Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Kɛseyɛ Mu Nni Hwehwɛbea

Yehowa Kɛseyɛ Mu Nni Hwehwɛbea

Yehowa Kɛseyɛ Mu Nni Hwehwɛbea

“[Yehowa, NW] sõ, na ɔsɛ ayeyi kɛse, ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛbea.”—NNWOM 145:3.

1, 2. Na Dawid yɛ onipa bɛn, na obuu ne ho dɛn bere a ɔde ne ho totoo Onyankopɔn ho no?

NEA ɔhyehyɛɛ Dwom 145 no yɛ abakɔsɛm mu nnipa a wonim wɔn yiye no mu biako. Bere a ɔyɛ abarimaa no, ɔne ɔbran bi a ɔde akode ahyehyɛ ne ho koe na okum no. Sɛ́ ɔhene kofo no, saa odwontofo yi dii atamfo pii so nkonim. Ná wɔfrɛ no Dawid, na na ɔne tete Israel hene a ɔto so abien. Edin a Dawid gyee no traa hɔ wɔ ne wu akyi, ma enti nnɛ nnipa pii mpo nim biribi fa ne ho.

2 Ɛmfa ho nea Dawid tumi yɛe nyinaa no, ɔbrɛɛ ne ho ase. Ɔtoo dwom faa Yehowa ho sɛ: “Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a, ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho.” (Dwom 8:3, 4) Sɛ anka Dawid bɛte nka sɛ ɔkorɔn no, ɔde ogye a onyaa fii n’atamfo nyinaa nsam no ho anuonyamhyɛ maa Yehowa na ɔka faa Onyankopɔn ho sɛ: “Wode wo nkwagye kyɛm maa me, na w’asɛm tie ma meyɛɛ kɛse.” (2 Samuel 22:1, 2, 36) Yehowa da odwo adi denam abɔnefo a ohu wɔn mmɔbɔ no so, na Dawid ani sɔɔ ɔdom a Onyankopɔn yii kyerɛɛ no no.

‘Mɛma Onyankopɔn So sɛ Ɔhene’

3. (a) Dawid buu Israel ahenni dɛn? (b) Dawid nyaa ɔpɛ sɛ obeyi Yehowa ayɛ akodu he?

3 Ɛwom sɛ na Dawid yɛ ɔhene a Onyankopɔn apaw no de, nanso obuu Yehowa sɛ ɔno ne Israel Hene ankasa. Dawid kae sɛ: “Wo, [Yehowa, NW] na ahenni wɔ wo, na wo na woama wo ho so di ade nyinaa so ti.” (1 Beresosɛm 29:11) Hwɛ sɛnea Dawid nyaa anisɔ ankasa maa Onyankopɔn sɛ Sodifo! Ɔtoo dwom sɛ: “Mema wo so, me Nyankopɔn, ɔhene, na mehyira wo din daa daa. Mehyira wo daa nyinaa, na meyi wo din ayɛ daa daa.” (Dwom 145:1, 2) Na Dawid pɛ ne sɛ obeyi Yehowa Nyankopɔn ayɛ daa nyinaa.

4. Atoro sobo bɛn na Dwom 145 pa ho ntama?

4 Dwom 145 de Satan mpoatwa a ɛne sɛ Onyankopɔn yɛ sodifo pɛsɛmenkominyafo a ɔde ahofadi kame n’abɔde ho mmuae a tumi wom ma. (Genesis 3:1-5) Saa dwom yi san pa Satan nkontompo a otwae sɛ wɔn a wɔyɛ setie ma Onyankopɔn no yɛ saa esiane mfaso a ɛde bɛbrɛ wɔn no nkutoo nti, na mmom ɛnyɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma no, no ho ntama. (Hiob 1:9-11; 2:4, 5) Te sɛ Dawid no, nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ rebua Ɔbonsam atoro sobo ahorow no. Anidaso a wɔwɔ sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Ahenni nniso no ase no som bo ma wɔn efisɛ wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobeyi Yehowa ayɛ daa nyinaa. Nnipa ɔpepem pii afi ase reyɛ saa dedaw denam Yesu agyede afɔrebɔ no mu gyidi a wɔkyerɛ ne ɔdɔ mu a wofi brɛ wɔn ho ase som Yehowa sɛ n’asomfo a wɔahyira wɔn ho so abɔ asu no so.—Romafo 5:8; 1 Yohane 5:3.

5, 6. Hokwan ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ a yebetumi afa so ahyira Yehowa na yɛayi no ayɛ?

5 Susuw hokwan ahorow a yebetumi de ahyira Yehowa na yɛayi no ayɛ sɛ n’asomfo no ho hwɛ. Yebetumi ayɛ saa denam mpaebɔ so bere a biribi a yɛkenkan wɔ N’asɛm, Bible, mu ka yɛn koma paa no. Yebetumi de ayeyi ne aseda ama Onyankopɔn bere a ɔkwan a ɔfa so ne ne nkurɔfo di nsɛm no ka yɛn koma anaa bere a n’abɔde bi a ɛyɛ nwonwa ma yɛn ani gye no. Yehyira Yehowa Nyankopɔn nso bere a yɛne mfɛfo gyidifo susuw n’atirimpɔw ahorow ho wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase ne yɛn ankasa nkɔmmɔbɔ mu no. Nokwarem no, “nneyɛe [‘anaa nnwuma,’ NW] pa” biara a yɛde boa Onyankopɔn Ahenni nneɛma no de ayeyi brɛ Yehowa.—Mateo 5:16.

6 Mmea ahorow a Yehowa nkurɔfo hyiam som a wɔasisi wɔ aman a wɔn ho nso so mu nnansa yi no yɛ saa nnwuma pa a ɛte saa ho nhwɛso no bi. Ɛyɛ sika a mfɛfo Kristofo gyidifo a wɔwɔ aman afoforo so de boae na ɛma wɔyɛɛ eyi mu dodow no ara. Kristofo binom aboa denam wɔn ho a wotu mae de kɔɔ saa mmeae hɔ na ama wɔanya Ahenni Asa ahorow no si mu kyɛfa no so. Na nnwuma pa a ɛho hia sen biara ne Ahenni ho asɛmpa no a yɛka de yi Yehowa ayɛ no. (Mateo 24:14) Sɛnea Dwom 145 fã a etwa to kyerɛ no, Dawid ani sɔɔ Onyankopɔn tumidi na ɔkamfoo N’ahenni no. (Dwom 145:11, 12) So wowɔ anisɔ a ɛte saa wɔ ɔkwan a ɔdɔ wom a Onyankopɔn fa so di tumi no ho? Na so wotaa ka N’ahenni no ho asɛm kyerɛ afoforo?

Onyankopɔn Kɛseyɛ Ho Nhwɛso Ahorow

7. Ka ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ ho asɛm.

7 Dwom 145:3 ka ade titiriw nti a ɛsɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ ho asɛm. Dawid too dwom sɛ: “[Yehowa, NW] sõ, na ɔsɛ ayeyi kɛse, ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛbea.” Yehowa kɛseyɛ nni ano. Nnipa ntumi nhwehwɛ mu, nte ase, anaa wonsusuw ho nwie da. Nanso, akyinnye biara nni ho sɛ yebenya Yehowa kɛseyɛ a emu nni hwehwɛbea ho nhwɛso horow a yɛrebesusuw ho mprempren yi so mfaso.

8. Dɛn na amansan no da no adi wɔ Yehowa kɛseyɛ ne ne tumi ho?

8 Bɔ mmɔden kae bere bi a womaa wo ti so hwɛɛ wim a na ɛhɔ tew anadwo no. So wo ho annwiriw wɔ nsoromma pii a na ɛwɔ wim a ɛhɔ ayɛ tumm no ho? So ankanyan wo sɛ wubeyi Yehowa ayɛ wɔ ne kɛseyɛ a ɔde abɔ saa ɔsoro abɔde yi nyinaa ho? Nanso, nea wuhui no yɛ nsoromma pii a ɛwɔ nsoromma kuw a asase no wom no fã ketewa bi pɛ. Bio nso, wobu akontaa sɛ nsoromma akuw bɛboro ɔpepepem ɔha na ɛwɔ hɔ, na emu abiɛsa pɛ na wotumi de aniwa ankasa hu a afiri a wɔde hwɛ ade a ɛwɔ akyirikyiri mmoa nka ho. Nokwarem no, nsoromma a enni ano ne nsoromma akuw a ɛka bom yɛ amansan kɛse yi no yɛ Yehowa adebɔ tumi ne ne kɛseyɛ a emu nni hwehwɛbea no ho adanse.—Yesaia 40:26.

9, 10. (a) Yehowa kɛseyɛ ho ade bɛn na wada no adi wɔ Yesu Kristo ho? (b) Ɛsɛ sɛ Yesu wusɔre no ka yɛn gyidi dɛn?

9 Susuw Yehowa kɛseyɛ ho ade foforo—nea ɛfa Yesu Kristo ho—no ho hwɛ. Onyankopɔn kɛseyɛ daa adi wɔ ne Ba no a ɔbɔɔ no na ɔde no dii dwuma bere tenten a enni ano sɛ Ne ‘dwumayɛni a waben’ no mu. (Mmebusɛm 8:22-31) Yehowa dɔ kɛse no daa adi bere a ɔde ne Ba a ɔwoo no koro no mae sɛ agyede afɔrebɔ maa adesamma no. (Mateo 20:28; Yohane 3:16; 1 Yohane 2:1, 2) Na nea ɛboro nnipa ntease so koraa ne honhom nipadua a enwu a ɛwɔ anuonyam a Yehowa de maa Yesu wɔ ne wusɔre akyi no.—1 Petro 3:18.

10 Ná Yesu wusɔre no hwehwɛ sɛ Yehowa da ne kɛseyɛ a emu nni hwehwɛbea no ho nneɛma pii a ɛyɛ nwonwa no adi. Akyinnye biara nni ho sɛ Onyankopɔn san de tumi a ɛbɛma Yesu akae nimdeɛ a na ɔwɔ fa nneɛma a wohu ne nea wonhu a wɔbɔe ho no maa no. (Kolosefo 1:15, 16) Nea ɛka eyi ho ne honhom abɔde afoforo, amansan no, asase a ɛsow aba, ne abɔde a wɔwɔ yɛn asase yi so nyinaa no. Sɛ yɛde nimdeɛ a edi mũ a ɛfa ɔsoro ne asase so asetra ho abakɔsɛm a ne Ba no nyae bere a na ɔmmɛyɛɛ ɔdesani no a ɔsan ma ɔkaee no to nkyɛn a, Yehowa san maa Yesu kaee osuahu a onyae sɛ onipa ɔyɛ pɛ no nso. Yiw, Yehowa kɛseyɛ a emu nni hwehwɛbea no da adi wɔ Yesu wusɔre mu. Bio nso, saa adeyɛ kɛse no yɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ afoforo betumi anya owusɔre. Na ɛsɛ sɛ ɛhyɛ yɛn gyidi den sɛ Onyankopɔn betumi asan de nnipa ɔpepem pii a wɔawuwu a wɔwɔ ne nkae a ɛyɛ pɛ mu no aba nkwa mu bio.—Yohane 5: 28, 29; Asomafo no Nnwuma 17:31.

Anwonwa Nnwuma ne Mmaninne

11. Yehowa adwuma kɛse bɛn na efii ase wɔ Pentekoste afe 33 Y.B mu?

11 Efi bere a Yehowa nyanee Yesu no, wayɛ nnwuma akɛse afoforo a ɛyɛ nwonwa pii. (Dwom 40:5) Wɔ Pentekoste afe 33 Y.B mu no, Yehowa kyekyee ɔman foforo bi, “Nyankopɔn Israel,” a Kristo asuafo a wɔde honhom kronkron asra wɔn na wowom no. (Galatifo 6:16) Wɔ ɔkwan a ɛyɛ nwonwa so no, saa honhom fam ɔman yi trɛwee wɔ wiase a na ɛwɔ hɔ saa bere no nyinaa mu. Ɛmfa ho ɔwae a ɛkɔfaa Kristoman bae wɔ Yesu asomafo no wu akyi no, Yehowa kɔɔ so yɛɛ nnwuma a ɛyɛ nwonwa de hwɛ hui sɛ n’atirimpɔw ahorow bɛba mu.

12. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Bible no wɔ kasa atitiriw a ɛwɔ asase so nyinaa mu no di dɛn ho adanse?

12 Sɛ nhwɛso no, wɔkoraa Bible mũ no nyinaa so, na awiei koraa no wɔakyerɛ ase akɔ kasa atitiriw a ɛwɔ asase so nyinaa mu. Na wɔtaa kyerɛ Bible no ase wɔ tebea horow a na emu yɛ den a na Satan ananmusifo de owu hunahuna wɔn mu. Ɛda adi pefee sɛ, sɛ ɛnyɛ Yehowa Onyankopɔn a ne kɛseyɛ mu nni hwehwɛbea no pɛ a, anka wɔrentumi nkyerɛ Bible no ase nkɔ kasa bɛboro 2,000 mu!

13. Ɔkwan bɛn so na Yehowa kɛseyɛ ada adi wɔ N’ahenni atirimpɔw ho fi 1914?

13 Yehowa kɛseyɛ ada adi wɔ N’ahenni atirimpɔw ahorow ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ afe 1914 mu no, ɔde ne Ba, Yesu Kristo, dii ade sɛ ɔsoro Hene. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Yesu yɛɛ ade tiaa Satan ne n’adaemone no. Wotuu wɔn fii soro baa asase so, beae a mprempren wɔretwɛn sɛ wɔde wɔn begu bun mu no. (Adiyisɛm 12: 9-12; 20: 1-3) Efi saa bere no, Yesu akyidifo a wɔasra wɔn no ahyia ɔtaa a emu yɛ den. Nanso, Yehowa awowaw wɔn wɔ saa bere yi a Kristo aba a aniwa nhu no no mu.—Mateo 24:3; Adiyisɛm 12:17.

14. Adwuma nwonwaso bɛn na Yehowa yɛe wɔ 1919 mu, na dɛn na edii ho dwuma?

14 Wɔ afe 1919 mu no, Yehowa yɛɛ anwonwadwuma foforo a ɛdaa ne kɛseyɛ adi. Wɔkanyan Yesu akyidifo a wɔasra wɔn a na wɔakɔ honhom fam tebea bi a na wontumi nkeka wɔn ho mu no. (Adiyisɛm 11:3-11) Efi saa bere no, wɔn a wɔasra wɔn no de nsi aka Ahenni a wɔde asi hɔ wɔ soro no ho asɛmpa. Wɔaboa afoforo a wɔasra wɔn ano na ama wɔanya dodow a wɔyɛ 144,000 no nyinaa. (Adiyisɛm 14:1-3) Ɛdenam Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no so no, Yehowa too “asase foforo” no—adesamma abusua a ɛteɛ no—fapem. (Adiyisɛm 21:1) Nanso, dɛn na ɛbɛba “asase foforo” no so bere a anokwafo a wɔasra wɔn no nyinaa kɔ soro no?

15. Adwuma bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no di anim, na dɛn na afi mu aba?

15 Wɔ 1935 mu no, August 1 ne August 15 nsɛmma nhoma no tintim nsɛm atitiriw bi faa “nnipakuw kɛse” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 7 no ho. Kristofo a wɔasra wɔn no de nsi hwehwɛɛ saa mfɛfo asomfo yi a wofi aman, mmusuakuw, nkurɔfo, ne ɔkasa nyinaa mu no ma wɔbɛkaa wɔn ho. Saa “nnipakuw kɛse” yi benya wɔn ti adidi mu wɔ “ahohiahia kɛse” a abɛn no mu, na wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ Paradise sɛ “asase foforo” a ɛbɛtra hɔ daa no mufo. (Adiyisɛm 7:9-14) Esiane Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no a Kristofo a wɔasra wɔn no di anim nti, nnipa bɛboro ɔpepem asia na mprempren wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so. Hena na ɛsɛ sɛ ogye nkɔanim a aba ɛmfa ho ɔsɔretia a efi Satan ne ne wiase a aporɔw no hɔ yi ho anuonyam? (1 Yohane 5:19) Yehowa nkutoo na obetumi de ne honhom kronkron ayɛ eyi nyinaa.—Yesaia 60:22; Sakaria 4:6.

Yehowa Anuonyam a Ɛharan

16. Dɛn nti na nnipa ntumi nhu ‘Yehowa anuonyam a ɛharan no’ ankasa?

16 Sɛnea Yehowa ‘anwonwa nnwuma’ ne ne “mmaninne” te biara no, yɛn werɛ remfi da. Dawid kyerɛwee sɛ: “Awo ntoatoaso kamfo wo nnwuma kyerɛ awo ntoatoaso foforo, na wɔka wo mmaninne. Medwen w’anuonyam a ɛharan no kɛseyɛ ne w’anwonwade no ho. Na wɔka wo nneyɛe a ɛyɛ hu no tumi ho asɛm, na mɛka wo kɛseyɛ makyerɛ.” (Dwom 145:4-6) Nanso, esiane sɛ “Onyankopɔn yɛ honhom” na nnipa ntumi nhu no nti, na Dawid betumi ahu Yehowa anuonyam a ɛharan no akodu he?—Yohane 1:18; 4:24.

17, 18. Ɔkwan bɛn so na na Dawid betumi ama anisɔ a ɔwɔ ma ‘Yehowa anuonyam a ɛharan no’ ayɛ kɛse?

17 Ɛwom sɛ Dawid antumi anhu Onyankopɔn de, nanso na akwan horow wɔ hɔ a ɛbɛma anisɔ a ɔwɔ ma Yehowa anuonyam no ayɛ kɛse. Sɛ nhwɛso no, na obetumi akan Onyankopɔn nnwuma akɛse te sɛ wiase nyinaa nsuyiri a ɔde sɛee wiase bɔne bi no ho kyerɛwtohɔ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Ɛda adi koraa sɛ na Dawid asua sɛnea Onyankopɔn brɛɛ Misraim atoro anyame ase na ogyee Israelfo fii Misrifo nkoasom mu no ho ade. Saa nsɛm no di Yehowa anuonyam ne ne kɛseyɛ ho adanse.

18 Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛnyɛ Kyerɛwnsɛm no a Dawid kenkanee no nko na ɛmaa anisɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn anuonyam no yɛɛ kɛse, na mmom nsɛm no ho a na odwennwen nso. Sɛ nhwɛso no, ebetumi aba sɛ na wadwennwen nea esii bere a Yehowa de Mmara no maa Israelfo no ho. Aprannaa boboom, anyinam paapaee, omununkum kabii sii, na torobɛnto nne a ano yɛ den yiye gyigyei. Bepɔw Sinai wosowee na wusiw fii mu bae. Bere a Israelfo no gyinagyina bepɔw no ase no, wɔtee “nsɛm du no” mpo fii ogya ne mununkum no mu bere a Yehowa nam ne bɔfo bi so kasae no. (Deuteronomium 4:32-36; 5:22-24; 10:4; Exodus 19:16-20; Asomafo no Nnwuma 7:38, 53) Yehowa kɛseyɛ a ɔda no adi bɛn ara ni! Ɛsɛ sɛ ‘Yehowa anuonyam a ɛharan no’ kanyan wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn Asɛm no ma wodwennwen saa kyerɛwtohɔ yi ho. Nokwarem no, ɛnnɛ, yɛwɔ Bible mũ no nyinaa a ekura anuonyam anisoadehu ahorow a ɛma yehu Yehowa kɛseyɛ no.—Hesekiel 1:26-28; Daniel 7:9, 10; Adiyisɛm, ti 4.

19. Dɛn na ɛbɛma anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa anuonyam no ayɛ kɛse?

19 Ɔkwan foforo a ebetumi aba sɛ ɛmaa Dawid ani gyee Onyankopɔn anuonyam ho no ne ne mmara a ɔde maa Israelfo no a osuae no. (Deuteronomium 17:18-20; Dwom 19: 7-11) Osetie a Israel man no yɛ maa Yehowa mmara no hyɛɛ wɔn anuonyam na ɛma wɔdaa nsow wɔ aman foforo a aka no ho. (Deuteronomium 4:6-8) Sɛnea na ɛte wɔ Dawid fam no, Kyerɛwnsɛm no a yɛbɛkenkan daa, asusuw ho akɔ akyiri, na yɛde nsi asua no bɛma anisɔ a yɛwɔ ma Yehowa anuonyam no ayɛ kɛse.

Onyankopɔn Abrabɔ Ho Su Pa Korɔn Dɛn Ara!

20, 21. (a) Su horow bɛn na Dwom 145:7-9 kamfo Yehowa kɛseyɛ wɔ ho? (b) Nkɛntɛnso bɛn na Onyankopɔn su a wɔabɔ din wɔ ha no wɔ wɔ wɔn a wɔdɔ no nyinaa so?

20 Sɛnea yɛahu no, Dwom 145 nkyekyɛm asia a edi kan no ma yɛn ntease pa nti a ɛsɛ sɛ yeyi Yehowa ayɛ wɔ nneɛma a ɛfa ne kɛseyɛ a emu nni hwehwɛbea no ho. Nkyekyɛm 7 kosi 9 no kamfo Onyankopɔn kɛseyɛ denam ne suban pa ahorow a ɛtwe adwene si so no so. Dawid to dwom sɛ: “Wɔworo wo papayɛ bebrebe no nkae, na wɔto wo trenee ho ahurusi dwom. [Yehowa, NW] yɛ ɔdomfo ne mmɔborohunufo, abufuwyɛ mu nyaa ne adɔeyɛ mu kɛse. [Yehowa, NW] ye ma nnipa nyinaa, na ne mmɔborohunu wɔ ne nnwuma nyinaa so.”

21 Ɛha yi, Dawid di kan si Yehowa papayɛ ne ne trenee—su horow a Satan Ɔbonsam maa ho baa asɛm no—so dua. Nkɛntɛnso bɛn na saa su horow no wɔ wɔ wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn na wɔbrɛ wɔn ho ase hyɛ ne tumidi ase no nyinaa so? Wiɛ, Yehowa papayɛ ne trenee kwan a ɔfa so di tumi no de anigye brɛ n’asomfo araa ma wontumi nyae sɛ wobeyi no ayɛ. Bio nso, Yehowa da ne papayɛ adi kyerɛ “nnipa nyinaa.” Yɛwɔ anidaso sɛ, eyi bɛboa nnipa pii ma wɔasakra abɛyɛ nokware Nyankopɔn no asomfo ansa na aka akyi dodo.—Asomafo no Nnwuma 14:15-17.

22. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ne n’asomfo di nsɛm?

22 Dawid ani sɔɔ su horow a Onyankopɔn ankasa sii so dua bere a ‘Obetwaam Mose anim, na ɔpaee sɛ: Yehowa, Yehowa, Onyankopɔn mmɔborohunufo ne ɔdomfoɔ, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ ne ne nokware dɔɔso pii’ no nso. (Exodus 34:6) Enti, na Dawid betumi aka sɛ: “[Yehowa, NW] yɛ ɔdomfo ne mmɔborohunufo, abufuwyɛ mu nyaa ne adɔeyɛ mu kɛse.” Ɛwom sɛ Yehowa kɛseyɛ mu nni hwehwɛbea de, nanso odi n’asomfo ni denam ayamye mu a ɔne wɔn di no so. Mmɔborohunu ahyɛ no ma, na ɔwɔ ɔpɛ sɛ ɔde abɔnefo a wonu wɔn ho no bɔne befiri wɔn denam Yesu agyede afɔrebɔ no so. Yehowa yɛ abufuwyɛ mu nyaa nso, efisɛ ɔma n’asomfo nya hokwan a wɔde bedi mmerɛwyɛ ahorow a ɛmma wontumi nkɔ ne trenee wiase foforo no mu no so.

23. Su a ɛsom bo bɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

23 Dawid kamfoo Onyankopɔn adɔeyɛ nso. Nokwarem no, Dwom 145 nkae no nyinaa kyerɛ sɛnea Yehowa da saa su yi adi ne sɛnea ne nokware asomfo yɛ wɔn ade wɔ n’adɔe ho. Yebesusuw nsɛm yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu.

Wubebua Dɛn?

• hokwan ahorow bɛn na ɛwɔ hɔ a yɛde beyi yehowa ayɛ “daa nyinaa”?

• nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ yehowa kɛseyɛ mu nni hwehwɛbea?

• ɔkwan bɛn so na yebetumi ama anisɔ a yɛwɔ ma yehowa anuonyam a ɛharan no ayɛ kɛse?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 10]

Nsoromma kuw a ɛwɔ amansan no mu no di Yehowa kɛseyɛ ho adanse

[Asɛm Fibea]

Courtesy of Anglo-Australian Observatory, photograph by David Malin

[Mfonini wɔ kratafa 12]

Ɔkwan bɛn so na Yehowa kɛseyɛ ada adi wɔ Yesu Kristo ho?

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Bere a Israelfo no nsa kaa Mmara no wɔ Bepɔw Sinai so no, wonyaa Yehowa anuonyam a ɛharan no ho adanse