Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

So Gyidi Betumi Asa Ɔyarefo Yare?

So Gyidi Betumi Asa Ɔyarefo Yare?

So Gyidi Betumi Asa Ɔyarefo Yare?

SƐ YƐYARE a, yɛhwehwɛ ahotɔ ne ayaresa. Ɛda adi sɛ woahu afi Bible mu sɛ Yesu Kristo saa nyarewa ahorow mpɛn pii maa ayarefo pii ho tɔɔ wɔn. Ɛyɛɛ dɛn na wonyaa ayaresa a ɛte saa? Bible ka sɛ ɛdenam “Onyankopɔn ahoɔden” so. (Luka 9:42, 43; Asomafo no Nnwuma 19:11, 12) Enti, ɛyɛ Onyankopɔn honhom kronkron na ɛsaa yare no, na na ɛnyɛ onipa no gyidi kɛkɛ. (Asomafo no Nnwuma 28:7-9) Ɛno nti na Yesu anhwehwɛ sɛ ayarefo bɛka biribi de akyerɛ sɛ wogye no di ansa na wasa wɔn yare no.

Ebia wobɛka sɛ: ‘So anwonwakwan so ayaresa bere atwam, anaasɛ ɔkwan a Yesu faa so saa yare no bɛsan aba bio? Anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a yare a ɛyɛ yaw anaa enni sabea ayɛ wɔn no?’

Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ Onyankopɔn ahoɔden de anwonwakwan so ayaresa a Yesu yɛe bere a na ɔwɔ asase so no bɛba bio wɔ Onyankopɔn wiase foforo a trenee te mu no mu. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ ani begye sɛ wɔbɛkyerɛ wo ɔkwan a Onyankopɔn bɛfa so asa yare a gyidi ayaresafo biara ntumi nsa—ayi nyarewa nyinaa, ne owu afi hɔ—no, ne bere a ɛbɛba. Yiw, Onyankopɔn ‘bɛmene owu akosi daa.’—Yesaia 25:8.