Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Asomfo Te sɛ Nnua Wɔ Akwan Bɛn So?

Onyankopɔn Asomfo Te sɛ Nnua Wɔ Akwan Bɛn So?

Onyankopɔn Asomfo Te sɛ Nnua Wɔ Akwan Bɛn So?

BERE a odwontofo no reka obi a n’ani gye Bible nnyinasosɛm ho na ɔde yɛ adwuma wɔ n’asetram ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Ɔte sɛ dua a atim asubɔnten ho a ɛsow n’aba, ne bere mu, na n’ahaban mpo, na nea ɔyɛ nyinaa bewie yiye.” (Dwom 1:1-3) Dɛn nti na ntotoho yi fata?

Nnua tumi nyin kyɛ. Sɛ nhwɛso no, wɔkyerɛ sɛ ngodua bi a ɛwɔ Mediterranea mantam mu no adi fi mfirihyia apem kosi mpem abien. Saa ara na nufuten a ɛwɔ Afrika mfinimfini fam nyin kyɛ, na wosusuw sɛ dua bi a ɛwɔ California no adi bɛyɛ mfirihyia 4,600. Nneɛma a ɛbɛn kwae mu nnua a anyinyin no taa nya so mfaso. Sɛ nhwɛso no, nnua atenten no ma nnua nketewa no nwini de bɔ ho ban, na nhaban a ɛtew fi nnua no so no yɛ asase no yiye.

Yɛtaa hu sɛ nnua atenten a ɛwɔ wiase no gyina faako wɔ kwae mu, baabi a emu biara boa wɔn ho wɔn ho. Esiane sɛ nnua ntini tumi bobare mu nti, nnua pii a aka abom no tumi gyina ahum ano yiye sen dua biako a atew ne ho si sare so. Dua ntini a ɛtrɛw no nso ma etumi twe nsu ne aduannuru a ɛsɛ fi asase mu. Ɛtɔ bere bi a, dua no ntini tumi kɔ fam akyirikyiri ma ne tenten sen dua no ankasa, anaasɛ ntini no tumi tentene kɔ nkyɛnkyɛn sen baabi a dua no nnubaa dennan kodu koraa.

Ebetumi aba sɛ dua ho asɛm na na ɔsomafo Paulo reka bere a ɔkae sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo ‘nnantew Kristo mu sa, sɛ wɔn a wɔagye ntini, na wɔde wɔn asi Kristo so, na wɔayɛ den gyidi mu’ no. (Kolosefo 2:6, 7) Nokwarem no, sɛ Kristofo gye ntini pintinn wɔ Kristo so nkutoo a na wobetumi agyina.—1 Petro 2:21.

Akwan foforo bɛn so na wobetumi de Onyankopɔn asomfo atoto nnua ho? Wiɛ, sɛnea nnua a esisi faako nya mmoa fi nnua a ɛbemmɛn ho no, saa ara na wɔn a wɔtra Kristofo asafo no mu nyinaa nya mmoa fi wɔn mfɛfo gyidifo hɔ. (Galatifo 6:2) Kristofo anokwafo a wɔn ho akokwaw a wɔagye ntini kɛse wɔ Onyankopɔn asɛm mu no boa gyidifo a wɔyɛ foforo no ma wɔkɔ so yɛ den wɔ gyidi mu, wɔ bere a wohyia ɔsɔretia a emu yɛ den mpo mu no. (Romafo 1:11, 12) Kristofo a wɔyɛ foforo betumi adi yiye wɔ Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ osuahu pii no “nwini” a ahobammɔ wom no ase. (Romafo 15:1) Na Kristofo asafo a ɛwɔ wiase nyinaa mufo nya honhom fam aduan a ɛhyɛ gyidi den a “trenee nnua,” nkaefo a wɔasra wɔn no, de ma no so mfaso.—Yesaia 61:3.

Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ Onyankopɔn asomfo nyinaa hwɛ kwan sɛ wobehu bɔhyɛ a ɛwɔ Yesaia 65:22 a ɛka sɛ: “Me man nna bɛyɛ sɛ dua nna” no mmamu.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 28]

Godo-Foto