Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Exodus Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Exodus Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

Yehowa Asɛm Wɔ Nkwa

Exodus Nhoma no Mu Nsɛntitiriw

EXODUS nhoma no yɛ asɛm a esii ankasa a ɛfa ogye a wɔn a wɔde “anyadimɔ yayaw dii” wɔn nyae ho. (Exodus 1:13) Ɛsan nso kura kyerɛwtohɔ a ɛyɛ anigye fa ɔman bi awo ho. Emu nsɛm a ɛyɛ anigye no bi ne anwonwade ahorow a ɛyɛ ahodwiriw, mmarahyɛ a ɛkyɛn so ne ntamadan a wosii no. Ne titiriw no, eyinom ne nsɛm a ɛwɔ Bible mu nhoma a ɛne Exodus no mu.

Exodus nhoma no a Hebrini diyifo Mose kyerɛwee no ka mfirihyia 145 suahu a Israelfo nyae—fi Yosef wu so wɔ 1657 A.Y.B. mu kosi bere a wowiee ntamadan no si wɔ 1512 A.Y.B. mu no ho asɛm. Nanso, kyerɛwtohɔ no nyɛ abakɔsɛm kɛkɛ. Ɛyɛ Onyankopɔn asɛm anaa nkrasɛm a ɔde ama adesamma no fã. Ne saa nti, ‘ɛwɔ nkwa na ahoɔden wom.’ (Hebrifo 4:12) Enti, Exodus nhoma no kyerɛ biribi ankasa ma yɛn.

“ONYANKOPƆN TEE WƆN APINISI”

(Exodus 1:1–4:31)

Yakob asefo a wɔte Misraim no ase trɛwee ntɛmtɛm araa ma ɔhene no hyɛe sɛ wɔmfa wɔn nyɛ nkoa. Farao de ahyɛde mae mpo sɛ wonkunkum Israel nkokoaa a wɔyɛ mmarima no. Obi a onyaa ne ti didii mu wɔ saa adeyɛ no mu ne akokoaa Mose a na wanya asram abiɛsa a Farao babea gyee no ɔba no. Ɛwom sɛ wɔtetee Mose wɔ adehyefie de, nanso bere a onyaa mfe 40 no, ogyinaa n’ankasa nkurɔfo akyi kum Misrini bi. (Asomafo no Nnwuma 7:23, 24) Eyi hyɛɛ no ma oguan kɔɔ Midian. Ɔwaree wɔ hɔ na ɔbɛyɛɛ oguanhwɛfo. Wɔ wura bi a na ɛrehyew wɔ anwonwakwan so ho no, Yehowa hyɛɛ Mose sɛ ɔnsan nkɔ Misraim na onkogye Israelfo no mfi nkoasom mu. Wɔpaw ne nua Aaron sɛ ne kasamafo.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

3:1—Na Yetro yɛ ɔsɔfo bɛn? Wɔ tete agyanom bere so no, na abusua ti no som sɛ abusua no sɔfo. Ɛda adi sɛ na Yetro ne Midian abusua no ti. Esiane sɛ Midianfo no nam Ketura so bɛyɛɛ Abraham asefo nti, na ebetumi aba sɛ wɔwɔ Yehowa som ho nimdeɛ.—Genesis 25:1, 2.

4:11—Ntease bɛn mu na Yehowa ma obi ‘yɛ mum, ɔsotifo ne onifuraefo’? Ɛwom sɛ Yehowa maa ebinom yɛɛ anifuraefo ne mum bere bi de, nanso ɛnyɛ ɔno na ɔde dɛmdi a ɛte saa biara ba. (Genesis 19:11; Luka 1:20-22, 62-64) Ɛyɛ bɔne a yenyaa fii awo mu na ɛde eyi aba. (Hiob 14:4; Romafo 5:12) Nanso, esiane sɛ Onyankopɔn ama kwan ma saa tebea yi atra hɔ nti, na obetumi aka sɛ ɔno na ɔma obi ‘yɛ’ mum, ɔsotifo ne onifuraefo.

4:16—Ɔkwan bɛn so na na Mose ‘bɛdan Onyankopɔn’ ama Aaron? Na Mose yɛ Onyankopɔn nanmusini. Enti, Mose bɛyɛɛ ‘sɛ Onyankopɔn’ maa Aaron a ogyinaa Mose ananmu kasa maa no no.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

1:7, 14. Yehowa boaa ne nkurɔfo bere a wɔhyɛɛ wɔn so wɔ Misraim no. Saa ara na ɔwowaw ne nnɛyi Adansefo bere a wohyia ɔtaa a ano yɛ den paa mpo no.

1:17-21. Yehowa kae yɛn ‘ma esi yiye.’—Nehemia 13:31.

3:7-10. Yehowa tie ne nkurɔfo sufrɛ.

3:14. Yehowa di n’atirimpɔw ahorow ho dwuma bere nyinaa. Enti yebetumi anya ahotoso sɛ ɔbɛma yɛn anidaso a egyina Bible so no abam.

4:10, 13. Mose daa ahotoso a onni sɛ obetumi akasa adi araa ma bere a Onyankopɔn maa no awerɛhyem sɛ obegyina n’akyi mpo no, ɔsrɛɛ no sɛ ɔnsoma obi foforo ma ɔne Farao nkɔkasa. Nanso, Yehowa de Mose dii dwuma na ɔde nyansa ne ahoɔden a ohia na ama watumi awie ne dwumadi no maa no. Sɛ́ anka yɛde yɛn adwene besi yɛn sintɔ so no, ɛmmra sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so na yɛafi nokwaredi mu adi ahyɛde a ɛne sɛ yɛnka asɛm no na yɛnkyerɛkyerɛ no ho dwuma.—Mateo 24:14; 28:19, 20.

ANWONWADE A ƐYƐ AHODWIRIW DE NKWAGYE BA

(Exodus 5:1–15:21)

Mose ne Aaron kɔɔ Farao anim kɔka kyerɛɛ no sɛ ɔmma Israelfo no kwan mma wɔnkɔhyɛ fa mma Yehowa wɔ sare so. Misraim sodifo no fi animtiaabu mu poe. Yehowa de Mose dii dwuma de ɔhaw a emu yɛ den ba toatoaa so. Nanso ɔhaw a ɛto so du no akyi nkutoo na Farao maa Israelfo kwan sɛ wɔnkɔ. Nanso, ankyɛ koraa na Farao ne n’asraafo no tiw wɔn. Nanso Yehowa maa ɔkwan daa Po Kɔkɔɔ no mu ma ne nkurɔfo faa mu de gyee wɔn nkwa. Misrifo a na wɔretiw wɔn no nyinaa memee wɔ po no mu.

Bible Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

6:3—Ɔkwan bɛn so na wɔamma Abraham, Isak ne Yakob amfa Onyankopɔn din anhu no? Saa tete agyanom yi de Onyankopɔn din dii dwuma na wonyaa bɔhyɛ ahorow fii Yehowa hɔ. Nanso, na wonnim anaa wɔanhu Yehowa sɛ ɔno na ɔma bɔhyɛ ahorow no nyinaa bam.—Genesis 12:1, 2; 15:7, 13-16; 26:24; 28:10-15.

7:1—Ɔkwan bɛn so na wɔdan Mose ‘Onyankopɔn maa Farao’? Wɔmaa Mose ɔsoro ahoɔden ne tumi wɔ Farao so. Enti, na enhia sɛ osuro saa ɔhene no.

7:22—Ɛhe na Misraim akɔmfo no nyaa nsu a na ɛnnan mogya no? Na wobetumi de nsu a wɔsa fii Nil Asubɔnten mu ansa na ɔhaw no reba no adi dwuma. Ɛda adi sɛ na wobetumi atu abura wɔ beae a ɛbɛn Nil Asubɔnten no ho anya nsu pa.—Exodus 7:24.

8:26, 27—Dɛn nti na Mose kae sɛ Israel afɔrebɔ bɛyɛ ‘Misrifo akyide’? Na wɔsom mmoa ahorow pii wɔ Misraim. Enti, afɔre a Mose bɔɔ din no kyerɛ tumi a na ɛwɔ pere a na Mose repere sɛ wɔmma Israelfo kwan ma wɔnkɔbɔ afɔre mma Yehowa no mu.

12:29—Henanom na wobuu wɔn mmakan? Na mmarima nkutoo na wobu wɔn mmakan. (Numeri 3:40-51) Wɔankum Farao a na ɔno ankasa yɛ abakan no. Na ɔwɔ n’ankasa abusua. Ɛnyɛ mmusua ti na ɔhaw a ɛto so du no kunkum wɔn, na mmom, mmusua no mu mmabarima mpanyin.

12:40—Bere tenten ahe na Israelfo de traa Misraim asase so? Mfirihyia 430 a wɔka ho asɛm wɔ ha no fa bere a Israelfo no dii “wɔ Misraim ne Kanaan asase so” nyinaa ho. (Reference Bible ase hɔ asɛm.) Abraham a na wadi mfe aduɔson anum no twaa Eufrate Asubɔnten no wɔ afe 1943 A.Y.B. mu bere a na ɔrekɔ Kanaan no. (Genesis 12:4) Efi saa bere no kosi bere a Yakob a na wadi mfe 130 no kɔɔ Misraim no yɛ mfe 215. (Genesis 21:5; 25:26; 47:9) Eyi kyerɛ sɛ ɛno akyi no, Israelfo no dii mfe 215 bio wɔ Misraim.

15:8—So nsu a ‘ɛkyekyeree’ wɔ Po Kɔkɔɔ no yam no kyerɛ sɛ nsu no danee asukyenee ankasa? Nea Hebri adeyɛ asɛm a wɔkyerɛ ase “kyekyeree” no kyerɛ ne sɛ biribi bɛmoa anaa emu bepĩ. Wɔ Hiob 10:10 no, wɔde asɛmfua no di dwuma de kyerɛ nufusu a akyenkyen. Enti, nsu a ɛkyekyeree no nkyerɛ ankasa sɛ nsu no danee asukyenee. Sɛ na “apue mframa dennen” a wɔkaa ho asɛm wɔ Exodus 14:21 no ano yɛ nwini paa sɛ ɛma nsu dan asukyenee a, anka akyinnye biara nni ho sɛ nhoma bi bɛka ho asɛm. Esiane sɛ wɔanhu sɛ biribiara retwe nsu no san nti, wohuu no te sɛ nea akyekyere, anaa emu apĩ no.

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

7:14–12:30. Ɔhaw du no nyɛ ade a ɛne asɛm hyiae kɛkɛ. Wɔhyɛɛ ho nkɔm na ɛbaam pɛpɛɛpɛ sɛnea wɔhyɛe no. Hwɛ sɛnea ɔhaw du no da no adi pefee sɛ Ɔbɔadeɛ no wɔ tumi wɔ nsu, owia hann, nkoekoemmoa, mmoa ne nnipa so! Ɔhaw ahorow no da no adi nso sɛ Yehowa betumi de ɔhaw pɔtee bi aba n’atamfo so a ɔmma bi nka n’asomfo.

11:2; 12:36. Yehowa hyira ne nkurɔfo. Ɛda adi sɛ ɔhwɛ hui sɛ Israelfo no nsa aka wɔn adwuma a wɔyɛe wɔ Misraim no so akatua. Wɔkɔɔ Misraim sɛ nkurɔfo a wɔwɔ ahofadi, na ɛnyɛ sɛ wɔn a wɔafa wɔn nnommum wɔ ɔko mu a enti ɛsɛ sɛ wɔde wɔn yɛ nkoa.

14:30. Yebetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa begye n’asomfo wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu.

YEHOWA HYEHYƐ TEOKRASE MAN BI

(Exodus 15:22–40:38)

Bere a wogyee Israelfo fii Misraim wɔ asram abiɛsa akyi no, wohyiae wɔ Bepɔw Sinai ase. Wɔde Mmara Nsɛm Du no ne mmara foforo maa wɔn wɔ hɔ, na wɔne Yehowa yɛɛ apam ma wɔbɛyɛɛ teokrase man. Mose dii nnafua 40 wɔ bepɔw no so gyee akwankyerɛ a ɛfa nokware som ne Yehowa ntamadan, asɔrefie korokorowa, no si ho. Saa bere no, na Israelfo no ayɛ nantwi ba honi resom no. Bere a Mose resian afi bepɔw no so no, ohuu saa adeyɛ no na ne bo fuwii araa ma enti ɔde abopon abien a Onyankopɔn de ama no no hwee fam ma ebubui. Bere a adebɔneyɛfo no anya asotwe a ɛsɛ akyi no, ɔsan kɔɔ bepɔw no so kogyee abopon no foforo. Bere a Mose san bae no, wofii ntamadan no si ase. Eduu Israelfo no ahofadi a afe a edi kan no awiei no, na wɔasi ntamadan nwonwaso yi awie ahyehyɛ mu nyinaa. Na na Yehowa anuonyam ahyɛ ntamadan no ma.

Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua:

20:5—Ntease bɛn nti na Yehowa ‘tua agyanom amummɔyɛ so ka’ wɔ daakye awo ntoatoaso so? Bere a obi anyin no, wogyina n’ankasa abrabɔ ne ne nneyɛe so bu no atɛn. Nanso bere a Israelfo no dan kɔsom abosom no, ɔhaw a efii mu bae no kaa awo ntoatoaso a edii hɔ no. Ɔhaw no kaa Israelfo anokwafo no mpo, efisɛ ɔman no asoɔden a wɔyɛe wɔ nyamesom mu no ma ɛyɛɛ den maa anokwafo no sɛ wobekura wɔn mudi mu.

23:19; 34:26—Dɛn na na ahyɛde a ese wɔnnnoa oguan ba wɔ ne na nufusu mu no kyerɛ? Wɔbɔ amanneɛ sɛ na oguan ba a wɔnoa wɔ ne na nufusu mu no yɛ abosonsom amanne a wosusuw sɛ ɛno na ɛma osu tɔ. Bio nso, esiane sɛ na oguan ba no nom ne na nufusu nya ahoɔden nti, na noa a wɔbɛnoa ne mma no wom no bɛkyerɛ atirimɔdensɛm. Saa mmara yi boaa Onyankopɔn nkurɔfo ma wohui sɛ ɛsɛ sɛ wonya tema.

23:20-23—Na hena ne ɔbɔfo a wɔkaa ne ho asɛm wɔ ha no, na ɔkwan bɛn so na na Yehowa “din wɔ no mu”? Ɛda adi sɛ, na saa ɔbɔfo no ne Yesu bere a na ɔmmɛyɛɛ ɔdesani no. Wɔde no dii dwuma ma ɔkyerɛɛ Israelfo no kwan kɔɔ Bɔhyɛ Asase no so. (1 Korintofo 10:1-4) Yehowa din “wɔ no mu” efisɛ Yesu ne onipa titiriw a ogyina N’agya din no akyi na ɔtew ho.

32:1-8, 25-35—Dɛn nti na wɔantwe Aaron aso sɛ ɔyɛɛ nantwi honi ba no? Ná Aaron mpene ahonisom no so. Ɛda adi sɛ akyiri yi, ɔkɔkaa mfɛfo Lewifo ho ma wogyinaa Onyankopɔn akyi na wannyina wɔn a wɔsɔree tiaa Mose no akyi. Bere a wɔsɛee abɔnefo no akyi no, Mose kaee nkurɔfo no sɛ wɔayɛ bɔne kɛse, a na ɛno kyerɛ sɛ ɛnyɛ Aaron nko na Yehowa daa ne mmɔborohunu adi kyerɛɛ no, mmom no, na afoforo bi nso ka ho.

33:11, 20—Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn ne Mose dii “nhwɛanim kasa”? Saa asɛm yi kyerɛ baanu nkɔmmɔ a wɔbɔ no kokoam. Mose ne Onyankopɔn nanmusifo na ɛkasae na ɔnam no so nyaa akwankyerɛ fii Yehowa hɔ. Nanso Mose anhu Yehowa, efisɛ ‘onipa bi renhu Onyankopɔn anim nnya nkwa.’ Nokwarem no, ɛnyɛ Yehowa ankasa na ɔne Mose kasae. Galatifo 3:19 ka sɛ: ‘Wɔnam abɔfo so na ɛhyehyɛɛ mmara no wɔ ntamgyinafo bi nsam.’

Asuade a Ɛwom Ma Yɛn:

15:25; 16:12. Yehowa de ne nkurɔfo ahiade ma wɔn.

18:21. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpaw wɔn ma dibea bi wɔ Kristofo asafo no mu no nso yɛ wɔn a wɔyɛ den, wosuro Onyankopɔn, wotumi de ho to wɔn so, na wɔnyɛ pɛsɛmenkominya.

20:1–23:33. Yehowa ne Mmarahyɛfo pumpuni no. Bere a Israelfo no tiee ne mmara no, ɛboaa wɔn ma wɔsom no pɛpɛɛpɛ wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye so. Yehowa wɔ teokrase ahyehyɛde nnɛ. Biako a yɛne saa ahyehyɛde no bɛyɛ no bɛma yɛanya anigye ne ahobammɔ.

Asuade a Ɛwom Ankasa Ma Yɛn

Dɛn na Exodus nhoma no da no adi wɔ Yehowa ho? Ɛka ne ho asɛm sɛ Ɔdemafo a ɔwɔ ɔdɔ, Ogyefo a obiara ne no nsɛ, ne nea Ɔma ne tirimbɔ Bam. Ɔno ne teokrase ahyehyɛde no Nyankopɔn.

Akyinnye biara nni ho sɛ bere a woyɛ wo dapɛn biara Bible akenkan de siesie wo ho ma Teokrase Ɔsom Sukuu no, w’ani begye nea wusua fi Exodus nhoma no mu ho paa. Sɛ wususuw nea wɔaka wɔ ɔfã a ɛne “Kyerɛwnsɛm Mu Nsɛmmisa a Wɔabua” mu no ho a, wubenya Kyerɛwnsɛm no afã horow bi mu ntease kɛse. Nsɛm a ɛwɔ ɔfa a ɛne “Asuade a Ɛwom Ma Yɛn” mu no bɛkyerɛ wo sɛnea wubenya dapɛn no mu Bible akenkan no so mfaso.

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

Yehowa hyɛɛ ɔbarima a odwo Mose ma odii Israelfo anim fii nkoasom mu

[Mfonini wɔ kratafa 25]

Ɔhaw Du no daa Ɔbɔadeɛ no tumi a ɔwɔ wɔ nsu, owia hann, nkoekoemmoa ne nnipa so no adi

[Mfonini wɔ kratafa 26, 27]

Yehowa nam Mose so hyehyɛɛ Israelfo yɛɛ wɔn teokrase man