Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ehud Bubuu Ɔhoguanfo No Kɔndua Mu

Ehud Bubuu Ɔhoguanfo No Kɔndua Mu

Ehud Bubuu Ɔhoguanfo No Kɔndua Mu

EYI yɛ akokoduru ne nyansakwan ho kyerɛwtohɔ a esii ankasa. Esii bɛyɛ mfirihyia 3,000 a atwam ni. Kyerɛwnsɛm mu kyerɛwtohɔ no de nsɛm yi na efi ase: “Israelfo kɔɔ so yɛɛ nea ɛyɛ [Yehowa, NW] ani so bɔne; na [Yehowa, NW] hyɛɛ Moab hene Eglon den tiaa Israel, efisɛ wɔyɛɛ nea ɛyɛ [Yehowa, NW] ani so bɔne. Na ɔboaboaa Amon ne Amalekfo ano kaa ne ho, na ɔbae bekunkum Israel na wɔbɛfaa nkyeresia kurow no. Na Israelfo som Moab hene Eglon mfe dunwɔtwe.”—Atemmufo 3:12-14.

Na Moabfo asasesin no da Yordan Asubɔnten ne Po a Awu no apuei fam. Nanso na Moabfo no atwa asubɔnten no abɛtra Yeriko, “nkyeresia kurow no” mpɔtam hɔ, ma enti na wɔde Israelfo no ayɛ nkoa. (Deuteronomium 34:3) Na Moab hene Eglon, “onipa bran pa ara” no de bɛyɛ mfirihyia aduonu agye tow akɛse ankasa afi Israelfo no hɔ. (Atemmufo 3:17) Nanso, ayɛyɛde a na ogye fi wɔn hɔ no ma wonyaa hokwan a wɔde beyi otirimɔdenfo no afi hɔ.

Kyerɛwtohɔ no ka sɛ: “Ɛnna Israelfo su frɛɛ [Yehowa, NW], na [Yehowa, NW] maa ogyefo bi so maa wɔn, Gera ba Ehud, Benyaminni a ne nsa nifa yɛ abasaa. Na Israelfo de ayɛyɛde nam no so kɔmaa Moab hene Eglon.” (Atemmufo 3:15) Ɛbɛyɛ sɛ Yehowa na ɔma wɔpaw Ehud sɛ ɔmfa ayɛyɛde no nkɔma. Sɛ ebia na wayɛ adwuma a ɛte saa pɛn de, wɔankyerɛ. Nanso, ɔkwan a Ehud faa so siesiee ne ho yiye maa nhyiam no ne nyansakwan a ɔde dii dwuma no kyerɛ sɛ ebetumi aba sɛ na onim Eglon ahemfie no ho biribi ne nea na ɔhwɛ kwan sɛ ebesi wɔ hɔ no wɔ ɔkwan bi so. Eyi nyinaa mu no, na abenkumma a ɔyɛ no yɛ ade a mfaso wɔ so.

Na Ɔyɛ Onipa a Wadi Dɛm Anaa Ɔkofo?

Nea asɛm “abenkumma” kyerɛ ankasa ne sɛ ‘obi ntumi mfa ne nsa nifa nni dwuma yiye anaa kyekyere a wɔkyekyere.’ So eyi kyerɛ sɛ na Ehud adi dɛm, a ebia na ne nsa nifa atɔ kyima? Susuw nea Bible ka fa ‘mmarima ahanson a wɔpaw’ wɔn fii Benyamin abusua mu a na wɔyɛ abenkumma no ho hwɛ. Atemmufo 20:6 ka sɛ: “Wɔn nyinaa tumi tow nhwi po ataabo a ɛmfom.” Ɛda adi sɛ ɛyɛ wɔn ho a na akokwaw wɔ ɔko mu nti na ɛma wɔpaw wɔn. Sɛnea Bible ho animdefo bi kyerɛ no, “abenkumma” kyerɛ “obi a ɔde ne nsa benkum ne ne nsa nifa di dwuma,” Kyerɛ sɛ obi a otumi de ne nsa benkum ne nifa nyinaa di dwuma pɛ.—Atemmufo 3:15, The Douay Version.

Nokwarem no, na wɔde abenkumma a Benyamin abusua no mufo yɛ no nim wɔn yiye. Beresosɛm Nhoma a Edi Kan 12:1, 2 ka Benyaminfo a “na wɔn nso fra nnɔmmarima a wɔboaa [Saul] akõdi mu no mu, takurafo a wotumi de nifa ne benkum tow abo ne agyan ɛta so” ho asɛm. Nhoma bi ka sɛ ebetumi aba sɛ “wɔnam mmofra nkumaa nsa nifa a wɔkyekyere—na afei wɔkyerɛ wɔn sɛnea wɔde wɔn nsa benkum bɛyɛ ade so” na ɛma wotumi yɛ ade saa. Mpɛn pii no na wɔtete Israelfo atamfo na ama wɔne akofo a wɔyɛ nifa ako. Enti sɛ na ɔtamfo bi hyia ɔsraani a ɔyɛ abenkumma mpofirim a, ne ntetee no so mma no mfaso biara.

“Ahintasɛm Bi” Ma Ɔhene No

Na anammɔn a edi kan a Ehud betu ne sɛ obenya ‘nkrante’—nkrante anofanu a ɛyɛ tiawa sɛnea obetumi de ahintaw n’atade mu. Ebia na ɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛhwehwɛ no ho. Na wɔtaa de nkrante hyɛ benkum so, baabi a wɔn a wɔyɛ nifa betumi atwe no ntɛm so. Esiane sɛ na Ehud yɛ abenkumma nti, ɔde ne nkrante no “bɔɔ n’akotade ase, ne dwonku nifa so,” baabi a na ɔhene no awɛmfo ntaa nhwɛ no. Enti, “ɔde ayɛyɛde no kɔmaa Moab hene Eglon” a wɔantwitware n’ananmu.—Atemmufo 3:16, 17.

Wɔanka nsɛm a edii kan sii wɔ Eglon abangua hɔ no ho asɛm ankɔ akyiri. Bible no ka no tiawa sɛ: “Na ɔde ayɛyɛde no maa no wiei no, ogyaa nkurɔfo a wɔsoso ayɛyɛde no kwan ma wɔkɔe.” (Atemmufo 3:18) Bere Ehud de ayɛyɛde no ma wiei na ogyaw nkurɔfo a na wɔsoso ayɛyɛde no kwan kɔɔ akyiri koduu beae bi a ɛmmɛn Eglon fie no ho na ɔne wɔn dii mpaapaemu no, ɔsan kɔɔ Eglon fie hɔ. Dɛn ntia? So ɔde saa nnipa no kaa ne ho na ama wɔabɔ ne ho ban, anaa esiane abrabɔ nhyehyɛe bi nti, anaasɛ na wɔsoso ayɛyɛde no kɛkɛ. Na so na ɔpɛ sɛ wofi hɔ de bɔ wɔn ho ban ansa na wadi n’atirimpɔw ho dwuma? Sɛnea na Ehud susuw biara no, ɔno nkutoo fi akokoduru mu san kɔɔ Eglon fie hɔ.

‘Ehud dan ne ho fii ahoni a ɛwɔ Gilgal no ho bɛkae sɛ: Ɔhene, mewɔ ahintasɛm bi meka mekyerɛ wo.’ Ɔkwan a ɔfaa so kopuee Eglon anim no de Kyerɛwnsɛm no nka. So na anka ɛnsɛ sɛ awɛmfo no nya adwemmɔne bi ma no? Anaa wonyaa adwene sɛ Israelni biako rentumi nnyɛ wɔn hene no bɔne? So ba a Ehud nkutoo baa hɔ no maa wonyaa adwene bi sɛ ɔreyi ne manfo no ama? Sɛnea ɛte biara no, Ehud hwehwɛe sɛ ɛbɛka ɔne ɔhene no nkutoo, na onyaa saa hokwan no.—Atemmufo 3:19.

Kyerɛwtohɔ a efi honhom mu no toa so sɛ: “Na Ehud baa [Eglon] nkyɛn, nso ne nko ara na ɔte n’abansoro mframadan no mu. Na Ehud kae sɛ: ‘Mewɔ Onyankopɔn asɛm bi meka mekyerɛ wo.’” Na ɛnyɛ asɛm bi a efi Onyankopɔn hɔ na Ehud pɛ sɛ ɔka. Na nea ɛwɔ n’adwenem ne ne nkrante a ɔde rebedi dwuma no. Ebia na ɔhene no rehwɛ kwan sɛ ɔbɛte asɛm bi afi ne nyame Kemos hɔ, enti “ɔsɔre fii n’agua so.” Ehud yɛɛ ntɛm twee ne nkrante no de wɔɔ Eglon afuru mu. Ɛda adi sɛ na dade no nni mmeamu biara. Enti, “sɛpɔ dua no nso dii dade no akyi hyɛn mu, na srade sram dade no so . . . na epue fii akyiri,” denam ebia kuru no mu anaa yafunu mu ade a epuw bae no mu.—Atemmufo 3:20-22.

Oguan a Wɔankyere No

Ehud ansɛe bere koraa antwe ne dade no, na ‘ɔfaa mframadan no kwan mu fii adi kɔɔ abrannaa so, na ɔtotoo abansoro dan no apon no mu wɔ n’akyi, na ɔtoo apratwom no mu. Na ɔno fii adi no, Eglon nkoa no ba bɛhwɛe, na hwɛ, wɔatoto abansoro dan apratwom no mu. Na wose: ebia okogya ne nan mframadan pia mu.’—Atemmufo 3:23, 24.

Na dɛn ne ‘mframadan kwan’ a Ehud faa mu puei no? Nhwehwɛmu nhoma bi ka sɛ “nea [Hebri asɛmfua no] kyerɛ ankasa de yennim,” nanso “wɔkyerɛ sɛ ebetumi akyerɛ ‘abrannaa’ anaa ‘ntwironoa.’” So Ehud totoo apon no mu wɔ akyi na ɔfaa kwan foforo bi mu puei? Anaa oyii safe fii ɔhene a na wawu no ho totoo mu wɔ anim? So ɔnantew betwaam bɔkɔɔ wɔ awɛmfo no anim te sɛ nea biribiara nsii? Kyerɛwnsɛm no nka. Nanso, ɛmfa ho ɔkwan biara a Ehud faa so no, bere a Eglon asomfo no hui sɛ wɔatoto apon no mu no wɔannya adwene no ntɛm sɛ biribi asi. Wosusuwii sɛ ɔhene no ‘regya ne nan.’

Bere a ɔhene no asomfo no retwentwɛn wɔn nan ase no, Ehud guanee. Afei, ɔboaboaa ne manfo ano ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Muntu mmirika nni m’akyi, efisɛ [Yehowa, NW] de mo atamfo Moabfo no ahyɛ mo nsa.” Ehud mmarima no nam asutwaree a wɔde twa Yordan a wɔfae no so amma Moabfo a na wonni kannifo no antumi antwa ankɔ wɔn kurom. Enti, “saa bere no wokunkum Moab mmarima bɛyɛ ɔpedu, mmarima akatakyi ahoɔdenfo ara nko, na wɔamma obiara amfi mu. Na wɔbrɛɛ Moab ase da no ara, Israel nsa ase. Na asase no so dwoe mfirihyia aduɔwɔtwe.”—Atemmufo 3:25-30.

Asuade a Yebetumi Anya Afi Mu

Nea esii wɔ Ehud bere so no kyerɛ yɛn sɛ sɛ yɛyɛ ade a ɛnteɛ wɔ Yehowa ani so a, nea ebefi mu aba no yɛ ɔhaw. Nea ɛne eyi bɔ abira no, Yehowa boa wɔn a wonu wɔn ho na wɔdan ba ne nkyɛn no.

Ɛnyɛ Ehud ho a na akokwaw anaa mmɔden a atamfo no ammɔ nti na odii nkonim. Onyankopɔn atirimpɔw mmamu nnyina nnipa mmɔdenbɔ so. Ade titiriw a ɛmaa Ehud dii nkonim no ne Onyankopɔn mmoa a onyae bere a ɔyɛɛ ade ma ɛne Ne pɛ a obiara ntumi mmɔ ngu a ɛne sɛ obegye Ne nkurɔfo hyiae no. Na Onyankopɔn ama Ehud so, “na sɛ [Yehowa, NW] ma atemmufo so ma [ne nkurɔfo] a, ɛnde [Yehowa, NW] di ɔtemmufo no akyi.”—Atemmufo 2:18; 3:15.