Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ

Dɛn na esii wɔ asɛm a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Exodus 4:24-26 no mu, na hena nkwa na na ɛda asiane mu?

Na Mose ne ne yere Sipora, ne ne mmabarima Gersom ne Elieser rekɔ Misraim na asɛm a edi hɔ yi sii: “Na [Yehowa, NW] bɛtoaa no ɔkwan so asoɛe pɛe sɛ okum no. Ɛnna Sipora faa twɛrebo de twaa ne ba no twetia, na ɔtow kyenee ne nan ase kae sɛ: Woyɛ mogya ayeforokunu ma me! Ɛnna ogyaa no. Ɛnna twetiatwa no nti ɔkae sɛ: Mogya ayeforokunu ne wo.” (Exodus 4:20, 24-26) Ɛwom sɛ saa asɛm yi mu nna hɔ, na ɛnyɛ ade a wobetumi ate nea ɛkyerɛ ase de, nanso Kyerɛwnsɛm no de nkyerɛkyerɛmu kakra a ɛma nkyekyɛm ahorow yi mu da hɔ ma.

Kyerɛwtohɔ no nka nea na ne nkwa ankasa da asiane mu no ho asɛm pefee. Nanso, yebetumi aka sɛ na ɛnyɛ Mose na ne nkwa da asiane mu no, efisɛ na afei ara na Onyankopɔn de ahyɛde ama no sɛ ɔnkoyi Israelfo no mfi Misraim. (Exodus 3:10) Enti na ɛkame ayɛ sɛ ɛrentumi mma sɛ bere a Mose asi kwan so rekodi saa dwuma no, Onyankopɔn bɔfo bɛpɛ sɛ okum no. Enti, na ɛbɛyɛ ne mmabarima no mu biako na ne nkwa da asiane mu no. Mmara a wodii kan de maa Abraham a na ɛfa twetiatwa ho no kae sɛ: “Na ɔbarima momonoto biara a wontwaa no twetia no, saa onipa no wobetwa no afi ne man mu, wato m’apam.” (Genesis 17:14) Ɛda adi sɛ Mose buu n’ani guu so sɛ obetwa ne babarima no twetia, enti Yehowa bɔfo no pɛe sɛ okum abarimaa no.

Bere a Sipora twaa ne babarima no twetia de bɔɔ mmɔden sɛ obesiesie tebea no, hena nan ase na ekogui no? Na ɛyɛ Yehowa bɔfo a na ɔwɔ tumi sɛ okum ne babarima a ɔyɛ momonotofo no. Ɛnde, na wɔ ɔkwan a ɛfata so no, Sipora tow nea otwae no kyenee ɔbɔfo no nan ase, de yɛɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ wadi apam no so.

Sipora asɛm a ɔkae sɛ “woyɛ mogya ayeforokunu ma me” no nyɛ asɛm a wɔtaa ka. Dɛn na asɛm a ɔkae no kyerɛ wɔ ne ho? Ɛdenam twetiatwa ahwehwɛde a ɛwɔ apam no mu a Sipora dii so no so no, obegyee apam a ɛwɔ ɔne Yehowa ntam no toom. Mmara apam a akyiri Yehowa ne Israelfo yɛe no daa no adi sɛ wɔ apam no mu no, wobetumi abu Yehowa sɛ okunu na wabu wɔn a wɔne no ayɛ apam no sɛ ɔyere. (Yeremia 31:32) Enti bere a Sipora frɛɛ Yehowa (denam ne bɔfo nanmusini so) sɛ “mogya ayeforokunu” no, na ɛte sɛ nea ɔregye atom sɛ ɔbɛbrɛ ne ho ase ama apam nhyehyɛe no. Na ayɛ te sɛ nea wagye ɔyere dibea wɔ twetiatwa apam no mu atom, a na Yehowa Nyankopɔn ne ne kunu. Ne nyinaa mu no, esiane osetie a ɔyɛ maa Onyankopɔn ahwehwɛde nti, ne babarima no nkwa ammɛda asiane mu bio.