Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Wiase Yi Su Resakra’

‘Wiase Yi Su Resakra’

Wiase Yi Su Resakra’

“Eyi na meka, anuanom, sɛ wɔatwa bere no tiaa.”—1 KORINTOFO 7:29.

1, 2. Nsakrae bɛn na woahu wɔ wiase?

NSAKRAE bɛn na woahu wɔ wiase? So wubetumi aka bi? Sɛ nhwɛso no, nkɔanim a wɔanya wɔ aduruyɛ mu. Wɔ aman bi so no esiane aduruyɛ mu nhwehwɛmu nti mfe dodow a nnipa tumi di akɔ anim fi nea na ennu mfe 50 wɔ afeha a etwaam no mfiase akodu nea ɛboro mfe 70 nnɛ! Afei nso, susuw mfaso horow a yɛanya wɔ radio, television, telefon, ne nkrasɛm mfiri a wɔde di dwuma wɔ akwan pa so no ho. Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow nso ne nkɔanim a aba wɔ nhomasua, akwantu nhyehyɛe, ne nnipa ahofadi mu, a eyinom nyinaa ama nnipa ɔpepem pii asetra atu mpɔn no.

2 Nokwarem no, ɛnyɛ nsakrae no nyinaa na ɛde biribi pa aba. Yɛrentumi mmu yɛn ani ngu nsɛmmɔnedi a ɛrenya nkɔanim, abrabɔ a ɛresɛe, nnubɔnenom a abu so, awaregyae a ɛredɔɔso, nneɛma bo a ɛkɔ soro, ne ehu a ɛreka nnipa wɔ amumuyɛsɛm ho no so. Sɛnea ɛte biara no, ɛda adi sɛ wubegye nea ɔsomafo Paulo kyerɛwee bere tenten a atwam no atom sɛ: ‘Wiase yi su resakra.’—1 Korintofo 7:31.

3. Bere a Paulo kyerɛwee sɛ ‘wiase yi su resakra’ no, na ɔkyerɛ dɛn?

3 Bere a Paulo kaa saa asɛm no, na ɔde wiase no retoto agodibea bi ho. Agofomma a wogoru no—amammuifo, nyamesomfo, ne wɔn a wɔagye din—mu biara ba bɛyɛ wɔn fam de na wɔkɔ ma afoforo aba. Eyi akɔ so mfehaha pii. Bere bi a atwam no, na ahene abusua bi di tumi mfe dudu pii—mfehaha pii mpo—na na nsakrae mma ntɛmntɛm. Nanso, ɛnte saa nnɛ. Nneɛma tumi sesa amonom hɔ ara bere a wɔakum sodifo bi no! Yiw, wɔ wiase yi a basabasayɛ ahyɛ mu ma no, yennim nea ebesi ɔkyena.

4. (a) Adwene a ɛkari pɛ bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nya wɔ wiase nsɛm ho? (b) Adanse abien a ntease wom bɛn na yebesusuw ho seesei?

4 Sɛ wiase no yɛ agodibea na sɛ akannifo no ne agofomma no a, ɛnde na Kristofo no ne bɛhwɛadefo no. * Nanso, esiane sɛ “womfi wiase” anaasɛ wɔnyɛ wiase no fã nti nkurɔfo kõ a agofomma yi yɛ ne wɔn mmɔdenbɔ ho asɛm nhia wɔn pii. (Yohane 17:16) Mmom no, wɔn ani abere rehwehwɛ nea ɛkyerɛ sɛ agoru no reba n’awiei—awiei a ɛyɛ hu—efisɛ wonim sɛ ɛsɛ sɛ nhyehyɛe yi ba awiei ansa na Yehowa de wiase foforo a trenee te mu a yɛahwɛ kwan bere tenten no aba. * Enti, momma yensusuw adanse abien a ɛkyerɛ sɛ yɛte awiei bere mu na wiase foforo no abɛn no ho. Eyinom ne (1) Bible mmerebu ne (2) wiase nsɛm tebea a ɛresɛe.—Mateo 24:21; 2 Petro 3:13.

Ahintasɛm a Wɔahu Ano!

5. Dɛn ne “amanaman no bere” no, na dɛn nti na ɛho hia yɛn?

5 Mmerebu yɛ abusuabɔ a ɛda bere ne adeyɛ ntam ho adesua. Yesu kae sɛ bere bi bɛba a wiase akannifo no bedi akoten wɔ wiase nsɛm mu a Onyankopɔn Ahenni mfa ne ho nnye mu. Yesu frɛɛ saa bere no “amanaman no bere.” (Luka 21:24) Sɛ saa “amanaman no bere” ba awiei a, Onyankopɔn soro Ahenni a Yesu yɛ so Sodifo a ɔfata no bɛba abedi tumi. Yesu bedi kan adi hene wɔ “n’atamfo mfinimfini.” (Dwom 110:2) Afei, sɛnea Daniel 2:44 kyerɛ no, Ahenni no ‘bebubu’ nnipa nniso nyinaa “ama asa” na ɛno de ebegyina daa.

6. Bere bɛn na “amanaman no bere” fii ase, edii bere tenten ahe, na bere bɛn na ɛbaa awiei?

6 Bere bɛn na “amanaman no bere” no bɛba awiei na Onyankopɔn Ahenni afi ase adi tumi? Bible mmerebu ma yehu ɛho mmuae a ‘wɔasɔ ano rekosi awiei bere no.’ (Daniel 12:9) Saa “bere” no dui no, Yehowa yɛɛ biribi de daa mmuae no adi kyerɛɛ Bible asuafo ahobrɛasefo kuw bi. Ɛdenam Onyankopɔn honhom mmoa so no, wohui sɛ Yerusalem a wɔsɛee no afe 607 A.Y.B. no na efii “amanaman no bere” ase, na na saa “bere” no tenten yɛ mfe 2,520. Wɔnam eyi so hui sɛ “amanaman no bere” no baa awiei wɔ afe 1914 mu. Wobehui nso sɛ nneɛma nhyehyɛe yi awiei fii ase wɔ afe 1914 mu. Sɛ Bible suani no, so wubetumi afi Kyerɛwnsɛm no mu akyerɛkyerɛ sɛnea wobu afe 1914 ho akontaa no mu? *

7. Kyerɛwnsɛm bɛn na ɛboa yɛn ma yehu “mmere nson” a wɔaka ho asɛm wɔ Daniel nhoma no mu no mfiase, ne tenten, ne bere a ɛbaa awiei?

7 Ade biako a ɛbɛboa yɛn ma yɛabu bere yi ho akontaa wɔ Daniel nhoma no mu. Esiane sɛ Yehowa maa Babilon hene Nebukadnesar sɛee Yerusalem wɔ “bere” no mfiase wɔ afe 607 A.Y.B. mu nti, Ɔnam so kyerɛe saa sodifo no sɛ amanaman no bɛkɔ so adi tumi sɛnkyerɛnne kwan so mmere nson a Onyankopɔn mfa ne ho nnye mu. (Hesekiel 21:26, 27; Daniel 4:16, 23-25) Saa mmere nson no tenten yɛ ahe? Sɛnea Adiyisɛm 11:2, 3, ne 12:6, 14 kyerɛ no, ɛbere ne mmere ne bere fã tenten yɛ nnafua 1,260. Enti, mmere nson bɛyɛ ɛno mmɔho abien anaa nnafua 2,520. So ɛno ara ne no? Dabi, efisɛ Yehowa kyerɛɛ odiyifo Hesekiel a ɔtraa ase Daniel bere so no sɛnea wɔbɛkyerɛkyerɛ sɛnkyerɛnne no mu: “Mede afe afe ayɛ wo da koro da koro.” (Hesekiel 4:6) Enti mmere nson no tenten ankasa bɛyɛ mfe 2,520. Sɛ bere no fi ase wɔ afe 607 A.Y.B. mu, na sɛ ne tenten yɛ mfe 2,520 a, ɛnde na yebetumi aka sɛ na ɛsɛ sɛ ɛba awiei wɔ afe 1914 mu.

“Awiei Bere no” a Wɔasi So Dua

8. Adanse bɛn na wubetumi de akyerɛ sɛ efi afe 1914 no wiase nsɛm tebea asɛe koraa?

8 Nsɛm a asisi wɔ wiase fi afe 1914 reba no si so dua sɛ nkyerɛkyerɛmu a yɛaka ho asɛm no a egyina Bible mmerebu so no yɛ nokware. Yesu ankasa kae sɛ ɔko, ɔkɔm, ne nyarewa bɛyɛ “nneɛma nhyehyɛe no awiei” ho sɛnkyerɛnne. (Mateo 24:3-8, NW; Adiyisɛm 6:2-8) Saa pɛpɛɛpɛ na aba fi afe 1914 no. Ɔsomafo Paulo nso kaa bi kaa ho sɛ sɛnea nnipa ne wɔn ho wɔn ho bedi no bɛsesa koraa. Yɛn nyinaa ahu sɛ nsakrae a ɔkaa ho asɛm no abam pɛpɛɛpɛ.—2 Timoteo 3:1-5.

9. Dɛn na abenfo binom ka fa wiase nsɛm tebea fi afe 1914 ho?

9 So “wiase su” asesa pii fi afe 1914 ampa? Wɔ The Generation of 1914 (Afe 1914 Awo Ntoatoaso) nhoma mu no, Ɔbenfo Robert Wohl ka sɛ: “Wɔn a na wɔwɔ hɔ wɔ ɔko bere no mu no werɛ ntumi mfi da sɛ wiase biako baa awiei na foforo fii ase wɔ August 1914 mu.” Oduruyɛfo Jorge A. Costa e Silva a ɔyɛ Wiase Nyinaa Akwahosan Ahyehyɛde no kwankyerɛfo a ɔhwɛ adwenem yare ho nsɛm so no nso sii so dua sɛ: “Yɛte bere a nsakrae ba ntɛmntɛm paa mu, na nea ɛde ba ne adwennwen ne ahoyeraw a ebi mmae da wɔ adesamma abakɔsɛm mu.” So w’ankasa woahu biribi a ɛte saa?

10. Ɔkwan bɛn so na Bible no kyerɛkyerɛ yɛn nea ama wiase nsɛm tebea asɛe fi afe 1914 no?

10 Hena ne ɔsɛmmɔnedifo a ɔhyɛ wiase nsɛm tebea a ɛresɛe yi akyi? Adiyisɛm 12:7-9 da ɔsɛmmɔnedifo no adi sɛ: “Ɔko baa ɔsoro. Mikael [Yesu Kristo] ne n’abɔfo tuu ɔtweaseɛ [Satan Ɔbonsam] no so sa ne no koe. Na ɔtweaseɛ no ne n’abɔfo koe. Na wɔantumi wɔn, nso wɔannya ɔkwan ɔsoro bio. Na wotuu ɔtweaseɛ kɛse no, . . . nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no, fii hɔ tow no kyenee asase so.” Enti Satan Ɔbonsam ne nea ɔde nsɛmmɔne ba no, na tu a wotuu no fii soro wɔ afe 1914 mu no akyerɛ sɛ “asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”—Adiyisɛm 12:10, 12.

Sɛnea Wɔde Adeyɛ no Bɛba Awiei

11. (a) Akwan bɛn na Satan fa so daadaa “amanaman nyinaa”? (b) Satan mmɔdenbɔ titiriw bɛn na ɔsomafo Paulo twee adwene kɔɔ so?

11 Esiane sɛ Satan nim sɛ ɛrenkyɛ na wɔayi no hɔ nti, wamia mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛdaadaa “amanaman nyinaa no” mu fi afe 1914. Satan a ɔyɛ ɔdaadaafo a waben bere nyinaa no na oyi n’ani hyɛ wiase akannifo ne akunini ma wodi dwuma ahorow sɛ agofomma no. (2 Timoteo 3:13; 1 Yohane 5:19) Ne botae biako ne sɛ, ɔbɛdaadaa adesamma ama wɔagye adi sɛ ne nniso betumi ama wɔanya nokware asomdwoe. Watumi adaadaa nnipa pii, efisɛ ɛmfa ho sɛ adanse pii rekyerɛ sɛ nneɛma resɛe no, nnipa da so hwɛ kwan sɛ nneɛma bɛyɛ yiye. Ɔsomafo Paulo ka siei sɛ sɛ aka kakra ma wɔasɛe nneɛma nhyehyɛe yi a, Satan nnaadaasɛm no bɛda adi kɛse. Ɔkyerɛwee sɛ: “Na bere a wɔbɛka sɛ: Yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so sɛ awoko ba ɔbea a ɔyem so, na wɔrennya ɔkwan nguan.”—1 Tesalonikafo 5:3; Adiyisɛm 16:13.

12. Mmɔden bɛn na wɔrebɔ wɔ yɛn bere yi mu sɛ wɔde asomdwoe bɛba?

12 Nnansa yi, amammuifo taa de asɛm “asomdwoe ne ahotɔ” ka wɔn nhyehyɛe ahorow ho asɛm. Ɛwom mpo sɛ wɔfrɛɛ afe 1986 Amanaman Asomdwoe Afe de, nanso saa afe no anyɛ asomdwoe afe ankasa. So wiase akannifo mmɔdenbɔ a ɛte saa no yɛ 1 Tesalonikafo 5:3 mmamu koraa anaa na Paulo rekyerɛ adeyɛ pɔtee bi a ɛde nsakrae bɛba mpofirim a wiase nyinaa behu?

13. Bere a Paulo kaa “asomdwoe ne ahotɔ” ho nteɛm ho asɛm siei no, dɛn na ɔde ɔsɛe a ebedi akyi aba no totoo ho, na dɛn na yebetumi asua afi eyi mu?

13 Esiane sɛ yɛtaa te Bible nkɔmhyɛ ahorow ase koraa bere a anya mmamu akyi anaasɛ bere a ɛrenya mmamu nti, ɛsɛ sɛ yɛtwɛn hwɛ nea ebesi. Nanso, ɛho hia sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Paulo de ɔsɛe a ɛbɛba mpofirim wɔ bere a wɔbɛka sɛ wɔwɔ “asomdwoe ne ahotɔ” akyi no totoo ɔbea a ɔyem a ɔreko awo ho. Wɔ bɛyɛ asram akron ntam mu no, ɔpemfo hu sɛ akokoaa no renyin wɔ ne yafunu mu. Obetumi ate sɛ ne ba no koma rebɔ anaa ɔbɛte sɛ ɔkeka ne ho wɔ ne yafunu mu. Obetumi mpo atu ne nan awɔ no. Bere kɔ so no sɛnkyerɛnne no da adi kɛse, kosi sɛ da koro ɔte yaw a emu yɛ den a ɛkyerɛ sɛ adeyɛ a wahwɛ kwan no—akokoaa no awo no—adu. Enti, ɔkwan biara a “asomdwoe ne ahotɔ” ho nkɔmhyɛ no bɛfa so abam no, ɛde adeyɛ a ɛbɛba mpofirim na ɛyɛ yaw na ɛbɛba, nanso ɛbɛkɔ akowie anigye mu koraa—abɔnefosɛm a ɛbɛba awiei ne wiase foforo mfiase.

14. Ɔkwan bɛn so na nneɛma a ebesisi daakye no bedidi so aba, na dɛn na ebefi mu aba?

14 Ɔsɛe a ɛreba no bɛyɛ hu ama nokware Kristofo a wɔyɛ bɛhwɛadefo no. Nea edi kan no, asase so ahene (Satan amammui ahyehyɛde no) bɛtow ahyɛ Babilon Kɛse no nkurɔfo so (nyamesom fã no) na wɔasɛe wɔn. (Adiyisɛm 17:1, 15-18) Enti, nneɛma bɛsesa ma ayɛ ahodwiriw. Satan ahenni mu bɛpae na wɔasɔre atia wɔn ho wɔn ho, a Satan rentumi nyɛ ho hwee. (Mateo 12:25, 26) Yehowa de bɛhyɛ asase so ahene komam ma wɔasɛe n’atamfo nyamesomfo afi asase no so na ‘wɔama ne tirim asɛm abam.’ Wɔ atoro som sɛe akyi no, Yesu Kristo bedi ne soro dɔm anim na wɔadi Satan ahyehyɛde a aka—aguadi ne amammui ahyehyɛde—no so nkonim koraa. Awiei koraa no, wobɛkyekyere Satan ankasa nso. Ɛno de adeyɛ a akɔ so bere tenten no bɛba awiei.—Adiyisɛm 16:14-16; 19:11-21; 20:1-3.

15, 16. Ɛsɛ sɛ kae a wɔkae yɛn sɛ “wɔatwa bere no tiaa” no ka yɛn asetra dɛn?

15 Bere bɛn na saa nneɛma yi nyinaa besi? Yennim da no anaa dɔn ko no. (Mateo 24:36) Nanso, yenim sɛ “wɔatwa bere no tiaa.” (1 Korintofo 7:29) Ɛnde, ɛho hia sɛ yɛde bere a aka no di dwuma nyansam. Ɔkwan bɛn so? Sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛ mu no, ɛsɛ sɛ ‘yɛtɔ bere a eye’ fi nneɛma a ɛho nhia pii mu de yɛ nneɛma a ehia sen biara no da biara da. Adɛn ntia? “Efisɛ nna yi yɛ nna bɔne.” Na esiane sɛ ‘yenim nea Yehowa pɛ’ sɛ yɛyɛ nti, yɛrensɛe bere kakra a ɛsom bo a aka no.—Efesofo 5:15-17; 1 Petro 4:1-4.

16 Esiane sɛ yenim sɛ wobeyi wiase nneɛma nhyehyɛe yi nyinaa afi hɔ nti, ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn mu biara? Nea ɛbɛboa yɛn no, ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “Enti, sɛ eyinom nyinaa bɛsɛe a, nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ moyɛ wɔ abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu.” (2 Petro 3:11) Nnipa bɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ ampa! Nea ɛne Petro afotu a nyansa wom a ɔde mae no hyia no, ehia sɛ (1) yɛhwɛ yɛn abrabɔ yiye na ama yɛn abrabɔ ayɛ kronkron, na (2) yɛhwɛ hu sɛ nsi a yɛyɛ wɔ Yehowa som adwuma mu no da ɔdɔ a emu yɛ den a yɛwɔ ma no adi bere nyinaa.

17. Satan mfiri bɛn na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo hwɛ yiye wɔ ho?

17 Ɔdɔ a yɛwɔ ma Onyankopɔn remma wiase akɔnnɔde ntwetwe yɛn. Esiane nea ɛbɛba nnɛyi nneɛma nhyehyɛe no so nti, ɛyɛ hu sɛ yɛbɛma wiase no afɛfɛde ne anigyede atwetwe yɛn. Ɛwom sɛ yɛte wiase no mu na yɛsan yɛ adwuma wom de, nanso ɛsɛ sɛ yetie afotu a nyansa wom sɛ yɛnyɛ sɛ nea yenni wiase no. (1 Korintofo 7:31) Nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi biara sɛ yɛremma wiase no nnaadaa yɛn. Saa wiase yi ntumi nni ne haw ahorow ho dwuma. Ɛrentumi nkɔ so ntra hɔ daa. Dɛn nti na yebetumi aka saa? Efisɛ Onyankopɔn Asɛm ka saa: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.

Mmere Pa Reba!

18, 19. Nsakrae bɛn na wohwɛ kwan wɔ wiase foforo no mu, na dɛn nti na ɔtwɛn a ɛte saa bɛyɛ nea mfaso wɔ so?

18 Ɛrenkyɛ, Yehowa de Satan ne n’aboafo no dwumadi bɛba awiei. Ɛno akyi no, Onyankopɔn behyira anokwafo a wobenya wɔn ti adidi mu bere a nhyehyɛe yi akɔ n’awiei no, na wɔafi ase ayɛ wiase ‘tebea’ mu nsakrae a ɛbɛtra hɔ daa. Ɔko rensɛe wiase bio; Onyankopɔn bɛma ‘akodi agyae akosi asase ano.’ (Dwom 46:9) Sɛ anka aduan ho bɛyɛ den no, “asase no so aburofuw bedu mmepɔw atifi.” (Dwom 72:16) Afiase, Polisifo adwumayɛbea, nna mu nyarewa, wɔn a wɔtɔn nnubɔne, asɛnnibea ahorow, ne amumɔyɛ befi hɔ.—Dwom 37:29; Yesaia 33:24; Adiyisɛm 21:3-5.

19 Wobenyan nnipa ɔpepepem pii afi adamoa mu aba asase so. Hwɛ anigye ara a ɛbɛyɛ bere a awo ntoatoaso biako mufo ne foforo mufo san hyiam, ne bere a adɔfo a wohuu wɔn ho akyɛ fi ɔdɔ mu yɛ wɔn ho atuu no! Awiei koraa no, obiara a ɔte ase no bɛsom Yehowa. (Adiyisɛm 5:13) Sɛ wowie nsakrae no a, asase nyinaa bɛdan paradise. Wobɛte nka dɛn bere a wohwɛ tebea no? Akyinnye biara nni ho sɛ, ɛbɛka wo ma woateɛm sɛ, ‘mede bere tenten atwɛn eyi, nanso mfaso wɔ so sɛ metwɛnee!’

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Wɔ asɛm foforo mu no, Paulo kaa Kristofo a wɔasra wɔn ho asɛm sɛ: ‘Wɔayɛ ahwɛde ama wiase ne abɔfo ne nnipa.’—1 Korintofo 4:9.

^ nky. 4 Sɛ nhwɛso no, ɛdefa nipa kõ a “atifi fam hene” a wɔaka ne ho asɛm wɔ Daniel 11:40, 44, 45 (Asante Twi Bible) yɛ ho no, hwɛ Tie Daniel Nkɔmhyɛ No nhoma no, kratafa 280-1.

^ nky. 6 Bible no ankasa da no adi sɛ Yerusalem hwee ase mfe 70 ansa na Yudafo nnommum no resan aba wɔ afe 537 A.Y.B. mu. (Yeremia 25:11, 12; Daniel 9:1-3) Sɛ wopɛ “amanaman no bere” no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Reasoning From the Scriptures, a Yehowa Adansefo tintimii no kratafa 95-7.

Wubebua Dɛn?

• Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo nsɛm a ɔkae sɛ ‘wiase yi su resakra’ no abam wɔ yɛn bere yi so?

• Ɔkwan bɛn so na Bible mmerebu ma yehu “amanaman no bere” no awiei?

• Ɔkwan bɛn so na wiase nsɛm tebea a ɛresesa no si so dua sɛ “awiei bere no” fii ase wɔ afe 1914 mu?

• Ɛsɛ sɛ nokwasɛm a ɛne sɛ “wɔatwa bere no tiaa” no ka yɛn dɛn?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Afei—wɔahu ahintasɛm no ano!