Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyamesom Pa ne Wo Yiyedi

Onyamesom Pa ne Wo Yiyedi

Onyamesom Pa ne Wo Yiyedi

ƐDA adi sɛ wode bere pii di w’apɔwmuden ho dwuma. Ebia da biara woda nnɔnhwerew awotwe de nnɔnhwerew pii noa aduan di, na wode nnɔnhwerew awotwe anaa nea ɛboro saa yɛ adwuma de tua wo dan ho ka de bi tɔ w’ano aduan. Sɛ woyare a, ebia wugye bere ne sika kohu oduruyɛfo anaasɛ woyɛ nhabannuru. Esiane w’apɔwmuden nti, wusiesie wo fie, guare, na ebia woteɛteɛ w’apɔw mu daa.

Nanso, apɔwmuden a wobɛkɔ so anya no hwehwɛ pii sen sɛ wubedi wo honam fam ahiade nkutoo ho dwuma. Biribi foforo wɔ hɔ a edi dwuma titiriw wɔ wo yiyedi ho nsɛm mu. Aduruyɛ ho nhwehwɛmu ada no adi sɛ wo honam fam apɔwmuden ne honhom fam de wɔ abusuabɔ kɛse—egyina sɛ́ wo nyamesom ye anaasɛ enye so.

Abusuabɔ Pa

Ɔbenfo Hedley G. Peach a ɔwɔ Melbourne Sukuupɔn mu wɔ Australia no ka sɛ: “Nhwehwɛmu a wodii kan yɛe wɔ asɛm no ho dodow no ara ma wohui sɛ abusuabɔ pa da nyamesom pa ne apɔwmuden a edi mũ ntam.” Bere a The Medical Journal of Australia (MJA) (Australia Aduruyɛ Ho Nsɛmma Nhoma) reka nneɛma a wohui no ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Wɔahu nso sɛ, sɛ obi wɔ onyamesom pa a . . . ɛmma onnya mogya mmoroso, ne nipadua mu srade nnnɔɔso pii, . . . na ɛyɛ den sɛ obenya nsono kɛse mu kokoram.”

Saa ara na wɔ United States no, wohui wɔ nhwehwɛmu bi a California Sukuupɔn (UC), a ɛwɔ Berkeley no yɛe wɔ nnipa 6,545 mu wɔ afe 2002 mu no sɛ “nnipa a na wɔkɔ asɔre pɛnkoro dapɛn biara no nyin kyɛ sen wɔn a na wɔntaa nkɔ asɔre anaasɛ wɔnkɔ koraa no.” Doug Oman, nhwehwɛmu no kannifo a ɔyɛ ɔkyerɛkyerɛfo wɔ UC a ɛwɔ Berkeley Ɔmanfo Akwahosan Sukuu mu no kae sɛ: “Yehuu nsonsonoe yi bere a yesusuw nneɛma te sɛ asetram nsɛm ne apɔwmuden ho nneyɛe, a sigaretnom ne apɔw-mu-teɛteɛ ka ho, ho no.”

Bere a MJA reka mfaso foforo a wɔn a wɔn ani kũ nyamesom ho nya ho asɛm no, ɛkae sɛ: “Wohui wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Australia mu sɛ nnipa a wɔpɛ nyamesom yɛ nkurɔfo a wɔn aware tumi gyina kɛse, wɔnnom mmosa ne nnubɔne pii, wɔntaa nkunkum wɔn ho na wɔntaa nsusuw ho mpo, wonni dadwen ne adwenemhaw pii, na wɔwɔ ayamye pii.” Afei nso BMJ (a kan no na wɔfrɛ no The British Medical Journal) (Britain Aduruyɛ Ho Nsɛmma Nhoma) no bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛte sɛ nea nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi a emu yɛ den kɛse no tumi di wɔn awerɛhow so ntɛm koraa bere a obi a ɔbɛn wɔn awu no sen nnipa a wonni Onyankopɔn mu gyidi no.”

Adwenkyerɛ ahorow pii na ɛwɔ nea onyamesom pa kyerɛ ankasa ho. Nanso, wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ka wo honam fam apɔwmuden ne w’adwene ankasa. Adanse yi ne asɛm bi a Yesu Kristo kae bɛyɛ mfirihyia 2,000 a atwam ni no hyia. Ɔkae sɛ: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn, efisɛ wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.” (Mateo 5:3, NW) Esiane sɛ wo ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ka w’anigye ne w’apɔwmuden nti, ntease wom sɛ wubebisa sɛ: ‘Ɛhe na metumi anya me ne Onyankopɔn ntam abusuabɔ ho akwankyerɛ a edi mũ? Na dɛn na ɛbɛma mayɛ obi a ne nyamesom di mũ?’