Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Esiane sɛ na Lewifo no nni agyapade wɔ tete Israel nti, ɛyɛɛ dɛn na Lewini Hanamel tumi tɔn afuw maa ne busuani Yeremia a ɔyɛ Lewini, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ Yeremia 32:7 no?

Yehowa kaa Lewifo no ho asɛm kyerɛɛ Aaron sɛ: “Wɔn asase no bi na worenni, na worennya kyɛfa bi [Israelfo] mu.” (Numeri 18:20) Nanso, wɔde nkurow 48 a apete wɔ Bɔhyɛ Asase no nyinaa so ne ɛho mfikyisase maa Lewifo no. Ná Yeremia kurom ne Anatot, nkurow a wɔde maa “Aaron mma asɔfo no” mu biako.—Yosua 21:13-19; Numeri 35:1-8; 1 Beresosɛm 6:54, 60.

Yehu wɔ Leviticus 25:32-34 sɛ Yehowa de akwankyerɛ pɔtee a ɛfa Lewifo agyapade “gye ho kwan” anaa ne tɔ ho mae. Ɛda adi sɛ, na Lewifo mmusua bɛwɔ dwuma a wɔde wɔn agyapade di ne agyapade no afã pɔtee bi tɔn ho kwan. Sɛnea ɛte no, na agyapade a wɔbɛtɔn na wɔasan agye bɛka ho. * Wɔ akwan pii so no, sɛnea Lewifo hwɛɛ wɔn agyapade so na wɔde dii dwuma no te sɛ Israelfo mmusua a aka no ara pɛ.

Ebetumi aba sɛ wɔnam abusua adedi so na enyaa Lewifo agyapade a ɛte saa no. Nanso, ɛdefa ‘ogye ho kwan’ anaa agyapade tɔn ho no, na wɔma Lewifo tɔn anaa wɔtɔ fi wɔn mfɛfo Lewifo hɔ nkutoo. Afei nso, ɛte sɛ nea na agyapade a ɛwɔ kurom nkutoo na na wɔma wɔtɔ anaa wɔtɔn, na na ɛnsɛ sɛ wɔtɔn “wɔn nkurow ho mfikyisase” efisɛ na “ɛyɛ wɔn ade a wodi so daa.”—Leviticus 25:32, 34.

Enti, ɛda adi sɛ na afuw a Yeremia tɔ fii Hanamel hɔ no te saa, a na wobetumi atɔ anaa wɔagye na akɔ so ayɛ wɔn agyapade. Ebetumi aba sɛ na ɛwɔ kurom mpo. Yehowa ankasa sii so dua sɛ “afuw” a yɛreka ho asɛm no yɛ Hanamel dea, na na Yeremia wɔ ne “gye ho kwan” anaasɛ ɔfata sɛ ɔtɔ. (Yeremia 32:6, 7) Yehowa de adetɔ no dii dwuma sɛnkyerɛnne kwan so de hyɛɛ bɔ a na wahyɛ sɛ Israelfo no befi nnommumfa mu wɔ Babilon asan abɛtra wɔn asase so bere bi akyi no mu den.—Yeremia 32:13-15.

Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Hanamel faa kwammɔne so na onyaa agyapade wɔ Anatot. Biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ ɔtoo Yehowa mmara sɛ ɔfrɛɛ Yeremia sɛ ɔmmɛtɔ n’afuw a ɛwɔ Anatot no, na saa ara na Yeremia amfa ho kwan a ɔwɔ no anni dwuma ɔkwammɔne so sɛ ɔtɔɔ afuw no.—Yeremia 32:8-15.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 4 Wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, Lewini Barnaba tɔn n’asase na ɔde sika no yii ntoboa de boaa Kristo akyidifo a ahia wɔn a na wɔwɔ Yerusalem no. Ɛbɛyɛ sɛ na asase no wɔ Palestina anaa Kipro. Anaasɛ ebetumi aba sɛ na ɛyɛ amusiei asase a na Barnaba atɔ wɔ Yerusalem mpɔtam hɔ.—Asomafo no Nnwuma 4:34-37.