Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Nyamesom na Ɛde Adesamma Haw Aba?

So Nyamesom na Ɛde Adesamma Haw Aba?

So Nyamesom na Ɛde Adesamma Haw Aba?

“SƐ NYAMESOM anhyɛ basabasayɛ ho nkuran a, na ɛreyɛ ne ho sɛ aduru a ekum nnipa ahonim na ɛde nsusuwii hunu a ɛmma obi nnye tebea bɔne a ɔwom ntom hyɛ onipa amemene mu. . . . [Ɛmma] nnipa nsusuw nneɛma ho nkɔ akyiri, ɛma wonya gyidihunu, wɔtan afoforo na ehu ka wɔn ankasa.” Kan Methodist sɛmpatrɛwfo a ɔkyerɛw saa nsɛm no de kaa ho sɛ: “Saa sobo yi yɛ nokware. Atoro som ne nokware som nyinaa wɔ hɔ.”—Start Your Own Religion.

Ebia ebinom bɛka sɛ, ‘ɛno yɛ kasatia a ɛmfata koraa.’ Nanso, hena na obetumi agye abakɔsɛm mu nokwasɛm yi ho kyim? Mpɛn pii no, nyamesom—a wɔkyerɛ ase sɛ “ɔsom a wɔde ma Onyankopɔn anaa tumi a ɛboro nnipa de so” no—wɔ kyerɛwtohɔ a ɛyɛ ahodwiriw. Anka ɛsɛ sɛ ebue yɛn ani na ɛhyɛ yɛn nkuran. Nanso, mpɛn pii no, nea ɛyɛ ne sɛ ɛhyɛ basabasayɛ, kateeyɛ, ne ɔtan ho nkuran. Dɛn ntia?

“Hann Bɔfo” a Ɔdaadaa Nnipa

Bible no de mmuae tiawa ma. Satan Ɔbonsam, a ɔyɛ ne ho sɛ “hann bɔfo” no, adaadaa nnipa ɔpepem pii ma wɔredi ne nkyerɛkyerɛ akyi mmom sen Onyankopɔn de. (2 Korintofo 11:14) Ɔsomafo Yohane daa no adi sɛ Satan nkɛntɛnso mu yɛ den araa ma ‘wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.’ (1 Yohane 5:19) Ná Yohane nim sɛ Satan ‘redaadaa amanaman nyinaa.’—Adiyisɛm 12:9.

Dɛn na afi eyi mu aba? Satan ahyehyɛ nyamesom ahyehyɛde ahorow a wɔ nnipa ani so de, ɛte sɛ nea ɛyɛ kronkron. Wɔyɛ wɔn ho “sɛ nea wɔsom ‘nyamesom’ pa,” nanso aba bɔne a wɔsow no ma yehu wɔn tebea ankasa. (2 Timoteo 3:5, J. B. Phillips; Mateo 7:15-20) Sɛ́ anka nyamesom bɛboa adi adesamma haw ahorow ho dwuma no, ɛno mmom na ɛde ɔhaw no bi ba.

Nyɛ ntɛm nka sɛ wɔagugu saa nsɛm no mu dodo anaasɛ ntease nnim. Kae sɛ, nea ɛwɔ nnaadaa ho titiriw ankasa ne sɛ onii a wɔredaadaa no no nhu sɛ wɔredaadaa no. Ɔsomafo Paulo yɛɛ eyi ho nhwɛso bere a ɔkyerɛw asɛm a edi so yi no: “Afɔre a wɔbɔ no, wɔbɔ ma ahonhommɔne, na ɛnyɛ Onyankopɔn.” (1 Korintofo 10:20) Akyinnye biara nni ho sɛ, na saafo no ho bedwiriw wɔn bere a wohu sɛ wɔresom ahonhommɔne no. Ná wosusuw sɛ wɔresom onyame anaa anyame bi a woye. Nanso, nokwasɛm no ne sɛ na “ahonhommɔne a [wɔwɔ soro] hɔnom” a wɔboa Satan wɔ mmɔden a ɔbɔ sɛ ɔbɛdaadaa adesamma mu no adaadaa wɔn.—Efesofo 6:12.

Sɛ nhwɛso no, ma yensusuw ɔkwan a Satan faa so daadaa nnipa pii a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo a wobuu wɔn ani guu ɔsomafo Yohane kɔkɔbɔ a ɛfa saa nkɛntɛnso bɔne no ho so no ho.—1 Korintofo 10:12.

Nea Yesu Kyerɛkyerɛe no Fi Onyankopɔn Nkyɛn

Yesu Kristo kae sɛ: “Me kyerɛkyerɛ nyɛ me dea, na nea ɔsomaa me no dea.” (Yohane 7:16) Yiw, nea ɔkyerɛkyerɛe no fi Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn no hɔ. Enti Yesu nkyerɛkyerɛ no nyaa wɔn a wotiee no no so nkɛntɛnso kɛse ankasa. ‘Ankum nnipa ahonim anaa amfa nsusuwii hunu a ɛmma obi nnye tebea bɔne a ɔwom ntom anhyɛ nnipa amemene mu.’ Nea ɛne no bɔ abira no, Yesu nkyerɛkyerɛ maa nkurɔfo dee wɔn ho fii ɔsom mu porɔwee ne nnipa nyansapɛ a wiase a esiane Ɔbonsam nnaadaa nti, na “wɔn adwenem aduru sum” da no adi no ho.—Efesofo 4:18; Mateo 15:14; Yohane 8:31, 32.

Ɛnyɛ ka a nokware Kristofo ka kɛkɛ sɛ wosuro Nyankopɔn no na ɛda wɔn adi sɛ Kristofo, na mmom gyidi a wɔda no adi sɛ wɔwɔ Onyankopɔn honhom kronkron no aba a ɛsom bo no na ɛda wɔn adi sɛ Kristofo. (Galatifo 5:22, 23; Yakobo 1:22; 2:26) Su horow yi mu nea ɛkyɛn so—ne nea ɛhyɛ nokware Kristosom agyirae no—ɛne su a edi hene a ɛne ɔdɔ no.—Yohane 13:34, 35.

Nanso, hyɛ saa asɛntitiriw yi nsow: Yesu ne n’asomafo no anhwɛ kwan sɛ Kristofo asafo no bɛkɔ so ayɛ te sɛ nea na ɛte bere a wɔde sii hɔ no. Ná wonim sɛ ɔwae bɛsɔre, ɛne sɛ nokware som so bɛkata bere bi.

Nokware Som So Katae Bere Bi

Wɔ awi ne nwura ho bɛ bi mu no, Yesu kae sɛ nokware som so bɛkata koraa akosi bere bi. W’ankasa kenkan kyerɛwtohɔ no wɔ Mateo 13:24-30, 36-43. Yesu na oguu awi no, “aba pa” a ɛyɛɛ asuafo anokwafo a wɔn na wofii Kristofo asafo no ase ankasa ho mfonini no. Ɔbɔɔ kɔkɔ sɛ bere bi akyi no, ‘ɔtamfo,’ Satan Ɔbonsam, bedua “wura”—nnipa a wɔkyerɛ sɛ wodi Yesu Kristo akyi nanso nokwarem no wɔpo ne nkyerɛkyerɛ—ma abunkam awi no so.

Yesu asomafo no wu akyi bere tiaa bi no, ankorankoro bi sɔree a wɔdaa wɔn ho adi sɛ “wura,” na wogyinaa nnipa nkyerɛkyerɛ a wɔakyinkyim no akyi mmom sen “[Yehowa, NW] asɛm.” (Yeremia 8:8, 9; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Ne saa nti, atoro Kristosom a wɔakyinkyim no baa wiase. Ade a Bible frɛ no “nea onni mmara”—asɔfokuw a wɔaporɔw a na wɔn ankasa de wɔn ho ahyɛ ‘nnaadaa a ɛnteɛ nyinaa’ mu fee no—nyaa so nkɛntɛnso. (2 Tesalonikafo 2:6-10) Yesu ka siei sɛ saa tebea yi bɛsesa wɔ “wiase awiei.” Wɔbɛboa Kristofo a wɔte sɛ awi no nyinaa ano wɔ biakoyɛ mu na awiei koraa no wɔasɛe “wura”no.

Ɛyɛ saa atoro Kristosom yi na ɛde “atirimɔdensɛm kɛse a akɔ so mfehaha pii no” ne honhom fam sum a aduru Kristoman mfehaha a edii ɛno akyi no aba. Eyi ne adapaade ne basabasayɛ a akɔ so fi saa bere no wɔ nyamesom din mu a ɔsomafo Petro hu siei no maa ɔhyɛɛ nkɔm ma ɛfatae sɛ ‘na wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no nti, wɔbɛka nokware kwan no ho nsɛmmɔne.’—2 Petro 2:1, 2.

“Abufuw ne Ɔtan Ho Nkyerɛkyerɛ”

Nokwarem no, ɛnyɛ Kristoman nkutoo na ama nyamesom agye dimmɔne. Sɛ nhwɛso no, susuw nnipa a wokura tetefo adwene kuw bi a wɔfrɛ wɔn “nyamesom mu anuɔdenfo” a Karen Armstrong a kan no, na ɔyɛ ɔbea kokorani ka sɛ “ɔsom atitiriw no nyinaa atetesɛm” na ɛma ɛsɔree, no ho hwɛ. Sɛnea Armstrong kyerɛ no, sɔhwɛ titiriw biako a ɔsom biara hyia ne sɛ ɛbɛma nkurɔfo “anya tema.” Kyerɛwtohɔ bɛn na ɛwɔ hɔ fa ɔsom a wokura tetefo adwene no ho wɔ eyi mu? Ɔkyerɛw sɛ: “Gyidi a ɔsom a wokura tetefo adwene no kura, sɛ ɛyɛ Yudafo, Kristofo, anaa Nkramofo de no, adi nkogu wɔ saa sɔhwɛ titiriw yi mu bere a ɛhyɛ abufuw ne ɔtan ho nkuran no.” (The Battle for God—Fundamentalism in Judaism, Christianity and Islam) Na so ɔsom a “wokura tetefo adwene” no nkutoo na wɔadi nkogu wɔ sɔhwɛ yi mu na wɔhyɛ “abufuw ne ɔtan ho nkyerɛkyerɛ” ho nkuran? Abakɔsɛm nkyerɛ saa.

Nokwarem no, Satan ahyehyɛ wiase atoro som ahemman, a abufuw, ɔtan, ne mogyahwiegu a enni ano ahyɛ no agyirae. Bible frɛ saa ahemman yi “Babilon kɛse no, asase so . . . akyide nã,” na wɔyɛ ne ho mfonini sɛ aguaman a ɔte amammui nhyehyɛe a ɛte sɛ aboa no akyi. Ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ɔno na “wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya” ho asodi da ne so.—Adiyisɛm 17:4-6; 18:24.

Ɛnyɛ Obiara na Wɔadaadaa No

Nanso, abakɔsɛm kyerɛ sɛ ɛnyɛ obiara na wɔadaadaa no. Melvyn Bragg ka sɛ, wɔ sum mmere a ɛsen biara mpo mu no, “nnipa komapafo pii yɛɛ adepa bere a nnipa dodow no ara a wɔatwa wɔn ho ahyia dii bɔne no.” Nokware Kristofo kɔɔ so ‘som Onyankopɔn wɔ honhom ne nokware mu.’ (Yohane 4:21-24) Wɔtwee wɔn ho fii wiase nyamesom nhyehyɛe a ɛbɔɔ aguaman sɛ “ahyehyɛde a egyina sraadi akyi” no ho. Wɔpoe sɛ wɔne Asɔre ne Ɔman a abakɔsɛm da wɔn adi sɛ “wɔne Satan ayɛ apam na ɛnyɛ Yesu bi a ofi Nasaret” no benya abusuabɔ biara.—Two Thousand Years—The Second Millennium: From Medieval Christendom to Global Christianity.

Nnansa yi ara, wɔde nkɛntɛnso pa a Yehowa Adansefo nya wɔ nkurɔfo so no ahu wɔn. Nea ɛbɛyɛ na wɔade wɔn ho afi atoro som mu nkekae biara ho no, wɔde wɔn gyidi ne wɔn nneyɛe agyina Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu, Bible, no nkutoo so. (2 Timoteo 3:16, 17) Na te sɛ afeha a edi kan mu Kristofo no, wɔadi Yesu ahyɛde a ɛne sɛ ‘wɔnyɛ wiase no fã’ no akyi. (Yohane 15:17-19; 17:14-16) Sɛ nhwɛso no, wɔ Nasi Germany no, wɔpoe sɛ wobegyae Kristofo nnyinasosɛm mu asiesie ma enti wɔannye wɔn antom sɛ nnipa a wɔtaa Nasi nsusuwii akyi. Hitler tanee wɔn wɔ ɛno ho. Sukuu nkyerɛkyerɛ nhoma bi ka sɛ: “Yehowa Adansefo . . . dii Bible nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ wɔmmfa akode nni dwuma wɔ tebea biara mu no so. Enti wɔankɔ sraadi anaasɛ wɔne Nasifo no annya twaka biara. SS asraafo no yɛɛ ade tiaa Yehowa Adansefo no, na wɔde Adansefo mmusua mũ nyinaa bi guu afiase. Wokunkum Yehowa Adansefo [a wɔwɔ Germany] no mu bɛyɛ nkyem abiɛsa mu biako wɔ nneduaban ahorow mu.”—Germany—1918-45.

Nokwarem no, ankorankoro bi a wɔwɔ akokoduru a wofi ɔsom afoforo mu nso huu wɔn gyidi ho amane. Nanso Yehowa Adansefo huu amane sɛ nyamesom kuw. Nokwarem no, wɔn mu dodow no ara kuraa Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm titiriw a ɛne sɛ: ‘Wontie Nyankopɔn mmom sen nnipa’ no mu pintinn.—Asomafo no Nnwuma 5:29; Marko 12:17.

Nea Ɛde Ɔhaw no Aba

Enti yebetumi aka sɛ ɛnyɛ nyamesom nyinaa na ɛde adesamma haw no nyinaa aba. Mmom no, ɛyɛ atoro som. Nanso, Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ obeyi atoro som nyinaa afi hɔ nnansa yi ara. (Adiyisɛm 17:16, 17; 18:21) Ahyɛde a ɔde ama obiara a ɔdɔ atɛntrenee ne trenee ne sɛ: “Me man, mumfi no [kyerɛ sɛ, Babilon Kɛse, wiase atoro som ahemman no] mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi. Efisɛ ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.” (Adiyisɛm 18:4, 5) Yiw, Onyankopɔn ankasa ani nnye ɔsom a ‘ɛhyɛ basabasayɛ ho nkuran, ekum nnipa ahonim, ɛde nsusuwii hunu hyɛ amemene no mu, na ɛmma nkurɔfo nsusuw nneɛma ho nkɔ akyiri, ɛma nkurɔfo nya gyidihunu, na ɛma nkurɔfo tentan wɔn ho na wɔbɔ hu koraa no’ ho!

Mprempren, Onyankopɔn reboaboa wɔn a wɔdɔ nokware no ano wɔ nokware som mu. Ɛyɛ ɔsom a edi Ɔbɔadeɛ mmɔborohunufo a ɔwɔ dɔ na ɔteɛ no nnyinasosɛm ne ne nkyerɛkyerɛ akyi. (Mika 4:1, 2; Sefania 3:8, 9; Mateo 13:30) Wubetumi ayɛ ne fã. Sɛ wopɛ sɛ wunya nsɛm pii fa sɛnea wubehu nokware som ho a, mmɔ hu sɛ wobɛkyerɛw wɔn a wotintim saa nsɛmma nhoma yi no anaasɛ wobɛsrɛ Yehowa Ɔdansefo biara ma waboa wo.

[Mfonini wɔ kratafa 7]

Nnipa a wofi mmusua nyinaa mu anya anigye wɔ nokware som mu