Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Awurade Anwummeduan No Ɔkwan Bɛn So na Wodi No?

Awurade Anwummeduan No Ɔkwan Bɛn So na Wodi No?

Awurade Anwummeduan No Ɔkwan Bɛn So na Wodi No?

BERE a Kristoni somafo Paulo rekyerɛkyerɛ ɔkwan a wɔfa so di Awurade Anwummeduan no mu no, ɔkyerɛw sɛ: “Na me de, nea minya mifii Awurade hɔ no ara [na] mede memaa mo sɛ: Awurade Yesu, anadwo a woyii no mae no, ɔfaa abodoo, na ɔdaa ase bubuu mu, na ɔkae sɛ: Me nipadua a wobubu ma mo ni; monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae! Ne saa ara nso na adidi no akyi no, ɔfaa kuruwa no kae sɛ: Kuruwa yi ne Apam foforo m’ankasa me mogya mu; da biara a mobɛnom no, monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae! Na da biara a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, monka Awurade wu no nkosi sɛ ɔbɛba.”—1 Korintofo 11:23-26.

Sɛnea Paulo kyerɛ no, Yesu de Awurade Anwummeduan no sii hɔ ‘anadwo a na wɔnam Yuda Iskariot so rebeyi no ama’ Yudafo nyamesom akannifo a wɔhyɛɛ Romafo no sɛ wɔmmɔ Kristo asɛndua mu no. Wodii saa aduan no wɔ Yawda anwummere, March 31, 33 Y.B. mu. Yesu wui wɔ asɛndua so wɔ Fida awiabere, April 1. Esiane sɛ na Yudafo kalenda no fi ase fi anwummere kosi da a edi hɔ anwummere nti, Awurade Anwummeduan no ne Yesu Kristo wu no nyinaa sii dakoro.—Nisan 14, 33 Y.B. mu.

Na ɛsɛ sɛ wɔn a wodi abodoo no na wɔnom bobesa no ‘kɔ so yɛ eyi’ de kae Yesu. Sɛnea nkyerɛase foforo bi kyerɛ no, Yesu kae sɛ: “Monyɛ eyi mfa nyɛ me nkae!” (1 Korintofo 11:24) Wɔfrɛɛ Awurade Anwummeduan no nso sɛ Kristo wu Nkaedi.

Dɛn Nti na Ɛsɛ Sɛ Wɔkae Yesu Wu No?

Yebetumi ahu mmuae no denam te a yɛbɛte nea Yesu wu no kyerɛ ase no so. Yesu wui sɛ obi a ɔsan Yehowa tumidi ho a ɔsen biara. Enti Kristo ma ɛdaa adi sɛ sobo a na Satan abɔ sɛ pɛsɛmenkominya adwene na nnipa de som Onyankopɔn no yɛ atoro. (Hiob 2:1-5; Mmebusɛm 27:11) Yesu nam wu a owui nso sɛ onipa a ɔyɛ pɛ so ‘de ne kra ayɛ agyede ama nnipa pii.’ (Mateo 20:28) Bere a Adam yɛɛ bɔne tiaa Onyankopɔn no, ɔhweree onipa nkwa a ɛyɛ pɛ no ne ɛho anidaso nyinaa. Nanso “Sɛnea Onyankopɔn dɔ [adesamma] wiase ni, sɛ ɔde ne ba a ɔwoo no koro no mae, na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa.” (Yohane 3:16) Nokwarem no, “bɔne so akatua ne owu; na Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.”—Romafo 6:23.

Yesu Kristo wu no ne ɔdɔ abien a ɛsen biara a wɔada no adi—ɔdɔ kɛse a Yehowa daa no adi kyerɛɛ adesamma sɛ ɔde ne Ba no mae ne ɔpɛ mu a Yesu fi de ne desani nkwa too hɔ bɔɔ afɔre maa adesamma no—wɔ abusuabɔ. Yesu wu Nkaedi no ma saa ɔdɔ abien a wɔada no adi yi yɛ kɛse. Esiane sɛ wɔada saa ɔdɔ yi adi akyerɛ yɛn nti, so ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛ ho anisɔ? Ɔkwan biako a yebetumi afa so ayɛ saa ne sɛ yɛbɛkɔ Awurade Anwummeduan no ase.

Nea Abodoo ne Bobesa no Kyerɛ

Bere a Yesu de Awurade Anwummeduan no resi hɔ no, ɔde abodoo ne bobesa a ɛwɔ kuruwa mu yɛɛ sɛnkyerɛnnede. Yesu faa abodoo na ‘ɔdaa ase wiei no, obubuu mu, na ɔkae sɛ: Saa [abodoo] yi gyina hɔ ma me nipadua a wobubu ma mo.’ (1 Korintofo 11:24) Esiane sɛ wɔamfa mmɔkaw amfra abodoo no mu na wɔde asikresiam ne nsu na ɛyɛe nti na ebubu penpen, na na ɛsɛ sɛ wobubu mu na wɔkyekyɛ na wodi. Wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, mmɔkaw gyina hɔ ma bɔne. (Mateo 16:11, 12; 1 Korintofo 5:6, 7) Na bɔne nni Yesu ho. Enti ɔde ne nipadua a ɛyɛ pɛ no dii dwuma sɛ agyede afɔre a ɛfata maa adesamma. (1 Yohane 2:1, 2) Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ abodoo a wɔde gyinaa hɔ maa Kristo honam a bɔne nni ho no yɛ nea mmɔkaw nnim!

Yesu faa kuruwa a bobesa kɔkɔɔ a wɔmfraa mu wom no nso daa ase na ɔkae sɛ: “Kuruwa yi ne Apam foforo m’ankasa me mogya mu.” (1 Korintofo 11:25) Bobesa kɔkɔɔ a ɛwɔ kuruwa no mu no gyina hɔ ma Yesu mogya. Sɛnea anantwi ne mpapo a wɔde bɔɔ afɔre no mogya mpo maa Mmara apam a Onyankopɔn ne Israel man yɛe wɔ 1513 A.Y.B. mu no dii mũ no, saa ara na Yesu mogya a ohwie gui wɔ owu mu no maa apam foforo no dii mũ.

Henanom na Ɛsɛ Sɛ Wodi Bi?

Nea ɛbɛyɛ na yɛahu wɔn a wɔfata sɛ wodi Nkaedi abodoo no na wɔnom bobesa no bi no, ɛsɛ sɛ yɛte nea apam foforo no kyerɛ ase na yehu wɔn a wɔka apam no ho no. Bible no ka sɛ: “Hwɛ, nna bi reba, [Yehowa, NW] asɛm ni, sɛ me ne Israel fi ne Yuda fi bɛpam apam foforo . . . mede me mmara mɛhyɛ wɔn yam, na makyerɛw wɔn koma mu, na mayɛ wɔn Onyankopɔn, na wɔn nso ayɛ me ɔman. . . . na mede wɔn amumɔyɛ mefiri, na wɔn bɔne nso, merenkae bio.”—Yeremia 31:31-34.

Apam foforo no ma ɛyɛ yiye sɛ wɔne Yehowa Nyankopɔn benya abusuabɔ soronko bi. Denam saa apam yi so no, nnipakuw bi bɛyɛ ne man na ɔno nso ayɛ wɔn Onyankopɔn. Wɔakyerɛw Yehowa mmara wɔ wɔn mu, wɔ wɔn komam, na wɔn a wɔnyɛ honam fam Yudafo, a wontwaa wɔn twetia mpo betumi ne Onyankopɔn abenya apam foforo no mu abusuabɔ. (Romafo 2:29) Bible kyerɛwfo Luka kyerɛw Onyankopɔn atirimpɔw a ɛfa sɛnea ‘Ɔdan kɔhwɛɛ amanaman no mu paw ɔman bi fii wɔn mu maa ne din’ ho asɛm. (Asomafo no Nnwuma 15:14) Sɛnea 1 Petro 2:10 kyerɛ no, ‘kan no na wɔnyɛ ɔman, na afei wɔayɛ Onyankopɔn man.’ Kyerɛwnsɛm no ka wɔn ho asɛm sɛ “Nyankopɔn Israel,” kyerɛ sɛ honhom fam Israel. (Galatifo 6:16; 2 Korintofo 1:21) Ɛnde, na apam foforo no yɛ apam a Yehowa Nyankopɔn ne honhom fam Israel ayɛ.

Wɔ Yesu ne n’asuafo no anadwo a etwa to no, Yesu ankasa ne wɔn yɛɛ apam soronko bi nso. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Na me ne mo reyɛ ahenni ho apam, sɛnea M’agya ne me ayɛ apam no.’ (Luka 22:29) Eyi ne Ahenni apam no. Nnipa a wɔnyɛ pɛ a wɔde wɔn akɔ Ahenni apam no mu no dodow si 144,000. Bere a wɔanyan wɔn kɔ soro no, wɔne Kristo bedi ade sɛ ahemfo ne asɔfo. (Adiyisɛm 5:9, 10; 14:1-4) Enti, wɔn a wɔne Yehowa Nyankopɔn ayɛ apam foforo no ara nso na wɔne Yesu Kristo ayɛ Ahenni apam no. Ɛyɛ wɔn nkutoo na wɔfata sɛ wodi Awurade Anwummeduan no abodoo ne bobesa no bi.

Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔfata sɛ wodi Nkaedi abodoo no na wɔnom bobesa no fa so hu sɛ wɔne Onyankopɔn wɔ abusuabɔ soronko bi na wɔyɛ Kristo yɔnkodifo? Paulo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Honhom [Kronkron] no ara ne yɛn honhom [yɛn adwene] di adanse sɛ yɛyɛ Onyankopɔn mma. Na yɛyɛ mma a, yɛyɛ adedifo nso, Onyankopɔn adedifo ne Kristo yɔnkodifo, nanso gye sɛ yɛne no hu amane ansa na wɔahyɛ yɛn ne no anuonyam bi.”—Romafo 8:16, 17.

Onyankopɔn nam honhom kronkron anaa n’adeyɛ tumi no so na ɛsra Kristo yɔnko adedifo no. Eyi ma wonya ahotoso sɛ wɔyɛ Ahenni adedifo. Ɛma Kristofo a wɔasra wɔn no nya ɔsorokɔ ho anidaso. Wohu sɛ nea Bible no ka fa ɔsoro asetra nyinaa ho no fa wɔn ho. Bio nso, wɔwɔ ɔpɛ sɛ wɔde biribiara a ɛne asase so asetra wɔ abusuabɔ bɛbɔ afɔre, a nea ɛka ho ne nnipa ntam abusuabɔ. Ɛwom sɛ Kristofo a wɔde honhom asra wɔn no hu sɛ Paradise asase so asetra bɛyɛ anigye de, nanso nyɛ eyi ne wɔn anidaso. (Luka 23:43) Esiane sɛ ɛnyɛ atoro nyamesom gyidi bi, na mmom Onyankopɔn honhom na aka wɔn nti, wɔanya ɔsorokɔ ho anidaso a ɛnsakra da ma enti wodi Nkaedi abodoo nom bobesa no wɔ ɔkwan a ɛsɛ so.

Fa no sɛ obi nnye ntom koraa sɛ ɔwɔ apam foforo no ne Ahenni apam no mu. Na sɛ onni Onyankopɔn honhom no adanse sɛ ɔyɛ Kristo yɔnkodifo nso ɛ? Ɛnde, na ɛbɛyɛ mfomso sɛ obedi Nkaedi abodoo na wanom bobesa no. Nokwarem no, sɛ obi boapa kyerɛ sɛ ɔka ɔsoro ahene ne asɔfo no ho bere a onni ɔfrɛ a ɛte saa a, Yehowa ani rennye ne ho.—Romafo 9:16; Adiyisɛm 22:5.

Mpɛn Ahe na Ɛsɛ Sɛ Wodi No?

So ɛsɛ sɛ yɛkae Yesu wu no dapɛn biara anaa da biara mpo? Wiɛ, Kristo de Awurade Anwummeduan no sii hɔ na wokum no wɔ kwan a ɛnteɛ so wɔ Twam Da no. Wodii Twam no pɛnkoro pɛ afe biara wɔ Nisan 14 de kaee gye a wogyee Israelfo fii Misraim nkoasom mu no mu. (Exodus 12:6, 14; Leviticus 23:5) Enti, ɛsɛ sɛ wɔkae “yɛn twam guan Kristo” no wu no pɛnkoro afe biara, na ɛnyɛ dapɛn dapɛn anaa da biara da. (1 Korintofo 5:7) Sɛ Kristofo redi Awurade Anwummeduan no a, wodi no wɔ ɔkwan koro no ara a Yesu faa so bere a ɔde sii hɔ no so.

Ɛnde, na dɛn na Paulo nsɛm a ɛne: “Na [“mber biara,” Fanti Bible] a mubedi abodoo yi na mobɛnom kuruwa yi ano no, monka Awurade wu no nkosi sɛ ɔbɛba” no kyerɛ? (1 Korintofo 11:26) Wɔ saa kyerɛwsɛm yi mu no, Paulo de asɛm a ɛkyerɛ ‘bere biara’ na edii dwuma. Enti, na ɔreka sɛ bere biara a Kristofo a wɔasra wɔn no bedi abodoo na wɔanom bobesa no, wɔbɛka gyidi a wɔwɔ wɔ Yesu agyede afɔrebɔ no mu no ho asɛm.

Kristofo a wɔasra wɔn bɛkae Kristo wu no ‘akosi sɛ ɔbɛba.’ Saa afahyɛ yi bɛkɔ so akosi sɛ Yesu bɛba abɛfa n’akyidifo a wɔasra wɔn no akɔ soro denam owusɔre a wonya kɔ honhom mu asetra wɔ ne “ba mu no” so. (1 Tesalonikafo 4:14-17) Eyi ne Kristo nsɛm a ɔka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo 11 no hyia sɛ: “Sɛ mekɔ na mikosiesie baabi mema mo a, mɛba bio, na mabɛfa mo makɔ m’ankasa me nkyɛn, na nea mewɔ no, mo nso moaba hɔ.”—Yohane 14:3.

Dɛn na Ɛkyerɛ Ma Wo?

So ɛho hia sɛ wudi Nkaedi abodoo nom bobesa no bi na ama woanya Yesu afɔre no ho mfaso na woanya daa nkwa wɔ asase so? Dabi. Biribiara nni Bible no mu a ɛkyerɛ sɛ bere a wɔanyan nnipa a na wosuro Onyankopɔn te sɛ Noa, Abraham, Sara, Isak, Rebeka, Yosef, Mose, ne Dawid wɔ asase so no, wobedi nkaedi abodoo na wɔanom bobesa no bi. Nanso, ɛsɛ sɛ wɔne afoforo a wɔpɛ asetra a enni awiei wɔ asase so no nyinaa kyerɛ Onyankopɔn ne Kristo, ne Yesu agyede afɔre no ho nsiesiei a Yehowa de ama no mu gyidi. (Yohane 3:36; 14:1) Sɛ wubenya daa nkwa a, ɛsɛ sɛ wo nso wokyerɛ gyidi a ɛte saa ara. Kɔ a wobɛkɔ afe afe Kristo wu ho afahyɛ no bɛkae wo saa afɔrebɔ kɛse no, na ama anisɔ a wowɔ wɔ ho no ayɛ kɛse.

Ɔsomafo Yohane sii hia a Yesu afɔrebɔ no ho hia so dua bere a ɔkae sɛ: “Merekyerɛw eyinom mabrɛ mo [mfɛfo gyidifo a wɔasra mo], na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ okyigyinafo bi, agya no nkyɛn, ɔne ɔtreneeni Yesu Kristo. Na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.” (1 Yohane 2:1, 2) Wɔn a wɔasra wɔn no betumi aka sɛ Yesu afɔre no yɛ mpata afɔre de ma wɔn bɔne. Nanso, ɛyɛ bɔne ho mpata afɔre ma wiase mũ nyinaa, a ɛma etumi yɛ yiye sɛ adesamma asoɔmmerɛfo benya daa nkwa!

So wobɛkɔ Yesu wu nkaedi no ase wɔ April 4, 2004? Yehowa Adansefo bɛhyɛ fã no wɔ wiase nyinaa wɔ mmeae a wohyia no. Sɛ wokɔ a, wubenya mfaso afi Bible mu ɔkasa bi a ɛho hia a wubetie so. Wɔbɛkae wo nea Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ayɛ ama yɛn. Sɛ wone wɔn a wɔwɔ obu a emu dɔ ma Onyankopɔn ne Kristo, ne Yesu agyede afɔrebɔ no hyiam a, wubenya mfaso honhom mu nso. Adeyɛ no betumi ahyɛ ɔpɛ a wowɔ sɛ wubenya Onyankopɔn dom a ɛde kɔ daa nkwa mu no mu den. Ɛmma biribiara nsiw wo kwan sɛ wobɛkɔ. Kɔ saa afahyɛ yi a ɛka koma na ɛhyɛ yɛn soro Agya, Yehowa Nyankopɔn, anuonyam na ɛsɔ n’ani no ase.

[Mfonini wɔ kratafa 5]

Yesu wu no ne ɔdɔ abien a ɛsen biara a wɔada no adi no wɔ abusuabɔ

[Mfonini wɔ kratafa 6]

Abodoo a mmɔkaw nnim ne bobesa no yɛ sɛnkyerɛnne a ɛfata Yesu nipadua ne mogya a wohwie gui a bɔne nni ho no