Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hwɛ Yiye Wɔ Nnaadaa ho

Hwɛ Yiye Wɔ Nnaadaa ho

Hwɛ Yiye Wɔ Nnaadaa ho

“Monhwɛ yiye na obi amfa . . . nnaadaa hunu . . . ammɛfa mo nnommum.”—KOLOSEFO 2:8.

1-3. (a) Nhwɛso ahorow bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛkame ayɛ sɛ nnaadaa ahyɛn yɛn da biara da asetra nyinaa mu? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ nnaadaa a ɛwɔ wiase mu no ma yɛn ho dwiriw yɛn?

“MO MU baahe na ne dwumayɛni nnii atoro nkyerɛɛ no pɛn?” Mfe bi a atwam no, mmara ho ɔbenfo bi de saa asɛmmisa yi yɛɛ nhwehwɛmu. Mmuae bɛn na onyae? Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Wɔ mmaranimfo mpempem a obisaa wɔn asɛm yi mu no, wɔn mu biako pɛ na na ne dwumayɛni nnii atoro nkyerɛɛ no da.” Dɛn ntia? “Na afei ara na mmaranimfo no afi ase ne adwumakuw kɛse bi reyɛ adwuma na na ɔne odwumayɛni biara nkasae da.” Saa osuahu yi kyerɛkyerɛ nokware bi a ɛyɛ awerɛhow mu—atorodi ne nnaadaa abu so wɔ nnɛ wiase yi mu.

2 Nnaadaa gu ahorow pii na ɛkame ayɛ sɛ ahyɛn nnɛyi asetra kwan nyinaa mu. Nsɛm ho amanneɛbɔ de ɛho nhwɛso pii ma—amammuifo a wodi atoro fa wɔn nneyɛe ho, sika ho akontaabufo ne mmaranimfo a wɔbobɔ mfaso a ɛboro nea wɔn nnwumakuw nya so, adetɔn ho amanneɛbɔfo a wɔdaadaa adetɔfo, nkurobɔfo a wosisi nnwumakuw a wotua ahyiakwa ho sika, sɛ yɛbɛbobɔ emu kakraa bi pɛ a. Afei, nyamesom mu nnaadaa nso wɔ hɔ. Asɔfo nam atoro nkyerɛkyerɛ, te sɛ ɔkra a enwu da, hellgya, ne Baasakoro so daadaa nnipadɔm.—2 Timoteo 4:3, 4.

3 So ɛsɛ sɛ saa nnaadaa yi nyinaa ma yɛn ho dwiriw yɛn? Dabida. Ɛdefa “nna a edi akyiri” no ho no, Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Nnipa bɔne asisifo bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu, wɔdaadaa, na wɔdaadaa wɔn.” (2 Timoteo 3:1, 13) Sɛ Kristofo no, ɛho hia sɛ yɛn ani da hɔ wɔ nnaadaa nsusuwii a ebetumi adan yɛn afi nokware no ho no ho. Eyi ma nsɛmmisa abien sɔre sɛ: Dɛn nti na nnaadaa abu so saa nnɛ, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ ahwɛyiye na wɔannaadaa yɛn?

Dɛn Nti na Nnaadaa Abu So Saa Nnɛ?

4. Ɔkwan bɛn so na Bible no kyerɛkyerɛ nea enti a nnaadaa abu so wɔ wiase no mu?

4 Bible no kyerɛkyerɛ nea enti a nnaadaa abu so wɔ wiase no mu pefee. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (1 Yohane 5:19) Saa “ɔbɔne no” ne Satan Ɔbonsam. Ɛdefa ne ho no, Yesu kae sɛ: “Onnyina nokware so; efisɛ nokware nni no mu. Sɛ ɔka atosɛm a, efi n’ankasa mu na ɔka; efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.” Enti, afei, so ɛyɛ nwonwa sɛ wiase no da ne sodifo no honhom, gyinapɛn ahorow, ne ne nnaadaa su no adi?—Yohane 8:44; 14:30; Efesofo 2:1-3.

5. Ɔkwan bɛn so na Satan ayere ne mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛdaadaa nnipa wɔ awiei bere yi mu no mu, na henanom titiriw na ɔde n’ani asi wɔn so?

5 Wɔ awiei bere yi mu no, Satan ayere n’akwan a ɔfa so daadaa no mu. Wɔatow no akyene asase so. Onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa, na wafa “abufuw kɛse.” Esiane sɛ wasi ne bo sɛ ɔbɛsɛe nnipa dodow biara a obetumi nti, ‘ɔredaadaa amanaman no nyinaa.’ (Adiyisɛm 12:9, 12) Satan nyɛ obi a ɔbrɛ ne nnaadaa no ase. Mmom no, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa adesamma daa. * Ɔde ne nnaadaa akwan a ɔwɔ nyinaa—a apoobɔ ne nitan ka ho—afura wɔn a wonnye nni no adwene ani de twe wɔn fi Onyankopɔn ho. (2 Korintofo 4:4) Saa ɔdaadaafo a waben yi asi ne bo sɛ ɔbɛmene wɔn a wɔsɔre Onyankopɔn wɔ “honhom ne nokware mu” no. (Yohane 4:24; 1 Petro 5:8) Enti, mma wo werɛ mmfi da sɛ, Satan aka sɛ: ‘Metumi adan obiara afi Onyankopɔn ho.’ (Hiob 1:9-12) Momma yensusuw Satan “nnɛɛdɛe” no bi ne akwan a yɛbɛfa so ahwɛ yiye wɔ ho no ho.—Efesofo 6:11.

Hwɛ Yiye Wɔ Atosɛm a Awaefo Ka Ho

6, 7. (a) Dɛn na ebia awaefo bɛka? (b) Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no da nea awaefo hwehwɛ no adi pefee?

6 Satan de awaefo adi dwuma bere tenten wɔ ne mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛdaadaa Onyankopɔn asomfo no mu. (Mateo 13:36-39) Ebia awaefo bɛka sɛ wɔsom Yehowa na wogye Bible no di, nanso wɔpo n’ahyehyɛde a aniwa hu no. Ebinom mpo san dan kɔ “Babilon kɛse,” atoro som ahemman no, nkyerɛkyerɛ a ɛbɔ Onyankopɔn ahohora no so. (Adiyisɛm 17:5; 2 Petro 2:19-22) Ɛdenam Onyankopɔn honhom so no, Bible akyerɛwfo no de nsɛm a emu yɛ den dii dwuma de paa awaefo no atirimpɔw ne wɔn akwan ho ntama.

7 Awaefo no botae ne dɛn? Ɛnnɔɔso mma wɔn mu pii sɛ wobefi gyidi a kan no ebia na wobu no sɛ ɛyɛ nokware no ho kɛkɛ. Mpɛn pii no, wɔpɛ sɛ wɔde afoforo ka wɔn ho kɔ. Sɛ anka wɔbɛkɔ akɔhwehwɛ wɔn ankasa akyidifo no, awaefo pii hwehwɛ sɛ ‘wɔbɛtwe asuafo, kyerɛ sɛ, Kristo asuafo no, adi wɔn akyi.’ (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Ɛdefa atoro akyerɛkyerɛfo ho no, ɔsomafo Paulo de kɔkɔbɔ a ehia yi mae sɛ: “Monhwɛ yiye na obi . . . ammɛfa mo nnommum.” (Kolosefo 2:8) So ɛno nkyerɛkyerɛ nea awaefo pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ no mu? Te sɛ obi a ɔkyere nkurɔfo sie a ɔkyere obi a n’ani nna ne ho so fi n’abusuafo mu no, awaefo no hwehwɛ sɛ wɔbɛtwe asafo no mufo a wɔwɔ saa awaefo no mu ahotoso no afi nguankuw no mu akɔ.

8. Akwan bɛn na awaefo fa so du wɔn botae ho?

8 Akwan bɛn na awaefo fa so du wɔn botae ho? Mpɛn pii no, wɔde nsɛm a akyea, nsɛm a ɛnyɛ nokware, na ɛyɛ atoro ankasa di dwuma. Na Yesu nim sɛ nkurɔfo ‘bedi atoro aka nsɛmmɔne ato’ n’akyidifo no so de asisi wɔn. (Mateo 5:11) Saa asɔretiafo a wɔwɔ adwemmɔne yi bɛka nsɛm a ɛnyɛ nokware a atirimpɔw no ne sɛ wɔde bɛdaadaa afoforo. Ɔsomafo Petro bɔɔ awaefo a wɔde “nsisisɛm” bedi dwuma, atrɛw ‘ahohwi nkyerɛkyerɛ’ mu, na ‘wɔakyinkyim Kyerɛwnsɛm no’ de adu wɔn ankasa botae ho no ho kɔkɔ. (2 Petro 2:3, 13; 3:16) Awerɛhosɛm ne sɛ, awaefo tumi “dan binom gyidi butuw.”—2 Timoteo 2:18.

9, 10. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ yiye na awaefo annaadaa yɛn? (b) Dɛn nti na sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ nsakrae wɔ ntease a yɛwɔ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ho mu a, ɛnhaw yɛn?

9 Ɔkwan bɛn na yebetumi afa so ahwɛ yiye na awaefo annaadaa yɛn? Denam afotu a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu a ɛka sɛ: “Monkari wɔn a wɔde mpaapaemu ba na wɔto hintidua de sɛe kyerɛ a moasua no, na montwe mo ho mfi wɔn mu” a yebetie no so. (Romafo 16:17) ‘Yɛtwe yɛn ho fi wɔn ho’ denam wɔn nsusuwii a yɛpo koraa no so—sɛ ɛyɛ wɔn ankasa na wɔrekasa kyerɛ yɛn, wɔakyerɛw wɔ nhoma mu, anaa wɔ Intanɛt so no. Dɛn nti na yɛpaw gyinabea a ɛte saa? Nea edi kan no, esiane sɛ Onyankopɔn Asɛm kyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa na yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa hwehwɛ nea eye ma yɛn bere nyinaa nti.—Yesaia 48:17, 18.

10 Nea ɛto so abien no, yɛdɔ ahyehyɛde a akyerɛ yɛn nokware a ɛsom bo no a atew yɛn afi Babilon Kɛse no ho koraa no. Bere koro no ara no, yegye tom sɛ yɛn nimdeɛ wɔ Onyankopɔn atirimpɔw ho no nyɛ pɛ; wɔayɛ nsakrae wɔ ntease ahorow a yɛwɔ no mu wɔ mfe a abɛsen kɔ no mu. Kristofo anokwafo ani gye ho sɛ wɔbɛtwɛn Yehowa wɔ saa nsakrae ahorow yi nyinaa mu. (Mmebusɛm 4:18) Ansa na saa bere no bɛba no, yɛremfi ahyehyɛde a ɛsɔ Onyankopɔn ani sɛ ɔde bedi dwuma no mu, efisɛ yehu adanse pefee sɛ ne nhyira wɔ so.—Asomafo no Nnwuma 6:7; 1 Korintofo 3:6.

Hwɛ Yiye Na Woannaadaa Wo Ho

11. Dɛn nti na nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi adaadaa wɔn ho?

11 Nnipa a wɔnyɛ pɛ wɔ su bi a Satan tumi de di dwuma ntɛm—ɛno ne wɔn ho a wɔdaadaa. Yeremia 17:9 ka sɛ: “Koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ.” Na Yakobo nso kyerɛw sɛ: “Wɔsɔ obiara hwɛ a, na ɛyɛ n’ankasa akɔnnɔ a egyigye na ɛdaadaa no na ɛsɔ no hwɛ.” (Yakobo 1:14) Sɛ koma no ani begye bɔne ho a, ebia nea ɛbɛyɛ ne sɛ ɛbɛma bɔne no atwetwe yɛn, na ayɛ te sɛ ade a ɛyɛ fɛ na ɔhaw biara nnim. Adwene a ɛte saa yɛ nnaadaa, efisɛ yɛn ho mu a yebegyaa ama bɔne no de yɛn bɛkɔ ɔsɛe mu awiei koraa.—Romafo 8:6.

12. Akwan ahorow bɛn so na yɛn ho a yɛbɛdaadaa no betumi asum yɛn afiri?

12 Yɛn ho a yɛbɛdaadaa betumi asum yɛn afiri. Koma a ɛyɛ nkontompo no bɛma yɛayi yɛn ho ano wɔ sintɔ anaa bɔne a anibere wom ho. (1 Samuel 15:13-15, 20, 21) Yɛn koma a ɛyɛ nkontompo no bɛhwehwɛ akwan a ɔde bebu ne ho bem wɔ abrabɔ a ɛho wɔ asɛm ho. Fa anigyede sɛ nhwɛso. Anigyede ahorow bi ho tew na ɛde anigye ba. Nanso, nea wiase no yi kyerɛ pii—wɔ sini ahorow ne television dwumadi ne Intanɛt so no—yɛ adapaade ne ɔbrasɛe. Ɛnyɛ den sɛ yebegye adi sɛ yebetumi ahwɛ anigyede a asɛm wɔ ho nanso ɛrempira yɛn. Ebinom mpo ka sɛ, “Ɛnhaw m’ahonim, enti ɔhaw bɛn na ɛwom?” Nanso ankorankoro a wɔte saa no de ‘atoro nsusuwii resisi wɔn ho.’—Yakobo 1:22.

13, 14. (a) Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso bɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na yɛn ahonim betumi ama yɛayɛ ade pa? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ yiye wɔ yɛn ho a yɛbɛdaadaa ho?

13 Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ yiye wɔ yɛn ho a yɛbɛdaadaa no ho? Nea edi kan no, ɛho hia sɛ yɛkae sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na yebetumi de yɛn ho ato onipa ahonim no so. Susuw ɔsomafo Paulo asɛm no ho hwɛ. Ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni no, ɔtaa Kristo akyidifo no. (Asomafo no Nnwuma 9:1, 2) Ebia n’ahonim anhaw no saa bere no. Nanso, ɛda adi sɛ, na n’ahonim no akyea. Paulo kae sɛ: “Minnim na meyɛe, ogye a mannye manni mu.” (1 Timoteo 1:13) Enti nokwasɛm a ɛyɛ kɛkɛ sɛ yɛn ahonim nhaw yɛn wɔ anigyede bi ho no nkyerɛ sɛ nea yɛreyɛ no teɛ. Ahonim pa a wɔde Onyankopɔn Asɛm atetew no nkutoo na ebetumi ayɛ ɔkwankyerɛfo pa.

14 Nea ɛbɛyɛ na yɛannaadaa yɛn ho no, nyansahyɛ ahorow a edi mu bi wɔ hɔ a ehia sɛ yɛde to yɛn adwenem. Fa mpaebɔ hwehwɛ wo ho mu. (Dwom 26:2; 2 Korintofo 13:5) Nokwaredi mu a wubefi ahwehwɛ wo ho mu no bɛma woahu hia a ehia sɛ woyɛ nsakrae ahorow bi wɔ wo nsusuwii anaa w’akwan mu. Tie afoforo. (Yakobo 1:19) Esiane sɛ sɛ yɛanhwɛ yiye a, yɛn ho mu nhwehwɛmu a yɛbɛyɛ no betumi agyina yɛn ankasa nsusuwii so nti, ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yebetie nea mfɛfo Kristofo a wɔn ho akokwaw ka fa yɛn ho no. Sɛ wuhu sɛ woresi gyinae ahorow anaa woreyɛ ade wɔ ɔkwan a mfɛfo gyidifo a wɔwɔ suahu na wɔkari pɛ hu sɛ ɛho wɔ asɛm so a, wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘So ɛbɛyɛ sɛ mentetew m’ahonim yiye anaa me koma redaadaa me?’ Kɔ so kenkan Bible ne Bible ho nhoma ahorow no daa. (Dwom 1:2) Saa a wobɛyɛ no bɛboa wo ma wo nsusuwii, wo nneyɛe, ne wo nkate ahorow ne Onyankopɔn nnyinasosɛm ahyia.

Hwɛ Yiye Wɔ Satan Atosɛm Ho

15, 16. (a) Wɔ mmɔden a Satan bɔ sɛ ɔbɛdaadaa yɛn no mu no, atosɛm bɛn na ɔde di dwuma? (b) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati nnaadaa a ɛte saa?

15 Satan de atosɛm ahorow di dwuma wɔ ne mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛdaadaa yɛn no mu. Ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma yɛagye adi sɛ honam fam adedodow de anigye ne abotɔyam ba, nanso mpɛn pii no ɛnyɛ saa na ɛba. (Ɔsɛnkafo 5:10-12) Ɔpɛ sɛ yegye di sɛ saa wiase bɔne yi bɛkɔ so atra hɔ daa, ɛwom sɛ adanse a emu da hɔ fann kyerɛ sɛ yɛte “nna a edi akyiri” mu de. (2 Timoteo 3:1-5) Satan ma yenya adwene sɛ ɔhaw biara nni ɔbrasɛe mu, ɛwom mpo sɛ mpɛn pii no, wɔn a wotiw anigyede no twa so aba bɔne de. (Galatifo 6:7) Ɔkwan bɛn so na yebetumi akwati nnaadaa a ɛte saa no?

16 Nya Bible nhwɛso horow mu mfaso. Bible no kura kɔkɔbɔ nhwɛso horow a ɛfa ankorankoro a Satan atosɛm daadaa wɔn no ho. Na wɔdɔ honam fam nneɛma, wɔamfa wɔn adwene ansi mmere a na wɔte mu no so, anaasɛ wɔde wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu—na nea efii mu bae nyinaa yɛ bɔne. (Mateo 19:16-22; 24:36-42; Luka 16:14; 1 Korintofo 10:8-11) Sua biribi fi nnɛyi nhwɛso ahorow mu. Awerɛhosɛm ne sɛ, bere ne bere mu no, Kristofo binom bu wɔn ani gu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ no so, na wobegye di sɛ som a wɔsom Nyankopɔn no ma wɔhwere ade pa bi. Ebia wobegyaw nokware no akodi asetra kwan bi a wose ɛyɛ anigye akyi. Nanso, ankorankoro a wɔte saa no “gyina nea ɛhɔ yɛ toro,” efisɛ ɛrenkyɛ wobetwa wɔn nneyɛe bɔne no so aba. (Dwom 73:18, 19) Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ yebesua biribi afi afoforo mfomso ahorow mu.—Mmebusɛm 22:3.

17. Dɛn nti na Satan hyɛ atosɛm a ɛne sɛ Yehowa nnɔ yɛn na ommu yɛn sɛ yɛsom bo no ho nkuran?

17 Atosɛm foforo wɔ hɔ a Satan de adi dwuma ma atu mpɔn yiye—atosɛm a ɛne sɛ Yehowa nnɔ yɛn na ommu yɛn sɛ yɛsom bo no. Satan de mfe mpempem pii asua nnipa a wɔnyɛ pɛ ho ade. Onim yiye sɛ abasamtu betumi ama yɛayɛ mmerɛw. (Mmebusɛm 24:10) Enti, ɔhyɛ atosɛm a ɛne sɛ yɛnsom bo wɔ Onyankopɔn ani so no ho nkuran. Sɛ “wɔhwe yɛn ase” na yebegye di sɛ Yehowa nnwen yɛn ho a, ebia ɛbɛsɔ yɛn ahwɛ ma yɛagyae mu. (2 Korintofo 4:9) Saa pɛpɛɛpɛ na Ɔdaadaafo kɛse no hwehwɛ! Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ yiye na Satan atosɛm yi annaadaa yɛn?

18. Ɔkwan bɛn so na Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa dɔ yɛn?

18 Wankasa dwennwen nea Bible no ka fa ɔdɔ a Onyankopɔn wɔ ma yɛn no ho. Onyankopɔn Asɛm de mfatoho ahorow a ɛka koma ma yɛn awerɛhyem sɛ Yehowa hu yɛn na ɔdɔ yɛn sɛ ankorankoro. Ɔde wo nusu gu ne “kotoku” mu, kyerɛ sɛ ohu na ɔkae wo nusu a wotew wɔ apere a wudi sɛ wubekura nokware no mu no mu. (Dwom 56:8) Onim bere a wo “koma abubu,” na ɔbɛn wo wɔ saa mmere no mu. (Dwom 34:18) Onim wo ho nsɛm nyinaa, a ‘wo ti nhwi’ dodow mpo ka ho. (Mateo 10:29-31) Nea ɛsen ne nyinaa no, Onyankopɔn de ne “ba a ɔwoo no koro no mae” maa wo. (Yohane 3:16; Galatifo 2:20) Ɛtɔ mmere bi a, ebia ɛbɛyɛ den ama wo sɛ wubegye adi sɛ saa kyerɛw nsɛm no fa wo ho ankasa. Nanso, ɛsɛ sɛ yegye nea Yehowa ka biara di. Ɔpɛ sɛ yegye di sɛ ɔdɔ yɛn sɛ ankorankoro, na ɛnyɛ sɛ kuw.

19, 20. (a) Dɛn nti na ɛho hia sɛ wuhu na wopo Satan atosɛm a ɛne sɛ Yehowa nnɔ wo no? (b) Ɔkwan bɛn so na ɔhwɛfo kwantufo bi aboa wɔn a wɔn abasam atu no?

19 Hu atosɛm no na po. Sɛ wunim sɛ obi redi atoro a, wubetumi abɔ wo ban na wannaadaa wo. Saa pɛpɛɛpɛ na nim a wunim sɛ Satan pɛ sɛ wugye atosɛm a ɛne sɛ Yehowa nnɔ wo no di no betumi ayɛ mmoa a tumi wom. Kristoni bi kaa Ɔwɛn-Aban asɛm bi a ɛbɔɔ kɔkɔ faa Satan nnɛɛdɛe ho no ho asɛm sɛ: “Na minnim da sɛ Satan bɔ mmɔden sɛ ɔde me nkate bebu m’abam. Eyi a mahu no hyɛ me nkuran ma meko tia saa nkate ahorow yi.”

20 Susuw ɔhwɛfo kwantufo bi a ɔwɔ Amerika Kesee fam man bi mu suahu no ho hwɛ. Sɛ ɔresrasra ne mfɛfo gyidifo a wɔn abasam atu no a, mpɛn pii no, ɔtaa bisa wɔn sɛ, ‘So wugye Baasakoro di?’ Nea n’abasam atu no taa bua sɛ, ‘Dabida,’ bere a onim sɛ ɛyɛ Satan atosɛm no mu biako no. Afei, ɔhwɛfo kwantufo no bisa sɛ, ‘So wugye hellgya di?’ Ɔsan bua bio sɛ, ‘Dabida!’ Afei ɔhwɛfo kwantufo no ka kyerɛ wɔn sɛ Satan atosɛm foforo bi wɔ hɔ a mpɛn pii no wonhu no pefee saa. Ɔdan wɔn adwene kɔ Bɛn Yehowa * nhoma no kratafa 249, nkyekyɛm 21 a ɛpa atosɛm a ɛne sɛ Yehowa nnɔ yɛn sɛ ankorankoro no ho ntama no. Ɔhwɛfo kwantufo no bɔ amanneɛ sɛ mfaso pii afi wɔn a wɔn abam abu yi a ɔboa wɔn ma wohu na wɔpo saa Satan atosɛm yi no mu aba.

Bɔ Wo Ho Ban Fi Nnaadaa Ho

21, 22. Dɛn nti na yenim Satan nnaadaa akwan no nyinaa, na dɛn na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yɛbɛyɛ?

21 Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ Satan bɛkɔ so de nnaadaa ne atosɛm bebree adi dwuma. Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa ahwɛ ama yɛahu Satan nnaadaa akwan no. Bible no ne Bible ho nhoma ahorow a “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no tintim no apa Ɔbonsam akwammɔne no ho ntama. (Mateo 24:45) Enti, bere a wɔabɔ yɛn kɔkɔ yi, momma yɛmmɔ yɛn ho ban.—2 Korintofo 2:11.

22 Enti, momma yɛnhwɛ yɛn ho yiye wɔ awaefo nsusuwii ho. Ɛmmra sɛ yebesi yɛn bo sɛ yɛbɛtwe yɛn ho afi anifere kwan so afiri a ɛne sɛ yɛbɛdaadaa yɛn ho no ho. Na momma yenhu na yɛmpo Satan atosɛm no nyinaa. Denam saayɛ so no, yɛbɛbɔ yɛne “nokware Nyankopɔn” a okyi nnaadaa no ntam abusuabɔ no ho ban.—Dwom 31:5; Mmebusɛm 3:32.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 5 Ɛdefa adeyɛ asɛm a wɔkyerɛ ase sɛ “ɔdaadaa” a ɛwɔ Adiyisɛm 12:9 ho no, nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ “ɛkyerɛ adeyɛ a ɛkɔ so daa a abɛyɛ obi su.”

^ nky. 20 Yehowa Adansefo na wotintimii.

So Wokae?

• Dɛn nti na nnaadaa wɔ wiase pii nnɛ saa?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ yɛn ho yiye na awaefo annaadaa yɛn?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ yiye wɔ adwene biara a ɛbɛma yɛadaadaa yɛn ho no ho?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi atwe yɛn ho afi Satan nnaadaa ho?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Nnaadaa wo ho wɔ anigyede ho

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Bere a worehwɛ wo ho yiye wɔ wo ho a wobɛdaadaa ho no, fa mpaebɔ hwehwɛ woankasa mu, tie afoforo, na sua Onyankopɔn Asɛm daa