Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛda A Ɛsɛ Sɛ Yɛkae

Ɛda A Ɛsɛ Sɛ Yɛkae

Ɛda A Ɛsɛ Sɛ Yɛkae

ANADWO ansa na Yesu Kristo rewu no, ɔde abodoo a mmɔkaw nnim ne kuruwa a bobesa kɔkɔɔ wom maa n’asomafo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ wonni na wɔnnom. Ɔsan nso ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae.”—Luka 22:19.

Afe yi, afahyɛ no si Kwasida, April 4, bere a owia akɔtɔ no. Yehowa Adansefo a wɔwɔ wiase nyinaa behyiam saa anadwo yi ahyɛ Nkaedi yi ho fã sɛnea Yesu hyɛe no. Yɛde anigye kɛse to nsa frɛ wo sɛ bɛka yɛn ho. Yɛsrɛ sɛ bisa Yehowa Adansefo a wɔwɔ faako a wote no na wɔnkyerɛ wo bere ne beae pɔtee a wɔbɛyɛ saa nhyiam titiriw yi no.