Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Yɛda No Adi Sɛ Yɛdɔ Onyankopɔn

Sɛnea Yɛda No Adi Sɛ Yɛdɔ Onyankopɔn

Sɛnea Yɛda No Adi Sɛ Yɛdɔ Onyankopɔn

ƐNYƐ Onyankopɔn ho ade kɛkɛ a yebesua na ɛbɛma yɛanya ne ho dɔ. Sɛnea Onyankopɔn asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa betumi adi ho adanse no, sɛ obi hu Onyankopɔn nipasu a, ɛnna nokware dɔ a ɔwɔ ma no no mu yɛ den, na emu bɛyɛ den kɛse koraa bere a onii no hu nneɛma a Onyankopɔn dɔ, nea ɔtan, nea n’ani gye ho, ne n’ahwehwɛde ahorow no.

Yehowa fi ɔdɔ mu de N’asɛm, Bible a waka ne ho nsɛm wom no ama yɛn. Emu na yehu sɛnea Yehowa dii nsɛm tebea ahorow ho dwuma. Sɛnea krataa a efi ɔdɔfo bi hɔ ma yɛn ani gye kɛse no, saa ara na Bible ma yɛn ani gye bere a yehu Yehowa nipasu ho ade foforo wom no.

Nanso, sɛnea ɛtɔ bere bi a yehu wɔ asɛnka mu no, ɛnyɛ bere nyinaa na Onyankopɔn ho ade a obi sua no ma ɔdɔ no. Yesu ka kyerɛɛ ne bere so Yudafo bonniayɛfo bi sɛ: “Mohwehwɛ kyerɛw nsɛm no mu, efisɛ mususuw sɛ mowɔ daa nkwa wɔ mu; . . . na mahu mo sɛ munni Nyankopɔn dɔ wɔ mo mu.” (Yohane 5:39, 42) Ebinom de mfirihyia pii sua nneɛma a Yehowa fi ɔdɔ mu ayɛ ho ade, nanso wɔnnɔ no. Dɛn ntia? Efisɛ, wonhu nokwasɛm a ɛwɔ nea wosua no mu. Nanso, nnipa komapafo ɔpepem pii a yɛne wɔn sua Bible no hu sɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn no mu kɔ so yɛ den. Dɛn ntia? Efisɛ, sɛnea yɛn ankasa yɛe no, wodi Asaf nhwɛso akyi. Ɔkwan bɛn so?

Fi Anisɔ Mu Susuw Nneɛma Ho

Asaf sii ne bo sɛ obenya Yehowa ho dɔ wɔ ne koma mu. Ɔkyerɛwee sɛ: ‘Midwen me komam. Mɛkae Yehowa nneyɛe maka, yiw, mɛkae wo tete anwonwade, na masusuw w’adwuma nyinaa ho, na madwen wo nneyɛe ho.’ (Dwom 77:6, 11, 12) Obi a odwennwen Yehowa akwan ho sɛnea odwontofo no yɛe no dɔ a ɔwɔ ma Onyankopɔn no mu bɛyɛ den.

Afei nso, osuahu ahorow a yɛanya bere a yɛresom Yehowa no a yɛbɛkaakae no hyɛ yɛne no ntam abusuabɔ mu den. Ɔsomafo Paulo kae sɛ yɛyɛ Onyankopɔn “adwumayɛboafo,” na adamfofa a ebetumi aba mfɛfo adwumayɛfo ntam no yɛ ade a ɛsom bo yiye. (1 Korintofo 3:9) Sɛ yɛda no adi sɛ yɛdɔ Yehowa a, n’ani sɔ, na ɛma ne koma tɔ ne yam. (Mmebusɛm 27:11) Ɛnde, sɛ yɛhwehwɛ Yehowa mmoa na ɔwowaw yɛn ma yetumi di ɔhaw bi so a, yehu sɛ ogyina yɛn akyi, na ɔdɔ a yɛwɔ ma no no mu kɔ so yɛ den.

Nnipa baanu ntam adamfofa mu yɛ den bere a wɔda wɔn nkate adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no. Saa ara na sɛ yɛka nea enti a yɛde yɛn ho ama Yehowa no kyerɛ no a, ɛhyɛ ne ho dɔ a yɛwɔ no mu den. Yebehu sɛ yɛreda Yesu nsɛm yi adi: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa ne w’ahoɔden nyinaa mu.” (Marko 12:30) Dɛn na yebetumi ayɛ de ahwɛ ahu sɛ yɛbɛkɔ so adɔ Yehowa yɛn koma nyinaa mu, yɛn kra nyinaa mu, ne yɛn ahoɔden nyinaa mu?

Yɛn Koma Nyinaa a Yɛde Bɛdɔ Yehowa

Kyerɛwnsɛm no ka sɛnkyerɛnne kwan so koma a ɛyɛ yɛn nipasu—yɛn apɛde, yɛn nneyɛe, ne yɛn nkate—ho asɛm. Enti yɛn koma nyinaa a yɛde bɛdɔ Yehowa no kyerɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Onyankopɔn ani sen biribi foforo biara. (Dwom 86:11) Yɛnam yɛn nipasu a yɛma ɛsɔ n’ani no so da no adi sɛ yɛwɔ ɔdɔ a ɛte saa. Yɛbɔ mmɔden sɛ yebesuasua Onyankopɔn denam ‘bɔne a yekyi na yɛbata papa ho’ no so.—Romafo 12:9.

Onyankopɔn ho dɔ a yɛwɔ no ka sɛnea yɛte nka wɔ biribiara ho. Sɛ nhwɛso no, ebia yebehu sɛ adwuma a yɛyɛ yɛ den anaasɛ egye yɛn adwene, nanso so ɛno mu na yɛn koma wɔ? Dabi. Esiane sɛ yɛde yɛn koma nyinaa dɔ Yehowa nti, Onyankopɔn asomfo a yɛyɛ no ne ade a edi kan koraa wɔ yɛn asetra mu. Saa ara na yɛpɛ sɛ yɛsɔ yɛn awofo, yɛn aware mu ahokafo, ne yɛn adwumawura ani, nanso yɛnam mmɔden biara a yɛbɔ sɛ yɛbɛsɔ Yehowa ani no so da no adi sɛ yefi yɛn koma nyinaa mu dɔ no. Sɛnea ɛte no, ɔfata sɛ yefi yɛn koma mu dɔ no sen biribi foforo biara.—Mateo 6:24; 10:37.

Yɛn Kra Nyinaa a Yɛde Bɛdɔ Yehowa

Wɔ Kyerɛwnsɛm mu no, nea asɛmfua “ɔkra” kyerɛ ankasa ne yɛn nipa mũ nyinaa ne nkwa a yɛwɔ nso. Enti nea yɛn kra nyinaa a yɛde bɛdɔ Yehowa kyerɛ ne sɛ yɛde yɛn asetra beyi no ayɛ, na yɛada no adi sɛ yɛdɔ no.

Nokwarem no, ebia yɛwɔ nneɛma foforo a ɛho hia yɛn wɔ asetram te sɛ adwuma a yebesua, adwuma so a yɛbɛhwɛ, anaa yɛn mma a yɛbɛtete wɔn. Nanso, bere koro no ara no, yɛnam nneɛma a yɛyɛ no sɛnea Yehowa pɛ ne asetram nneɛma foforo a yedi ho dwuma sɛnea ɛfata so da no adi sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu dɔ no, na ‘yɛhwehwɛ n’ahenni ne ne trenee kan.’ (Mateo 6:33) Ɔkra nyinaa mu a yefi som nso hwehwɛ sɛ yɛyɛ nsi. Yɛnam Ahenni asɛm no a yɛde nsi ka, mmuae a ɛhyɛ gyidi den a yɛma wɔ asafo nhyiam ahorow ase, anaa yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea a yɛboa wɔn no so da no adi sɛ yɛdɔ Yehowa. Yefi “koma mu yɛ Onyankopɔn apɛde” wɔ ade nyinaa mu.—Efesofo 6:6.

Yesu fi ɔkra nyinaa mu dɔɔ Onyankopɔn denam ne ho akyi a ɔpae so. Ɔde Onyankopɔn apɛde dii kan, na n’ankasa ahiade dii akyi. Yesu ka kyerɛɛ yɛn sɛ yenni ne nhwɛso no akyi. Ɔkae sɛ: “Sɛ obi pɛ sɛ odi m’akyi a, ma ɔmpa ne ho akyi, na ɔmma n’asɛndua so, na onni m’akyi.” (Mateo 16:24, 25) Yɛn ho akyi a yɛbɛpa kyerɛ yɛn ho so a yebehyira. Ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Onyankopɔn araa ma yɛde yɛn ho ma no, sɛnea na Israelni a ɔdɔ ne wura pii no yɛ de ne ho ma ne wura koraa sɛ akoa wɔ Bible mmere mu no. (Deuteronomium 15:16, 17) Yɛn nkwa so a yebehyira ama Yehowa no yɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no.

Yɛn Adwene Nyinaa a Yɛde Bɛdɔ Yehowa

Yɛn adwene nyinaa a yɛde bɛdɔ Yehowa no kyerɛ sɛ yɛbɔ mmɔden biara te Yehowa nipasu, n’atirimpɔw, ne n’ahwehwɛde ahorow ase. (Yohane 17:3; Asomafo no Nnwuma 17:11) Yɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa adi denam yɛn adwene nyinaa a yɛde boa afoforo ma wɔn nso bɛdɔ Yehowa, ne yɛn nkyerɛkyerɛ a yɛma etu mpɔn no so. Ɔsomafo Petro hyɛɛ nkuran sɛ: “Mommɔ mo adwene abɔsoɔ.” (1 Petro 1:13, Asante Twi Bible) Afei nso, yɛbɔ mmɔden kyerɛ afoforo ho anigye, titiriw yɛn mfɛfo a wɔyɛ Onyankopɔn asomfo no. Yenim wɔn nsɛm tebea na yehu bere a ɛfata sɛ yɛkamfo wɔn anaa bere a ɛsɛ sɛ yɛkyekye wɔn werɛ.

Yɛma Yehowa hu sɛ yɛde yɛn adwene nyinaa na ɛdɔ no denam yɛn adwenem a yefi brɛ yɛn ho ase ma no no so. Yɛbɔ mmɔden sɛ yɛne no bɛyɛ adwene wɔ nneɛma ho, ahu no bere a yesisi gyinae, na yɛagye atom sɛ ne kwan na eye sen biara. (Mmebusɛm 3:5, 6; Yesaia 55:9; Filipifo 2:3-7) Nanso bere a yɛkɔ so da ɔdɔ adi kyerɛ Onyankopɔn no, ɔkwan bɛn so na yebetumi de yɛn ahoɔden adi dwuma?

Yɛn Ahoɔden Nyinaa a Yɛde Bɛdɔ Yehowa

Mmabun pii a wɔwɔ Kristofo asafo no mu de wɔn ahoɔden reyi Yehowa ayɛ. (Mmebusɛm 20:29; Ɔsɛnkafo 12:1) Ɔkwan biako a Kristofo mmabun pii nam so da no adi sɛ wɔde wɔn ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa ne sɛ wɔde wɔn ho hyɛ akwampae adwuma, bere nyinaa som adwuma no, mu. Ɛnanom pii yɛ adwuma yi bi bere a wɔn mma kɔ sukuu no. Mpanyimfo anokwafo a wɔde wɔn ho hyɛ ahwɛfo nsrahwɛ mu ka wɔn ankasa mmusua hwɛ ho no da no adi sɛ wɔde wɔn ahoɔden nyinaa dɔ Yehowa. (2 Korintofo 12:15) Yehowa ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so no tumi, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde ahoɔden biara a wɔwɔ beyi no ayɛ de ada ɔdɔ a wɔwɔ ma no no adi.—Yesaia 40:29; Hebrifo 6:11, 12.

Sɛ yɛhwɛ yɛn dɔ so yiye a emu bɛkɔ so ayɛ den. Enti, yegye bere de dwennwen nneɛma ho. Yɛkae nneɛma a Yehowa ayɛ ama yɛn ne nea enti a ɛfata sɛ yɛde yɛn ho ma no no. Sɛ́ Adam asefo a yɛnyɛ pɛ no, yɛrentumi mfata mma “nea Onyankopɔn asiesie ama wɔn a wɔdɔ no” no, nanso yebetumi ada no adi sɛ yefi yɛn kra nyinaa mu dɔ Yehowa. Momma yɛnkɔ so nyɛ saa!—1 Korintofo 2:9.

[Mfonini wɔ kratafa 20]

Yɛnam nneyɛe so da no adi sɛ yɛdɔ Onyankopɔn