Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

“Ko Gyidi Ko Pa no”

“Ko Gyidi Ko Pa no”

“Ko Gyidi Ko Pa no”

ƆSRAANI bɛn na ɔko bere mu wɔbɛka akyerɛ no sɛ: “Kɔ fie na kodi mmere kakra wɔ wo yere ne wo mma nkyɛn” a n’ani rennye ho?

Ɔsraani bi a ɔtraa ase wɔ Israel hene Dawid bere so nsa kaa akwankyerɛ a ɛte saa. Ɔhene no ankasa frɛɛ Hetini Uria na ɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ fie. Nanso, Uria poe sɛ ɔbɛkɔ ne fie. Bere a obisaa Uria nea enti a ɔyɛɛ n’ade wɔ kwan a ɛyɛ nwonwa yi so no, obuae sɛ apam adaka a sɛnkyerɛnne kwan so no ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn ka wɔn ho no, ne Israel asraafo no wɔ akono. Uria bisae sɛ “na mede, menkɔ me fi minkodidi na mennom na me ne me yere nna anaa?” Wɔ Uria fam no, na ɔrentumi nyɛ saa da wɔ mmere a na emu yɛ den saa mu no.—2 Samuel 11:8-11.

Uria adeyɛ no ma nsɛmmisa a ɛho hia sɔre, efisɛ yɛn nso yɛte bere bi a yɛredi ako mu. Mprempren ɔko bi a ɛnte sɛ nea wiase amanaman no ako pɛn rekɔ so. Sɛ wɔde wiase nyinaa ko abien no toto saa ɔko yi a wo ho wom yi ho a na esua koraa. Asiane a ɛwom dɔɔso na ɔtamfo no yɛ den. Wɔntoto atuo ne atopae wɔ saa ɔko no mu, nanso ɛho hia sɛ wɔhyɛ ɔkwan a wɔfa so ko no mu den.

Ansa na wode wo ho bɛhyɛ saa ɔko yi mu sɛ ɔsraani no, ɛsɛ sɛ wuhu sɛ ɛteɛ abrabɔ fam na wuhu botae nti a woreko no. So nneɛma a wode bɔ afɔre no fata ɔko no? Paulo kyerɛkyerɛɛ saa ɔko soronko yi mu pefee wɔ ne krataa a ɔde kɔmaa Timoteo yi mu: “Ko gyidi ko pa no.” Yiw, wɔ saa ɔko yi mu no, ɛnyɛ abannennen na wɔko bɔ ho ban, mmom no “gyidi”—Kristofo nokware no nyinaa sɛnea wɔada no adi wɔ Bible mu no. Ɛda adi sɛ ɛsɛ sɛ wugye nokware a “gyidi” yɛ no tom koraa na ama woako adi nkonim.—1 Timoteo 6:12.

Ɔkofo nyansafo bɔ mmɔden sɛ obehu ne tamfo. Wɔ saa ɔko yi mu no, ɔtamfo no de mfe pii anya ɔkwan a wɔfa so ko no mu suahu, na ɔwɔ nneɛma ne akode akɛse. Ɔsan nso wɔ tumi sen nnipa. Ɔyɛ otirimɔdenfo, basabasayɛfo ne osisifo; ɔno ne Satan. (1 Petro 5:8) Honam fam akode ne afei anifere ne nnaadaa kwan a nnipa de bedi dwuma no ntumi nyɛ no hwee. (2 Korintofo 10:4) Dɛn na wubetumi de akɔ saa ɔko yi?

Akode titiriw no ne “honhom nkrante a ɛne Onyankopɔn asɛm” no. (Efesofo 6:17) Ɔsomafo Paulo kyerɛ sɛnea etu mpɔn fa: “Onyankopɔn asɛm wɔ nkwa, na ahoɔden wɔ mu, na ano yɛ nnam sen nkrante anofanu biara, na ehwirew mu kodu sɛ ɛpaapae ɔkra ne honhom, akwaa ne hon mu, na ɛyɛ koma nsusuwii ne adwene temmufo.” (Hebrifo 4:11,12) Ɛyɛ akode a ano yɛ nam yiye, na edi dwuma pɛpɛɛpɛ araa ma ɛpɛɛpɛɛ ankorankoro adwene ne wɔn nsusuwii mu, na ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma wɔ ahwɛyiye ne ahokokwaw mu.

Ebia wunim sɛ asraafo betumi anya akode a etu mpɔn paa, nanso sɛ wonnim ɔkwan a wɔfa so de di dwuma a, mfaso biara rema so mma wɔn. Saa ara na wuhia akwankyerɛ na wode wo nkrante no adi dwuma yiye. Anigyesɛm ne sɛ wowɔ akofo a wɔn ho akokwaw paa a wɔbɛtete wo. Yesu frɛɛ akofo yi a wɔde ntetee ma yi “akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw” na wɔde asɛyɛde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔmfa honhom fam aduan a ɛyɛ ne bere mu de anaa akwankyerɛ mma n’akyidifo. (Mateo 24:45) Wubetumi ahu wɔn a wɔka bom yɛ saa akoa yi denam nsi a wɔde kyerɛkyerɛ ne kɔkɔbɔ a ɛyɛ ne bere mu de a wɔde ma fa ɔtamfo no akwan ho mu a wobɛhwehwɛ so. Adanse no kyerɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn a wɔwɔ Yehowa Adansefo asafo no mu no na wɔka bom yɛ akoa no.—Adiyisɛm 14:1.

Wɔn a wɔka bom yɛ akoa yi ayɛ pii sen nkyerɛkyerɛ kɛkɛ a wɔde ma no. Wɔada ɔsomafo Paulo a ɔkyerɛw krataa kɔmaa Tesalonika asafo no honhom no bi adi: “Yɛyɛɛ yɛn ho brɛbrɛ wɔ mo mu, sɛnea ɔbagyigyefo bi yɛn n’ankasa mma, na sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye sɛɛ nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛpɛe sɛ yɛne mo kyɛ, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ moayɛ yɛn adɔfo.” (1 Tesalonikafo 2:7, 8) Ɛyɛ Kristoni sraani biara asɛyɛde sɛ ɔde ntetee a wofi ɔdɔ mu de ma no bedi dwuma.

Akode no Nyinaa

Sɛnkyerɛnne kwan so akode no nyinaa wɔ hɔ ma w’ahobammɔ. Wubetumi ahu saa akode yi a wɔabobɔ din mmiako mmiako no wɔ Efesofo 6:13-18 no. Ɔsraani a ɔyɛ anifere renkɔ ɔko sɛ ne honhom fam akode no bi ayera anaa asɛe a ɛsɛ sɛ wosiesie no a.

Kristoni hia akode a ɔde bɛbɔ ne ho ban no nyinaa, nanso gyidi kyɛm no ne nea ɛsom bo titiriw. Ɛno nti na Paulo kyerɛwee sɛ: “Ne nyinaa akyi no, munkura gyidi kyɛm a mode betumi adum ɔbɔne no bɛmma a ɛredɛw no nyinaa” no.—Efesofo 6:16.

Kyɛm a ebetumi akata nipadua no nyinaa ho no gyina hɔ ma gyidi. Ɛsɛ sɛ wunya Yehowa akwankyerɛ mu gyidi kɛse na wugye tom koraa sɛ ne bɔhyɛ ahorow nyinaa bɛbam a wunnye ho kyim. Ɛsɛ sɛ wote nka te sɛ nea ne bɔhyɛ ahorow no anya mmamu dedaw. Mma w’adwenem nnyɛ wo naa koraa da wɔ kyɛ a ɛrenkyɛ wɔbɛsɛe Satan wiase nhyehyɛe no nyinaa, na wɔadan asase paradise, na wɔama nkurɔfo a wodi Onyankopɔn nokware akɔ pɛyɛ mu no ho.—Yesaia 33:24; 35:1, 2; Adiyisɛm 19:17-21.

Ɛwom, wɔ saa ɔko yi mu no, wuhia biribi a ɛsen saa koraa—adamfo. Wɔ ɔko bere mu no, bere a mfɛfo akofo hyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran na wɔbobɔ wɔn ho wɔn ho ban ma ɛtɔ bere bi mpo a wogye wɔn ho fi owu mu no, wɔne wɔn ho benya abusuabɔ a emu ye den paa. Bere a ayɔnkofa som bo no, sɛ wubedi ɔko yi mu nkonim a, wunhia yɔnko biara sɛ Yehowa. Ɛno nti na Paulo bobɔɔ nneɛma a ɛka bom yɛ akode no nyinaa wiei no, ɔde ne nsɛm no baa awiei sɛ: “Momfa mpaebɔ ne ɔsrɛ nyinaa mmɔ mpae daa honhom mu” no.—Efesofo 6:18.

Yɛn ani gye sɛ yɛne yɛn adamfo paa bi bɛbɔ. Yɛbɔ mmɔden gye bere ne no bɔ. Sɛ yɛne Yehowa kasa daa wɔ mpaebɔ mu a, ɔbɛyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa ma yɛn, adamfo a yɛwɔ ne mu ahotoso. Ɔsomafo Yakobo hyɛ yɛn nkuran sɛ: “Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo.”—Yakobo 4:8.

Ɔtamfo no Akwan a Ɔde Di Dwuma

Ɛtɔ mmere bi a, asi a yɛne wiase yi di no betumi ayɛ te sɛ nea yɛnam asase bi a wɔde atopae ahyehyɛ ase so. Obetumi afi beae biara atu wo so sa, na ɔtamfo no bɔ mmɔden sɛ ɔbɛtow ahyɛ wo so mpofirim a wonhwɛ kwan. Nanso, nya awerɛhyem sɛ Yehowa de ahobammɔ a wuhia nyinaa ama.—1 Korintofo 10:13.

Ɔtamfo no bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe Bible mu nokware ahorow a ɛyɛ wo gyidi nnyinaso titiriw no. Awaefo bɛbɔ mmɔden sɛ wɔde adɔkɔdɔkɔsɛm, anodɛ ne adwene a wɔakyinkyim no bedi wo so nkonim. Nanso wo yiyedi ho nhia awaefo no. Mmebusɛm 11:9 ka sɛ: “Nyaatwomni de n’ano sɛe ne yɔnko, na treneefo nimdeɛ na wɔde beyi wɔn.”

Ɛbɛyɛ mfomso sɛ wubesusuw sɛ ɛho hia sɛ wubetie awaefo anaa wobɛkenkan wɔn nhoma ahorow na wode abɔ wɔn nsɛm no agu. Wɔn nsusuwii a edi awu a akyinkyim no betumi asɛe wo gyidi te sɛ yare bɔne a ɛyerɛw ntɛmntɛm. (2 Timoteo 2:16, 17) Mmom no suasua sɛnea Onyankopɔn bu awaefo no. Hiob ka faa Yehowa ho sɛ: “[Ɔwaefo, NW] remma n’anim.”—Hiob 13:16.

Ebia ɔtamfo no bɛfa ɔkwan foforo bi so, nea ɔde adi dwuma ma ayɛ yiye wɔ ɔkwan bi so no. Sɛ wɔdaadaa asraafo a wɔretu sa ma wɔde wɔn ho kɔhyɛ bra bɔne mu fee a, eyi betumi ahwanyan wɔn mu.

Wiase anigyede te sɛ sini ne television so dwumadi ahorow a ɔbrasɛe wom ne nnwom a ano yɛ den yɛ ade a etu mpɔn a wɔde sum afiri. Ebinom ka sɛ wobetumi ahwɛ ɔbrasɛe ho mfonini anaa wɔakenkan nhoma a ɛka ɔbrasɛe ho nsɛm a ɛrennya wɔn so nkɛntɛnso biara. Nanso obi a na ɔtaa hwɛ sini ahorow a na woyi ɔbea ne barima nna wom no kaa no pefee sɛ: “Wo werɛ rentumi mfi mfonini ahorow no da, dodow a wokɔ so dwennwen ho no, dodow no ara na wunya ɔpɛ sɛ wobɛyɛ nea wuhui no . . . Sini no ma wote nka sɛ worehwere biribi.” So ɛfata sɛ wode wo ho to asiane mu ma epira wo wɔ ɔkwan bi a ɛyɛ den sɛ wubehu so?

Akode foforo a ɛka ɔtamfo no akode ho ne honam fam ade dodowpɛ a ɔde daadaa nnipa no. Ɛyɛ den sɛ wubehu asiane a ɛwɔ ho no efisɛ yɛn nyinaa wɔ honam fam ahiade ahorow. Yehia dabere, aduan ne ntade; ɛnna mfomso nni ho sɛ yebenya nneɛma a ɛyɛ fɛ. Mmom no, asiane a ɛwom no ne adwene a obi kura wɔ honam fam nneɛma ho no. Sika ho betumi ahia yɛn asen honhom fam nneɛma ahorow. Yebetumi abɛyɛ wɔn a wɔdɔ sika. Ɛyɛ papa sɛ yɛkae yɛn ho wɔ baabi a ahode betumi ayɛ ade akodu ho. Ɛno tra hɔ bere tiaa bi, nanso honhom fam ahode tra hɔ daa.—Mateo 6:19, 20.

Sɛ asraafo abam bu a, hwɛ a wɔhwɛ kwan sɛ wobedi nkonim no nso brɛ ase. “Wo nsa mu gow ahohia da mu a, w’ahoɔden sua.” (Mmebusɛm 24:10) Abasamtu yɛ akode a Satan de adi dwuma yiye. Hyɛ a yɛbɛhyɛ “nkwagye anidaso sɛ dade kyɛw” no bɛboa yɛn ma yɛako atia abasamtu. (1 Tesalonikafo 5:8) Bɔ mmɔden ma w’anidaso mu nyɛ den te sɛ Abraham. Bere a wɔka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmfa ne ba koro pɛ, Isak, mmɔ afɔre no, wantwentwɛn ne nan ase. Na ɔwɔ gyidi sɛ Onyankopɔn bedi Ne bɔhyɛ a ɛne sɛ ɔnam n’asefo so behyira amanaman nyinaa no ho dwuma na na Onyankopɔn betumi anyan Isak, sɛ ɛho behia sɛ ɔyɛ saa na ama wadi saa bɔhyɛ no ho dwuma a.—Hebrifo 11:17-19.

Mpa Abaw Wɔ Ɔko no Mu

Wɔn a ebia wɔde bere tenten ako akokoduru so no bɛte nka sɛ wɔabrɛ ma enti wɔmfa anidahɔ koro no ara nko bio. Uria nhwɛso no a wɔkaa ho asɛm wɔ asɛm yi mfiase no betumi aboa yɛn nyinaa ma yɛakura adwene a ɛfata mu wɔ ɔko no mu. Ɛsɛ sɛ yɛn mfɛfo Kristofo akofo pii fa ahokyere ne asiane mu, anaa wogyina awɔw ne ɔkɔm ano. Te sɛ Uria no, yɛmpɛ sɛ yedwen ahotɔ a ebia yɛn nsa bɛka no mprempren ho anaa ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛfa asetra kwan a ɛbɛma yɛadi yiye so. Yɛpɛ sɛ yɛne Yehowa asraafo akofo anokwafo a wɔwɔ wiase nyinaa no bɔ na yɛkɔ so ko ara kosi sɛ yɛn nsa bɛka nhyira a ɛso bi nni a wasiesie ama yɛn no.—Hebrifo 10:32-34.

Ɛbɛyɛ nea asiane wom sɛ yebegyae yɛn ho mu, asusuw sɛ ebia ntua a etwa to no da so ara wɔ akyirikyiri. Ɔhene Dawid nhwɛso no si asiane a ɛwom no so dua. Tebea bi nti, na ɔnka n’asraafodɔm a na wɔwɔ akono no ho. Ne saa nti, Dawid yɛɛ bɔne a na anibere wom na ɛmaa odii awerɛhow na ohuu amane ne nkwa nna a aka nyinaa.—2 Samuel 12:10-14.

So mfaso wɔ so sɛ yɛde yɛn ho bɛhyɛ ɔko yi mu, agyina ɔko mu ahokyere ne fɛwdi ano, na yɛapo wiase anigyede ahorow a asɛm wɔ ho no? Wɔn a wɔredi ɔko no mu nkonim no gye tom sɛ nea wiase no de ma betumi ayɛ sɛ biribi pa, te sɛ ntama hyɛnhyɛn fɛfɛ bi, nanso sɛ wohwɛ no yiye paa a wuhu sɛ ɛnyɛ ntama bi a edi mu. (Filipifo 3:8) Bio nso, mpɛn pii no saa anigyede ahorow no taa kowie ɔyaw ne huammɔdi mu.

Kristoni a ɔredi ako wɔ honhom fam no nya nnamfo pa fekubɔ, ahonim pa ne anidaso a ɛyɛ anigye. Kristofo a wɔasra wɔn no hwɛ kwan sɛ wɔne Kristo Yesu benya ɔsoro asetra a owu nnim. (1 Korintofo 15:54) Kristofo a wɔredi ako no mu pii hwɛ kwan sɛ wobenya nnipa asetra a ɛyɛ pɛ wɔ paradise wɔ asase so. Akyinnye biara nni ho sɛ biribiara a wɔbɛhwere wɔ saa nkonimdi bo no ho no fata. Nea ɛnte sɛ wiase akodi ahorow no, yɛwɔ ahotoso sɛ bere tenten a yɛkɔ so di nokware no yebedi ɔko no mu nkonim. (Hebrifo 11:1) Nanso, wɔbɛsɛe nhyehyɛe yi a Satan di so no pasaa.—2 Petro 3:10.

Bere a wokɔ so di ako no, kae Yesu nsɛm yi: “Momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.” (Yohane 16:33) Odii nkonim denam n’ani a ɔma ɛkɔɔ so daa hɔ ne ne mudi mu a ɔkɔɔ so kurae wɔ sɔhwɛ mu no so. Yebetumi ayɛ saa ara.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 27]

Wɔntoto atuo ne atopae wɔ saa ɔko yi mu, nanso ɛho hia sɛ wɔhyɛ ɔkwan a wɔfa so ko no mu den

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 30]

Yɛwɔ ahotoso sɛ bere tenten a yɛkɔ so di nokware no yebedi ɔko no mu nkonim

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Nkwagye anidaso no bɛboa yɛn ma yɛako atia abasamtu

Fa gyidi kyɛm no dum Satan “bɛmma a ɛredɛw no”

[Mfonini wɔ kratafa 28]

“Mommɛn Onyankopɔn, na ɔbɛbɛn mo”

[Mfonini wɔ kratafa 29]

Ɛsɛ sɛ yenya gyidi sɛ Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam