Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yehowa Ma Yɛn Yɛn Da Biara Da Ahiade

Yehowa Ma Yɛn Yɛn Da Biara Da Ahiade

Yehowa Ma Yɛn Yɛn Da Biara Da Ahiade

“Mommma mo ani nnyɛ mo totɔtotɔ! Na . . . mo agya nim sɛ nneɛma yi hia mo.”—LUKA 12:29, 30.

1. Ɔkwan bɛn so na Yehowa hwɛ mmoa?

SO WOAHU akasanoma anaa anomaa foforo bi a ɔresosɔ fam pɛn? Ɛbɛyɛ sɛ wususuw nea obenya adi wɔ fam hɔ ho. Wɔ Yesu Bepɔw so Asɛnka mu no, ɔdaa no adi sɛ yebetumi asua biribi afi ɔkwan a Yehowa fa so ma nnomaa aduan no mu. Ɔkae sɛ: “Monhwɛ wim nnomaa sɛ wongu na wontwa, na wɔmmoaboa ano ngu asan so, nanso mo soro agya yɛn wɔn; na monsom bo nsen wɔn anaa?” (Mateo 6:26) Yehowa ma n’abɔde nyinaa aduan wɔ akwan a ɛyɛ nwonwa so.—Dwom 104:14, 21; 147:9.

2, 3. Onyankopɔn asɛm mu asuade ahorow bɛn na yebetumi anya wɔ yɛn da biara da aduan a Yesu kyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ ho mpae no mu?

2 Ɛnde, dɛn nti na Yesu kae wɔ ne mpaebɔ nhwɛso no mu sɛ: “Ma yɛn yɛn da yi aduan nnɛ”? (Mateo 6:11, NW) Yebetumi anya Onyankopɔn asɛm mu asuade a edi mũ wɔ mpaebɔ tiawa yi mu. Nea edi kan no, ɛkae yɛn sɛ Yehowa ne Ɔdemafo Kɛse. (Dwom 145:15, 16) Nnipa betumi adua nnɔbae, agugu so, adodɔw ho, nanso Onyankopɔn nkutoo na obetumi ama nneɛma anyin wɔ honhom fam ne honam fam. (1 Korintofo 3:7) Nea yedi na yɛnom yɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ. (Asomafo no Nnwuma 14:17) Bisa a yebisa no sɛ ɔmma yɛn yɛn da biara da ahiade no ma no hu sɛ yɛn ani sɔ nneɛma a ɔde ma yɛn no. Nokwarem no, abisade yi nkyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ adwuma bere a yebetumi ayɛ no.—Efesofo 4:28; 2 Tesalonikafo 3:10.

3 Nea ɛto so abien no, “da yi aduan nnɛ” a yebisa no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yedwennwen ɔkyena ho pii haw yɛn ho. Yesu kɔɔ so kae sɛ: “Enti munnnwinnwen sɛ: Dɛn na yebedi anaasɛ dɛn na yɛbɛnom anaasɛ dɛn na yebefura? Na eyinom nyinaa akyi na wiase amanaman no di. Na mo soro agya nim sɛ eyi nyinaa hia mo. Na monhwehwɛ Onyankopɔn ahenni ne ne trenee kan; na wɔde eyinom nyinaa bɛka mo ho. Enti munnnwinnwen ɔkyena ho; na ɔkyena ankasa bedwinnwen ne ho.” (Mateo 6:31-34) Mpae a yɛbɔ sɛ ma yɛn “da yi aduan nnɛ” no ma yɛkwati akɛsesɛm na yɛde “onyamesom pa a abodwoɔ wɔ mu” tra ase.—1 Timoteo 6:6-8, Asante Twi Bible.

Onyankopɔn Asɛm Da biara Da

4. Yesu ne Israelfo no asetram nsɛm bɛn na esi so dua sɛ ɛho hia sɛ yetie Onyankopɔn asɛm?

4 Ɛsɛ sɛ mpae a yɛbɔ sɛ yebenya yɛn da biara da aduan no kae yɛn sɛ yehia Onyankopɔn asɛm nso da biara da. Ɛwom sɛ na Yesu adi mmuada bere tenten ma ɔkɔm de no paa de, nanso ɔko tiaa sɔhwɛ a Satan de baa ne so sɛ ɔmma abo nnan abodoo no, na ɔkae sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.” (Mateo 4:4) Odiyifo Mose nsɛm a ɔka kyerɛɛ Israelfo no na Yesu fa kaa asɛm wɔ ha sɛ: “[Yehowa brɛɛ] wo ase maa ɔkɔm dee wo, na ɔde mana a wunnim na w’agyanom nso nnim yɛn wo, na wama woahu sɛ, ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na ade biara a efi [Yehowa, NW] anom so na onipa nam tra ase.” (Deuteronomium 8:3) Ɛnyɛ aduan nko na Yehowa nam mana no so de maa Israelfo no na mmom N’asɛm mu asuade ahorow nso. Asuade biako ne sɛ, na ɛsɛ sɛ ‘wɔtase nea ɛbɛso wɔn ano da koro.’ Sɛ wɔfa nea ɛboro da koro de a, na nkae no fi ase bɔn na ɛdɔ mmoawa. (Exodus 16:4, 20) Nanso, da a ɛto so asia a na ɛsɛ sɛ wɔfa nea wɔtase daa no mmɔho na ama aso wɔn Homeda no de, annɔ mmoawa na ammɔn nso. (Exodus 16:5, 23, 24) Enti mana no kaee wɔn sɛ na ɛsɛ sɛ wɔyɛ osetie, efisɛ na wɔn nkwa nnyina aduan nko so na mmom tie a wobetie “ade biara a efi [Yehowa, NW] anom” so.

5. Ɔkwan bɛn so na Yehowa ma yɛn honhom fam aduan da biara?

5 Ɛsɛ sɛ yɛn nso yetie Yehowa asɛm a ɔnam ne Ba no so de ma yɛn no da biara. Eyi nti, Yesu ayi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” bi sɛ ɔmma n’asomfo “aduan ɛbere a ɛsɛ mu.” (Mateo 24:45) Ɛnyɛ Bible ho nhoma a ɛyɛ honhom fam aduan a ɛdɔɔso nko na akoa nokwafo kuw no de ma na mmom wɔhyɛ yɛn nkuran nso sɛ yɛnkenkan Bible no da biara. (Yosua 1:8; Dwom 1:1-3) Te sɛ Yesu no, sɛ yɛbɔ mmɔden sua Yehowa ho asɛm da biara na yɛyɛ n’apɛde a, yɛn nso yebetumi ayɛ den wɔ Onyankopɔn asɛm mu.—Yohane 4:34.

Bɔne Fafiri

6. Ɛka bɛn na ɛsɛ sɛ yɛsrɛ ho fafiri, na dɛn na Yehowa begyina so de akyɛ yɛn?

6 Abisade a edi hɔ wɔ mpaebɔ nhwɛso no mu ne: “Fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka.” (Mateo 6:12) Ná ɛnyɛ sika fam ɛka na na Yesu reka ho asɛm wɔ ha. Ná yɛn bɔne ho fafiri na ɛwɔ n’adwenem. Wɔ Luka mpaebɔ nhwɛso no kyerɛwtohɔ mu no, abisade yi ka sɛ: “Fa yɛn bɔne firi yɛn, efisɛ yɛn nso de firi obiara a ɔde yɛn aka.” (Luka 11:4) Enti, sɛ yɛyɛ bɔne a, ɛte sɛ nea yɛde Yehowa ka. Nanso, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no ayɛ krado sɛ, sɛ yenu yɛn ho wɔ komam, na ‘yɛdan yɛn ho’ na yɛfa gyidi so srɛ bɔne fafiri wɔ Kristo agyede afɔrebɔ no mu a, ‘ɔbɛpopa’ anaa obetwa saa ka no mu.—Asomafo no Nnwuma 3:19; 10:43; 1 Timoteo 2:5, 6.

7. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ fafiri ho mpae da biara?

7 Wɔ ɔkwan foforo so no, yɛyɛ bɔne bere a yɛantumi annu Yehowa mmara horow ho. Esiane bɔne a yenya fii awo mu nti, yɛn nyinaa fom wɔ kasa, ne nneyɛe mu, na yenya nsusuwii a ɛnteɛ anaasɛ yentumi nyɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. (Ɔsɛnkafo 7:20; Romafo 3:23; Yakobo 3:2; 4:17) Enti, sɛ́ yenim sɛ yɛayɛ bɔne wɔ da no mu anaa yennim no, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ bɔne fafiri wɔ yɛn mpaebɔ mu da biara da.—Dwom 19:12; 40:12.

8. Dɛn na ɛsɛ sɛ fafiri ho mpaebɔ ma yɛyɛ, na mfaso bɛn na yebenya?

8 Ɛsɛ sɛ yegyina Kristo mogya a ɔde agye yɛn mu gyidi so di kan hwehwɛ yɛn mu yiye, na yenu yɛn ho, na yɛka yɛn bɔne ansa na yɛabɔ fafiri ho mpae. (1 Yohane 1:7-9) Ɛsɛ sɛ yɛde “nnwuma a ɛsɛ adwensakra” ka yɛn fafiri ho abisade ho na ama ada adi sɛ yɛn mpaebɔ fi komam. (Asomafo no Nnwuma 26:20) Sɛ yɛyɛ saa a, ɛnde yebetumi anya krado a Yehowa ayɛ sɛ ɔde yɛn bɔne befiri yɛn no mu gyidi. (Dwom 86:5; 103:8-14) Nea yebenya ne asomdwoe a ɛso bi nni, “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so” a ‘ɛbɛhwɛ yɛn koma ne yɛn adwene so Kristo Yesu mu.’ (Filipifo 4:7) Nanso Yesu mpaebɔ nhwɛso no kyerɛ yɛn pii mpo fa nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho na ama yɛanya yɛn bɔne ho fafiri.

Ɛsɛ sɛ Yɛde Firi na Ama Wɔde Afiri Yɛn

9, 10. (a) Nkyerɛkyerɛmu bɛn na Yesu de kaa mpaebɔ nhwɛso no ho, na dɛn na eyi sii so dua? (b) Dɛn na Yesu san de yɛɛ hia a ehia sɛ yɛde firi afoforo no ho mfatoho?

9 Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, abisade a ɛne sɛ “fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka” no nkutoo ne ɔfã a Yesu kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne mpaebɔ no mu. Ɔbɔɔ mpae no wiei no, ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ mode nnipa mfomso firi wɔn a, mo soro agya de mo de befiri mo nso. Na sɛ moamfa nnipa mfomso amfiri wɔn a, mo agya no nso remfa mo mfomso mfiri mo.” (Mateo 6:14, 15) Enti Yesu maa mu daa hɔ pefee sɛ sɛ Yehowa de befiri yɛn a egyina ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛde befiri afoforo no so.—Marko 11:25.

10 Bere foforo bi nso, Yesu yɛɛ mfatoho bi de kyerɛe sɛ sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa de firi yɛn a, ehia sɛ yɛde firi afoforo. Ɔkaa ɔhene bi a ofi ayamye mu de ɛka kɛse bi a na n’akoa bi de no kyɛɛ no ho asɛm. Akyiri yi bere a ɔhene no hui sɛ saa akoa yi amfa ne yɔnko akoa ka ketewaa bi a ɔde no ankyɛ no no, ɔmaa wɔtwee n’aso paa. Yesu wiee ne mfatoho no sɛ: “Saa ara na sɛ mo mu biara amfi ne komam amfa ne nua mfomso amfiri no a, me soro agya nso bɛyɛ no.” (Mateo 18:23-35) Asuade a ɛwom no mu da hɔ: Bɔne ho ka a Yehowa de akyɛ yɛn mu biara no sõ koraa sen bɔne foforo biara a ebia obi ayɛ atia yɛn. Bio nso, Yehowa de firi yɛn da biara da. Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ yebetumi de mfomso a afoforo yɛ tia yɛn bere ne bere mu no akyɛ wɔn.

11. Sɛ yɛpɛ sɛ Yehowa de firi yɛn a, ɔsomafo Paulo afotu bɛn na yebedi akyi, na adepa bɛn na yebenya afi mu?

11 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Momma mo yam nyɛ yiye na ɛnhyehye mo mmoma mo ho, momfa mfirifiri mo ho, sɛnea Onyankopɔn nam Kristo so de firii mo no.” (Efesofo 4:32) Sɛ obiara fi ne pɛ mu de firi ne yɔnko a, ɛde asomdwoe ba Kristofo mu. Bio nso, Paulo hyɛe sɛ: “Sɛ moyɛ nnipa a Onyankopɔn apaw mo, ahotefo ne adɔfo, yi, monhyɛ ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, odwo, abodwokyɛre. Na sɛ obi ne obi nya asɛm bi a, munhuhu mma mo ho na momfa nkyekyɛ mo ho; sɛnea [Yehowa, NW] de akyɛ mo no, sɛnea mo nso monyɛ ne no. Na eyinom nyinaa so na monhyɛ ɔdɔ a ɛne pɛyɛ hama no ngu.” (Kolosefo 3:12-14) Eyi nyinaa wɔ mpaebɔ a Yesu kyerɛɛ yɛn no mu: “Fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka.”

Ahobammɔ Wɔ Bere a Yɛakɔ Sɔhwɛ Mu

12, 13. (a) Dɛn na na abisade a edi hɔ wɔ mpaebɔ nhwɛso no mu no rentumi nkyerɛ? (b) Hena ne Ɔsɔhwɛfo kɛse no, na mpae a yɛbɔ sɛ mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu no kyerɛ dɛn?

12 Abisade a edi hɔ wɔ Yesu mpaebɔ nhwɛso no mu ne: “Mfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu.” (Mateo 6:13) So na Yesu repɛ akyerɛ sɛ yɛnka nkyerɛ Yehowa sɛ ɔnnsɔ yɛn nhwɛ anaa? Ɛnte saa, efisɛ honhom kaa osuani Yakobo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛ wɔsɔ obi hwɛ a, mma ɔnnka sɛ: Onyankopɔn na ɔsɔ me hwɛ; efisɛ bɔne bi nsɔ Onyankopɔn nhwɛ, na ɔno nso nsɔ obiara nhwɛ.” (Yakobo 1:13) Bio nso, odwontofo no kyerɛwee sɛ: “Yah, sɛ wudi amumɔyɛde akyi a, [Yehowa, NW] hena na anka obegyina?” (Dwom 130:3) Yehowa mfa n’ani nni yɛn akyi nhwehwɛ mfomso biara a yɛyɛ, na saa ara nso na ɔmmɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ yɛn ahwɛ. Ɛnde, dɛn na mpaebɔ nhwɛso no fã yi kyerɛ?

13 Nea ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɔ yɛn ahwɛ na wama yɛahwe ase denam nnɛɛdɛe so, na wamene yɛn mpo no ne Satan Ɔbonsam. (Efesofo 6:11) Ɔno ne Ɔsɔhwɛfo kɛse no. (1 Tesalonikafo 3:5) Sɛ yɛbɔ mpae sɛ ɔmfa yɛn nkɔ sɔhwɛ mu a, na yɛresrɛ Yehowa sɛ sɛ sɔhwɛ bi to yɛn a ɔmma yɛnnhwe ase. Yɛresrɛ no sɛ ɔmmoa yɛn na “Satan anni yɛn amim” na yɛannyae yɛn ho mu amma sɔhwɛ ahorow no. (2 Korintofo 2:11) Yɛn mpaebɔ ne sɛ yɛbɛtra “ɔsorosoroni no hintabea” na yɛanya Onyankopɔn ahobammɔ a ɔde ma wɔn a wogye ne tumidi tom wɔ biribiara a wɔyɛ mu no.—Dwom 91:1-3.

14. Ɔkwan bɛn so na ɔsomafo Paulo ma yɛn awerɛhyem sɛ sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so bere a yɛakɔ sɔhwɛ mu a ɔrennyaw yɛn da?

14 Yebetumi anya awerɛhyem sɛ, sɛ nea yɛda no adi wɔ yɛn mpaebɔ ne yɛn nneyɛe mu no na yɛpɛ a, Yehowa rennyaw yɛn da. Ɔsomafo Paulo ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Ɔsɔhwɛ bi ntoo mo ɛ, gye nea ɛyɛ nnipa de; na Onyankopɔn yɛ ɔnokwafo a ɔremma wɔnsɔ mo nhwɛ ntra nea mutumi so, na mmom ɔbɛma ɔkwan a mode befi sɔhwɛ no mu abɛda ho, na moatumi asoa.”—1 Korintofo 10:13.

“Gye Yɛn Fi Ɔbɔnefo no Nsam”

15. Dɛn nti na ɛho hia sen bere biara sɛ yɛbɛbɔ mpae sɛ wonnye yɛn mfi ɔbɔnefo no nsam?

15 Sɛnea Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm nsaano nkyerɛwee a wobu no sɛ ɛyɛ nokware sen biara ka no, Yesu mpaebɔ nhwɛso no ba awiei sɛ: “Na gye yɛn fi ɔbɔne no nsam.” * (Mateo 6:13) Ɛho hia kɛse mpo wɔ awiei bere yi mu sɛ yebenya ahobammɔ afi Ɔbonsam nsam. Satan ne n’adaemone retu nkaefo a wɔasra wɔn “a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no,” ne wɔn ahokafo “nnipakuw kɛse” no so sa. (Adiyisɛm 7:9; 12:9, 17) Ɔsomafo Petro tuu Kristofo fo sɛ: “Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene. Ɔno na momfa gyidi nnyina hɔ pintinn nsiw no kwan.” (1 Petro 5:8, 9) Satan yam a anka wama yɛagyae asɛnka adwuma no, na ɔnam n’ananmusifo a wɔwɔ asase so, sɛ́ ɛyɛ nyamesomfo, aguadifo, anaa amammuifo so bɔ mmɔden sɛ obehunahuna yɛn. Nanso, sɛ yegyina pintinn a, Yehowa begye yɛn. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Enti momfa mo ho nhyɛ Onyankopɔn ase. Munsiw ɔbonsam kwan, na obeguan afi mo nkyɛn.”—Yakobo 4:7.

16. Dɛn na Yehowa wɔ a ɔde boa n’asomfo bere a wɔakɔ sɔhwɛ mu no?

16 Yehowa na ɔmaa kwan ma wɔsɔɔ ne Ba no hwɛe. Nanso, bere a Yesu de Onyankopɔn Asɛm twitwa gyee ne ho fii Ɔbonsam nsam akyi no, Yehowa somaa abɔfo ma wɔbɛhyɛɛ no den. (Mateo 4:1-11) Saa ara na sɛ yɛbɔ mpae wɔ gyidi mu na yɛde Yehowa yɛ yɛn guankɔbea a, ɔbɛfa n’abɔfo so aboa yɛn. (Dwom 34:7; 91:9-11) Ɔsomafo Petro kyerɛwee sɛ: “[Yehowa, NW] nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wɔama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da.”—2 Petro 2:9.

Ogye a Edi Mũ Koraa Abɛn

17. Ɔkwan bɛn so na Yesu nam mpaebɔ nhwɛso no so hyehyɛɛ nneɛma wɔ ɔkwan a ɛfata so?

17 Wɔ Mpaebɔ nhwɛso no mu no, Yesu hyehyɛɛ ne nsɛm wɔ ɔkwan a ɛfata so. Nea ɛsɛ sɛ ehia yɛn titiriw ne Yehowa din kɛse ne ne din kronkron no ho a wɔbɛtew. Esiane sɛ Mesia Ahenni no ne adwinnade a wɔde bɛtew din no ho nti, yɛbɔ mpae sɛ Ahenni no mmra mmeyi nnipa ahenni, anaa nniso a ɛnyɛ pɛ nyinaa mfi hɔ na ɛnhwɛ mma Onyankopɔn apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so koraa sɛnea ɛyɛ wɔ soro no. Daa nkwa ho anidaso a yɛwɔ wɔ paradise asase so ho no gyina Yehowa din a yɛbɛtew ho ne ne tumidi a ɛteɛ a yebegye atom wɔ amansan nyinaa mu so. Sɛ yɛbɔ nneɛma a ɛho hia paa yi ho mpae wie a, yebetumi abɔ yɛn da biara da ahiade, yɛn bɔne fafiri ne ogye a yebenya afi ɔbɔnefo no, Satan Ɔbonsam, sɔhwɛ ne ne nnaadaa mu ho mpae.

18, 19. Ɔkwan bɛn so na Yesu mpaebɔ nhwɛso no boa yɛn ma yɛn ani da hɔ na ɛma yɛn anidaso yɛ ‘pintinn kosi ase’?

18 Gye a wobegye yɛn koraa afi ɔbɔnefo no ne ne nhyehyɛe bɔne no mu rebɛn. Satan nim pefee sɛ ne ‘bere a aka’ a ɔde bɛfa “abufuw kɛse” wɔ asase so, titiriw wɔ Yehowa nkurɔfo so no “yɛ tiaa” bi pɛ. (Adiyisɛm 12:12, 17) Yesu kaa nneɛma a ɛyɛ ahodwiriw a ɛbɛyɛ “wiase awiei no ho sɛnkyerɛnne” a emu bi nnya mmaa mu no ho asɛm siei. (Mateo 24:3, 29-31) Bere a yehu sɛ eyinom resisi no, yebenya awerɛhyem sɛ yɛn gye abɛn. Yesu kae sɛ: “Na nneɛma yi refi ase aba a, monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.”—Luka 21:25-28.

19 Mpaebɔ nhwɛso tiawa a Yesu kyerɛɛ n’asuafo no yɛ ɔkwan pa ɛkyerɛ yɛn nea yebetumi aka wɔ yɛn mpaebɔ mu bere a awiei no rebɛn no. Momma yɛnkɔ so nnya ahotoso sɛ Yehowa bɛma yɛn yɛn da biara da ahiade wɔ honhom ne honam fam akosi awiei. Yɛn ani a yɛbɛma ada hɔ wɔ mpaebɔ mu bɛma ‘yɛaso nea yefii ase de yɛn ho too so no mu pintinn akosi ase.’—Hebrifo 3:14; 1 Petro 4:7.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 15 Bible ahorow bi de ayeyi ma Onyankopɔn de wie Awurade Mpaebɔ no sɛ: “Wo na ahenni ne ahoɔden ne anuonyam yɛ wo dea daa, Amen.” Jerome Biblical Commentary no ka sɛ: “Onyankopɔn ayeyisɛm no nni nsaano nkyerɛwee a wobu no sɛ ɛyɛ nokware sen biara no mu.”

Ntimu

• Mpae a yɛbɔ sɛ ma yɛn “da yi aduan nnɛ” no kyerɛ dɛn?

• Kyerɛkyerɛ abisade a ɛne sɛ, “fa yɛn aka firi yɛn, sɛnea yɛde firi wɔn a wɔde yɛn aka” no mu.

• Sɛ yɛbɔ mpae sɛ Yehowa mmfa yɛn nnkɔ sɔhwɛ mu a na yɛkyerɛ dɛn?

• Adɛn nti na ehia sɛ yɛbɔ mpae sɛ “gye yɛn fi ɔbɔne no nsam?”

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 15]

Sɛ wɔde befiri yɛn a, ɛsɛ sɛ yɛde firi afoforo

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 13]

Lydekker