Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nyamesom—So Ɛwɔ Nkɛntɛnso Pa Anaa Nkɛntɛnso Bɔne?

Nyamesom—So Ɛwɔ Nkɛntɛnso Pa Anaa Nkɛntɛnso Bɔne?

Nyamesom—So Ɛwɔ Nkɛntɛnso Pa Anaa Nkɛntɛnso Bɔne?

“MEDE Kristosom ka, na saa ara na migye di sɛ wiase a yɛatra mu bɛyɛ mfe 2000 ni no nso de Kristosom ka.”—Two Thousand Years—The First Millennium: The Birth of Christianity to the Crusades, nnianim asɛm.

Engiresi nhomakyerɛwfo ne amanneɛbɔfo Melvyn Bragg na ɔkaa saa asɛm no de kyerɛɛ “Kristosom” ho anisɔ. Ne nsɛm no da asase so nnipa ɔpepem pii a wɔn nso te nka saa ara sɛ wɔde ɔsom ahorow no ka kɛse na ɛsɛ sɛ wodi ɔsom ahorow no nokware no nsusuwii adi. Wogye di sɛ nyamesom anya wɔn asetra so nkɛntɛnso pa. Sɛ nhwɛso no, nhomakyerɛwfo bi ka sɛ Nkramosom “de anibuei kɛse aba . . . [na ɛno] ayɛ mfaso ama wiase mũ no nyinaa.”

Nyamesom Dwumadi—Ɛde Adepa Anaa Adebɔne na Ɛba?

Nanso, Bragg nsɛm a edi hɔ no ma asɛmmisa bi a anibere wom sɔre fa sɛ ebia nyamesom nyinaa anya nnipa so nkɛntɛnso pa anaa ɛnte saa ho. Ɔde ka ho sɛ: “Kristosom nso de me nkyerɛkyerɛmu ho ka.” Dɛn ho nkyerɛkyerɛmu na ɔpɛ? Ɔka sɛ: “Nkyerɛkyerɛmu a ɛfa kateeyɛ, amumɔyɛsɛm, atirimɔdensɛm ne boapayɛ anibiannaso a ada adi kɛse wɔ nyamesom ‘abakɔsɛm’ nyinaa mu no.”

Nnipa pii bɛka sɛ kateeyɛ, amumɔyɛsɛm, atirimɔdenne ne boapayɛ anibiannaso ada adi wɔ wiase som dodow no ara mu wɔ abakɔsɛm nyinaa mu. Wɔn nsusuwii ne sɛ nyamesom yɛ ne ho sɛ nea ɛboa adesamma—ɛyɛ ne ho sɛ nea ɛhyɛ ɔbrapa ne kronnyɛ ho nkuran nanso nokwarem no, nyaatwom ne atorodi ahyɛ no ma. (Mateo 23:27, 28) A Rationalist Encyclopædia ka sɛ: “Biribiara nni hɔ a wɔka ho asɛm kɛse wɔ yɛn nhoma ahorow mu sɛ nyamesom esiane anibuei a wɔkyerɛ sɛ ɛde aba nti.” Ɛtoa so sɛ: “Na biribiara nni hɔ a wɔka ho asɛmmɔne kɛse wɔ abakɔsɛm mu sen nyamesom.”

Sɛ wokenkan atesɛm krataa biara nnɛ a, wubehu nhwɛso pii a ɛkyerɛ nyamesom akannifo a wɔka ɔdɔ, asomdwoe, ne tema ho asɛm, nanso wɔkanyan nitan na wɔde Nyankopɔn din gyina wɔn akodi ahorow a ɛyɛ hu no akyi. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa pii te nka sɛ nyamesom yɛ ade a ɛsɛe asetra bere nyinaa.

So Wiase Betumi Adi Yiye a Nyamesom Ho Nnim?

Ebinom aka nea Engiresini nyansapɛfo Bertrand Russell kae no ara sɛ sɛ “ɔsom nyinaa fi hɔ” wɔ bere bi akyi a, anka ɛbɛyɛ papa. Wɔn fam no, nyamesom a ebefi hɔ no ne adesamma haw ano aduru koro pɛ a ɛtra hɔ daa. Nanso, ebia na wɔn werɛ afi sɛ wɔn a wɔpo nyamesom no betumi ada nitan ne kateeyɛ adi te sɛ wɔn a wɔtaa akyi no ara. Karen Armstrong a ɔkyerɛw nyamesom ho nsɛm no kae yɛn sɛ: “Anyɛ yiye koraa no, Okunkɛse no daa no adi sɛ wiase nsusuwii [betumi] adi awu te sɛ ɔsom mu akodi ara.”—The Battle for God—Fundamentalism in Judaism, Christianity and Islam.

Enti, so nyamesom nya nkurɔfo so nkɛntɛnso pa ankasa, anaasɛ yɛbɛka paa a, ɛno na ɛde adesamma haw aba? So saa haw no ano aduru ne sɛ ɔsom nyinaa befi hɔ? Susuw nea Bible wɔ ka fa asɛm yi ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu. Wo ho bedwiriw wo wɔ mmuae no ho.