Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Minyaa Yehowa Adɔe Ne Ne Mmoa

Minyaa Yehowa Adɔe Ne Ne Mmoa

Asetram Nsɛm

Minyaa Yehowa Adɔe Ne Ne Mmoa

SƐNEA FAY KING KA KYERƐE

Ná m’awofo yɛ ayamyefo, nanso te sɛ nkurɔfo pii no, na wɔmpɛ nyamesom koraa. Na me maame taa ka sɛ: “Ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ, sɛ ɛnte saa a ɛnde na hena na ɔbɔɔ nhwiren ne nnua?” Nanso, nea na ekosi ara ne no.

NÁ MADI mfe 11 bere a me papa wui wɔ afe 1939 mu no, na me ne me maame kɔtraa Stockport, Manchester anafo fam wɔ England. Ɛwom sɛ na minnim Bible mu hwee de, nanso na mekyerɛ ho anisɔ kɛse na bere nyinaa nso na mepɛ sɛ mihu me Bɔfo no yiye. Enti, meyɛɛ m’adwene sɛ mɛkɔ Anglikan Asɔre no akɔhwɛ nea ɛno nso wɔ ma me.

Mannya mfaso biara amfi asɔre no mu, nanso bere a wɔkenkan Nsɛmpa no, ɛte sɛ nea Yesu nsɛm no maa minyaa gyidi bi sɛ Bible no yɛ nokware. Sɛ midwennwen ho a, na ɛyɛ me nwonwa sɛ mannye bere amfa ankenkan Bible no. Akyiri yi mpo bere a obi a ɔne yɛn abusua no wɔ ayɔnkofa maa me “Apam Foforo” a wɔde nnɛyi kasa na akyerɛ ase no, mannye bere ankenkan.

Korea Ko a ɛbae wɔ afe 1950 mu no maa misusuw nneɛma ho kɔɔ akyiri yiye. So na akodi yi bɛtrɛw te sɛ Wiase Ko II no? Sɛ ɛkɔba no saa a, ɔkwan bɛn na metumi afa so adi Yesu ahyɛde a ɛka sɛ yɛnnɔ yɛn atamfo no so? So na metumi atra hɔ a menyɛ hwee bere a nkurɔfo retu me man so sa no? Enti metee nka sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ biribi. Ɛmfa ho sɛ na m’adwene mu ayɛ me naa no, na mewɔ gyidi paa sɛ me nsɛmmisa no ho mmuae nyinaa wɔ Bible no mu, ɛwom sɛ na minnim ɔkwan a mɛfa so ahu anaa beae pɔtee a ɛwɔ wɔ Bible no mu de.

Nokware no a Mehwehwɛe Wɔ Australia

Me ne me maame sii gyinae sɛ yebetu akɔ Australia, faako a na me nuabea Jean te no wɔ afe 1954 mu. Mfe kakra bi akyi no, Jean ka kyerɛɛ me sɛ esiane sɛ onim sɛ m’ani gye Bible ho na mekɔ asɔre nti, waka akyerɛ Yehowa Adansefo bi sɛ wɔmmɛsra me. Na ɔpɛ sɛ ohu sɛnea me nso mihu wɔn. Ɔkaa nokware sɛ: “Minnim sɛ wɔn nkyerɛkyerɛ no yɛ nokware anaasɛ ɛnyɛ nokware, nanso anyɛ hwee koraa no, wɔn nkyerɛkyerɛ no tu mpɔn sen asɔre ahorow no de.”

Ná Bill ne Linda Schneider, awarefo a wɔbɛsraa me no yɛ mmɔdenbɔfo. Na wɔn mu biara reyɛ adi mfe 70, na na wɔde mfe pii na asom sɛ Adansefo. Na wɔayɛ adwuma wɔ Yehowa Adansefo radio adwuma a na ɛwɔ Adelaide hɔ pɛn, na bere a wɔbaraa asɛnka adwuma no wɔ Australia wɔ Wiase Ko II no mu no, wɔde wɔn ho hyɛɛ bere nyinaa som adwuma no mu. Nanso, wɔ mmoa a na Bill ne Linda de rema me no nyinaa akyi no, mekɔɔ so hwehwɛɛ ɔsom ahorow mu.

Obi a na me ne no yɛ adwuma wɔ faako de me kɔɔ ɔsɛmpakafo Billy Graham asɔre, na bere a yɛpɔn asɔre no, yɛn mu pii kohyiaa ɔsɔfo bi bisabisaa no nsɛm. Mibisaa no nea na ɛrehaw m’adwene yi: “Wobɛyɛ dɛn aka sɛ woyɛ Kristoni a wodɔ w’atamfo bere a wokɔ ɔko kokunkum wɔn no?” Amonom hɔ ara na nnipadɔm no fii ase yɛɛ gyegyeegye—akyinnye biara nni ho sɛ na asɛm no haw wɔn nyinaa! Ɛyɛɛ kakra no, ɔsɔfo no kae sɛ: “Mintumi nyi saa asɛm no ano. Meredwennwen ho.”

Saa bere yi nyinaa na me ne Bill ne Linda gu so resua ade a adagyew nnim koraa ma enti wɔ September 1958 mu no, wɔbɔɔ me asu. Mebɔɔ me tirim sɛ medi m’akyerɛkyerɛfo no anammɔn akyi, enti wɔ afe a edi hɔ August no, mede me ho hyɛɛ daa akwampae, bere nyinaa som adwuma no mu. Wɔ asram awotwe akyi no, wɔpaw me sɛ ɔkwampaefo titiriw. Hwɛ anigye ara a minyae bere a metee sɛ me nuabea Jean anya nkɔanim wɔ n’adesua mu abegye asubɔ no!

Hokwan Kɛse Bi a Minyae

Na mewɔ Sydney asafo biako bi mu a na meyɛ ofie Bible adesua pii. Da bi, mihyiaa Anglikan Asɔre no sɔfo bi a na waba pɛnhyɛn bisaa no nea asɔre no ka wɔ wiase awiei ho. Ɛwom sɛ ɔkaa sɛ ɔde mfirihyia 50 akyerɛkyerɛ wɔ asɔre no mu de, nanso ne mmuae no maa me ho dwiriw me: “Esiane sɛ minnim Bible no yiye te sɛ Yehowa Adansefo nti, ɛsɛ sɛ meyɛ ɛho nhwehwɛmu kakra.”

Wɔ eyi akyi bere tiaa bi no, wɔde too gua sɛ wohia atuhoamafo ma wɔakɔsom wɔ Pakistan. Esiane sɛ na minnim sɛ wɔmma mmea ahokwafo kwan mma wɔnkɔ bi na mmom mmarima anaa awarefo nkutoo na na wɔbɛkɔ nti, me nso mede m’akwammisa krataa kɔe. Akyinnye biara nni ho sɛ wɔde m’akwammisa krataa no kɔɔ Brooklyn adwumayɛbea ti hɔ efisɛ ankyɛ koraa na minyaa krataa bi firii hɔ a ɛkae sɛ ɔkwan wɔ Bombay (seesei wɔfrɛ hɔ Mumbai), India, enti sɛ mepɛ de a, metumi akɔ hɔ. Eyi sii wɔ afe 1962 mu. Meyɛɛ saa na mede asram 18 kɔtraa Bombay ansa na akyiri yi mitu kɔɔ Allahabad.

Misii gyinae sɛ mesua Hindi kasa. Esiane sɛnea wosi ka Indiafo kasa yi nti, ɛnyɛ den kɛse sɛ wubesua. Nanso, eduu mmere bi no, na m’abam reyɛ abu esiane sɛ na afiewuranom taa ka sɛ, ka Engiresi kasa na kɔ wo baabi na nhaw wo ho sɛ wobɛka yɛn kurom kasa! Nanso na osuahu a merenya wɔ saa ɔman yi mu ne abusuabɔ a me ne Adansefo afoforo a wofi Australia renya no ma m’ani gye paa.

Bere a na misua no, na meka sɛ mɛware nanso bere a mebɔɔ asu no, mede me ho hyɛɛ Yehowa som adwuma no mu fẽẽ araa ma enti na minni adagyew koraa a mede besusuw aware ho. Nanso, akyiri yi metee nka sɛ mihia ɔhokafo. Nokwarem, na mempɛ sɛ megyae amannɔne adwuma no, enti mede kɔɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu na afei miyii m’adwene fii so.

Nhyira a na Menhwɛ Kwan

Saa bere no, na Edwin Skinner na na ɔhwɛ India baa dwumadibea no so. Ɔne anuanom agyidifo bi a na Harold King ne Stanley Jones a wɔde wɔn kɔɔ China ka ho no kɔɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no bi wɔ afe 1946 mu. * Esiane asɛmpaka adwuma no nti, wɔkyeree Harold ne Stanley guu afiasedan bi a na obiara nnim mu wɔ afe 1958 mu wɔ Shanghai. Bere a woyii Harold fii afiase wɔ afe 1963 mu no, Edwin kyerɛw no krataa. Bere a Harold fii ne kwan a otu kɔɔ United States ne Britain baa Hong Kong no, ɔno nso kyerɛw Edwin ka kyerɛɛ no sɛ ɔpɛ sɛ ɔware. Ɔka kyerɛɛ Edwin sɛ ɔbɔɔ ho mpae bere a na ɔwɔ afiase no, enti ɔde reto Edwin anim ahwɛ sɛ ebia obenya Ɔdansefo bi a ɔfata ama no a.

Esiane sɛ wɔtaa yɛ aware ho nhyehyɛe ma nkurɔfo wɔ India nti, na wɔtaa ka kyerɛ Edwin sɛ ɔnyɛ nhyehyɛe a ɛte saa, nanso na ɔnyɛ. Ne saa nti, ɔde Harold krataa no maa Ruth McKay a na ne kunu Homer yɛ ɔhwɛfo kwantufo no. Bere bi akyi no, Ruth kyerɛw me kae sɛ ɔsɛmpatrɛwfo bi a ɔde mfe pii asom repɛ obi aware no nti sɛ m’ani gye ho a menkyerɛw no. Sɛ onua no yɛ hena, wanka ne ho hwee ankyerɛ me.

Nokwarem, na Yehowa nkutoo na na onim sɛ merepɛ ɔhokafo enti nea midii kan yɛe ne sɛ mebɔɔ nsusuwii a ɛte saa no gui. Nanso dodow a misusuw ho no, dodow no ara na mihui sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na Yehowa bua yɛn mpaebɔ sɛnea yɛhwɛ kwan no. Enti mekyerɛw Ruth kae sɛ esiane sɛ ɛnyɛ nhyɛ sɛ mɛware saa onua no nti, obetumi aka akyerɛ no sɛ ɔnkyerɛw me. Harold King de ne krataa a na ɛto so abien no brɛɛ me.

Bere a woyii Harold fii China afiase no, ne mfonini hyetaa atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma bebree mu. Saa bere yi, na wonim no yiye wɔ wiase baabiara nanso ɛyɛ ne nokwaredi a na ɔde asom Onyankopɔn mfe pii no na ɛkaa me. Enti yedii yɛn ho nkrataakyerɛw asram anum na ɛno akyi no, mekɔɔ Hong Kong. Yɛwaree October 5, 1965.

Ná yɛn baanu no nyinaa wɔ ɔpɛ sɛ yɛbɛware na yɛakɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no, na bere a yɛrenyin no, yebehuu sɛnea aware mu hokafo ho hia ankasa. Mebɛdɔɔ Harold kɛse, na bere a mihuu sɛnea ofi ayamye mu ne afoforo dii nsɛm ne sɛnea odii ɔhaw ahorow a yehyiae wɔ yɛn som adwuma no mu no ho dwuma no, ɛmaa mibuu no kɛse. Yɛn ani gyei wɔ mfe 27 a yɛde waree no mu yiye, na Yehowa nso hyiraa yɛn pii.

Mepɛ Chinafo asɛm yiye esiane sɛ wɔyɛ mmɔdenbɔfo nti. Chinafo kasa a wɔka wɔ Hong Kong ne Cantonese, na ne sua yɛ den kakra sen Mandarin kasa. Bere a yɛwaree no, me ne Harold traa asɛmpatrɛwfo fie wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea hɔ na ɛno akyi no wɔmaa yɛkɔsom wɔ asasesin no mmeae foforo. Yiw, na yɛn ani gye papaapa nanso wɔ afe 1976 mu no, yare kɛse bi bɔɔ me.

Nyarewa Ano a Migyinae

Ná mogya atu me asram kakra ma me mogya so atew koraa. Na ɛsɛ sɛ wɔyɛ me oprehyɛn nanso nnuruyɛfo a na wɔwɔ ayaresabea hɔ no kae sɛ sɛ mannye mogya a wɔnnyɛ oprehyɛn no efisɛ sɛ wɔyɛ a ebetumi aba sɛ mewu. Da koro bi bere a na nnuruyɛfo no resusuw me tebea no ho no, ayarehwɛfo no bɔɔ mmɔden biara sɛ wɔbɛma m’asesa m’adwene, na wɔkae mpo sɛ ɛmfata sɛ mewu wɔ saa kwan no so. Saa da no, na nnipa 12 na na wɔaka sɛ wɔbɛyɛ wɔn oprehyɛn a na emu 10 de, na ɛyɛ nyinsɛn a wɔrebetu agu, nanso mihui sɛ obiara nni hɔ a ɔkasa tiaa apemfo a na wɔrebetu yafunu agu no.

Akyiri yi, Harold kyerɛw krataa bi sɛ sɛ miwu a, asodi biara nna ayaresabea no so ma enti nnuruyɛfo no penee so sɛ wɔbɛyɛ oprehyɛn no. Wɔde me kɔɔ oprehyɛn dan mu sɛ wɔrekɔwɔ me paane a ɛmma mente yaw. Nanso, bere a oduruyɛfo a ɛsɛ sɛ ɔwɔ me paane ansa na wɔayɛ me oprehyɛn no bae no, wanyɛ, enti na ɛsɛ sɛ ayaresabea no yi me.

Ɛno nti, yekohuu oduruyɛfo foforo bi. Esiane sɛ ohui sɛ me tebea no mu yɛ den nti, ɔkae sɛ sɛ yɛrenka nkyerɛ obiara de a, ɔbɛyɛ me oprehyɛn no a onnye yɛn sika kɛse biara. Otumi yɛe a wamfa mogya biara anni dwuma. Me ne Harold hui sɛ Yehowa ayɛ yɛn adɔe ne mmoa ankasa wɔ saa bere yi mu.

Owuyare bi bɛbɔɔ Harold wɔ afe 1992 mu. Enti yɛkɔtraa baa dwumadibea hɔ ma wofi ɔdɔ mu hwɛɛ yɛn kama. Me kunu a na medɔ no no wiee n’asase so som adwuma wɔ afe 1993 mu bere a na wadi mfe 81.

Mesan Kɔɔ England

Ná ɛyɛ m’anigye sɛ meka Hong Kong Betel abusua no ho, nanso afei de na ɔhyew ne ɛbɔ no mma nneɛma nkɔ yiye koraa mma me. Saa bere no krataa bi a na menhwɛ kwan fii Brooklyn adwumayɛbea ti hɔ bɛkae sɛ esiane m’ahoɔden nti, mɛpɛ sɛ mɛkɔ faako a baa dwumadibea no wɔ ayaresa ho nneɛma a edi mũ anaa. Enti, mifii hɔ kɔɔ England wɔ afe 2000 mu de me ho kɔbɔɔ London Betel abusua no ho. Hwɛ sɛnea saa nhyehyɛe yi aboa me! Wogyee me fɛw so, na m’ani gye dwumadi ahorow a wɔde ahyɛ me nsa a nea ɛka ho ne Betel abusua no nhomakorabea a nhoma 2,000 na ɛwɔ hɔ a meboa ma wosiesie hɔ no ho.

Seesei me ne asafo bi a ɛka Chinafo kasa na ɛbɔ wɔ London ha, nanso tebea no yɛ soronko wɔ ha. Nnansa yi, nnipa a wɔwɔ ha no mu fã kɛse no ara fi China na emu kakraa bi pɛ na wofi Hong Kong. Wɔka Mandarin kasa na ɛno abɛyɛ asɛnnennen foforo wɔ asɛnka adwuma no mu. Amanneɛbɔ a efi ɔman yi afã ahorow nyinaa kyerɛ sɛ wɔne Chinafo a wɔresua ade wɔ sukuupɔn mu resua Bible no a adagyew nnim koraa. Wɔyɛ nsiyɛfo na wɔn ani gye Bible mu nokware a wɔresua no ho. Ɛyɛ anigye sɛ wobɛboa saafo yi.

Metaa tra ase komm susuw anigye a manya wɔ m’asetram ho, na sɛnea Yehowa ada n’adɔe adi akyerɛ yɛn no ma me ho kɔ so dwiriw me. Ɛda adi wɔ biribiara a ɛne n’atirimpɔw hyia mu, na sɛnea odwen ne nkoa ho no nso da adi pefee. Ɛsɛ sɛ mekyerɛ anisɔ wɔ n’adɔe no ho.—1 Petro 5:6, 7.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 19 Saa asɛmpatrɛwfo yi ho nsɛm puei wɔ July 15, 1963, Engiresi Ɔwɛn-Aban no kratafa 437-42 ne December 15, 1965, Engiresi Ɔwɛn-Aban no kratafa 756-67 mu.

[Mfonini wɔ kratafa 24]

Meresom wɔ India

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Harold King wɔ afe 1963 mu ne bere a na ɔresom wɔ China wɔ 1950 mfe no mu no

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 26]

Yɛn ayeforohyia da wɔ Hong Kong, October 5, 1965

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Yɛne Hong Kong Betel abusua mufo, Liang ne ne yere wɔ mfinimfini, Gannaway ne ne yere wɔ nifa so