Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nokware Kristosom Renya Nkɔso

Nokware Kristosom Renya Nkɔso

Nokware Kristosom Renya Nkɔso

YESU KRISTO som adwuma no nyaa wiase no so nkɛntɛnso wɔ afeha a edi kan no mu. Na n’asɛm no ma akomatɔyam, na emu da hɔ, na ɛhyɛɛ nnipa den ma wɔn ho dwiriw wɔn. Ne nsɛm no kaa n’atiefo pii koma paa.—Mateo 7:28, 29.

Yesu fi akokoduru mu poe sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ ne bere so nyamesom ne amammui ahyehyɛde a na ɛhyɛ nkurɔfo so no mu, na ɔmaa ɛyɛɛ mmerɛw maa nnipa mpapahwekwa tumi bɛn no. (Mateo 11:25-30) Ogye toom sɛ ahonhommɔne nkɛntɛnso atrɛw wɔ asase no so, na ɔdaa tumi a Onyankopɔn wɔ wɔn so no adi. (Mateo 4:2-11, 24; Yohane 14:30) Yesu fi ahokokwaw mu ma wohuu abusuabɔ a ɛda amanehunu ne bɔne ntam na ofii ɔdɔ mu daa no adi sɛ Onyankopɔn Ahenni na ɛde ahotɔ a edi mũ bɛba. (Marko 2:1-12; Luka 11:2, 17-23) Awiei koraa no, obuee afoforo a na wɔatra sum mu akyɛ a na ɛmma wonhu N’agya nipasu ankasa no ani denam Onyankopɔn din a ɔdaa no adi kyerɛɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne No nya abusuabɔ pa no so.—Yohane 17:6, 26.

Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛmfa ho ɔtaa a emu yɛ den a nyamesomfo ne amammuifo de baa Yesu asuafo no so no, wɔkaa n’asɛm a tumi wom no ma ɛtrɛw ntɛmntɛm. Wɔ bɛyɛ mfe 30 pɛ mu no, wɔhyehyɛɛ Kristofo asafo ahorow a ɛyɛ nnam wɔ Afrika, Asia, ne Europa. (Kolosefo 1:23) Nokwasɛm a na Yesu akyerɛkyerɛ no maa nnipa komapafo a wɔbrɛ wɔn ho ase a na wɔwɔ Roma Ahemman no mu nyinaa ani gyei.—Efesofo 1:17, 18.

Nanso, na ɛbɛyɛ dɛn na saa asuafo foforo a ɛsono obiara sikasɛm, amammerɛ, kasa, ne nyamesom ahorow a na wɔwom no bɛbom asom wɔ sɛnea ɔsomafo Paulo frɛɛ no no, nokware “gyidi biako” mu? (Efesofo 4:5) Dɛn na na ɛbɛboa wɔn ma ‘wɔayɛ nokoro’ sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn mu mpaapae? (1 Korintofo 1:10) Esiane sɛ ɛnnɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo mu apaapae bebree nti, ɛyɛ papa sɛ yɛbɛhwehwɛ nea Yesu ankasa kyerɛkyerɛe no mu.

Nea Kristofo Biakoyɛ Gyina So

Bere a na wɔredi Yesu asɛm wɔ Pontio Pilato anim no, ɔkyerɛɛ nea Kristofo biakoyɛ gyina so. Ɔkae sɛ: “Eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.” (Yohane 18:37) Enti, Yesu nkyerɛkyerɛ ne Onyankopɔn Asɛm, Bible no mu nsɛm a aka a Kristo nokware asuafo no gye tom no ma biakoyɛ a emu yɛ den tra wɔn mu.—1 Korintofo 4:6; 2 Timoteo 3:16, 17.

Ɛwom na ɛnyɛ bere nyinaa na Yesu asuafo no adwene behyia wɔ nsɛm ho. Ná dɛn na na ɛbɛboa wɔn? Yesu kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Nokware honhom no nya ba a, ɔbɛkyerɛ mo kwan akɔ nokware no nyinaa mu. Na emfi n’ankasa mu na ɔbɛkasa, na biribiara a ɔbɛte no, ɔbɛka, na ɔbɛkyerɛ mo nneɛma a ɛreba.” (Yohane 16:12, 13) Enti, na Onyankopɔn honhom kronkron no bɛboa Yesu nokware asuafo no ma wɔate nokware no a Onyankopɔn daa no adi nkakrankakra no ase. Bio nso, na honhom no bɛsow aba te sɛ ɔdɔ, anigye, ne asomdwoe a na ɛbɛhyɛ biakoyɛ a na ɛwɔ wɔn mu no mu den.—Asomafo no Nnwuma 15:28; Galatifo 5:22, 23.

Yesu amma kwan ma mpaapaemu amma n’asuafo no mu; na saa ara nso na wɔamma wɔn tumi sɛ wɔnsan nkyerɛ Bible mu nokware ase ma ɛne wɔn a wobehyia wɔn no amammerɛ anaa nyamesom mu atetesɛm ahyia. Mmom no, anadwo a etwa to a ɔne wɔn hyiae no, ofii komam bɔɔ mpae sɛ: “Ɛnyɛ eyinom nkutoo nti na mesrɛ, na wɔn a wɔnam wɔn asɛm so begye me adi nso nti, sɛ wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.” (Yohane 17:20, 21) Ɛnde, na biakoyɛ a edi mũ wɔ honhom ne nokware mu na na ɛbɛyɛ Kristo asuafo no agyiraehyɛde fi mfiase besi yɛn bere yi so. (Yohane 4:23, 24) Nanso, ɛnnɛ asɔreasɔre no nyɛ biako, na mmom wɔn mu apaapae. Dɛn nti na ɛte saa?

Nea Enti a Asɔreasɔre no Mu Apaapae

Yebetumi aka no pen sɛ nea ama wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no gyidi ne wɔn nneyɛe gu ahorow no ne Yesu nkyerɛkyerɛ wɔapo. Ɔkyerɛwfo bi kae sɛ: “Sɛnea na ɛte bere bi a atwam no, Kristofo foforo a wɔaba nnɛ no taa gye nea Bible no ka a ɛne wɔn som mu amammerɛ hyia tom, na wɔpo nea ɛne no nhyia no.” Saa pɛpɛɛpɛ na Yesu ne n’asomafo no ka siei sɛ ɛbɛba.

Sɛ nhwɛso no, wɔde honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛw ne yɔnko Timoteo a ɔyɛ ɔhwɛfo no sɛ: “Ɛbere bi bɛba a wɔrentie ɔkyerɛ pa a eye no, na sɛ wɔn asom yɛ wɔn hene nti, wɔbɛsoa akyerɛkyerɛfo aboa wɔn ho so, sɛnea wɔn ankasa akɔnnɔ te. Na wobeyi wɔn aso afi nokware ho, na wɔadan akotie anansesɛm.” So wɔbɛdaadaa Kristofo nyinaa? Dabi. Paulo toaa so sɛ: “Na wo de, ma w’ani nna hɔ ade nyinaa mu, mia w’ani hu amane, yɛ ɔsɛmpakafo adwuma, wie wo som no koraa.” (2 Timoteo 4:3-5; Luka 21:8; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Petro 2:1-3) Timoteo ne nokware Kristofo foforo de saa afotu a efi Onyankopɔn hɔ yi dii dwuma.

Biakoyɛ Da So Wɔ Nokware Kristofo Mu

Te sɛ Timoteo no, ɛnnɛ nokware Kristofo ma wɔn ani da hɔ denam po a wɔpo nnipa nsusuwii na wogye nkyerɛkyerɛ a egyina Kyerɛwnsɛm so nkutoo tom no so. (Kolosefo 2:8; 1 Yohane 4:1) Yehowa Adansefo reyɛ wɔn som adwuma no te sɛ nea afeha a edi kan Kristofo no yɛe no denam Ahenni no ho asɛmpa a Yesu dii kan bɛkae a wɔreka akyerɛ nnipa wɔ aman bɛboro 230 so no so. Susuw akwan anan a wosuasua Yesu wɔ biakoyɛ mu na wɔsom sɛ nokware Kristofo ɛmfa ho baabi a wɔte no ho.

Wɔn gyidi gyina Onyankopɔn Asɛm so. Ɔsɔfo bi a ɔwɔ Belgium kyerɛw wɔn ho asɛm sɛ: “Ade a yebetumi asua afi wɔn [Yehowa Adansefo] hɔ ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobetie Onyankopɔn Asɛm ne akokoduru a wɔde di ho adanse no.”

Wogye di sɛ Onyankopɔn Ahenni na ebeyi wiase haw nyinaa afi hɔ. (Luka 8:1) Wɔ Barranquilla, Colombia no, Ɔdansefo bi ne Antonio a ɔyɛ amanyɔkuw bi kyitaafo mapa kasae. Ɔdansefo no annyina n’amanyɔkuw no akyi, na saa ara nso na wannyina amanyɔkuw foforo bi nso akyi. Mmom no, ɔkae sɛ ɔne Antonio ne ne nuabeanom besua Bible no a wontua hwee. Ankyɛ na Antonio behui sɛ ahiafo a wɔwɔ Colombia ne wiase no mmeae afoforo nyinaa no anidaso ne Onyankopɔn Ahenni no nkutoo.

Wɔtew Onyankopɔn din ho. (Mateo 6:9) Bere a edi kan a Yehowa Adansefo hyiaa Maria, Katolekni mapa a ɔte Australia no, ɔmaa Adansefo no fii Bible mu kyerɛɛ no Onyankopɔn din. Ɔyɛɛ n’ade dɛn? “Bere a edi kan a mihuu Onyankopɔn din wɔ Bible mu no, misui. Hu a mihui sɛ metumi ahu Onyankopɔn din ankasa de adi dwuma no kaa me koma paa.” Maria kɔɔ so suaa Bible no, na bere a edi kan koraa wɔ n’asetra mu no, obehuu nipa kõ a Yehowa yɛ na otumi ne no nyaa abusuabɔ a ɛtra hɔ daa.

Ɔdɔ ka wɔn bom. (Yohane 13:34, 35) Canada atesɛm krataa bi a wɔfrɛ no The Ladysmith-Chemainus Chronicle, kae sɛ: “Sɛ́ wowɔ ɔsom bi mu anaasɛ wunni biara mu no, ɛsɛ sɛ wode nkamfo ma Yehowa Adansefo 4,500 a wɔde nnawɔtwe ne fã a etwaam yɛɛ adwuma daa de sii Nhyiam Asa a ne kɛse yɛ mita 2,300 wɔ Cassidy no . . . Anigye a wɔde yɛɛ adwuma yi a akyinnyegye, mpaapaemu anaa anuonyampɛ biara nnim no yɛ nokware Kristofo agyiraehyɛde.”

Enti, susuw adanse no ho. Bere a Kristoman mu nyamekyerɛfo, asɛmpatrɛwfo ne asɔrekɔfo kɔ so di ɔhaw a ɛreba no ho aperepere wɔ wɔn asɔre ahorow mu no, nokware Kristosom renya nkɔso wɔ wiase nyinaa. Nokwarem no, nokware Kristofo reyɛ adwuma a wɔde ahyɛ wɔn nsa sɛ wɔnka asɛm no na wɔnkyerɛkyerɛ afoforo Onyankopɔn Asɛm no. (Mateo 24:14; 28:19, 20) Sɛ woka wɔn a ‘wosi apini’ wɔ akyide a ɛrekɔ so seesei no ho na wudi ho “nkɔmmɔ,” na sɛ mpaapaemu a aba Kristoman asɔre ahorow mu no haw wo a, yɛto nsa frɛ wo sɛ bɛka Yehowa Adansefo ho na momfa biakoyɛ nsom Yehowa, nokware Nyankopɔn koro no.—Hesekiel 9:4; Yesaia 2:2-4.