Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

‘Akoa Nokwafo No’ Di Nkonim Wɔ Sɔhwɛ Mu!

‘Akoa Nokwafo No’ Di Nkonim Wɔ Sɔhwɛ Mu!

‘Akoa Nokwafo No’ Di Nkonim Wɔ Sɔhwɛ Mu!

“Ɛbere no adu sɛ atemmu fi ase Onyankopɔn fi.”—1 Petro 4:17.

1. Dɛn na Yesu behui bere a ɔbɛhwɛɛ “akoa” no?

YESU de “akoa” bi sii hɔ wɔ Pentekoste, afe 33 Y.B. sɛ ɔmma “n’asomfo” aduan wɔ bere a ɛsɛ mu. Wɔde Yesu sii agua so sɛ Ɔhene wɔ afe 1914 mu, na ankyɛ na bere soe sɛ ɔbɛhwɛ saa “akoa” no. Obehui sɛ “akoa” no ayɛ “nokwafo ne ɔbadwemma” wɔ akwan pii so. Ɛno nti, ɔmaa odii “nea ɔwɔ nyinaa so.” (Mateo 24:45-47) Nanso, na akoa bɔne bi wɔ hɔ a ɔno de ɔnyɛ ɔnokwafo anaa ɔbadwemma.

“Saa Akoa Bɔne No”

2, 3. Ɛhe na “saa akoa bɔne no” fi bae, na ɛyɛɛ dɛn na ɛbaa saa?

2 Yesu kaa “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ho asɛm wiei pɛ na ɔkaa akoa bɔne no nso ho asɛm. Ɔkae sɛ: “Sɛ [saa, NW] akoa bɔne no ka ne komam sɛ: Me wura rekyɛ ba, na ofi ase boro ne nwurakwaa, na ɔne asabofo didi, na ɔnom a, akoa no wura bɛba da a ɔnhwɛ no kwan ne dɔn a onnim mu, na wabetwa no mu abien, na wama ɔno ne nyaatwomfo anya kyɛfa. Ɛhɔ na osu ne setwɛre wɔ.” (Mateo 24:48-51) Asɛm “saa akoa bɔne no” twe yɛn adwene kɔ nea Yesu dii kan ka faa akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ho no so. Yiw, bere bi na “akoa bɔne” no ka akoa nokwafo no ho. * Ɔkwan bɛn so?

3 Ansa na afe 1914 reba no, na akoa nokwafo kuw no mufo pii hwɛ kwan denneennen sɛ wɔbɛkɔ akɔka Ayeforokunu no ho wɔ soro saa afe no, nanso wɔn anidaso no amma mu. Eyi ne nneɛma foforo a esisii no maa ebinom abam bui, na kakraa nso bo fuwii. Saafo yi mu binom dan wɔn ho de wɔn anom nsɛm ‘boroo’ wɔn a anka kan wɔyɛ wɔn nuanom yi na wɔde wɔn ho kɔbɔɔ “asabofo”—Kristoman mu kuw ahorow—ho.—Yesaia 28:1-3; 32:6.

4. Ɔkwan bɛn so na Yesu ne “akoa bɔne” no ne wɔn a woada su a ɛte saa bi adi no dii?

4 Wɔn a na anka wɔyɛ Kristofo yi na wɔbɛyɛɛ “akoa bɔne” no, na Yesu twee ‘wɔn aso denneennen.’ Wɔ ɔkwan bɛn so? Ɔpoo wɔn ma wɔhweree wɔn soro anidaso no. Nanso, wɔansɛe wɔn amonom hɔ ara. Ná wɔbɛtow wɔn agu “akyirikyiri sum no mu” wɔ Kristofo asafo no akyi ma wɔasu atwɛre wɔn se ansa. (Mateo 8:12) Efi saa mmere no, wɔn a wɔasra wɔn no kakraa bi ada subammɔne a ɛte saa ara adi nam so ada wɔn ho adi sɛ wɔka “akoa bɔne” no ho. “Nguan foforo” no binom asuasua nokware a saafo no anni no. (Yohane 10:16) Wobeyi Kristo atamfo a wɔte saa no nyinaa afi Kristofo asafo no mu akogu “akyirikyiri sum” no mu.

5. Ɔkwan bɛn na akoa nokwafo ne ɔbadwemma no faa so yɛɛ n’ade ma ɛne sɛnea “akoa bɔne” no yɛɛ n’ade no bɔɔ abira?

5 Nanso akoa nokwafo ne ɔbadwemma no ne “saa akoa bɔne no” nyinaa na wɔsɔɔ wɔn hwɛe. Nanso, sɛ́ anka wɔn bo befuw no, ɛmaa wɔyɛɛ pɛ anaasɛ wosiesiee wɔn yiye. (2 Korintofo 13:11) Ɔdɔ a na wɔwɔ ma Yehowa ne wɔn nuanom no mu bɛyɛɛ den. Ɛno nti, wɔabɛyɛ “nokware dum ne nnyinaso” wɔ “nna a edi akyiri” a basabasayɛ ahyɛ mu ma yi mu.—1 Timoteo 3:15; 2 Timoteo 3:1.

Mmabaa Mmadwemma ne Mmabaa Nkwasea

6. (a) Ɔkwan bɛn na Yesu faa so kyerɛkyerɛɛ anidahɔ a akoa nokwafo kuw no yɛe no mu? (b) Ansa na afe 1914 reba no, asɛm bɛn na na Kristofo a wɔasra wɔn no reka?

6 Bere a Yesu kaa “saa akoa bɔne” no ho asɛm wiei no, obuu mmɛ abien bi de kyerɛkyerɛɛ nea enti a Kristofo a wɔasra wɔn no binom bɛyɛ anokwafo ne mmadwemma na ebinom nso nyɛ saa no mu. * Sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyerɛkyerɛ anidahɔ mu no, ɔkae sɛ: “Wɔde ɔsoro ahenni bɛto mmabaa du bi a wɔtasee wɔn akanea fii adi sɛ wokohyia ayeforokunu no ho. Na wɔn mu baanum yɛ nkwasea, na baanum nso yɛ mmadwemma. Na nkwasea no faa wɔn akanea no, wɔamfa ngo ankura; na mmadwemma no faa ngo guu ntoaa mu kaa wɔn akanea ho.” (Mateo 25:1-4) Mmabaa du no ma yɛkae tebea a na Kristofo a wɔasra wɔn no wom ansa na afe 1914 reba no. Ná wɔasese ahu sɛ ayeforokunu Yesu Kristo rebɛba. Enti ‘wofii adi’ sɛ worekohyia no, na wɔde nnamyɛ kae sɛ “amanaman no bere” bɛba awiei wɔ afe 1914 mu.—Luka 21:24.

7. Sɛnea yɛbɛka no no, bere bɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no ‘dedae’ wɔ Onyankopɔn som mu, na dɛn ntia?

7 Wɔanni mfomso. Amanaman bere no baa awiei wɔ afe 1914 mu ampa, na Onyankopɔn Ahenni a ɛhyɛ Kristo Yesu nsa no fii ase dii tumi. Nanso eyi sii wɔ soro a aniwa nhu no. ‘Due’ anaa ɔhaw a na wɔaka ho asɛm asie no fii ase baa adesamma so wɔ asase so ha. (Adiyisɛm 12:10, 12) Sɔhwɛ bere bi fii ase. Esiane sɛ na Kristofo a wɔasra wɔn no nte nneɛma ase yiye nti, wɔtee nka sɛ ‘ayeforokunu no akyɛ.’ Bere a na wɔayɛ basaa na wiase no nso retan wɔn ani no, wɔn nsam gowee, na ɛkaa ketekete sɛɛ na wogyaee asɛnka adwuma no. Te sɛ mmabaa a wɔkaa wɔn ho asɛm wɔ bɛ no mu no, wɔn “ani kumii na wɔdedae” wɔ Onyankopɔn som mu, sɛnea wɔn a wɔkae sɛ wɔyɛ Kristofo nanso wɔanni nokware no yɛe wɔ Yesu asomafo no wu akyi no ara pɛ.—Mateo 25:5; Adiyisɛm 11:7, 8; 12:17.

8. Dɛn na ɛmaa wɔteɛɛm sɛ: “Hwɛ, ayeforokunu ni oo!” na dɛn na na ɛbere aso sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ?

8 Afei, biribi a na wɔnhwɛ kwan sii wɔ afe 1919 mu. Yɛkenkan sɛ: “Na ɔdasu mu no, wɔtee nteɛm sɛ: Hwɛ, ayeforokunu ni oo! Mumfi nkohyia no! Ɛnna mmabaa no nyinaa sɔre kekaa wɔn akanea.” (Mateo 25:6, 7) Bere a na ɛte sɛ nea nneɛma nkɔ yiye koraa no, wɔtee nne bi sɛ, monsɔre! Ná “apam bɔfo” Yesu aba Yehowa honhom fam asɔrefie hɔ wɔ afe 1918 mu sɛ ɔrebɛhwɛ na watew Onyankopɔn asafo no ho. (Malaki 3:1) Afei na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔasra wɔn no fi adi kohyia no wɔ asɔrefie no abangua a ɛwɔ asase so no so. Ná ɛbere aso sɛ ‘wɔsɔre haran.’—Yesaia 60:1; Filipifo 2:14, 15.

9, 10. Dɛn nti na Kristofo binom yɛɛ “mmadwemma” na ebinom nso yɛɛ “nkwasea” wɔ afe 1919 mu?

9 Nanso, twɛn kakra! Wɔ bɛ no mu no, ɔhaw bi too mmabaa no binom. Yesu toaa so sɛ: “Na nkwasea no ka kyerɛɛ mmadwemma no sɛ: Momma yɛn mo ngo no bi, na yɛn akanea redunnum.” (Mateo 25:8) Sɛ ngo nni kanea mu a, ɛrentumi nsɔ. Kanea mu ngo ma yɛkae Onyankopɔn Asɛm a ɛyɛ nokware no ne ne honhom kronkron a ɛma nokware asomfo hyerɛn sɛ akanea no. (Dwom 119:130; Daniel 5:14) Ansa na afe 1919 reba no, ɛwom sɛ na Kristofo a wɔasra wɔn no ayɛ mmerɛw kakra de, nanso wɔde nsiyɛ hwehwɛɛ nea Onyankopɔn pɛ sɛ wɔyɛ no. Enti bere a wɔkae sɛ wɔnsɔre nhyerɛn no, na wɔayɛ krado dedaw.—2 Timoteo 4:2; Hebrifo 10:24, 25.

10 Ɛwom sɛ na wɔn a wɔasra wɔn no mu binom nsiesiee wɔn ho sɛ wɔde wɔn ho bɛbɔ afɔre anaasɛ wɔbɛyere wɔn ho de, nanso na wɔhwɛ kwan denneennen sɛ wɔbɛkɔ akɔka Ayeforokunu no ho. Enti, bere a bere soe sɛ wɔde nnamyɛ ka asɛmpa no, na wonsiesiee wɔn ho. (Mateo 24:14) Wɔbɔɔ mmɔden mpo sɛ wɔbɛbrɛ wɔn ayɔnkofo a na wɔyɛ nsi no ase; sɛ yɛbɛka a, wɔsrɛɛ wɔn hɔ ngo. Ɔkwan bɛn so na mmabaa anyansafo no yɛɛ wɔn ade wɔ Yesu bɛ no mu? Wɔkae sɛ: “Dabi, ɛrenso yɛne mo; na monkɔ wɔn a wɔtɔn no mmom nkyɛn nkɔtɔ mo de!” (Mateo 25:9) Saa ara na Kristofo a wɔasra wɔn no kwatii sɛ wɔbɛyɛ ade biara a ɛbɛma wɔn akanea adum wɔ afe 1919 mu. Enti, wodii nkonim wɔ sɔhwɛ mu.

11. Dɛn na ɛtoo mmabaa nkwasea no?

11 Yesu de ba awiei sɛ: “Na [mmabaa nkwasea no rekɔ] akɔtɔ no, ayeforokunu no bae; na wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne no kɔɔ ayeforohyia no ase, na wɔtoo pon no mu. Na akyiri no, mmabaa a aka no nso bae bɛkae sɛ: Owura, owura, hiɛ yɛn! Na obuae sɛ: Nokware mise mo sɛ, minnim mo.” (Mateo 25:10-12) Yiw, na ebinom nsiesiee wɔn ho mmaa Ayeforokunu no mmae no. Ɛno nti, wodii nkogu wɔ sɔhwɛ mu, na hokwan a na wɔwɔ a anka ɛbɛma wɔakɔ ɔsoro ayeforohyia no ase bi no bɔɔ wɔn. Hwɛ n’awerɛhow!

Talente Ho Bɛ No

12. (a) Dɛn na Yesu de kyerɛkyerɛɛ nokwaredi mu? (b) Hena ne onipa a ‘otuu kwan kɔɔ baabi’ no?

12 Bere a Yesu kyerɛkyerɛɛ anidahɔ mu wiei no, obuu bɛ bi faa nokwaredi ho. Ɔkae sɛ: “Ɛte sɛ onipa bi a ɔretu kwan akɔ baabi, na ɔfrɛɛ n’ankasa ne nkoa, na ɔde nea ɔwɔ hyɛɛ wɔn nsa. Na ɔmaa obiako talente anum, na obiako abien, na obiako nso biako, sɛnea wɔn mu biara ahoɔden te; na otuu kwan.” (Mateo 25:14, 15) Wɔ bɛ no mu no, Yesu ankasa ne onipa a ‘otuu kwan kɔɔ baabi’ no—bere a ɔkɔɔ soro wɔ afe 33 Y.B. mu no. Nanso, ansa na Yesu rebɛkɔ soro no, ɔde “nea ɔwɔ” hyɛɛ n’akyidifo anokwafo no nsa. Ɔkwan bɛn so?

13. Ɔkwan bɛn na Yesu faa so siesiee asase kɛse bi na ɔmaa ne “nkoa” tumi sɛ wɔnyɛ emu adwuma?

13 Bere a Yesu reyɛ n’asase so som adwuma no, ɔnam Ahenni ho asɛm a ɔkae wɔ Israel nyinaa no so siesiee asase kɛse bi too hɔ. (Mateo 9:35-38) Ansa na ‘ɔrebetu kwan’ no, ɔde saa adwuma no hyɛɛ n’akoa nokwafo no nsa, na ɔkae sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo. Mommɔ wɔn asu nhyɛ Agya ne Ɔba ne Honhom Kronkron din mu, na monkyerɛkyerɛ wɔn sɛ wonni nea mahyɛ mo nyinaa so.” (Mateo 28:18-20) Yesu nam saa nsɛm yi so maa ne “nkoa” no tumi sɛ wɔn nyinaa nyɛ adwuma ‘sɛnea wɔn ahoɔden te’ nkosi sɛ ɔbɛba.

14. Dɛn nti na na wɔnhwɛ kwan sɛ obiara bɛyɛ adwuma sɛnea ɔfoforo yɛ no?

14 Saa asɛm no kyerɛ sɛ na ɛsono afeha a edi kan Kristofo no mu biara nsɛm tebea anaa n’ahoɔden. Ebinom te sɛ Paulo ne Timoteo nyaa hokwan yɛɛ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no kɛse. Ebia ebinom nsɛm tebea amma wɔannya kwan anyɛ pii. Sɛ nhwɛso no, na Kristofo binom yɛ nkoa, na ebinom yɛ ayarefo, mpanyimfo anaasɛ na wɔwɔ abusua mu asɛyɛde pii. Nokwasɛm ne sɛ, wɔamfa ɔsom hokwan bi amma asuafo binom wɔ asafo no mu. Mmarima a wɔasra wɔn binom ne mmea a wɔasra wɔn no ankyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu. (1 Korintofo 14:34; 1 Timoteo 3:1; Yakobo 3:1) Nanso, ɛmfa ho sɛnea na wɔn mu biara nsɛm tebea te no, wɔde hyɛɛ Kristo akyidifo mmea ne mmarima a na wɔasra wɔn no nyinaa nsa sɛ wɔmfa hokwan a wɔwɔ no nyɛ adwuma yiye wɔ Kristofo som adwuma no mu. Saa ara na wɔn ayɔnkofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no nso yɛ.

Sɔhwɛ Bere Fi Ase!

15, 16. (a) Bere bɛn na ɛbere soe sɛ wobu akontaa? (b) Hokwan foforo a wɔde ‘yɛ adwuma’ bɛn na wɔde maa anokwafo no?

15 Ɛbɛ no toa so sɛ: “Na ɛkyɛe no, nkoa no wura no bae, na ɔne wɔn bebuu akontaa.” (Mateo 25:19) Kristo Yesu baa N’ahenni mu wɔ afe 1914 mu, na sɛ wobu fi afe 33 Y.B. a, akyinnye biara nni ho sɛ na akyɛ ampa. Wɔ mfe abiɛsa ne fã akyi wɔ afe 1918 mu no, ɔbaa Onyankopɔn honhom mu asɔrefie hɔ maa Petro nsɛm yi nyaa mmamu: “Ɛbere no adu sɛ atemmu fi ase Onyankopɔn fi.” (1 Petro 4:17; Malaki 3:1) Ná ɛbere aso sɛ wobu akontaa.

16 Ná dɛn na na nkoa no, Yesu nuanom a wɔasra wɔn no, de Ɔhene no “talente” no ayɛ? Ná wɔn mu pii ayɛ adwumaden fi afe 33 Y.B. reba no, na wɔyɛɛ saa nso wɔ mfe a na edi afe 1914 anim no mu wɔ Yesu “adwuma” mu. (Mateo 25:16, NW) Mpo wɔ wiase ko a edi kan no mu no, wɔdaa ɔpɛ a emu yɛ den adi sɛ wɔbɛsom Owura no. Afei na ɛfata sɛ wɔma anokwafo yi hokwan foforo ma ‘wɔyɛ adwuma.’ Ná nneɛma nhyehyɛe yi awiei adu. Ná etwa sɛ wɔka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Ná ɛsɛ sɛ wotwa “asase so nneɛma.” (Adiyisɛm 14:6, 7, 14-16) Ná ɛsɛ sɛ wɔhwehwɛ awi kuw no mufo a aka no na wɔboaboa nguan foforo no mu “nnipakuw kɛse” no ano.—Adiyisɛm 7:9; Mateo 13:24-30.

17. Ɛyɛɛ dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no ‘hyɛnee wɔn wura anigye mu’?

17 Twabere yɛ anigye bere. (Dwom 126:6) Enti, ɛfata sɛ bere a Yesu de asɛyɛde pii hyɛɛ ne nuanom anokwafo a wɔasra wɔn no nsa wɔ afe 1919 mu no, ɔkae sɛ: ‘Woadi kakraa yi ho nokware, mede wo mesi ade pii so; kɔ wo wura anigye mu!’ (Mateo 25:21, 23) Bio nso, yɛrentumi nkyerɛkyerɛ anigye a Owura a na wɔde no asi Onyankopɔn Ahenni so Hene foforo no nyae no mu. (Dwom 45:1, 2, 6, 7) Akoa nokwafo no nya anigye a ɛte saa ara bi denam Ɔhene no ananmu a osi ne adwuma a wɔreyɛ ma nneɛma a ɔwɔ wɔ asase so adɔɔso no so. (2 Korintofo 5:20) Wohu wɔn anigye no wɔ nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwɔ Yesaia 61:10 yi mu sɛ: “[Yehowa NW] mu na me ho sɛpɛw me, na me Nyankopɔn mu na me kra di ahurusi, efisɛ ɔde nkwagye atade ahyɛ me. ”

18. Dɛn nti na ebinom anni nkonim wɔ sɔhwɛ mu, na dɛn na ɛtoo wɔn?

18 Awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom anni sɔhwɛ mu nkonim. Yɛkenkan sɛ: “Nea onyaa talente biako no nso bae sɛ: Owura, minim wo sɛ woyɛ onipa a woyɛ den a wutwa nea wungui ɛ, na woboaboa ano nea womfa mpetee hɔ ɛ; enti misuroe, na mede wo talente no mikosiee fam. Hwɛ, w’ade ni!” (Mateo 25:24, 25) Saa ara na na Kristofo a wɔasra wɔn no binom nyɛɛ “adwuma.” Ansa na afe 1914 rebɛba no, na womfii anigye mu nkaa wɔn anidaso ho asɛm nkyerɛɛ afoforo, na na wonni ɔpɛ nso sɛ wobefi ase wɔ afe 1919 mu. Dɛn na Yesu yɛe wɔ wɔn ahomaso no ho? Ogyee hokwan biara a na wɔwɔ fii wɔn nsam. Wɔtoo wɔn ‘kyenee akyirikyiri sum no mu ma wosu twɛree wɔn se’ wɔ hɔ.—Mateo 25:28, 30.

Wɔkɔ So Sɔ Wɔn Hwɛ

19. Ɔkwan bɛn so na wɔkɔ so sɔ Kristofo a wɔasra wɔn no hwɛ, na dɛn na wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ?

19 Nokwarem no, na wɔn a na wɔbɛba abɛyɛ Kristo nuanom a wɔasra wɔn wɔ awiei bere no mu no mu fã kɛse no ara mmɛsom Yehowa bere a Yesu bɛhwɛɛ wɔn wɔ afe 1918 mu no. So ɛno kyerɛ sɛ na wɔrensɔ wɔn nhwɛ anaa? Ɛnte saa koraa. Sɔhwɛ no fii ase wɔ afe 1918/19 mu, na sɛ kuw no, akoa nokwafo ne ɔbadwemma no dii nkonim. Wɔbɛkɔ so asɔ Kristoni biara a wɔasra no ahwɛ akosi sɛ wɔbɛsɔ wɔn ano awie korakora. (Adiyisɛm 7:1-3) Esiane eyi a wonim nti, Kristo nuanom a wɔasra wɔn no asi wɔn bo sɛ wɔde nokwaredi ‘bɛyɛ adwuma.’ Wɔasi wɔn bo sɛ wɔbɛma wɔn ani ada hɔ na wɔde ngo pii agu wɔn kanea mu na ama atumi ahyerɛn yiye. Wonim sɛ sɛ wɔn mu biara di nokware kosi owu mu a, Yesu bɛma wabɛka ne ho wɔ soro hɔ.—Mateo 24:13; Yohane 14:2-4; 1 Korintofo 15:50, 51.

20. (a) Ɛnnɛ, dɛn na nguan foforo no asi wɔn bo sɛ wɔbɛyɛ? (b) Dɛn na Kristofo a wɔasra wɔn no nim?

20 Nguan foforo no mu nnipakuw kɛse no asuasua wɔn nuanom a wɔasra wɔn no. Wonim sɛ Onyankopɔn atirimpɔw ahorow ho nimdeɛ a wɔanya no de asɛyɛde kɛse abɛto wɔn so. (Hesekiel 3:17-21) Enti, ɛdenam Yehowa Asɛm ne honhom kronkron so no, wɔn nso nam adesua ne Kristofo fekubɔ so ma wɔn ngo dɔɔso. Wɔnam asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no so ma wɔn kanea kɔ so hyerɛn. Wɔnam saayɛ so ne wɔn nuanom a wɔasra wɔn no ‘reyɛ adwuma.’ Nanso, Kristofo a wɔasra wɔn no nim no yiye sɛ wɔn na wɔde talente no hyɛɛ wɔn nsa. Wɔn na ɛsɛ sɛ wobu sɛnea wɔhwɛ Owura no asase so nneɛma so no ho akontaa. Ɛwom sɛ wosua de, nanso wɔrentumi nnan wɔn asɛyɛde no nto nnipakuw kɛse no so. Bere a wonim eyi no, akoa nokwafo ne ɔbadwemma no kɔ so di anim ma wɔhwɛ Ɔhene no adwuma so na wɔkyerɛ mmoa a nnipakuw kɛse no mufo a wɔde wɔn ho ama de rema no ho anisɔ. Nnipakuw kɛse no mufo no nim wɔn nuanom a wɔasra wɔn no asɛyɛde, na wɔte nka sɛ ɛyɛ hokwan sɛ wɔbɛyɛ adwuma wɔ akoa nokwafo no hwɛ ase.

21. Afotu bɛn na ɛfa Kristofo a wɔtraa ase ansa na afe 1919 reba, ɛno akyi, ne wɔn a wɔwɔ hɔ nnɛ nyinaa ho?

21 Ne saa nti, ɛwom sɛ saa mmɛ abien yi twe adwene si nsɛm a esisii wɔ afe 1919 anaa ɛno akyi so de, nanso emu nnyinasosɛm no fa Kristofo nyinaa a awiei mmere yi ato wɔn no ho. Ne saa nti, Yesu afotu a ɔde mae bere a obuu mmabaa du ho bɛ wiei no fa Kristofo a wɔasra wɔn a wɔtraa ase ansa na afe 1919 reba no ho, na wɔ ɔkwan bi so no, ɛfa Kristoni biara nso ho. Ɛmmra sɛ yɛn nyinaa betie Yesu afotu yi: “Enti monwɛn, na munnim da anaa dɔn ko no.”—Mateo 25:13.

[Ase hɔ nsɛm]

^ nky. 2 Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, Kristofo mpanyimfo a wɔasra wɔn no binom bɛdanee “mpataku bɔne” wɔ asomafo no wu akyi.—Asomafo no Nnwuma 20:29, 30.

^ nky. 6 Sɛ wopɛ Yesu bɛ yi mu nkyerɛkyerɛmu foforo a, hwɛ Worldwide Security Under the “Prince of Peace” a Yehowa Adansefo tintimii no ti 5 ne 6.

So Wubetumi Akyerɛkyerɛ Mu?

• Bere bɛn na Yesu bɛhwɛɛ n’akyidifo no, na dɛn na ohui?

• Dɛn nti na Kristofo a wɔasra wɔn no mu binom benyaa “saa akoa bɔne” no suban no bi?

• Yɛbɛyɛ dɛn ama yɛn ani ada hɔ wɔ Onyankopɔn som mu?

• Sɛ yesuasua Yesu nuanom anokwafo a wɔasra wɔn no a, ɔkwan bɛn so na yebetumi akɔ so ‘ayɛ adwuma’?

[Adesua no ho Nsɛmmisa]

[Adaka wɔ kratafa 16]

BERE BƐN NA YESU BA?

Wɔka Yesu “ba” a waba no ho asɛm wɔ akwan pii so wɔ Mateo ti 24 ne 25. Enhia sɛ ofi baabi kɔ baabi foforo ansa na watumi ‘aba.’ Mmom no, ‘ɔba’ wɔ ntease a ɛne sɛ ɔde n’adwene si adesamma anaa n’akyidifo so a mpɛn pii no botae no ne sɛ ɔrebebu wɔn atɛn. Enti ‘ɔbae’ sɛ Ɔhene a wɔde no asi agua so wɔ afe 1914 mu. (Mateo 16:28; 17:1; Asomafo no Nnwuma 1:11) ‘Ɔbae’ sɛ apam no bɔfo fii ase buu wɔn a na wɔka sɛ wɔsom Yehowa no atɛn wɔ afe 1918 mu. (Malaki 3:1-3; 1 Petro 4:17) ‘Ɔbɛba’ wɔ Harmagedon abebu Yehowa atamfo atɛn.—Adiyisɛm 19:11-16.

Ne ba a wɔaka ho asɛm bebree wɔ Mateo 24:29-44 ne 25:31-46 no benya ne mmamu wɔ “ahohia kɛse” no mu. (Adiyisɛm 7:14) Nea ɛne eyi bɔ abira no, ne ba a wɔaka ho asɛm wɔ Mateo 24:45 kosi 25:30 no fa atemmu a ɔde baa wɔn a wɔkae sɛ wɔyɛ n’akyidifo so wɔ afe 1918 ne ɛno akyi no ho. Ɛbɛyɛ nea ntease nnim sɛ yɛbɛka sɛ akoa nokwafo no a wobetua ne ka, mmabaa nkwasea no a wobebu wɔn atɛn, ne akoa bɔne no a ɔde Owura no talente kohintawee no a wobebu no atɛn no nyinaa besi bere a Yesu “ba” wɔ ahohiahia kɛse no mu no. Anka ɛno bɛkyerɛ sɛ saa bere no wobehu sɛ wɔn a wɔasra wɔn no pii nni nokware ma enti ɛho behia sɛ wonya afoforo si wɔn ananmu. Nanso, Adiyisɛm 7:3 kyerɛ sɛ ansa na saa bere no bɛba no, na wɔahyɛ Kristo nkoa a wɔasra wɔn no nyinaa “agyirae” awie korakora.

[Mfonini wɔ kratafa 14]

“Akoa bɔne” no annya nhyira biara wɔ afe 1919 mu

[Mfonini wɔ kratafa 15]

Ná mmabaa mmadwemma no asiesie wɔn ho bere a ayeforokunu no bae no

[Mfonini wɔ kratafa 17]

Ná nkoa nokwafo no ayɛ “adwuma”

Ná akoa bɔne no nyɛɛ adwuma

[Mfonini ahorow wɔ kratafa 18]

Wɔn a wɔasra wɔn no ne “nnipakuw kɛse” no ma wɔn kanea kɔ so hyerɛn