Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Som Ho Anisɔ Awowaw Me

Onyankopɔn Som Ho Anisɔ Awowaw Me

Asetram Nsɛm

Onyankopɔn Som Ho Anisɔ Awowaw Me

SƐNEA BENJAMIN IKECHUKWU OSUEKE KA KYERƐE

Mede me ho hyɛɛ Kristofo bere nyinaa som adwuma mu no ankyɛ na mekɔsraa m’awofo wɔ me kurom. Bere a me papa huu me pɛ na osoo me hyɛɛt mu fii ase teɛteɛɛm sɛ, “Owifo!” Ɔfaa ne nkrante de nkyɛnmu bɔɔ me. Bere a nkuraasefo a aka no tee dede no, wobetwa hyiae wɔ yɛn fie hɔ. Dɛn na na mawia? Ma menkyerɛkyerɛ mu.

WƆWOO me afe 1930 mu wɔ Umuariam akuraa a ɛwɔ Nigeria anafo fam apuei no ase, me na na meyɛ mma baason no mu panyin. Me nuabeanom mu panyin no wui bere a na wadi mfirihyia 13. Na m’awofo kɔ Anglikan asɔre. Ná Paapa yɛ okuafo, na na Maame yɛ oguadini a ɔtontɔn nneɛma nketenkete. Na ɔnantew bɛyɛ kilomita 30 fi yɛn akuraase kɔ gua ahorow so kɔtɔ ngo kɔkɔɔ kyɛnsee biako san ba da no ara anwummere. Afei, da a edi hɔ anɔpatutuutu no na ɔnantew bɛyɛ kilomita 40 kɔ kurow bi a keteke gyinabea wɔ kɔtɔn ngo no. Sɛ onya mfaso a, mpɛn pii no ɛntaa mmoro (U.S.) sɛnt 15, na ɔtotɔ nnuan ma abusua no san ba saa da no ara. Ɔyɛɛ saa adwuma no ara bɛyɛ mfirihyia 15 ansa na ɔrewu wɔ afe 1950 mu.

Mifii sukuu ase wɔ m’akuraase wɔ Anglikan Asɔre no sukuu bi mu, na na ɛsɛ sɛ mekɔ sukuu a sukuufo no te hɔ a ɛwɔ akyiri bɛyɛ kilomita 35 kowie me mfitiase sukuu. Esiane sɛ na m’awofo nni sika a wɔde bɛtoa me nhomasua so nti, mifii ase hwehwɛɛ adwuma. Mfiase no meyɛɛ adwuma sɛ obi a ɔsom wɔ keteke dwumayɛni bi fie wɔ Lagos, Nigeria atɔe fam, na afei meyɛɛ adwuma maa aban odwumayɛni bi wɔ Kaduna, Nigeria atifi fam. Wɔ Benin City, Nigeria atɔe fam mfinimfini no, meyɛɛ adwuma sɛ ɔkrakyeni maa mmaranimfo bi, na akyiri yi meyɛɛ adwuma sɛ ɔpaafo wɔ nnuapae adwuma mu. Mifii hɔ kɔɔ Cameroon afe 1953 mu kɔtraa me busuani bi a ɔboaa me ma minyaa adwuma wɔ adwuma a wodua nnua a wɔde yɛ amane mu nkyɛn. Ná me bosome akatua bɛyɛ (U.S.) dɔla akron. Nnwuma a ɛba fam nkutoo na meyɛe, nanso na m’ani sɔ bere a na minya biribi di no.

Ohiani Bi Ma Me Ahonyade

Ná Silvanus Okemiri, a ɔyɛ me yɔnko dwumayɛni no yɛ Yehowa Dansefo. Ɔde hokwan biara a onyae kaa Bible mu nimdeɛ a ɔwɔ no ho asɛm kyerɛɛ me bere a na yɛredɔw sare na yɛde nwura gugu amane nnua no ase no. Ɛwom sɛ mitiee no de, nanso manyɛ ho hwee saa bere no. Nanso, bere a me busuani no hui sɛ me ne Adansefo no redi nkitaho no, ɔyɛɛ nea obetumi nyinaa sɛ ɔde bebu m’abam. Ɔbɔɔ me kɔkɔ sɛ: “Benji, nkɔsra Owura Okemiri. Ɔyɛ Yehowani ne ohiani. Obiara a ɔne no bɛbɔ no bɛyɛ sɛ ɔno ara.”

Wɔ afe 1954 mfiase no, esiane sɛ na mintumi nnyina adwuma no mu nsɛm tebea a emu yɛ den ano nti, mesan kɔɔ me kurom. Saa bere no na Anglikan Asɔre no hwɛ ma wɔbɔ bra pa. Minyinii a na m’ani nnye ɔbrasɛe ho koraa. Nanso, ankyɛ na nyaatwom a na ɛrekɔ so wɔ asɔrekɔfo no mu no hyɛɛ me abufuw. Bere a na wɔka no denneennen sɛ wɔde Bible gyinapɛn ahorow yɛ adwuma no, na ɛne wɔn asetra kwan nhyia. (Mateo 15:8) Me ne me papa dii anobaabae mpɛn pii ma ɛsɛee yɛn ntam abusuabɔ koraa. Mifii fie da koro anadwo.

Mekɔtraa Omoba, kurow ketewaa bi a keteke gyina hɔ no mu. Mihuu Yehowa Adansefo wɔ hɔ nso. Priscilla Isiocha, a na minim no wɔ m’akuraase no maa me “Ahenni Ho Asɛmpa Yi” ne After Armageddon—God’s New World (Harmagedon Akyi—Onyankopɔn Wiase Foforo) nhomawa no bi. * Mede anigye kenkanee, na migye toom sɛ mahu nokware no. Na yensua Bible wɔ m’asɔre mu; nnipa atetesɛm nko na na wɔkyerɛkyerɛ. Nanso, Adansefo no nhoma no faa Bible mu asɛm kae mpɛn pii.

Annu ɔsram biako mpo na mibisaa Onua ne Onuawa Isiocha bere a wɔde kɔ wɔn asɔre ho asɛm. Bere a edi kan a mekɔɔ Yehowa Adansefo asafo nhyiam no, mante hwee ase. Ná Ɔwɛn-Aban mu asɛm a wosuae no fa ‘Gog a ofi Magog’ ntua a wɔaka ho asɛm wɔ Hesekiel nkɔmhyɛ nhoma no mu no ho. (Hesekiel 38:1, 2) Mante nsɛm a wɔkae no pii ase, nanso m’ani gyee sɛnea wogyee me fɛw so no ho maa meyɛe sɛ mɛsan akɔ Kwasida a edi hɔ no. Wɔ nhyiam a ɛto so abien no ase no, metee sɛ wɔreka asɛnka ho asɛm. Enti mibisaa Priscilla bere a wɔde kɔ asɛnka no. Me ne wɔn kɔe Kwasida a ɛto so abiɛsa no, a na mikura Bible ketewa bi. Ná minni asɛnka bag anaa Bible ho nhoma biara. Nanso, mebɛyɛɛ Ahenni dawurubɔfo buu asɛnka ho akontaa saa ɔsram no awiei!

Obiara ne me ansua Bible no, nanso bere biara a mekɔsraa Isiocha abusua no, minyaa Kyerɛwnsɛm mu nsɛm a ɛhyɛ gyidi den na ɛhyɛ nkuran, na minyaa Bible ho nhoma bi. Mede nsu mu asubɔ yɛɛ m’ahosohyira ma Yehowa ho sɛnkyerɛnne wɔ December 11, 1954, wɔ ɔmantam nhyiam bi ase wɔ Aba. Me busuani a na me ne no te na misua adwuma wɔ ne nkyɛn no gyaee me aduan ma ne ntetee a na ɔde rema me no, na wantua kaprɛ mpo amma me wɔ adwuma a na mayɛ ama no no nyinaa ho. Nanso, mamfa ne ho asɛm biara anhyɛ me mu; na m’ani agye sɛ me ne Onyankopɔn anya abusuabɔ. Eyi maa minyaa awerɛkyekye ne asomdwoe. Adansefo a wɔwɔ hɔ no boaa me. Isiocha abusua no maa me aduan, na afoforo bɔɔ me bosea ma mede tontɔn nneɛma nketenkete. Metɔɔ baesekre dedaw bi wɔ afe 1955 mfinimfini mu hɔ, na mede me ho hyɛɛ daa akwampae adwuma mu wɔ March 1956 mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, mituatuaa me ho aka. Mfaso ketewaa bi pɛ na na minya fi nneɛma a metɔn no mu, nanso na mitumi hwɛ me ho saa bere yi. Nneɛma a Yehowa maa me nsa kae no dɔɔso maa me.

Me Nuanom a “Miwiaa” Wɔn

Bere a minyaa dan pɛ no, ade a na ehia me kan ne sɛ mɛboa me nuanom ma wɔasom Onyankopɔn. Esiane sɛ na Paapa wɔ Adansefo no ho adwemmɔne na onni wɔn mu ahotoso koraa nti, bere a merebɛyɛ Ɔdansefo no, ɔsɔre tiae. Ɛnde, na mɛyɛ dɛn atumi aboa me nuanom ma wɔasua Bible mu nokware no? Meyɛe sɛ mɛhwɛ me nuabarima kumaa Ernest, enti Paapa ma ɔbɛtraa me nkyɛn. Ernest gyee nokware no ntɛm ara, na wɔbɔɔ no asu wɔ afe 1956 mu. Ne nsakrae no maa me papa sɔretia no mu yɛɛ den. Nanso, me nuabea a na waware dedaw no nso ne ne kunu baa nokware no mu. Bere a meyɛɛ nhyehyɛe sɛ me nuabea a ɔto so abien, Felicia, mmedi akwamma wɔ me nkyɛn no, Paapa de amemenemfe penee so. Ankyɛ na Felicia nso bɔɔ asu sɛ Yehowa Dansefo.

Wɔ afe 1959 mu no, mekɔɔ me kurom sɛ merekɔfa Bernice, me nuabea a ɔto so abiɛsa ma wabɛtra Ernest nkyɛn. Saa bere no na Paapa soo me mu bɔɔ me sobo sɛ merewia ne mma no. Wante ase sɛ wɔn ankasa na wosii gyinae sɛ wɔbɛsom Yehowa. Paapa kaa ntam sɛ ɔremma memfa Bernice nkɔ da. Nanso, Yehowa nsa anyɛ tiaa, efisɛ afe a edii hɔ no, Bernice bedii akwamma wɔ Ernest nkyɛn. Ɔno nso gyee nokware no bɔɔ asu sɛ ne nuabeanom ara pɛ.

Biribi a Yesuae

Mifii ase somee sɛ ɔkwampaefo titiriw de nnɔnhwerew 150 yɛɛ asɛnka adwuma no ɔsram biara wɔ September 1957 mu. Me ne me yɔnko dwumayɛni Sunday Irogbelachi yɛɛ adwuma wɔ asasesin kɛse bi mu wɔ Akpu-na-abuo, Etche. Yɛn kuw no mu nnipa 13 bɔɔ asu wɔ ɔmansin nhyiam a edi kan a yɛkɔe bere a na yɛwɔ hɔ no ase. Hwɛ sɛnea yɛn ani agye sɛ yehu sɛ asafo ahorow 20 na ɛwɔ hɔ nnɛ!

Mihuu Christiana Azuike, daa kwampaefo bi a na ɔwɔ Aba East Asafo mu wɔ afe 1958 mu. M’ani gyee ne mmɔdenbɔ ho, na yɛwaree saa afe no December mu. Wɔpaw me sɛ ɔhwɛfo kwantufo wɔ afe 1959 mfiase, na yɛkɔsrasraa yɛn nuanom Kristofo asafo ahorow hyɛɛ wɔn den. Efi saa bere no besi afe 1972 no, ɛkame ayɛ sɛ me ne me yere srasraa Yehowa nkurɔfo asafo ahorow a ɛwɔ Nigeria apuei ne atɔe fam mfinimfini no nyinaa.

Ná asafo ahorow no ntam kwan woware, na na baesekre titiriw na yɛde tu kwan. Sɛ na yɛsom nkurow akɛse mu asafo ahorow a, na yɛn nuanom pɛ taksi ma yɛn ma ɛde yɛn kɔ asafo a edi hɔ no mu. Ɛtɔ mmere bi a na yɛda adan a wɔnkaa mu na nsɛmso nnim mu. Yɛdaa ntonton mpa so. Na sɔrekɔadwuma a wɔde kɛtɛ asɛw so na na ɛdeda mpa no bi so; mpa no bi wɔ hɔ a na ebi nna so koraa. Na yenya aduan a ɛdɔɔso na ɛyɛ dɛ di mee. Esiane sɛ na yɛasua dedaw sɛ yɛbɛma yɛn ani asɔ nneɛma kakra a yenya no nti, yedii aduan biara a wɔde maa yɛn, na wɔn a wɔsom yɛn ahɔho no ani gyee yɛn ho. Saa bere no na anyinam ahoɔden nni nkurow akɛse bi mu, enti yɛde yɛn krasin kanea tuu kwan bere nyinaa. Nanso, ɛmfa ho tebea horow a emu yɛ den a yehyiae no, yenyaa anigye mpɛn pii wɔ asafo ahorow no mu.

Saa mfe no mu no, yebehuu mfaso a ɛwɔ ɔsomafo Paulo afotu yi so: “Sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.” (1 Timoteo 6:8) Paulo nam amanehunu so suaa biribi a ɛboaa no ma ɔpenee nea ɔwɔ so. Na ɛyɛ dɛn? Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Minim ahobrɛase, na minim taamudi nso. Makokwaw ade biara ne ade nyinaa mu, ɔmee ne ɔkɔm ne taamu ne hiadi.” Yesuaa biribi a ɛte saa ara. Paulo kae nso sɛ: “Mitumi ade nyinaa yɛ, nea ɔhyɛ me den no [Onyankopɔn] mu.” (Filipifo 4:12, 13) Hwɛ sɛnea ɛbaa saa wɔ yɛn fam! Yenyaa abotɔyam, asomdwoe, ne Kristofo som adwuma a ɛhyɛ gyidi den mu kyɛfa pii.

Yɛsom Asafo Ahorow sɛ Abusua

Yɛwoo yɛn abakan, Joel wɔ afe 1959 awiei, na abarimaa a ɔto so abien, Samuel bae afe 1962 mu. Me ne Christiana kɔɔ so yɛɛ akwantu adwuma no, na yɛne mmarimaa no boom srasraa asafo ahorow no. Nigeria ɔmanko no sii wɔ afe 1967 mu. Esiane sɛ na wɔkɔ so fi wimhyɛn mu totow atopae nti wɔtotoo sukuu ahorow mu. Na me yere yɛ ɔkyerɛkyerɛfo ansa na ɔne me rebɛyɛ akwantu adwuma no. Enti, ɔkyerɛɛ mmofra no ade wɔ fie wɔ ɔko no mu. Bere a Samuel dii mfirihyia asia no na onim akenkan ne akyerɛw. Bere a ɔkɔɔ sukuu wɔ ɔko no akyi no, na wakɔ n’anim mfirihyia abien wɔ sukuu mu sen n’atipɛnfo.

Saa bere no, yɛanhu nsɛnnennen a na ɛwɔ yɛn mma no a yɛbɛtete wɔn bere a na yɛda so reyɛ akwantu adwuma no mu yiye. Nanso, akwampaefo atitiriw a wɔma yɛkɔyɛe wɔ afe 1972 mu no so baa yɛn mfaso kɛse. Eyi ma yetumi traa faako sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya bere de Onyankopɔn asɛm akyerɛkyerɛ yɛn abusua no yiye. Na yɛadi kan akyerɛkyerɛ yɛn mma no sɛnea wobenya anisɔ ama Onyankopɔn som fi wɔn mmofraase. Wɔbɔɔ Samuel asu wɔ afe 1973 mu, na Joel yɛɛ daa akwampae adwuma saa afe no ara. Yɛn mmabarima baanu no nyinaa waree Kristofo mmea pa, na seesei wɔretete wɔn mma wɔ nokware no mu.

Ɔmanko no Mu Ahokyere

Bere a ɔmanko no fii ase no na me ne m’abusua resom asafo bi wɔ Onitsha sɛ ɔmansin sohwɛfo. Saa ɔko no ma yɛkɔɔ so huu sɛnea mfaso nni so sɛ yɛbɛboaboa honam fam nneɛma ano anaasɛ yɛde yɛn ho bɛto so. Mihuu sɛnea nkurɔfo reguan apere wɔn nkwa—a wogyaw wɔn agyapade a ɛsom bo wɔ mmɔnten so.

Bere a ɔko no mu yɛɛ den no, wɔkyeree mmarima a wɔwɔ ahoɔden nyinaa de wɔn kɔɔ sraadi. Wɔyɛɛ anuanom mmarima a wɔankɔ no pii ayayade. Na yentumi nkɔ baabiara a yɛpɛ. Aduankɔm de ɔhaw kɛse baa ɔman no mu. Bankye kilogram fã bo fi (U.S.) sɛnt 7 koduu dɔla 14, na nkyene konko biako fi (U.S.) dɔla 8 koduu dɔla 42. Nufusu, bɔta, ne asikre ho yɛɛ na. Nea ɛbɛyɛ na yɛatra nkwa mu no, na yɛyam borɔfere-bun de kokonte kakra fra mu di. Yɛwee mmɛbɛ, dii bankye-hono, dii nhwiren a wɔfrɛ no hibiscus nhaban, wee sare—nhaban biara a yenyae. Na nam bo yɛ den, enti mekyeree aketew maa mmofra no dii. Nanso, ɛmfa ho sɛnea nneɛma sɛe fae no, Yehowa maa yenyaa biribi dii bere nyinaa.

Nanso, nea na ɛyɛ hu koraa ne Onyankopɔn asɛm ho kɔm a ɔko no de bae no. Anuanom dodow no ara guan fii beae a na ɔko no rekɔ so no kɔɔ wuram anaa nkuraa foforo ase, na emu no, wɔhweree wɔn Bible ho nhoma dodow no ara. Afei nso, akwan a aban asraafo no sisiwii no amma wɔantumi amfa Bible ho nhoma foforo ankɔ Biafra mpɔtam hɔ. Ɛwom sɛ asafo ahorow dodow no ara bɔɔ mmɔden yɛɛ asafo nhyiam ahorow de, nanso esiane sɛ anuanom nsa anka akwankyerɛ a efi baa dwumadibea no nkyɛn nti, wɔne Onyankopɔn ntam abusuabɔ yɛɛ basaa.

Onyankopɔn Asɛm Ho Kɔm Ano a Yegyinae

Ahwɛfo akwantufo yɛɛ nea wobetumi biara kɔɔ so srasraa asafo biara. Esiane sɛ na anuanom pii aguan afi nkurow mu nti, mehwehwɛɛ wɔn wɔ baabiara a menya wɔn. Bere bi, migyaw me yere ne me mma wɔ baabi a ɛhɔ ye na me nkutoo tutuu akwan adapɛn asia, kɔɔ nkuraa ahorow ne nwuram afã horow kɔhwehwɛɛ anuanom.

Bere a na meresom asafo bi wɔ Ogbunka no, metee sɛ Adansefo pii bi wɔ Isuochi mpɔtam a ɛwɔ Okigwe mantam no mu. Enti mede nkra maa obi kɔmaa anuanom a wɔwɔ mpɔtam hɔ no sɛ wonhyiam wɔ ateaa afuw bi a ɛwɔ Umuaku akuraa no ase. Me ne onua bi a n’ani afi traa baesekre so twaa kilomita 15 kɔɔ afuw no mu, baabi a na Adansefo bɛyɛ 200, a mmea ne mmofra ka ho, ahyia no. Ɛdenam onuawa kwampaefo bi mmoa so no, mitumi huu Adansefo kuw foforo a na wɔn dodow bɛyɛ ɔha a na wɔakɔpɛ hintabea wɔ Lomara wuram no.

Ná Lawrence Ugwuegbu yɛ anuanom akokodurufo a wɔte Owerri kurow a na ɔko asɛe hɔ no mu biako. Ɔka kyerɛɛ me sɛ Adansefo pii wɔ Ohaji mpɔtam hɔ. Ná wontumi nkɔ baabiara a wɔpɛ esiane sɛ na asraafo ako afa hɔ nti. Yɛn baanu traa baesekre so anadwo kohyiaa Adansefo bɛyɛ 120 wɔ onua bi fie. Yɛde hokwan no kɔsraa Adansefo bi nso wɔ baabi a na wɔakohintaw no.

Onua Isaac Nwagwu de ne nkwa too asiane mu boaa me ma mikohuu anuanom foforo a na wɔabɔ ahwete no. Ɔde me traa ɔkorow mu twaa Otamiri Asubɔnten no kohyiaa Adansefo bɛboro 150 a na wɔahyiam wɔ Egbu-Etche no. Onua biako teɛɛm wɔ hɔ sɛ: “Ɛnnɛ ne da a m’ani agye sen biara wɔ m’asetra mu! Mansusuw da sɛ mehu ɔmansin sohwɛfo bio. Sɛ miwu nnɛ wɔ ɔko yi mu a, mepɛ.”

Na anka wobetumi akyere me akɔ sraadi, nanso mihui mpɛn pii sɛ Yehowa bɔ me ho ban. Awia bi, bere a na makohyia anuanom bɛyɛ 250 na meresan akɔ baabi a mete no, asraafo kuw bi gyinaa me wɔ kwan mu. Wobisaa me sɛ: “Dɛn nti na womfaa wo ho nhyɛɛ sraadi mu?” Mekae sɛ meyɛ ɔsɛmpatrɛwfo a mereka Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Mihui sɛ wɔpɛ sɛ wɔkyere me. Mebɔɔ mpae me tirim ntɛm ara, na meka kyerɛɛ wɔn panyin no sɛ, “Mesrɛ wo, gyae me.” Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ obuae sɛ, “Wose yennyae wo mma wonkɔ?” Mibuae sɛ: “Yiw, gyae me.” Ɔkae sɛ, “Wubetumi akɔ.” Asraafo no mu biara anka hwee.—Dwom 65:1, 2.

Anisɔ De Nhyira Foforo Ba

Bere a ɔko no baa awiei wɔ afe 1970 mu no, mekɔɔ so yɛɛ ɔmansin adwuma no. Minyaa hokwan boae ma wɔsan hyehyɛɛ asafo ahorow no. Afei, me ne Christiana somee sɛ akwampaefo atitiriw besii afe 1976 mu bere a wɔsan paw me sɛ ɔmansin sohwɛfo no. Ɛrekɔ saa afe no mfinimfini mu hɔ no, wɔmaa meyɛɛ ɔmantam adwuma. Mfirihyia ason akyi no, wɔtoo nsa frɛɛ me ne me yere ma yɛkɔsomee wɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Nigeria, baabi a yɛte mprempren no. Wɔ baa dwumadibea ha no, yɛn ani gye kɛse bere nyinaa sɛ yehu anuanom mmarima ne mmea a yehyiaa wɔn wɔ ɔmanko no ne mmere foforo mu a wɔda so resom Yehowa wɔ nokwaredi mu.

Mfe pii a abɛsen kɔ mu no, Christiana ayɛ me ɔboafo pa ne ɔhokafo nokwafo. Ɛmfa ho sɛ wakɔ so ayare mpɛn pii fi afe 1978 mu no, n’ahotoso ne akokoduru a ɔda no adi no akɔ so aboa me ma mayɛ m’adwuma. Yɛahu nokwasɛm a odwontofo no nsɛm no yɛ no sɛ: “[Yehowa, NW] bɛwaw no ɔyarepa so.”—Dwom 41:3.

Sɛ mehwɛ mfirihyia pii a mede ayɛ Onyankopɔn som adwuma no a, Yehowa na meda no ase wɔ nhyira a manya no ho. Bere a m’ani sɔ nneɛma a ɔde ma no, metumi aka no yiye sɛ manya anigye kɛse. Anigye a manya sɛ me nuanom, m’abusuafo, me mma, ne wɔn mmusua nyinaa aka me ne me yere ho resom Yehowa no yɛ nhyira a ɛso bi nni. Yehowa ama manya asetra a edi mũ na atirimpɔw wom. Biribiara nni hɔ a mepɛ a me nsa nkae.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 10 Yehowa Adansefo na wotintimii. Seesei wɔagyae tintim.

[Adaka wɔ kratafa 27]

Nhyehyɛe a Wɔyɛe Wɔ Ne Bere Mu Boaa Anuanom

Wɔ 1960 mfe no mu no, nitan a ɛkɔɔ so wɔ mmusuakuw a ɛwɔ Nigeria atifi fam ne apuei fam ntam no de ɔhaw ahorow, atuatew, amumɔyɛ, ne mmusua ntam basabasayɛ bae. Saa nsɛm yi de ahokyere kɛse baa Yehowa Adansefo a na wɔasi wɔn bo sɛ wɔrennyina ɔfã biara wɔ asɛm no mu no so. Wonkunkum wɔn mu bɛyɛ 20. Wɔn mu dodow no ara hweree wɔn agyapade nyinaa.

Wɔ May 30, 1967 no, amantam a ɛwɔ apuei fam no twee wɔn ho fii Nigeria man no ho tew Republic of Biafra. Wɔboaboaa ɔman no asraafo ano, na wosiw akwan a ɛkɔ Apuei fam no koraa. Wofii ɔmanko bi a wohwiee mogya pii gui na wɔsɛee nneɛma kɛse wom ase.

Ɔfã biara a Yehowa Adansefo a na wɔwɔ Biafra annyina no ma wɔde ani sii wɔn so. Atesɛm nkrataa tintim nsɛm a emu yɛ den faa wɔn ho, kanyan ɔmanfo ma wɔkasa tiaa wɔn. Nanso, Yehowa hwɛe sɛ ɔbɛma n’asomfo anya n’akwankyerɛ. Ɔkwan bɛn so?

Afe 1968 mfiase no, wɔde aban dwumayɛni bi kɔɔ Europa, na wɔde ɔfoforo nso kɔɔ Biafra wimhyɛn gyinabea. Na wɔn baanu nyinaa yɛ Adansefo. Wɔn dwumadi no ma wɔbɛdaa ɔkwan koro pɛ a na Biafra fa so ne wiase aman a aka no nya nkitahodi denam akwantu so no ano. Saa Adansefo baanu yi de wɔn ho mae yɛɛ adwuma a ɛyɛ hu de honhom fam aduan baa Biafra. Wɔboae nso de nneɛma a wɔde boa wɔn a wɔwɔ ahokyere mu brɛɛ yɛn nuanom a na wɔn ho akyere wɔn no. Anuanom baanu yi tumi dii nhyehyɛe a ɛho hia yi ho dwuma kosii sɛ ɔko no baa awiei wɔ afe 1970 mu. Akyiri yi wɔn mu biako kae sɛ, “Na saa nhyehyɛe yi sen biribi a nnipa betumi ayɛ.”

[Mfonini wɔ kratafa 23]

Wɔ afe 1956

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Yɛne yɛn mmabarima, Joel ne Samuel wɔ afe 1965

[Mfonini wɔ kratafa 26]

Hwɛ sɛnea ɛyɛ nhyira sɛ yɛbɛsom Yehowa sɛ abusua!

[Mfonini wɔ kratafa 27]

Ɛnnɛ, me ne Christiana som wɔ Nigeria baa dwumadibea