Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Wɔ Nsuyiri no akyi no, Noa somaa aborɔnoma fii adaka no mu, na aborɔnoma no san bae a na “ngodua ahaban” tua n’ano. Ɛhe na aborɔnoma no nyaa ahaban no?

Bible ka kyerɛ yɛn sɛ “nsu no boroo so ara wɔ asase so, na ɛkataa mmepɔw atenten a ɛwɔ ɔsoro ase nyinaa so.” (Genesis 7:19) Bere a nsu no twee no, Noa somaa aborɔnoma no pɛnkoro dapɛn biara toaa so mprɛnsa. Ne mprenu so no, aborɔnoma no san bae a na “ngodua ahaban frɔmfrɔm tua n’ano; na Noa hui sɛ nsu no ayow asase so.”—Genesis 8:8-11.

Nokwarem no, adanse biara nni hɔ mprempren a yebegyina so aka bere tenten a nsuyiri no dii wɔ asase no fã pɔtee bi, efisɛ akyinnye biara nni ho sɛ Nsuyiri no sesaa asase no yɛbea. Nanso, ɛda adi sɛ nsu no kataa mmeae dodow no ara kyɛe ma nnua pii wuwui. Nanso, nsu no antumi ansɛe nnua no bi, na eyiyii nhaban foforo bere a nsu no twetwee no.

Ɛdefa ngodua no ho no, The New Bible Dictionary ka sɛ: “Sɛ wotwa to hɔ a, ntini no fifi baa foforo, ma enti dubaa foforo bɛyɛ anum betumi afifi afi ntini no mu. Ngodua a ɛreyɛ awu taa fifi wɔ saa kwan yi so nso.” The New Schaff-Herzog Encyclopedia of Religious Knowledge ka sɛ, ɛte sɛ “nea ngodua ntumi nwu.” Onipa biara nni hɔ nnɛ a onim ho nsɛm nyinaa, te sɛ nkyene dodow a na ɛwɔ nsu no mu ne sɛnea na ɛyɛ hyew fa no. Enti, yentumi nkyerɛ nkɛntɛnso a na ebetumi anya wɔ ngodua ne afifide foforo so.

Nanso, ngodua ntumi nnyina awɔw ano, te sɛ awɔw a ɛwɔ mmepɔw atenten so no. Ɛtaa nyin wɔ mmeae a ɛwɔ fam bɛyɛ mita 1,000 a ɛhɔ wim tebea no boro digrii celsius 10 no. The Flood Reconsidered nhoma no ka sɛ: “Enti, Noa tumi hui sɛ ahaban frɔmfrɔm a anomaa no de bae no kyerɛ sɛ nsu no atwe wɔ mmeae a ɛda fam no.” Bere a Noa gyaee aborɔnoma no dapɛn akyi no, wansan amma bio, a na ɛkyerɛ sɛ aborɔnoma no anya afifide pii ne mmeae a obetumi atra.—Genesis 8:12.