Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wubetumi Agyina Adwene Mu Naayɛ Ano

Wubetumi Agyina Adwene Mu Naayɛ Ano

Wubetumi Agyina Adwene Mu Naayɛ Ano

“ƐYƐ nokware turodoo!” “Enni huammɔ da!” “Ɛbɛbam ɔkwan biara so!” Akyinnye biara nni ho sɛ woate nsɛm a ɛtete saa mpɛn pii. Nanso, wɔ yɛn da biara da asetram no, nneɛma pii wɔ hɔ a yentumi nka sɛ ɛbɛbam ɔkwan biara so. Esiane sɛ obiara nnim adekyee mu nsɛm nti, ɛte sɛ nea yentumi mfa yɛn ho nto biribiara so. Adwene mu naayɛ abɛyɛ yɛn asetra fã.

Enti ntease wom sɛ nnipa pii hwehwɛ sɛ wɔne wɔn mmusua benya anigye ne ahobammɔ. Mpɛn pii no, wɔyɛ adwumaden pɛ sika ne honam fam nneɛma a wogye di sɛ ɛbɛma wɔanya anigye ne ahobammɔ. Nanso, asasewosow, ahum a ano yɛ den, akwanhyia, anaa amumɔyɛde betumi ama nneɛma a ɛtete saa no afi wo nsa prɛko pɛ. Yare a emu yɛ den, awaregu, anaa w’adwuma betumi afi wo nsa ama w’abrabɔ asesa mpofirim. Ebetumi aba sɛ nneɛma yi mu bi rento wo da. Nanso nim a wunim sɛ nneɛma a ɛyɛ hu saa betumi asi bere biara no betumi ama w’ahaw anaa woadi awerɛhow. Nanso pii ka ho.

Nsɛm asekyerɛ nhoma bi kyerɛ adwene mu naayɛ ase sɛ adwene a ensi pi wɔ gyidi anaa nsusuwii bi ho a ɛma gyinaesi yɛ den. Bio nso, sɛnea nhoma, Managing Your Mind (Sɛnea Wubesiesie W’adwene) kyerɛ no, “adwene a ensi pi wɔ nneɛma a ɛho hia ho no ne ade titiriw a ɛde adwennwen ba.” Sɛ wɔanni adwene mu naayɛ ho dwuma a, etumi dan dadwen, abasamtu ne abufuw. Yiw, sɛ yedwennwen nneɛma a ebia ebesi anaasɛ ensi ho dodo a, ebetumi ahaw yɛn adwene ne yɛn nipadua.

Enti, ebinom yɛ nneɛma ma ɛtra so. Wɔte sɛ Brazilni ɔbabun bi a ɔkae sɛ: “Adɛn nti na ɛsɛ sɛ woma nea ɛrebesi no haw w’adwene? Momma yennwen nnɛ ho na ɛnyɛ ɔkyena.” Nea su bɔne te sɛ “momma yennidi na yɛnnom” a yebenya no betumi de aba ara ne abasamtu, amanehunu ne akyiri koraa no owu. (1 Korintofo 15:32) Ɛyɛ papa sɛ yɛbɛdan akɔ Ɔbɔadeɛ, Yehowa Nyankopɔn, a Bible no ka ne ho asɛm sɛ, “nsakrae ne adannan sunsuma nni ne mu” no nkyɛn mmom. (Yakobo 1:17) Sɛ yɛhwehwɛ Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu a, yebenya sɛnea yebegyina nneɛma a ebesisi daakye a yennim no ho afotu ne akwankyerɛ pa. Ɛbɛsan aboa yɛn nso ma yɛahu nea enti a yɛn adwene ntumi nsi yɛn pi wɔ nneɛma ho no.

Nea Ɛde Adwene Mu Naayɛ Aba

Kyerɛwnsɛm no boa yɛn ma yenya adwene a ɛkari pɛ wɔ asetram, na ɛma yenya adwene mu naayɛ ne nneɛma a ɛsakrasakra no nso ho adwempa. Ɛwom sɛ ebia abusuabɔ, dibea, nyansa, apɔwmuden ne nea ɛkeka ho bɛma yɛanya ahobammɔ wɔ ɔkwan bi so de, nanso Bible no kyerɛ sɛ yentumi mfa yɛn ho nto eyinom so anaa yɛnhwɛ kwan sɛ yɛn asetra bɛyɛ dwoodwoo. Ɔhene Salomo nyansafo no kae sɛ: “Ɛnyɛ ahoɔharefo de ne ammirikatu, na ɛnyɛ nnɔmmarima de ne ɔko, na ɛnyɛ anyansafo de ne aduan, na ɛnyɛ nhumufo de ne ahonya, nanso ɛnyɛ animdefo de ne anuonyam.” Dɛn ntia? Efisɛ “ɛbere ne [asiane, NW] to wɔn nyinaa.” Esiane eyi nti, Salomo bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Sɛ mpataa a woyi wɔn asawu bɔne mu ne nnomaa a woyi wɔn afiri mu no, saa ara na woyi nnipa mma bere bɔne a ɛto wɔn mpofirim no mu.”—Ɔsɛnkafo 9:11, 12.

Yesu Kristo nso kaa bere bi a dadwen ne adwene mu naayɛ bɛba nnipadɔm bi so wɔ bere bi mu ho asɛm. Ɔkaa no fann sɛ: “Na nsɛnkyerɛnne bɛba owia ne ɔsram ne nsoromma mu, na amanaman ho bɛyeraw wɔn asase so, ɛpo ne asorɔkye a ɛrehuru nti; na ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw; efisɛ wɔbɛwosow ɔsoro ahoɔden.” Nanso, na Yesu wɔ awerɛkyekyesɛm bi ma nnipa komapafo a wɔwɔ hɔ nnɛ: “Sɛ muhu sɛ eyinom ba a, munhu sɛ Onyankopɔn ahenni abɛn.” (Luka 21:25, 26, 31) Saa ara na sɛ́ anka yɛbɛma nneɛma a ebesisi daakye a yennim no abɔ yɛn hu no, yɛn gyidi a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn mu no boa yɛn ma yehu sɛ daakye bi a ahobammɔ wom bɛba ɔkwan biara so.

‘Anidaso no Mu Awerɛhyem Koraa a Yebenya’

Ɛwom sɛ yentumi nka sɛ biribiara a yɛte, yɛkenkan anaa yehu no yɛ nokware turodoo de, nanso yɛwɔ nea enti a yebetumi de yɛn ho ato Ɔbɔadeɛ no so. Ɛnyɛ sɛ ɔyɛ Opumpuni nko, mmom ɔyɛ Agya a ofi ɔdɔ mu hwɛ ne mma a wɔwɔ asase so nso. Onyankopɔn ankasa aka wɔ n’asɛm ho sɛ: “Ɛrensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.”—Yesaia 55:11.

Yesu Kristo kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo Onyankopɔn ho nokwasɛm, na n’atiefo no nso fi ahotoso mu gye dii. Sɛ nhwɛso no, Samariafo komapafo bi ka kyerɛɛ ɔbea bi a na wadi kan atie Yesu Kristo sɛ: “Afei ɛnyɛ w’asɛm nti na yegye di, na yɛn ankasa ate na yɛahu sɛ oyi ne wiase agyenkwa no ampa.” (Yohane 4:42) Saa ara na nnɛ nso, ɛmfa ho sɛ yɛte mmere a nneɛma ayɛ basaa mu no, ɛnsɛ sɛ yɛn adwene mu yɛ yɛn naa wɔ nea ɛsɛ sɛ yegye di ho.

Sɛ ɛba ɔsom mu gyidi ho a, nnipa pii kyerɛ sɛ sɛ anka yɛbɛbɔ mmɔden ahu yɛn gyidi mu yiye no, ɛsɛ sɛ yegye di kɛkɛ. Nanso, Bible kyerɛwfo Luka annye saa nsusuwii no antom. Ɔyɛɛ nhwehwɛmu de amanneɛbɔ a edi mũ too gua na ama afoforo ahu sɛ “nsɛm” a ɔkyerɛwee “no yɛ nokware.” (Luka 1:4) Esiane sɛ ebia yɛn abusuafo ne nnamfo a wɔne yɛn nni gyidi biako mu bɛte nka sɛ yɛn abam bebu na yɛadi yaw nti, ɛho hia sɛ yetumi kyerɛkyerɛ yɛn gyidi mu kyerɛ wɔn. (1 Petro 3:15) Ɛyɛ bere a yɛanya yɛn gyidi mu ntease yiye no nkutoo na yebetumi aboa afoforo ma wɔabenya Onyankopɔn mu ahotoso. Bible no ka Yehowa ho asɛm wɔ saa kwan yi so sɛ: “Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni ne mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.”—Deuteronomium 32:4.

Wode susuw saa nsɛm a edi akyiri yi ho hwɛ: “Ɔtreneeni ne teefo ne no.” Adanse bɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ eyi yɛ nokware? Ná ɔsomafo Petro gye saa asɛm no di yiye. Ɔka kyerɛɛ Roma sraani panyin bi ne ne fiefo sɛ: “Nokwarem na mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ onipa anim, na mmom ɔman biara mu, nea osuro no na ɔyɛ ade trenee no, ɔpɛ no agye no.” (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Petro kaa saa nsɛm no efisɛ na ɛnkyɛe koraa na ohuu sɛnea Onyankopɔn ankasa kyerɛɛ nneɛma kwan ma Amanaman mufo abusua a kan na wobu wɔn sɛ wɔmfata no abɛyɛ wɔn a wɔfata. Te sɛ Petro no, sɛ yɛn nso yehu “nnipakuw kɛse” a ɛnnɛ wɔboro ɔpepem asia a wofi nsase bɛboro 230 a wɔagyae wɔn kan abrabɔ na wɔnam trenee kwan no so no a, yetumi nya ahotoso sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim na ɔyɛ treneeni ampa.—Adiyisɛm 7:9; Yesaia 2:2-4.

Sɛ́ nokware Kristofo no, yɛpɛ sɛ yɛyɛ wɔn a wɔbrɛ wɔn ho ase na wɔte asɛm ase na ɛnyɛ wɔn a wɔyɛ katee. Nanso ɛno nkyerɛ sɛ yenni ahotoso wɔ yɛn gyidi ne yɛn daakye ho anidaso no mu. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa afeha a edi kan no mu Kristofo no sɛ: “Yeyi yɛn yam pɛ sɛ mo nyinaa mmiako mmiako yi mmɔdenbɔ yi adi kyerɛ wɔ anidaso a akyinnye biara nni ho koraa mu de kodu ase.” (Hebrifo 6:11) Saa ara na Bible mu asɛmpa no ama yɛanya ‘anidaso no mu awerɛhyem koraa.’ Sɛnea Paulo kyerɛkyerɛɛ mu no, saa anidaso a egyina Onyankopɔn Asɛm so pintinn no “nhyɛ aniwu” anaa enni huammɔ.—Romafo 5:5.

Afei nso, yegye di yiye sɛ Bible no mu asɛmpa no a yɛde bɛkyerɛkyerɛ afoforo no bɛma wɔanya ahobammɔ na ama wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ no atu mpɔn asan anya ahotoso wɔ honam ne nkate fam. Yebetumi ne Paulo aka sɛ: “Yɛn asɛmpa no amma mo nkyɛn asɛm mu nko, na mmom ɛbae ahoɔden ne Honhon Kronkron ne ɛso duasi bebree mu nso.”—1 Tesalonikafo 1:5.

Nhyira a Yenya Fi Onyankopɔn Som Mu Nnɛ

Ɛwom sɛ yentumi nhwɛ ahobammɔ a edi mũ koraa kwan wɔ yɛn asetram nnɛ de, nanso nneɛma bi wɔ hɔ a ebetumi ama yɛanya ahotɔ kakra. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ wɔkyerɛkyerɛ nnyinasosɛm pa wɔ Kristofo asafo nhyiam ahorow ase nti, asafo no a yɛne no bɛbom asom no bɛboa yɛn ma yɛanya ahotɔ. Paulo kyerɛwee sɛ: “Ahonyafo a wɔwɔ wi yi ase, kasa kyerɛ wɔn sɛ wonnnwen akokurokosɛm, nso wɔmmfa wɔn ani nnto ahonyade a enni hɔ daa so, na wɔmfa wɔn ani nto Nyankopɔn a ɔma yɛn ade nyinaa ma ɛdɔɔso sɛ yenni no so.” (1 Timoteo 6:17) Nnipa pii a wɔasua sɛ wɔde wɔn ho bɛto Yehowa so mmom sen honam fam nneɛma anaa anigyede a ɛwɔ hɔ nnɛ na ɔkyena enni hɔ so no atumi ade wɔn ho afi dadwen ne abasamtu a na ɛyɛ adesoa ma wɔn no ho.—Mateo 6:19-21.

Wɔ asafo no mu no, yɛwɔ anuanom a wɔwɔ ɔdɔ a wɔboa yɛn wɔ akwan ahorow pii so nso. Ɛbere bi, ɔsomafo Paulo ne n’ayɔnkofo akwantufo bi tee ‘nhyɛso a ɛboro so’ nka na ɛmaa ‘wɔpaa wɔn nkwa ho abaw mpo.’ Ɛhefa na Paulo nyaa mmoa ne ogye fii? Akyinnye biara nni ho sɛ n’ahotoso wɔ Onyankopɔn mu no anhinhim da. Nanso, ne mfɛfo Kristofo a wɔbaa ne nkyɛn no nso hyɛɛ no nkuran kyekyee ne werɛ. (2 Korintofo 1:8, 9; 7:5-7) Ɛnnɛ, sɛ asiane anaa ɔhaw afoforo bi si a, mpɛn pii no yɛn nuanom Kristofo na wodi kan du saa beae hɔ de honam fam ne honhom fam mmoa ma anuanom Kristofo ne afoforo a wɔn ho akã no.

Mpaebɔ nso yɛ ɔkwan foforo a yebetumi afa so adi adwene mu naayɛ so. Yebetumi adan akɔ yɛn soro Agya a ɔwɔ ɔdɔ no nkyɛn bere biara a ahokyere a yɛnhwɛ kwan aba yɛn so no. “Ma [Yehowa NW] nyɛ guandɔbea mma nea wɔrepɛtɛw no, ahokyere bere mu guandɔbea.” (Dwom 9:9) Ebia awofo ntumi mmɔ wɔn mma ho ban. Nanso, Onyankopɔn wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛboa yɛn na ama yɛatumi adi osuro ne adwene mu naayɛ so. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ yɛde yɛn dadwen to Yehowa so a, obetumi ‘ayɛ ama atra ade nyinaa ma aboro so akyɛn nea yɛsrɛ anaasɛ yesusuw’ nyinaa.—Efesofo 3:20.

So wotaa bɔ Onyankopɔn mpae? So wugye di sɛ Onyankopɔn tie wo mpaebɔ? Abeawa kumaa bi a ɔwɔ São Paulo kae sɛ: “Me maame kae sɛ ɛyɛ a memmɔ Onyankopɔn mpae. Nanso mibisaa me ho sɛ: ‘Adɛn nti na ɛsɛ sɛ me ne obi a minnim no kasa?’ Nanso Mmebusɛm 18:10 boaa me ma mihui sɛ yehia Onyankopɔn mmoa na ɛsɛ sɛ yɛne no di nkitaho denam mpaebɔ so.” Saa kyerɛwsɛm no ka sɛ: “Aban dennen ne [Yehowa, NW] din, ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.” Sɛ yɛamfa anyɛ yɛn su sɛ yɛne Yehowa bedi nkitaho bere nyinaa a, ɛbɛyɛ dɛn na yebenya ne mu ahotoso? Sɛ yebenya honhom fam ahobammɔ a, ɛsɛ sɛ ɛyɛ yɛn su sɛ yebefi komam abɔ mpae daa. Yesu kae sɛ: “Enti monwɛn na monsrɛ daa, na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu, na moakogyina onipa ba no anim.”—Luka 21:36.

Ade foforo bio a yebetumi anya mu ahotoso ne Onyankopɔn Ahenni no ho anidaso no. Wode susuw nea wɔaka wɔ Daniel 2:44 no ho hwɛ: “Ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni a wɔrensɛe no da, na wɔrennyaw n’ahenni mma ɔman foforo bi so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” Saa anidaso no wɔ nnyinaso na yebetumi de yɛn ho ato so. Mpɛn pii na nnipa bɔhyɛ di huammɔ, nanso yebetumi de yɛn ho ato Yehowa asɛm so bere nyinaa. Sɛ́ anka Onyankopɔn bɛyɛ obi a yentumi mfa yɛn ho nto no so no, ɔyɛ ɔbotantim a yebetumi de yɛn ho atweri no. Yebetumi ate nka sɛ Dawid a ɔkae sɛ: “Me botantim Nyankopɔn a miguan medɔ no; me kyɛm ne me nkwagye abɛn, m’abantenten ne me guankɔbea, m’agyenkwa a wugyee me fii akakabensɛm mu.”—2 Samuel 22:3.

Nhoma a yɛaka ho asɛm dedaw no, Managing Your Mind (Sɛnea Wubesiesie W’adwene), san de kaa ho sɛ: “Mpɛn dodow a obi susuw nneɛma bɔne a ebetumi asi ho no, mpɛn dodow no ara na ɛbɛyɛ sɛ nea ɛyɛ paa ara, na ɛma ɛbɛyɛ den kɛse sɛ obehu sɛnea obegyina ano.” Ɛnde, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma wiase no mu dadwen ne adwene mu naayɛ no bunkam yɛn so? Mmom no, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn ho to Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ nnyinaso no so na yeyi yɛn adwene fi wiase no mu nneɛma hunu no so. Sɛ yekura Yehowa bɔhyɛ a enni huammɔ no mu gyidi mu a, yebetumi anya saa awerɛhyem yi: “Obiara a ogye no di no ani renwu.”—Romafo 10:11.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 29]

Onyankopɔn Asɛm ma adesamma nya daakye nhyira ahorow mu ahotoso

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]

“Obiara a ogye no di no ani renwu”

[Mfonini wɔ kratafa 31]

Ahenni asɛmpa no ma nkurɔfo nya ahotoso