Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awerɛkyekye Ma Amanehunufo

Awerɛkyekye Ma Amanehunufo

Awerɛkyekye Ma Amanehunufo

SƐ MMARIMA ne mmea anokwafo a wɔtraa ase tete bere mu no hyia amane bi a, na wɔbɔ Onyankopɔn mpae anibere so hwehwɛ akwankyerɛ. Nanso, wɔn ankasa nso tuu anammɔn de tew amanehunu no so, te sɛ anifere kwan a na wɔnam so guan fi nhyɛsofo nsam no so. Sɛ nhwɛso no, Dawid ho a ɔde too Yehowa so ne mmɔden a n’ankasa bɔe wɔ nneɛma mu no boaa no ma ogyinaa n’amanehunu ano. Yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ɛ?

Sɛ worehyia amanehunu a, akyinnye biara nni ho sɛ wutu anammɔn de di ɔhaw no ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, sɛ w’adwuma asɛe a, so wommɔ mmɔden nhwehwɛ adwuma a ɛfata a ɛbɛhwɛ wo ne w’abusua? (1 Timoteo 5:8) Anaasɛ sɛ wowɔ yare bi a, so wonhwehwɛ aduruyɛ a ɛfata? Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Yesu, a Onyankopɔn maa no tumi de saa nyarewa ahorow nyinaa no, kae sɛ ‘wɔn a wɔyare no hia ɔyaresafo.’ (Mateo 9:12) Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na wo haw no befi hɔ; ebia na ɛsɛ sɛ wugyina ano kosi bere bi.

Dɛn nti na womfa asɛm no nto Yehowa Nyankopɔn anim wɔ mpaebɔ mu? Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛrehwehwɛ adwuma a, mpaebɔ mu a yebefi de yɛn ho ato Onyankopɔn so no bɛboa yɛn ma yɛako atia sɔhwɛ biara a ɛbɛma yɛagye adwuma a ɛne Bible nnyinasosɛm nhyia atom no. Yɛremma adifudepɛ anaa sika ho dɔ nso ‘ntwe yɛn mfi gyidi no ho.’ (1 Timoteo 6:10) Nokwarem no, sɛ yɛresisi gyinae atitiriw bi afa adwuma anaa abusua anaa akwahosan ho a, yebetumi atie Dawid afotu yi: “Dan w’adesoa to [Yehowa, NW] so, na obeso wo mu, ɔremma ɔtreneeni ntwiw n’anan mu da.”—Dwom 55:22.

Mpaebɔ a efi komam nso bɛboa yɛn ma yɛn adwene akari pɛ wɔ amanehunu ho na ammunkam yɛn so. Ɔsomafo Paulo, sɛ́ Kristoni nokwafo no kyerɛwee sɛ: “Ade nyinaa mu momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ, ɛne aseda mma mo adesrɛ nnu Nyankopɔn asom.” Ɔkwan bɛn so na mpaebɔ a efi komam betumi akyekye yɛn werɛ? “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no bɛhwɛ mo koma ne mo adwene so Kristo Yesu mu.” (Filipifo 4:6, 7) Onyankopɔn asomdwoe ‘tra adwene nyinaa so.’ Enti, ebetumi ama yɛagyina pintinn wɔ bere a ɔhaw hyɛ yɛn so no. ‘Ɛbɛhwɛ yɛn koma ne yɛn adwene so,’ na aboa yɛn ma yɛampere yɛn ho anyɛ biribi a nyansa nnim a ɛbɛma yɛn amanehunu no ayɛ kɛse.

Mpaebɔ betumi de nsonsonoe kɛse mpo aba wɔ sɛnea tebea bi bɛkɔ akowie mu. Bere a na ɔsomafo Paulo yɛ deduani wɔ Roma no, ofi ahobrɛase mu srɛɛ mfɛfo Kristofo sɛ wɔmmɔ mpae mma no. Dɛn nti na Paulo de adesrɛ yi too wɔn anim? Ɔkyerɛw wɔn sɛ: “Mesrɛ mo yiye sɛ monyɛ eyi, na wɔadan me ama mo ntɛm pa.” (Hebrifo 13:19) Ɔkwan foforo so no, na Paulo nim sɛ tie a Yehowa betie ne mfɛfo gyidifo mpae a wɔbɔ daa no betumi ama wɔasakra bere a wɔde beyi no no mu.—Filemon 22.

So mpaebɔ betumi asesa nea ebetumi afi yɛn amanehunu mu aba no? Ebetumi. Nanso, ɛsɛ sɛ yehu sɛ ebia Yehowa Nyankopɔn rentie yɛn mpaebɔ sɛnea yɛpɛ no no. Paulo bɔɔ mpae mpɛn pii wɔ ne ‘honam mu nsɔe,’ a ebia ɛyɛ nipaduam haw bi no ho. Nanso, sɛ anka Onyankopɔn beyi Paulo amanehunu no afi hɔ no, ɔka kyerɛɛ no mmom sɛ: “Me dom no dɔɔ wo so na me tumi wie pɛyɛ wɔ mmerɛwyɛ mu.”—2 Korintofo 12:7-9.

Enti, ebia yɛn amanehunu remfi hɔ mprempren. Nanso, yebenya hokwan de akyerɛ sɛ yɛwɔ yɛn soro Agya no mu ahotoso. (Yakobo 1:2-4) Nya awerɛhyem sɛ sɛ Yehowa Nyankopɔn anyi amanehunu no amfi hɔ mpo a, obetumi ‘ama kwan a yɛde befi mu abɛda ho, na yɛatumi asoa.’ (1 Korintofo 10:13) Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ wɔfrɛ Yehowa “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.” (2 Korintofo 1:3, 4) Onyankopɔn betumi de nea yehia na ama yɛagyina mu no ama yɛn, na yɛwɔ daa nkwa ho anidaso nso.

Onyankopɔn Asɛm, Bible, hyɛ bɔ sɛ Yehowa ‘bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.’ (Adiyisɛm 21:3, 4) So ɛyɛ den paa sɛ yebegye adi sɛ wiase a amanehunu nnim bi bɛba? Sɛ wotaa hu amane a, wubetumi ate nka saa ara. Nanso, Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ yɛbɛde yɛn ho afi osuro ne amanehunu ho, na n’atirimpɔw bɛbam ɔkwan biara so.—Yesaia 55:10, 11.

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 9]

Amanehunu bɛdan anigye