Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kura Ahotew Mu Denam Wo Koma Ho Ban A Wobɛbɔ so

Kura Ahotew Mu Denam Wo Koma Ho Ban A Wobɛbɔ so

Kura Ahotew Mu Denam Wo Koma Ho Ban A Wobɛbɔ so

“Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.”—MMEBUSƐM 4:23.

1-3. (a) Mpɛn pii no, ɔkwan bɛn so na nkurɔfo kyerɛ sɛ wommu wɔn ahotew sɛ ɛsom bo? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Dɛn nti na ɛho hia sɛ yesusuw bo a ahotew som ho?

EBIA na mfonini no ayɛ te sɛ biribi a atwam. Na ebia ɛmfata nneɛma a wɔde asiesie fie hɔ no. Sɛnea ɛte biara no, na ɛda adi sɛ ne wura no mmu no sɛ ɛso wɔ mfaso bi ma no. Ɔde mfonini no kɔ beae a wɔtɔn nneɛma dedaw de kogye (U.S.) dɔla 29. Nanso, mfe kakraa bi akyi no, ne wura foforo no behui sɛ ne bo som bɛyɛ dɔla ɔpepem biako! Yiw, na ɛyɛ adwinni a ɛho yɛ na ankasa. Susuw sɛnea ne kan wura, a obuu saa akorade yi adewa no bɛte nka afa!

2 Mpɛn pii no, biribi a ɛte saa ara tumi ba wɔ ahotew ho, nea ɛfa ankorankoro abrabɔ fam ahotew ho no. Ɛnnɛ, nnipa pii mmu wɔn ankasa ahotew sɛ ɛsom bo biara. Ebinom bu no sɛ ɛyɛ ntetekwaasɛm, nea ɛmfata nnɛyi asetra kwan. Enti, wogyaa wɔn ahotew mu ma de gye ade ketewa bi. Ebinom de wɔn ahotew sesa bere tiaa mu nna mu anigye. Ebinom nso gyaa mu a wɔn anidaso ne sɛ ɛbɛma wɔagye din wɔ wɔn atipɛnfo mu anaa obi a ɛsono ne bɔbeasu ho.—Mmebusɛm 13:20.

3 Ansa na nnipa pii behu sɛnea wɔn ahotew som bo fa no, na aka akyi dodo. Mpɛn pii no, wɔhwere ade kɛse. Sɛnea Bible no ka no, ɔbrasɛe akyi asɛm betumi ayɛ te sɛ awuduru, na ‘ayɛ nwene sɛ awɔnwene.’ (Mmebusɛm 5:3, 4) Esiane sɛ abrabɔ asɛe wɔ nnɛ wiase nti, ɔkwan bɛn so na wubetumi ama w’ani asɔ na woakura w’ahotew mu? Yɛde yɛn adwene besi nneɛma abiɛsa a ɛne no wɔ abusuabɔ a yebetumi ayɛ so.

Bɔ Wo Koma Ho Ban

4. Dɛn ne sɛnkyerɛnne kwan so koma no, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ ho ban?

4 Ade titiriw a ɛbɛma woakura ahotew mu ne sɛ wobɛbɔ koma no ho ban. Bible no ka sɛ: “Kora wo koma so sen nea wode sie nyinaa, na emu na nneyɛe nyinaa fi.” (Mmebusɛm 4:23) Dɛn ne “wo koma,” a wɔka ho asɛm wɔ ha no? Ɛnyɛ koma no ankasa. Saa koma yi yɛ sɛnkyerɛnne kwan so de. Ɛkyerɛ wo mu nipa a ahintaw, a wo nsusuwii, nkate, ne nneɛma a ɛkanyan yɛn ka ho. Bible no ka sɛ: ‘Fa wo koma nyinaa ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.’ (Deuteronomium 6:5) Yesu kaa mmara yi ho asɛm sɛ ɛyɛ mmara no nyinaa mu kɛse. (Marko 12:29, 30) Ɛda adi pefee sɛ, yɛn koma som bo kɛse. Mfaso wɔ so sɛ yɛbɔ ho ban.

5. Ɔkwan bɛn so na koma no betumi ayɛ ade a ɛsom bo na asan ayɛ asiane ama yɛn wɔ bere koro no ara mu?

5 Nanso, Bible no ka nso sɛ “koma wɔ hɔ yi, ɛyɛ okontomponi sen ade nyinaa na emuɔ.” (Yeremia 17:9) Ɔkwan bɛn so na koma no betumi ayɛ nkontomponi—asiane ama yɛn? Wiɛ, sɛ nhwɛso no, kar yɛ adwinnade a ɛsom bo, etumi gye obi nkwa mpo wɔ tebea a egye ntɛmpɛ mu. Nanso sɛ ofirikafo ankyerɛkyerɛ kar no kwan, ankɔ so anka no yiye a, kar koro no ara betumi adan ade a edi awu. Saa ara na sɛ woammɔ wo koma ho ban a, akɔnnɔ a ɛwɔ wo mu ankasa ne wo nkate bedi wo so, na ɛde wo ahwe asiane mu. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Nea ne ho da ne koma so no yɛ ɔkwasea, na nea ɔnam nyansa mu no benya aguanye.” (Mmebusɛm 28:26) Yiw, sɛ woma Onyankopɔn Asɛm kyerɛ wo kwan sɛnea wobɛhwehwɛ akwankyerɛ nhoma mu ansa na wɔafi akwantu bi ase no a, wubetumi anantew nyansam na woakwati asiane.—Dwom 119:105.

6, 7. (a) Dɛn ne kronnyɛ, na dɛn nti na ɛho hia ma Yehowa somfo? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ nnipa a wɔnyɛ pɛ betumi ada Yehowa kronkronyɛ adi?

6 Yɛn koma no ankasa rentɔ nkɔ ahotew so. Yɛn na ɛsɛ sɛ yɛkyerɛ no kwan kɔ so. Ɔkwan biako a yɛbɛfa so ayɛ saa ne sɛ yebesusuw bo ankasa a ahotew som no ho. Saa su yi ne kronnyɛ, a ɛkyerɛ ahotew anaa ho a wɔtew fi bɔneyɛ ho, no wɔ abusuabɔ kɛse. Kronnyɛ yɛ su a ɛsom bo a ɛyɛ Yehowa Nyankopɔn nipasu ankasa. Bible mu nkyekyɛm ɔhaha pii de saa su no bata Yehowa ho. Nokwarem no, Bible ka sɛ ‘Kronkron fi Yehowa.’ (Exodus 28:36) Nanso, dɛn na saa su a ɛkorɔn yi ne nnipa a wɔnyɛ pɛ wɔ yɛ?

7 Yehowa ka kyerɛ yɛn wɔ N’asɛm mu sɛ: “Monyɛ kronkron, efisɛ me, meyɛ kronkron.” (1 Petro 1:16) Yiw, yebetumi asuasua Yehowa kronkronyɛ; yɛn ho betumi atew wɔ n’anim, na yɛakɔ so akura yɛn ahotew mu. Enti sɛ yɛtwe yɛn ho fi afide, ne nneyɛe a ɛho ntew ho a, na yɛrehwehwɛ hokwan a ɛkorɔn na ɛyɛ anigye—nea ɛda Ɔsorosoroni Nyankopɔn no su a ɛho wɔ nyam no adi! (Efesofo 5:1) Ɛnsɛ sɛ yesusuw sɛ yɛrentumi nkura ahotew mu, efisɛ Yehowa nim nyansa na ɔyɛ Owura a ɔwɔ ntease a ɔnhwehwɛ pii nsen nea yebetumi ayɛ. (Dwom 103:13, 14; Yakobo 3:17) Nokwarem no, sɛ́ yebekura abrabɔ a ɛho tew wɔ honhom ne honam fam mu no gye mmɔdenbɔ. Nanso, ɔsomafo Paulo kae sɛ ‘nokwaredi ne kronnyɛ fi Kristo fam.’ (2 Korintofo 11:3) So ɛnyɛ Kristo ne N’agya na mmɔdenbɔ biara a yɛbɛbɔ sɛ yebekura abrabɔ fam ahotew mu no fi wɔn? Anyɛ yiye koraa no, wɔn na wɔayi ɔdɔ a ɛsen biara a yɛrentumi ntua ho ka adi akyerɛ yɛn. (Yohane 3:16; 15:13) Ɛyɛ hokwan sɛ yɛbɛda yɛn anisɔ adi denam yɛn abrabɔ a yɛbɛma ɛho atew so. Sɛ yesusuw yɛn ahotew ho wɔ saa kwan yi so a, ɛbɛma yɛabu no sɛ ɛsom bo, na yɛabɔ yɛn koma ho ban.

8. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi asiesie sɛnkyerɛnne kwan so koma no? (b) Dɛn na ebia yɛn nkɔmmɔbɔ bɛda no adi wɔ yɛn ho?

8 Yɛbɔ yɛn koma ho ban nso denam nneɛma a yɛde hyɛ yɛn nipadua no mu so. Ehia sɛ yɛde honhom fam aduan pa hyɛ yɛn adwene ne yɛn komam daa, na yɛde yɛn adwene si Onyankopɔn Ahenni asɛmpa no so. (Kolosefo 3:2) Ɛsɛ sɛ yɛn nkɔmmɔbɔ mpo da saa nsusuwii no adi. Sɛ wonim yɛn sɛ yɛtaa ka ɔbrasɛe ho nsɛm a, na yɛreda tebea a yɛn koma no wom adi. (Luka 6:45) Mmom no, momma wonhu yɛn sɛ wɔn a wɔka honhom fam nneɛma a ɛma denhyɛ ho nsɛm. (Efesofo 5:3) Sɛ yɛbɛbɔ yɛn koma ho ban a, asiane ahorow bi a emu yɛ den wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛkwati. Momma yensusuw emu abien ho.

Munguan Aguamammɔ

9-11. (a) Dɛn nti na ebetumi aba sɛ wɔn a wobu wɔn ani gu afotu a ɛwɔ 1 Korintofo 6:18 so no de wɔn ho bɛhyɛ ɔbrasɛe a anibere wom mu? Kyerɛkyerɛ mu. (b) Sɛ yɛreguan aguamammɔ a, dɛn na yɛkwati? (d) Nhwɛso pa bɛn na ɔnokwafo Hiob yɛ maa yɛn?

9 Yehowa de honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛw afotu nsɛm bi a aboa nnipa pii ma wɔabɔ wɔn koma ho ban na wɔakura wɔn ahotew mu. Paulo kae sɛ: “Munguan aguamammɔ!” (1 Korintofo 6:18) Hyɛ no nsow sɛ wanka kɛkɛ sɛ, “Monkwati aguamammɔ.” Ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ pii sen saa. Ɛsɛ sɛ woguan fi ɔbrasɛe nneyɛe a ɛte saa ho, sɛnea wobeguan afi biribi a ɛde wɔn nkwa bɛto asiane mu ho no. Sɛ yebu yɛn ani gu saa afotu no so a, yɛma nneɛma a ɛbɛma yɛde yɛn ho ahyɛ ɔbrasɛe a anibere wom mu no yɛ kɛse na yɛhwere Onyankopɔn anim dom.

10 Sɛ mfatoho no: Ɛna bi aguare ne ba abarimaa ahyɛ no atade asiesie ne ho ama afahyɛ titiriw bi. Obisa ne maame sɛ obetumi adi agoru wɔ abɔnten so ansa na abusua no apue akɔ anaa, na maame no pene so—wɔ ahwehwɛde biako ho. Ɛna no ka sɛ: “Mmɛn saa dontori no ho koraa. Sɛ wo ho yɛ fĩ a, wubenya asotwe.” Nanso, wɔ simma kakraa bi mu no, ɔbɛhwɛ a, abarimaa no na ɔnam dontori no ano brɛoo yi. Ne ho nyɛɛ fĩ—dontori no nnya nyɛɛ ne ho. Nanso, ɔrebu n’ani agu ne maame kɔkɔbɔ a ɛne sɛ ɔmmɛn dontori no ho no so, na ɔhaw betumi afi mu aba. (Mmebusɛm 22:15) Mmabun ne mpanyimfo pii a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ade wɔ kwan a ɛfata so no di mfomso a ɛte saa ara. Wɔ ɔkwan bɛn so?

11 Wɔ saa mmere yi a nnipa pii agyaa wɔn ho mu ama “aniwu akɔnnɔ” mu no, adwumakuw bi asɔre a ɛhyɛ nna mu nkitahodi a ɛmfata ho nkuran. (Romafo 1:26, 27) Nguamansɛm abu so wɔ nsɛmma nhoma, nhoma, video ahorow, ne Intanɛt so. Wɔn a wɔde saa mfonini ahorow yi hyɛ wɔn adwenem no rentumi nka sɛ wɔreguan afi aguamammɔ ho. Wɔde redi agoru, nenam ho, rebu wɔn ani agu Bible kɔkɔbɔ so. Sɛ́ anka wɔbɛbɔ wɔn koma ho ban no, wɔde mfonini a ɛka adwenem a egye mfe pii ansa na afi mu no resɛe no. (Mmebusɛm 6:27) Momma yensua biribi mfi ɔnokwafo Hiob, a ɔne n’aniwa yɛɛ apam sɛ ɔrenhwɛ nea ɛbɛsɔ no ahwɛ ma wayɛ adebɔne no hɔ. (Hiob 31:1) Ɛyɛ nhwɛso a ɛsɛ sɛ yedi akyi nnɛ!

12. Ɔkwan bɛn so na Kristofo awarefo betumi ‘aguan aguamammɔ’ wɔ nantew a edi aware anim mu?

12 Ɛho hia titiriw sɛ ‘yeguan aguamammɔ’ wɔ bere a yɛreyɛ aware nhyehyɛe no. Ɛsɛ sɛ saa bere no yɛ anigye bere a mowɔ anidaso ne akwanhwɛ pii, nanso mmerante ne mmabaa binom sɛe saa nhyehyɛe no denam ɔbrasɛe a wɔde di agoru no so. Denam saayɛ so, wɔn baanu nyinaa hwere fapem a eye sen biara ma aware pa—abusuabɔ a egyina ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim, ahosodi, ne osetie a wɔyɛ ma Yehowa Nyankopɔn so no. Kristofo awarefo bi de wɔn ho hyɛɛ ɔbrasɛe mu wɔ wɔn nantew a edi aware anim no mu. Wɔwaree akyi no, ɔyere no gye toom sɛ n’ahonim haw no, na ɛma ɔhweree anigye a na ɛsɛ sɛ onya wɔ n’ayeforohyia da no mpo. Ɔkae sɛ: “M’asrɛ Yehowa hɔ bɔne fafiri mpɛn pii, nanso ɛmfa ho sɛ mfe ason atwam ni fi saa bere no, m’ahonim da so bu me fɔ.” Ɛho hia sɛ wɔn a wɔyɛ saa bɔne no hwehwɛ mmoa fi Kristofo mpanyimfo hɔ. (Yakobo 5:14, 15) Nanso, Kristofo awarefo pii yɛ wɔn ade nyansam na wɔkwati saa asiane ahorow yi wɔ nantew a edi aware anim no mu. (Mmebusɛm 22:3) Wɔto ɔdɔ a wɔda no adi kyerɛ wɔn ho no ano hye. Wɔma obi ka wɔn ho bere a wɔrepue na wɔkwati sɛ wɔn nkutoo bɛbom atra mmeae a atew ne ho.

13. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ Kristoni ne obi a ɔnsom Yehowa yɛ aware nhyehyɛe?

13 Kristofo a wɔne wɔn a wɔnsom Yehowa yɛ aware nhyehyɛe no betumi ahyia nsɛnnennen a ano yɛ den. Sɛ nhwɛso no, wobɛyɛ dɛn atumi ne obi a ɔnnɔ Yehowa Nyankopɔn ayɛ biako? Ɛho hia sɛ Kristofo ne wɔn a wɔdɔ Yehowa na wɔwɔ obu ma n’ahotew ho gyinapɛn nkutoo na ɛtwe kɔndua koro. Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ yɛn sɛ: “Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro; na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? Anaasɛ ayɔnkofa bɛn na hann ne sum wɔ?”—2 Korintofo 6:14.

14, 15. (a) Adwene a ɛnteɛ bɛn na nkurɔfo wɔ wɔ nea “aguamammɔ” kyerɛ ho? (b) Nneyɛe bɛn na ɛka “aguamammɔ” ho, na ɔkwan bɛn so na Kristofo betumi ‘aguan aguamammɔ’?

14 Nimdeɛ nso ho hia. Yɛrentumi nguan mfi aguamammɔ ho koraa wɔ bere a yennim dekode a ɛyɛ no. Ebinom a wɔwɔ nnɛ wiase yi mu no agye adwene bi a ɛnteɛ wɔ “aguamammɔ” ho atom. Wosusuw sɛ nea asɛm no kyerɛ nkutoo ne honam fam nkitahodi a ebetumi akowie nyinsɛn mu. Enti, wosusuw sɛ bere tenten a wɔmfa wɔn ho nhyɛ nna ankasa mu no, wobetumi adi wɔn nkate ho dwuma a wɔnwaree. Akwahosan ahyehyɛde ahorow bi mpo a wobu wɔn, a wɔhwehwɛ sɛ wɔbɛtew mmofra a wonyinsɛn no dodow so no, ahyɛ mmabun nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ nna mu nneyɛe a ɛmfata a nyinsɛn mfi mu mma no mu. Awerɛhosɛm ne sɛ saa afotu no nni nnyinaso pa. Nyinsɛn a wɔbɛkwati wɔ bere a wɔnwaree ne ahotew mu a wobekura nyɛ ade koro, na “aguamammɔ” ankasa kyerɛ nneɛma pii.

15 Hela asɛmfua por·neiʹa, a wɔkyerɛ ase “aguamammɔ” no, kɔ akyiri pii. Ɛka nnipa a wɔnwaree na wonya nna mu kyɛfa ho asɛm na ɛde adwene si awo nkwaa a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so no so. Nea ɛka por·neiʹa ho ne anan mu anaa obi barima ho a wɔtaforo, obi to a wɔfa, ne obi bɔbeasu a wogoru ho—nneyɛe ahorow a wɔtaa de bata tuutuusi ho. Nnipa a wosusuw sɛ nneyɛe a ɛte saa nyɛ “aguamammɔ” no redaadaa wɔn ho na wɔahwe Satan afiri biako mu. (2 Timoteo 2:26) Bio nso, ahotew a wobekura mu no kyerɛ pii sen twe a wɔbɛtwe wɔn ho ara kɛkɛ afi ade biara a ɛkyerɛ aguamammɔ no ho. Sɛ ‘yebeguan aguamammɔ’ a, ɛsɛ sɛ yɛkwati nna ho afideyɛ ne ahohwibra biara a ebetumi akowie bɔne a anibere wom a ɛne por·neiʹa mu no. (Efesofo 4:19) Wɔ saa kwan no so no, yekura ahotew mu.

Kwati Wo Ho a Wode Bɛhyehyɛ Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu Ho Asiane No

16. Ɔdɔ a wɔda no adi fata wɔ tebea bɛn mu, na Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso bɛn na ɛkyerɛkyerɛ mu?

16 Sɛ yebetumi akura yɛn ahotew mu a, asiane foforo a ehia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ ho ne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu a yɛde yɛn ho bɛhyehyɛ wɔn no. Ebia ebinom bɛka sɛ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu a wɔtaa de wɔn ho hyehyɛ wɔn no ho nni asɛm, ɛyɛ anigyede a ɔhaw biara nnim a ɛkɔ so wɔ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ntam. Nokwarem no, yɛwɔ bere ne beae a wobetumi ada ɔbea ne ɔbarima ntam ɔdɔ adi. Wohuu Isak ne Rebeka sɛ ‘wɔregoru’ na wɔn a wohuu wɔn no hui sɛ wɔnyɛ anuanom ara kɛkɛ. (Genesis 26:7-9) Mmom no, na wɔyɛ okunu ne ɔyere. Ɔdɔ a wɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho no fata. Obi a ɛsono ne bɔbeasu a wɔtaa de wɔn ho hyehyɛ no no yɛ biribi foforo.

17. Dɛn ne obi a ɛsono ne bɔbeasu a wɔde wɔn ho hyehyɛ no no, na ɔkwan bɛn so na yebetumi adi ɔhaw no so?

17 Wobetumi akyerɛ obi ho a ɔde hyehyɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu no ase wɔ saa kwan yi so: sɛ ɔbɛda ɔbarima ne ɔbea ntam ayɔnkofa ho anigye adi nanso ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔbɛware. Nnipa yɛ abɔde a wɔn nneyɛe dɔɔso, enti akyinnye biara nni ho sɛ wɔwɔ akwan a enni ano a wɔfa so de wɔn ho hyehyɛ afoforo, a emu bi yɛ anifere paa. (Mmebusɛm 30:18, 19) Enti, mmara kyenkyenee rentumi nni asɛm yi ho dwuma. Mmom no, biribi a ɛkorɔn sen mmara ho hia—nokwaredi a yɛde bɛhwehwɛ yɛn ho mu ne ahonim pa mu a yebefi de Bible nnyinasosɛm ahorow adi dwuma.

18. Dɛn na ɛhyɛ ebinom ma wɔde wɔn ho hyehyɛ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu no, na dɛn nti na ho a wɔde hyehyɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu no yɛ adebɔne?

18 Sɛ yɛbɛka nokware ankasa a, ebia yɛn mu pii begye atom sɛ sɛ yɛte nka sɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu kyerɛ yɛn ho anisɔ a, yɛn ani gye. Eyi fi awosu mu. Nanso so yɛde yɛn ho hyehyɛ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛkanyan saa anigye no—na akyerɛ sɛ yɛkorɔn anaa yɛama afoforo ate nka saa? Sɛ saa a, so yɛasusuw ɛyaw a yebetumi ama obi adi no ho? Sɛ nhwɛso no, Mmebusɛm 13:12 ka sɛ: “Anidaso a ɛkyɛ muba ma koma yare.” Sɛ yɛhyɛ da de yɛn ho hyehyɛ obi a ɛsono ne bɔbeasu a, ebia yennim sɛnea ɛka saa onii no fa. Ebia obenya adwene sɛ mobɛyɛ aware nhyehyɛe na awiei koraa no moaware mpo. Huammɔdi a ebefi mu aba no betumi apira no. (Mmebusɛm 18:14) Sɛ wɔbɛhyɛ da de afoforo nkate adi agoru no yɛ atirimɔdensɛm.

19. Ɔkwan bɛn so na ho a wɔde hyehyɛ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu no betumi de Kristofo aware ato asiane mu?

19 Ɛho hia sɛ yɛyɛ ahwɛyiye wɔ yɛn ho a yɛde bɛhyehyɛ wɔn a wɔyɛ awarefo no ho. Sɛ yɛbɛda ɔbarima ne ɔbea ntam dɔ adi akyerɛ ɔwarefo—anaa sɛ ɔwarefo bi bɛda anigye a ɛte saa adi akyerɛ obi a ɛnyɛ ne hokafo no—yɛ mfomso. Awerɛhosɛm ne sɛ, Kristofo binom anya adwene a ɛnteɛ sɛ mfomso nni ho sɛ wɔbɛkyerɛ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu a wɔnyɛ wɔn hokafo ho anigye. Ebinom da wɔn kokoam nsɛm adi kyerɛ saa “adamfo” no, wɔka wɔn tirimsɛm a wɔnka ho asɛm nkyerɛ wɔn ahokafo mpo no kyerɛ wɔn. Nea afi mu aba ne sɛ, wɔn ntam dɔ a ɛte saa no ama wɔanya nkate fam ayɔnkofa bi a ebetumi atoto aware bi ase anaa asɛe no mpo. Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ Kristofo awarefo bɛkae Yesu kɔkɔbɔ a nyansa wom a ɛfa awaresɛe ho no—efi ase wɔ komam. (Mateo 5:28) Ɛnde, momma yɛmmɔ koma no ho ban na yɛnkwati tebea horow a ebetumi de adesɛe a ɛte saa aba no.

20. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yesi yɛn bo sɛ yebebu yɛn ahotew?

20 Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛkɔ so akura ahotew mu wɔ nnɛ wiase a ɔbrasɛe ahyɛ mu ma yi mu. Nanso, kae sɛ, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wubekura w’ahotew mu sen sɛ wo nsa betumi asan aka wɔ bere a woahwere no. Ampa, Yehowa “firi a ɔde befiri dɔɔso” na otumi tew wɔn a wonu wɔn ho nokwarem no ho fi wɔn bɔne ho. (Yesaia 55:7) Nanso, Yehowa mmɔ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ ɔbrasɛe mu no ho ban mfi nea efi wɔn nneyɛe mu ba no ho. Nea ebefi mu aba no betumi atra hɔ mfe pii anaa wo nkwa nna nyinaa mpo. (2 Samuel 12:9-12) Sɛnea ɛte biara no, kɔ so kura w’ahotew mu denam wo koma ho ban a wobɛbɔ so. Bu gyinabea a ɛho tew a wowɔ wɔ Yehowa Nyankopɔn anim no sɛ akorade a ɛsom bo—na mma emfi wo nsa da!

Wubebua Dɛn?

• Dɛn ne ahotew, na dɛn nti na ɛho hia saa?

• Ɔkwan bɛn so na yebetumi abɔ yɛn koma ho ban?

• Dɛn na ɛka aguamammɔ a yebeguan no ho?

• Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛkwati sɛ yɛde yɛn ho bɛhyehyɛ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu no?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Mfonini wɔ kratafa 11]

Sɛ wɔankyerɛ kar bi kwan yiye a, ebetumi apira yɛn

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 12]

Sɛ yebu yɛn ani gu kɔkɔbɔ so a, dɛn na ebetumi aba?

[Mfonini wɔ kratafa 13]

Nantew a edi aware anim a ɛho tew yɛ anigye na ɛhyɛ Onyankopɔn anuonyam