɔ kratafa 19]

Yehowa ma n’anokwafo a wɔbɔ mpae hwehwɛ ne mmoa no ahoɔden ne akwankyerɛ