Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nhyiam a Wɔyɛe Wɔ “Wiase no Mfinimfini”

Nhyiam a Wɔyɛe Wɔ “Wiase no Mfinimfini”

Nhyiam a Wɔyɛe Wɔ “Wiase no Mfinimfini”

So woate nsɛm “Te Pito o Te Henua” pɛn? Wɔ Rapa Nui mu no, kasa a mfiase no na wɔka wɔ Easter Island no, na nea ɛkyerɛ ne “Wiase no Mfinimfini.” Dɛn na ɛma nhyiam a wɔyɛɛ wɔ ha no da nsow saa?

NEA watew ne ho, nea ne ho yɛ nwonwa, nea ɔda nsow. Eyi ne nsɛm bi a wɔtaa de ka Easter Island, anaa Rapa Nui, sɛnea kurom hɔfo frɛ no no ho asɛm. Nokwarem no, atew ne ho ampa, ɛda akyirikyiri wɔ Pacific Kesee Fam Po ho, na efi hɔ kɔ Santiago, Chile, no yɛ kilomita 3,790. Ɛbɛkaa Chile mansin ho wɔ September 9, 1888 mu.

Nea ɛwɔ saa supɔw a ɛyɛ ahinasa a ne kɛse yɛ kilomita 166 no so titiriw ne ogya bepɔw abiɛsa a entutu gya bio no. Nokwarem no, te sɛ Pacific supɔw dodow no ara no, nea wohu wɔ saa supɔw yi so ara ne mmepɔw akɛse a ɛwɔ nsu mu a n’atifi nkutoo na wohu. Wobu supɔw mũ no nyinaa sɛ abɔde nkaedum. Akyinnye biara nni ho sɛ abo ahoni a ɛyɛ nwonwa a wɔfrɛ no moai a ɛwɔ hɔ no ama agye din. *

Sɛ wɔde Easter Island asase no yɛbea ne ne tete mmeae ahorow a ɛyɛ fɛ no to nkyɛn a, nea ɛwɔ hɔ bio ne nnuan ahorow a ɛyɛ akɔnnɔ no. Nnuan a wonya fi hɔ bi ne aborɔbɛ, paya, ne kwadu a egu ahorow akron no. Wonya mpataa ahorow pii ne nsunam afoforo fi po mu.

Easter Island wim tebea no nyɛ hyew na ɛnyɛ nwini pii nso, nsu taa tɔ na nyankontɔn taa to, ɛno ma nsrahwɛfo nya mframa pa home na wohu nneɛma a ɛyɛ fɛ. Mprempren, ɔmanfo a wɔwɔ hɔ dodow si 3,800. Wɔn a wɔte hɔ nnɛ no yɛ wɔn a wodii kan bɛtraa hɔ no asefo, a wɔne Europafo, Chilefo, ne wɔn a wofi aman afoforo so adi afra. Nsrahwɛfo ɔhaha pii a wofi Europa ne Asia kɔ hɔ nsrahwɛ, na ama nsrahwɛ a wɔkɔ wɔ ɔman no mu abɛyɛ ne sikasɛm fibea titiriw.

Wodii Kan Guu Ahenni Aba

Afe 1982 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Wɔ bere bi mu no, na yɛwɔ ɔdawurubɔfo bi a ne nko ara te Easter Island. Onuawa sɛmpatrɛwfo bi a ɔwɔ [Chile] baa dwumadibea no na ɔne no dii nkitaho boaa no honhom fam. Ɛwom sɛ wafi hɔ kɔ Chile de, nanso yɛwɔ wɔn a wɔwɔ supɔw no so a wɔkra Ɔwɛn-Aban no ho kyerɛwtohɔ. Nea ɛmaa yɛn ho dwiriw yɛn paa no, wɔ April 1980 mu no, onigyeni bi frɛɛ yɛn wɔ telefon so fii akyirikyiri sɛ ɔpɛ sɛ ohu da a yɛde bɛhyɛ Nkaedi ho fã no. Ɛno akyi wɔ saa afe koro no ara mu no, awarefo bi fi Valparaíso kɔɔ hɔ, na na wɔne anigyefo reyɛ Bible adesua. Wɔ April 1981 mu no wɔyɛɛ Nkaedi nhyiam a edi kan wɔ supɔw no so, na wɔn a wɔkɔɔ ase no dodow si 13. Hwɛ sɛnea ɛyɛ yɛn anigye sɛ ‘asɛmpa’ no redidi kɔ saa beae a atew ne ho no!”

Akyiri yi, wɔ January 30, 1991 mu no, baa dwumadibea no de akwampaefo titiriw awarefo, Dario ne Winny Fernandez kɔɔ supɔw no so. Onua Fernandez ka sɛ: “Yɛde wimhyɛn twaa kwan dɔnhwerew anum kɔɔ beae a atew ne ho paa wɔ asase so no, baabi a amammerɛ a yenhuu bi da wɔ.” Anuanom a wɔwɔ hɔ no ne onuawa bi a na ɔne ne mma baanu baa hɔ nkyɛe boae ma yɛyɛɛ adesua ahorow ne asɛnka adwuma ho nhyehyɛe ntɛm ara. Ɛmfa ho abusuafo nhyɛso, wɔn a nyamesom adi wɔn ti, ne asetra kwan ahorow bi a na abu so wɔ Polynesiafo amammerɛ mu no, wohuu Yehowa nhyira wɔ wɔn mmɔdenbɔ so. Onua ne Onuawa Fernandez nsom sɛ akwampaefo titiriw bio de, nanso wɔte supɔw no so retete wɔn ba barima a wɔwoo no wɔ hɔ no. Ɛnnɛ, Ahenni adawurubɔfo a wɔwɔ anigye 32 na wɔwɔ hɔ. Wɔn mu bi ne Rapa Nuifo, ne afei wɔn a wɔabɛtra supɔw no so anaa wɔakɔ hɔ rekɔboa Ahenni dawurubɔ adwuma no.

Ahoboa a Wɔyɛ Ma Ɔmansin Nhyiam

Esiane sɛ ɔkwan a ɛda asasepɔn no ne supɔw no ntam ware nti, na wɔkyere da koro nhyiam titiriw, ɔmansin hyiam, ne ɔmantam nhyiam dwumadi ahorow no gu video so de mena asafo no mprɛnsa wɔ afe no mu. Nanso eduu afe 2000 awiei no, Baa Boayikuw a wɔwɔ Chile no susuw ho sɛ wɔbɛma wɔn a wɔwɔ supɔw no so ayɛ wɔn ankasa nhyiam a edi kan wɔ hɔ. Awiei koraa no, wosii gyinae sɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam wɔ hɔ wɔ November 2001 mu, na wɔtoo nsa frɛɛ anuanom mmarima ne mmea kakraa bi fii Chile man no afa horow sɛ wɔmmra dwumadi titiriw yi ase. Esiane wimhyɛn akwantu nhyehyɛe nti na wɔbɛyɛ nhyiam no Kwasida ne Dwoda.

Nhyiamfo a na wɔato nsa afrɛ wɔn a wɔn dodow si 33 no ani gyee ho sɛ wɔretu kwan akɔ supɔw no so akonya ɔmansin nhyiam a edi kan a wɔbɛyɛ wɔ beae a na atew ne ho no mu kyɛfa. Bere a nhyiamfo no atwa kwan tenten afa Pacific Po no so no, wonyaa abotɔyam a ɛsɛ bere a anuanom a wɔwɔ kurow no mu a na wɔretwɛn wɔn wɔ wimhyɛn gyinabea hɔ maa wɔn akwaaba no. Wɔde anwene a ɛyɛ fɛ (kɔnmuade a wɔde nhwiren ayɛ), a ɛyɛ akyɛde titiriw wɔ supɔw no so no, maa nhyiamfo no akwaaba. Afei wɔkɔmaa wɔn dabere, na bere a wɔde wɔn akyin kakra ma wɔahwehwɛ supɔw no so no, wɔn a na wɔwɔ dwumadi wɔ nhyiam no mu no nyinaa hyiae wɔ Ahenni Asa no so.

Dawurubɔ a Efi Beae bi a Wɔnhwɛ Kwan

Bere a wɔte kar mu rekɔ nhyiam no ase no, nhyiamfo no bi ho dwiriw wɔn sɛ wɔtee sɛ ɛhɔnom sɔfo no reka wɔn nsrahwɛ no ho asɛm wɔ radio so. Ɔkae sɛ nsrahwɛfo bi a wofi asasepɔn no so bɛhyenhyɛn afie mu aka wiase awiei a ɛreba no ho asɛm akyerɛ. Ɛwom sɛ ɔhyɛɛ n’asɔremma no sɛ wonntie nsrahwɛfo no de, nanso n’amanneɛbɔ no boa maa ɛbɛtɔɔ gua sɛ Yehowa Adansefo kuw bi a wɔdɔɔso aba supɔw no so. Eyi maa wɔn a na wɔte supɔw no so no hwɛɛ wɔn kwan. Wɔ nna a edii hɔ mu no, nhyiamfo no nam anifere kwan so kaa asɛmpa a ɛhyɛ nkuran no kyerɛɛ ɔmanfo no.

Nhyiam no Fi Ase

Wɔ Kwasida anɔpa no, anuanom a wofi kurom hɔ no gyinaa Ahenni Asa no kwan ano twɛnee nhyiamfo no maa wɔn akwaaba baa nhyiam no da edi kan no ase. “Iorana Koe! Iorana Koe!” “Akwaaba!” Anuanom mmea bi hyɛɛ wɔn kurom hɔ ntade de nhwiren a ɛyɛ fɛ hyehyɛɛ wɔn ti nhwi mu te sɛ ɔkwan a Polynesiafo fa so siesie wɔn ho no ara pɛ.

Bere a wɔde afiri bɔɔ dwom dɛdɛ bi de maa anuanom pɛɛ baabi trae akyi no, wɔboom too dwom a n’asɛmti ne “Munnyina Pintinn, Monyɛ Den!” no, na na nnipa dodow a wɔte saa mmɔɔ mu ntoo dwom saa wɔ supɔw no so da. Bere a oguamtrani no de Rapa Nui kasa maa anuanom no akwaaba wɔ ɔhyew so no, nusu guu anuanom a wofi hɔ no. Adansefo foforo baasa de nsu mu asubɔ yɛɛ wɔn ahosohyira ma Onyankopɔn no ho sɛnkyerɛnne wɔ anɔpa ahomegye bere no mu. Bere a da a edi kan dwumadi no baa awiei no, obiara tee nka sɛ wɔabɛn Yehowa ne onuayɛ kuw no nyinaa kɛse.—1 Petro 5:9.

Anɔpa Adansedi

Esiane supɔw no so nsɛm tebea titiriw bi nti, wofii ɔmansin nhyiam no da a ɛto so abien no dwumadi no ase awiabere. Ɛno nti, nhyiamfo no de hokwan no dii dwuma de wɔn ho hyɛɛ asɛnka mu anɔpa no. Osuahu ahorow bɛn na wonyae?

Ɔbea bi a ne mfe akɔ anim a na ɔwɔ mma baawɔtwe ka kyerɛɛ Adansefo no sɛ esiane sɛ ɔyɛ Katolekni nti ontumi ne Adansefo no nkasa. Bere a Adansefo no ka kyerɛɛ no sɛ wɔpɛ sɛ wɔne no bɔ ɔhaw ahorow a obiara hyia, te sɛ nnubɔnenom ne abusua mu ɔhaw horow ho nkɔmmɔ no, otiee wɔn.

Ɔbea bi a ne mfe akɔ anim a ofi kurom hɔ antew n’anim ankyerɛ Adansefo awarefo bi. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm no nkyerɛ atirimɔdenfo a wɔtete asasepɔn no so no. Adansefo awarefo no ka kyerɛɛ no sɛ wɔka “ahenni no ho asɛmpa” no kyerɛ obiara, na atirimpɔw nti a wɔbaa supɔw no so ne sɛ wɔreba nhyiam a ɛbɛboa obiara ma wanya ɔdɔ kɛse ama Onyankopɔn. (Mateo 24:14) Wobisaa no sɛ n’ani begye ho sɛ ɔbɛtra ase bere tenten wɔ paradise tebea mu te sɛ nea ɛwɔ supɔw no so no a owu ne ɔyare nni hɔ anaa. Bere a wɔne no susuw mfe dodow a ogya bepɔw amoa ahorow a ɛwɔ supɔw no so de atra hɔ ho no, ogyee bere kakra de susuw nea enti a asetra yɛ tiawa saa no ho na obisae sɛ: “Dɛn nti na yɛn nkwa nna yɛ tiawa saa?” Ne ho dwiriw no bere a ɔkenkan Dwom 90:10 no.

Saa bere no, Adansefo no tee dede fii ɔdan a ɛtoa so no mu mpofirim. Ɛwom sɛ na wonnim nea wɔn nteɛteɛm no kyerɛ de, nanso ɔbea no kyerɛɛ wɔn sɛ afipamfo no reyaw wɔn de rekyerɛ pefee sɛ wɔmpɛ sɛ Adansefo no bɛba abɛsra wɔn. Nanso, na saa ɔbea yi ne nua, anaa abusua no mu ɔbabea panyin. Esiane sɛ na ne papa awu nti, na ɔno na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ osi gyinae wɔ nea eye ma abusua no ho. Ɔde wɔn kurom kasa twitwa gyee Adansefo no wɔ n’abusuafo no anim, na ogyee nhoma a Adansefo no de maa no no. Bere bi akyi wɔ dapɛn no mu, bere a na wɔde wɔn kar resian Adansefo no ho no, ɔka kyerɛɛ ne nua barima no sɛ onnyina. Ɛmfa ho sɛ ne nua no ani annye ho no, ɔbea no maa anuanom no nantew yiye, na osee wɔn sɛ ensi wɔn yiye wɔ wɔn som adwuma no mu.

Ɛwom sɛ mfiase no ɛte sɛ nea supɔw no sofo bi poo Adansefo a wofi asasepɔn no so nkrasɛm a wɔde maa wɔn no de, nanso akyiri yi ɛbɛdaa adi kyerɛɛ nsrahwɛfo no sɛ Rapa Nuifo fi awosu mu wɔ ayamye ne adamfofa su. Wɔn mu pii fi anigye mu tiee asɛmpa no. Nokwasɛm ne sɛ, Adansefo 20 a wɔabɔ asu wɔ supɔw no so mu 6 biara yɛ wɔn a wofi kurom hɔ. Wɔn mu biako tee Bible mu nokware no nea edi kan bere a otiee Bible adesua a na wɔne ne yere yɛ wɔ ɔdan bi a ɛbɛn no mu no. Mprempren ɔne ne yere nyinaa yɛ Adansefo a wɔagye asubɔ, na ɔbarima no resom sɛ asafo mu somfo.

Wɔtoa Nhyiam Dwumadi no So

Wɔtoaa da a ɛto so abien no dwumadi no so awiabere. Bio nso, anigyefo pii bɛkaa anuanom 32 a wofi kurom hɔ ne nhyiamfo 33 a na wɔabɛka wɔn ho no ho. Nnipa a wɔreyɛ adu ɔha na wotiee dwumadi no ne baguam ɔkasa a na n’asɛmti ne “Sɛnea Ɔdɔ ne Gyidi Di Wiase no So Nkonim” no. Nokwarem no, wɔn a wohyiaa hɔ no huu sɛnea ɔdɔ di dwuma wɔ Yehowa nkurɔfo mu no, ɛmfa ho mpo sɛ wofi amammerɛ a ɛsonsonoe mu no.—Yohane 13:35.

Ɔmansin ne ɔmantam so ahwɛfo no ne akwampaefo yɛɛ nhyiam titiriw bi wɔ ɔmansin nhyiam bere no mu. Wɔn a wɔyɛ daa akwampaefo anaa akwampaefo atitiriw a wotuu kwan baa nhyiam no bɛkaa akwampaefo baasa a wɔwɔ supɔw no so no ho. Wɔhyɛɛ wɔn ho wɔn ho nkuran yiye.

Ade kyee no, anuanom a wofi kurom hɔ no bi de nhyiamfo a wɔatu kwan aba hɔ no kɔɔ supɔw no so nsrahwɛ. Wɔkɔhwehwɛɛ beae bi a wɔpae abo a wɔsen moai, ogya mmepɔw a tete no na wosi akan wɔ hɔ, ne afei Anakena mpoano, a ɛwɔ akokɔsrade anhwea fɛfɛ no, beae a wɔn a wodii kan baa supɔw no so soɛe no. *

Asafo Nhoma Adesua ase ne hokwan a etwa to a na wɔwɔ sɛ wɔne ɛhɔ anuanom no bɛbɔ. Wɔ adesua no akyi no, Adansefo a wofi kurom hɔ no de kurom hɔ aduan maa wɔn ahɔho a na wɔnhwɛ kwan no. Akyiri yi, wɔhyehyɛɛ kurom hɔ ntade de saw ɛhɔ asaw kyerɛɛ wɔn. Anuanom mmarima ne mmea a wɔyɛ Rapa Nuifo, ne afei nso nhyiamfo a wotuu kwan baa hɔ no nyinaa gye toom sɛ mmɔden a wɔbɔ de yɛɛ nhyiam no ho adwuma no so aba mfaso.

Wɔn a wotuu kwan baa nhyiam no nyinaa tee nka sɛ wɔbata wɔn nuanom mmarima ne mmea a wɔatew wɔn ho a wɔne wɔn atra wɔ anigye mu dapɛn biako no ho kɛse. Na ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobefi supɔw no so. Wɔbɛkɔ so akyerɛ nnamfo foforo a wɔanya ne honhom fam nkuranhyɛ a wonyae no ho anisɔ. Anuanom a wofi kurom hɔ no de po mu nwaw konkurowa a wɔde ayɛ kɔnmuade no totoo nhyiamfo a na wɔatu kwan aba hɔ no kɔn mu wɔ wimhyɛn gyinabea hɔ.

Bere a nhyiamfo a wɔatu kwan aba no rekɔ no, wɔhyɛɛ bɔ sɛ: “Iorana! Iau he hoki mai e Rapa Nui ee,” a nea ɛkyerɛ ne: “Rapa Nui, yebehyia bio! Mɛsan aba bio.” Yiw, na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛsan aba wɔn nnamfo foforo a wɔanya wɔn ne wɔn honhom fam abusuafo a wɔte Easter Island, kurow a ɛda nsow, a atew ne ho, na ɛyɛ nwonwa no nkyɛn bio!

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 4 Hwɛ June 22, 2000, Engiresi Nyan! a Yehowa Adansefo na wotintimii no.

^ nky. 27 Wɔakurukyerɛw Rano Raraku ne Orongo ogya mmepɔw no amoa no ho pii. Ɛha na wɔn a na wɔpɛ sɛ wodi supɔw no so no fi wɔn akansi no ase. Na akansi no hwehwɛ sɛ wosian bepɔw no, na woguare nsu kɔ nsupɔw nketewa no mu biako so kɔfa ɛhɔ anomaa kosua na wɔsan guare nsu no ba de bɛforo bepɔw no a kosua no mmɔ.

[Adaka wɔ kratafa 24]

Adanse a Wodi Wɔ Easter Island

Bɛyɛ mfi abien ansa na wɔreyɛ saa nhyiam titiriw no, ɔmansin sohwɛfo bi ne ne yere kɔɔ supɔw no so na wonyaa osuahu ahorow a ɛyɛ anigye pii. Sɛ nhwɛso no, hwɛ sɛnea wɔn ho dwiriw wɔn wɔ bere a onuawa a ɔde wɔn kɔɔ beae a wɔbɛsoɛ no kaee wɔn sɛ wɔne no suaa Bible no wɔ Chile anafo fam bere a na ɔwɔ ne mpanyin afe so bɛyɛ mfe 16 a atwam no. Ɛsow aba akyiri yi wɔ Rapa Nui.

Wonyaa osuahu a ɛyɛ serew yi nso: Sotɔɔ bi a wɔtɔn nkaede wom wura gyee New World Translation of the Holy Scriptures ne Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma a wɔde sua Bible, a Yehowa Adansefo na wotintim n’abien nyinaa no. Bere a wɔsan kɔsraa no no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wantumi ankenkan saa Bible no. Wɔde Bible a ɛwɔ Franse kasa mu na ɛmaa no, na ɛnyɛ Spania de! Wosiesiee tebea no ntɛm ara, na ɛdenam Adansefo a wɔwɔ hɔ no mmoa ne Bible a onyae wɔ n’ankasa kasa mu so no, obehui sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ ɔbɛte Bible no ase.

[Asase mfonini wɔ kratafa 22]

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

EASTER ISLAND

CHILE

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 23]

Wɔn a wɔbɔɔ wɔn asu wɔ ɔmansin nhyiam ase no mu baanu

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 25]

Rano Raraku ogya bepɔw no nkyɛnmu; mfinimfini mfonini: Aduaba a wɔfrɛ no guayaba a wodua no supɔw no so