Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Asɔreasɔre no Betumi Agyina?

So Asɔreasɔre no Betumi Agyina?

So Asɔreasɔre no Betumi Agyina?

UGANDA sɔfo bi a wɔfrɛ no Stephen Tirwomwe ka sɛ: “Nnipa a wɔwɔ Britain da so gye Onyankopɔn di nanso wɔmpɛ sɛ wɔde wɔn ho ma Kristo.” Bɛyɛ mfe 20 a atwam no, ɔsɔfo yi nyaa ne ti didii mu wɔ mmɔden kɛse a wɔbɔe wɔ Uganda sɛ wɔbɛtɔre n’asɔre mu asɔfo ase no mu. Ɛnnɛ, ɔde simma du ka nyamesɛm wɔ baabi a mmarima hyia gye wɔn ani wɔ Leeds, England, ansa na n’atiefo no afi ase atow kyakya.

Sɛ yɛdan kɔ Amerika a, Anglikan Asɔre bi a wɔhyehyɛe nnansa yi ara no nso rehyia nyamesom mu haw koro no ara. Asɔre no Intanɛt dwumadibea ka sɛ: “Wɔn a wɔka Borɔfo kasa wɔ wiase a wɔnkɔ asɔre na nyamesom nso mfa wɔn ho no dɔɔso wɔ United States sen ɔman biara mu. Yɛredan baabi a wohia asɛmpatrɛwfo.” Bere a asɔre foforo yi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsesa nneɛma wɔ asɔre no mu na anyɛ yiye no, wogyaee sɛnea na asɔre no yɛ wɔn ade akyi di na wɔkɔkaa Asiafo ne Afrikafo asɔre mpanyimfo ho sɛ wɔrebefi “asɛmpatrɛw adwuma bi ase wɔ United States.”

Ɛnde, dɛn nti na Afrika, Asia, ne Latin-Amerika asɛmpatrɛwfo ‘reka nyamesɛm’ wɔ Europa ne Amerika Atifi fam a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ Kristofo aman no mu?

Hena Na Ɔregye Ne Yɔnko?

Bɛboro mfe ahanan ni, Europafo asɛmpatrɛwfo pii a na wɔmfa wɔn nyamesom nni agoru kokɔɔ aman a ɛwɔ Afrika, Asia, Pacific, ne Amerika Anafo fam a na Europafo di so. Ná wɔn atirimpɔw ne sɛ wɔde wɔn som no bɛkɔ aman a wɔkyerɛ sɛ wonnim nyamesom no mu. Bere bi akyi no, aman a na wosusuw sɛ wɔyɛ Kristofo a na wɔhyɛ Amerika ase no nso hyehyɛɛ asɔre wɔ wiase nyinaa ma ɛboroo nea na Europa aman no ayɛ no so. Seesei tebea no asesa.

Andrew Walls a ɔde Kristosom ho adesua sii hɔ wɔ Aman a Enni Wiase no Atɔe fam mu na ɔsan nso yɛ ne kwankyerɛfo no ka sɛ, “ɛhɔ, [baabi a Kristosom fii ase] asesa.” Wɔ afe 1900 mu no, na wɔn a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo no mu 100 mu nkyem 80 yɛ Europafo anaa Amerika Atifi famfo. Nanso, ɛnnɛ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo nyinaa no mu 100 mu nkyem 60 te Afrika, Asia, ne Latin Amerika. Nsɛm ho amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Katolek asɔre horow a ɛwɔ Europa no hwehwɛ asɔfo fi Philippines ne India,” na “seesei asɔfo a wɔresom wɔ Amerika Katolek asɔre horow mu no baasia mu biako fi amannɔne.” Afrikafo asɔfo a wɔwɔ Netherlands a dodow no ara fi Ghana no bu wɔn ho sɛ “nyamesomfo wɔ ɔman a wɔmfa asɔre aniberesɛm mu.” Na seesei asɔfo a wofi Brazil yɛ asɔre ahorow wɔ Britain mmeae pii. Ɔkyerɛwfo bi ka sɛ: “Kristosom asan n’akyi.”

Ɔhaw Bi Rebɛsɔre

Ɛda adi sɛ wobehia asɛmpatrɛwfo wɔ Europa ne Amerika Atifi fam aman a nyamesom rekɔ fam wɔ hɔ no mu. Atesɛm krataa bi ka sɛ, “wɔ Scotland no Kristofo a wɔkɔ asɔre daa no nnu 100 mu nkyem 10.” Na wɔ France ne Germany mpo de, Kristofo kakraa bi na wɔtaa kɔ asɔre. Nsɛm ho amanneɛbɔ bi nso ka sɛ wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe mu no, “Amerikafo bɛyɛ 100 mu nkyem 40 ne Canadafo bɛyɛ 100 mu nkyem 20 na wɔkae sɛ wɔkɔ asɔre daa.” Nea ɛne eyi bɔ abira no, wɔn a wɔkɔ asɔre daa wɔ Philippines no reyɛ adu 100 mu nkyem 70, na saa ara na ɛte wɔ aman foforo a wonnyaa nkɔso pii mu nso.

Nea ɛda adi kɛse no, asɔrekɔfo a wɔwɔ Asase Anafo fam no taa gye asɔre no nhyehyɛe tom sen wɔn a wɔwɔ Asase Atifi fam no. Sɛ nhwɛso no, bere biara a wobebisabisa Katolekfo a wɔwɔ United States ne Europa nsɛm no, bere nyinaa asɔremma no ka sɛ wonni asɔfo no akanni mu ahotoso, na wɔka sɛ ɛyɛ a wɔmma wɔn nso nka bi, na wɔmma mmea ne mmarima dibea pɛ. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Katolekfo a wɔwɔ Asase Anafo fam no gye asɔre no nhyehyɛe biara wɔ nsɛm yi ho tom. Bere a nnipa pii regyae asɔrekɔ wɔ asase atifi fam na pii nso rekɔ asɔre wɔ n’anafo fam no, ɛkyerɛ sɛ daakye ɔhaw bi bɛsɔre. Philip Jenkins a ɔyɛ nyamesom ne abakɔsɛm ho nhomanimfo ka sɛ: “Ɛda adi sɛ bɛyɛ mfe du anaa aduonu a ɛbɛba no, Kristofo a wɔwɔ anafo fam anaa atifi fam no remmu wɔn ahokafo a wɔwɔ ɔfã biara no sɛ Kristofo ankasa.”

Esiane sɛnea nneɛma rekɔ yi nti, Walls ka sɛ asɛm a ɛho hia ne “sɛnea Kristofo a wɔwɔ Afrika, Asia, Latin Amerika, Amerika Atifi fam, ne Europa betumi abom asom wɔ asɔre biako mu.” Wususuw ho dɛn? So asɔreasɔre no betumi agyina wɔ wiase a emu apaapae yi mu? Dɛn na nokware Kristofo biakoyɛ gyina so? Asɛm a edi hɔ no de Kyerɛwnsɛm mu nkyerɛkyerɛmu ne adanse a ɛkyerɛ sɛ Kristofo kuw bi a wɔyɛ biako renya nkɔso wɔ wiase nyinaa dedaw bɛma.

[Mfonini wɔ kratafa 4]

Ɔdan yi a kan na ɛyɛ asɔredan no abɛyɛ baabi a seesei wɔbɔ nnwom wɔ hɔ

[Asɛm Fibea]

AP Photo/Nancy Palmieri